Wɔn a Wogyina Baabi a Ɛyɛ Toro
“Ebesi asram abien ni no, na mewɔ anigye na na mitumi keka me ho. Seesei de, bere biara a mepɛ sɛ meyɛ biribi no, na mabrɛ. M’ani nnye koraa na me bo fuw ntɛmntɛm, minhu sɛnea obi betumi anya me ho abotare. Minhu nea enti a mahaw prɛko pɛ saa no.”—Paul.
“Misu na midi yaw kɛse. Sɛ minni yaw a, na mayɛ sisirii. M’ani nnye biribiara ho. Mempɛ sɛ mɛka akɔ me nnamfo ho bio. Meda paa. Mentaa nkɔ sukuu ma enti me mmɔdenbɔ so atew.”—Melanie.
ƐNYƐ Paul ne Melanie nkutoo na wɔwɔ ɔhaw a ɛte saa. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mmabun a wɔwɔ United States no ɔha mu 8 wɔ adwenemhaw bi, na afe biara wɔn mu ɔha mu 4 adwenemhaw no yɛ kɛse. Nanso, nhwehwɛmu yi ntumi nkyerɛ nnipa dodow a wɔwɔ ɔhaw a ɛte saa efisɛ mpɛn pii no, sɛ obi wɔ bi mpo a, wonhu na wobu ani gu wɔn a wɔwɔ bi no so. Bere a Oduruyɛfo David G. Fassler susuw nhwehwɛmu a wɔayɛ afa mmabun ho ho no ɔkae sɛ: “Nokwarem no nhwehwɛmu yi nyinaa ama mahu sɛ mmabun baanan mu biako ne akyi benya adwenemhaw ansa na wɔadi mfe dunwɔtwe.”
Ɔhaw a Adwenemhaw De Ba
Adwenemhaw de ɔhaw pii brɛ mmabun. Nokwarem no, animdefo ka sɛ ɛka ho bi na ɛtɔ da a mmabun ntumi nnidi, wonya nyarewa a adwennwen de ba, wɔn mmɔdenbɔ so tew wɔ sukuu mu, na ɛtɔ da bi a wɔnom nnubɔne no.
Awerɛhosɛm kɛse ne sɛ, adwenemhaw tumi ma mmabun hyɛ wɔn ho akɔmfo. Sɛnea U.S. Man Asoɛe a Ɛhwɛ Adwenemyare Ho Nsɛm kyerɛ no, mmabun a wɔwɔ adwenemhaw a emu yɛ den no bɛyɛ ɔha mu 7 na wokum wɔn ho.a Ɛnyɛ ɔhaw no nyinaa mpo ni, efisɛ ɛda adi sɛ wɔ mmabun a wodi wɔn ho dɔm no akyi no, bebree nso abɔ mmɔden pɛn sɛ wobedi wɔn ho dɔm. Edi sɛ Carnegie Asoɛe a Ɛhwɛ Mmabun Ho Nsɛm So no ka sɛ: “Mmabun haw a yebu ani gu so nnɛ no betumi ayɛ asiane kɛse. Anibiannaso a ɛte saa no de mmabun no to asiane mu ankasa.”
Ɛyɛ Ampa sɛ Adwene Biara Nna Wɔn So?
Ebinom nnye nni sɛ mmabun betumi anya adwenemhaw. Ebia mpanyimfo bɛka sɛ, ‘wɔyɛ mmofra. Adwene biara nna wɔn so, na ɛda adi sɛ wonni dadwen biara te sɛ mpanyimfo.’ Anaa ɛnte saa? Nokwasɛm no ne sɛ nneɛma pii haw mmabun sen sɛnea mpanyimfo pii nim no. Ɔbenfo Daniel Goleman ka sɛ: “Nnipa a wɔatra ase fi afeha [20] no mfiase no nyinaa anya adwenemhaw kɛse a ɛsen wɔn awofo a wodii kan no—ɛnyɛ sɛ wodi awerɛhow kɛkɛ, na mmom wɔn koma bu koraa, wɔbotow, na wɔn abam bu kɛse a wonni anidaso biara—wɔ asetram. Mfe a obi di a ohyia saa nsɛnnennen no so tew ara na ɛretew.”
Nanso, ebia awofo pii bɛka sɛ: ‘Yɛyɛ mmabun no, yɛannya adwenemhaw. Dɛn nti na yɛn mma ani nnye koraa yi?’ Nanso, enni sɛ mpanyimfo de wɔn bere no toto ɛnnɛ mmabun ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɛsono sɛnea obiara bu nsɛm a esisi wɔ ne bere so ne nea wɔyɛ wɔ ho.
Afei nso, mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ no hyia nsɛnnennen a ebi mmaa da. Ɔbenfo Kathleen McCoy kyerɛw wɔ ne nhoma Understanding Your Teenager’s Depression mu sɛ: “Ɛsono wiase a wɔte mu no na ɛsono nea na wɔn awofo te mu bere a na wɔyɛ mmabun no.” Ɔbenfo McCoy twee adwene sii nsakrae soronko a aba nnansa yi no so de wiee n’asɛm no sɛ: “Mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ no nni ahobammɔ kɛse, na wonnye nni sɛ wobetumi ayɛ biribi na wɔanya anidaso te sɛ yɛn bere no.”
Esiane sɛ mmabun pii na wonya adwenemhaw nnɛ nti, yebesusuw nsɛmmisa abiɛsa ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu:
• Nneɛma bɛn na ɛma yehu sɛ mmabun anya adwenemhaw?
• Dɛn na ɛde adwenemhaw no ba?
• Mmoa bɛn na ɛwɔ hɔ ma mmabun a wɔanya adwenemhaw no?
[Ase hɔ asɛm]
a Animdefo bi ka sɛ wɔn a wodi wɔn ho dɔm no dodow boro saa koraa, efisɛ ebetumi aba sɛ nnipa a wɔkyerɛ sɛ wowu akwanhyia mu no pii na wodi wɔn ho dɔm.