Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 9/8 kr. 10-14
  • Sɛnea Wubetumi Aboa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wubetumi Aboa
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔhaw no a Wubegye Atom Adi Ho Dwuma
  • Anhwɛ a Wubebu Obi Fɔ
  • Sɛnea Wode Mmoa Bɛma
  • Nneɛma a Ɛde Adwenemhaw Ba
    Nyan!—2001
  • “Monka Awerɛkyekyesɛm Nkyerɛ Akra A Wɔn Werɛ Ahow”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Adwenemhaw Sodi Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
    Nyan!—1988
  • Ɔkwan A Wubetumi Afa So Ako Atia Adwenemhaw
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 9/8 kr. 10-14

Sɛnea Wubetumi Aboa

“Mmofra a wɔanya adwenemhaw no hia mmoa. Nanso, wɔn ankasa ntumi mmoa wɔn ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin bi hu ɔhaw no na obu no aniberesɛm. Ɛno a wobɛyɛ no nna fam.”—Oduruyɛfo Mark S. Gold.

SƐ WUHU biribi wɔ wo ba ho na ɛyɛ wo sɛ wanya adwenemhaw a, dɛn na wobɛyɛ? Nea edi kan no, mfiti prɛko pɛ nka sɛ wanya bi. Ebetumi mpo aba sɛ ɛyɛ biribi foforo koraa.a Afei nso, edu bere bi a ababun biara tumi yɛ kusuu. Nanso, sɛ awerɛhow no kyɛ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkɔ akohu oduruyɛfo. Ɛdefa eyi ho no, ɛyɛ papa sɛ wobɛkae Yesu asɛm yi: “Wɔn a wɔn ho yɛ den no, enhia wɔn ɔyaresafo na wɔn a wɔyare no.”—Mateo 9:12.

Fi wo pɛ mu ka biribiara a ɛfa abofra no ho ne biribiara a asi nnansa yi wɔ n’asetram a ebia ɛno na ama abofra no abam abu no ho asɛm kyerɛ oduruyɛfo no. Ɛsɛ sɛ woma oduruyɛfo no bere ma ɔde hu ɔhaw no nyinaa ansa na watumi de ano aduru ama. Oduruyɛfo David G Fassler bɔ kɔkɔ sɛ: “Wuntumi mfa simma aduonu pɛ nhu biribiara a ɛhaw abofra bi.”

Bisa oduruyɛfo no biribiara a wopɛ sɛ wuhu biara. Sɛ nhwɛso no, sɛ oduruyɛfo no ka sɛ wo ba no anya adwenemhaw a emu yɛ den a, wubetumi abisa no nea enti a wanka ɔhaw foforo biara ho asɛm no. Sɛ w’adwenem nteɛ wo wɔ nea oduruyɛfo no aka no ho a, ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wukohu oduruyɛfo foforo. Nokwarem no, oduruyɛfo papa biara nni hɔ a obesi wo kwan.

Ɔhaw no a Wubegye Atom Adi Ho Dwuma

Sɛ wo ba no anya adwenemhaw a emu yɛ den a, mma ɛnnyɛ wo aniwu. Asɛm no ne sɛ mmabun a hwee nkyerɛ sɛ wɔyare mpo betumi anya adwenemhaw. Nokwarem no, Bible no kyerɛ sɛ nsɛm a ɛyɛ yaw ato wɔn a wɔyɛɛ nea wobetumi nyinaa som Onyankopɔn no bi mpo, ɛmfa ho wɔn mfe a wɔadi. Susuw ɔnokwafo Hiob a ɔtee nka sɛ Onyankopɔn apo no ma enti asetra fonoo no no ho hwɛ. (Hiob 10:1; 29:2, 4, 5) Na Hana yɛ Onyankopɔn afenaa, na “ne werɛ howee” araa ma na onnidi. (1 Samuel 1:4-10) Onyankopɔn somfo Yakob nso dii awerɛhow nna pii bere a ne babarima wui no, na “wamma wɔankyekye ne were.” Yakob pɛe mpo sɛ ɔkɔka ne ba no ho wɔ asamando! (Genesis 37:33-35) Enti, ɛnyɛ honhom mu sintɔ bi na ɛma obi haw.

Nanso, adwenemhaw a ababun bi nya no betumi de ɔhaw ankasa abrɛ awofo. Maame bi a ne ba anya adwenemhaw ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ mehwɛ yiye bere nyinaa wɔ nea meka ne nea meyɛ mu. Me ho yeraw me, me koma tu, m’ani nnye, me bo fuw na meyɛ mmerɛw.” Maame bi nso ka sɛ: “Sɛ mekɔ guam kohu maame bi a ɔne ne babea redi gua a, me koma tu efisɛ mintumi ne me babea nyɛ saa bio.”

Nkate a ɛte saa no nyɛ na. Ɛtɔ da mpo a, nneɛma tumi hyɛ wɔn so. Sɛ ɛba saa wɔ wo fam a, dɛn nti na wonka ho asɛm nkyerɛ w’adamfo bi a wowɔ ne mu ahotoso? Mmebusɛm 17:17 ka sɛ: ‘Adamfo dɔ bere nyinaa na ɔte sɛ onua a wɔwoo no maa hiada.’ Nnyae mpaebɔ nso. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ yɛdan yɛn adesoa to Onyankopɔn so a, obeso yɛn mu.—Dwom 55:22.

Anhwɛ a Wubebu Obi Fɔ

Awofo a wɔn mma anya adwenemhaw no pii abam tumi bu kɛse na wɔtaa te nka sɛ wɔn na wɔama ɔhaw no aba. Ɔwofo bi ka sɛ: “Sɛ wo ba nya adwenemhaw a, sɛnea ɛte biara wubebu wo ho fɔ ɛmfa ho nea obiara bɛka. Wubisa wo ho sɛ, ‘Mfomso bɛn na yedii?’ Bere bɛn na ɔhaw no fii ase? Mfomso no fi me anaa?’” Sɛ ɔhaw a ɛte saa sɔre a, awofo bɛyɛ dɛn ama wɔn nsusuwii akari pɛ?

Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ fie bi mu nnwo a, ɛmma abofra bi ani nnye. Bible no tu agyanom fo ma ɛfata sɛ: “Munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.” (Kolosefo 3:21) Enti, ɛfata sɛ awofo susuw sɛnea wɔne wɔn mma di no ho na wɔyɛ nsakrae biara a ɛfata. Nanso, ɛnyɛ awofo ntetee bɔne nti na obi nya adwenemhaw bere nyinaa. Nokwarem no, obi tumi nya adwenemhaw wɔ afie a asomdwoe wom mpo mu. Enti, enni sɛ awofo a wɔyɛ nea wobetumi biara de boa wɔn mma no bu wɔn ho fɔ. Saa nso na enni sɛ wubu abofra a wanya adwenemhaw no fɔ. Efisɛ yare no mfi no. Maame bi ka sɛ: “Sɛ borompete na eguu no anaa ɔyaree mpafe a, anka memfa ɛho asodi nto no so. Nanso bere a onyaa adwenemhaw no de, mibuu no fɔ. Mede me ba yare ho asodi too no so—na ɛhaw me kɛse.” Sɛ awofo ne afoforo bu adwenemhaw sɛ yare na wɔammu no sɛ mmerɛwyɛ a, ɛbɛboa wɔn ma wɔahu sɛnea wɔde mmoa bɛma.

Abofra a wanya adwenemhaw ntetee betumi de wontwiwontwi kɛse abɛto awofo baanu no ntɛm. Ɔyere bi ka sɛ: “Na obiara bu ne yɔnko fɔ, ɛnkanka bere a yesusuw asetra ko a na yɛpɛ ne nea afei yɛaba mu esiane yɛn babarima no nti ho no.” Tim a ne babea anya adwenemhaw no ka sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ wode asodi no bɛto wo yere so. Sɛ awofo wɔ nsɛnnennen wɔ wɔn aware mu ansa na abofra no rebenya adwenemhaw a, wɔn ba no nneyɛe a asesa no ma asɛm no sɛe koraa.” Mommma adwenemhaw a mo ba anya no nnsɛe mo aware! Nokwarem no, sɛ wubebu wo ho, wo ba, anaa wo hokafo, fɔ no mfa mfaso biara mma. Nea ehia paa ne sɛ wobɛboa nea wanya adwenemhaw no.

Sɛnea Wode Mmoa Bɛma

Bible tu Kristofo fo sɛ: “Monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ.” (1 Tesalonikafo 5:14) Sɛ nea wanya adwenemhaw no te nka sɛ ɔnsɛ hwee a, wubetumi aboa no. Ɔkwan bɛn so? Nokwarem no, enni sɛ woka nsɛm te sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wote nka saa” anaa “Su a ɛte saa no nye.” Mmom no, bɔ mmɔden sɛ wubenya tema ne ‘ɔdɔ’ ama no. (1 Petro 3:8) Paulo tuu Kristofo fo sɛ wɔne “asufo nsu.” (Romafo 12:15) Kae sɛ obi a wanya adwenemhaw ampa no di yaw ankasa. Ɛnyɛ n’adwene na ɛyɛ no saa, na ɛnyɛ sɛ ɔboapa na wayɛ ne ho saa sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo behu no mmɔbɔ.

Bere a woatie no awie no, bɔ mmɔden sɛ wo ne no bɛkasa. Bisa no nea enti a ɔte nka saa no. Na afei fi odwo ne boasetɔ mu boa no ma onhu sɛ enni sɛ obu ne ho abomfiaa koraa. Sɛ nea wanya adwenemhaw no hu sɛ Onyankopɔn dɔ no na ohu no mmɔbɔ a, ebetumi ama ne dadwen no so atew.—1 Petro 5:6, 7.

Biribi foforo nso wɔ hɔ a wubetumi ayɛ. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wo ba a wanya adwenemhaw no nya bere pii de gye n’ahome, di aduampa, na ɔteɛteɛ ne mpɔw mu. (Ɔsɛnkafo 4:6) Sɛ wɔkyerɛw aduru ma no a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛma no ahu hia a ehia sɛ ɔnom. Kɔ so boa no na dɔ no bere nyinaa.

Ampa, adwenemhaw a mmabun nya no tumi de ɔhaw kɛse brɛ wɔn ne wɔn mmusua nyinaa. Ne nyinaa mu no, boasetɔ, animia, ne ɔdɔ, betumi ama yɛde mmoa ama wɔn a wɔanya adwenemhaw no.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔka sɛ nyarewa bi—te sɛ nkwaboaa a edi dɛm, asikreyare, mogya a ɛso tew, ahoɔden a ɛso tew, ne mogya mu asikre a ɛso tew—tumi ma obi nya adwenemhaw.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Obi a wanya adwenemhaw ampa no di yaw ankasa. Ɛnyɛ n’adwene na ɛyɛ no saa

[Adaka wɔ kratafa 13]

SƐ WOYƐ ABABUN A WANYA ADWENEMHAW A

Wowɔ aboafo pii na anidaso da so ara wɔ hɔ. Ebia adwenemhaw a woanya no fi (1) amemene mu ahoɔdennuru a entumi nni dwuma yiye anaa (2) asetram nsɛm bi a wuntumi nyɛ ho hwee. Emu biara mfi wo. Nanso, dɛn na wubetumi ayɛ wɔ ho?

Bible ka sɛ ‘adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam wo ho sen wo nua.’ (Mmebusɛm 18:24) Adɛn nti na wonhwehwɛ adamfo a ɔte saa na wonka w’akoma mu asɛm nkyerɛ no? W’awofo anaa ɔpanyin bi a ne ho akokwaw betumi aboa wo kɛse ma woadi adwenemhaw so.

Sɛ w’awofo susuw sɛ woanya adwenemhaw a emu yɛ den a, ebia wɔde wo bɛkɔ akohu oduruyɛfo a ne ho akokwaw wɔ ayaresa a ɛte saa mu. Nyansa wom efisɛ mpɛn pii no sɛ wɔde obi a wanya adwenemhaw kɔ ayaresabea a wobetumi asa a, ne ho tɔ no. Sɛ nhwɛso no, sɛ amemene mu ahoɔdennuru na ɛnyɛ adwuma yiye a, ebia wɔbɛma no ɛho aduru. Sɛ ɛsɛ sɛ wonom aduru a ɛte saa a, mma ɛnnyɛ wo aniwu. Ɛma ahoɔdennuru a ɛwɔ wo nipadua mu no di dwuma yiye, na ɛno bɛma woatumi anya anigye ne ahomeka wɔ asetram bio.

Nnipa pii a wɔwɔ adwenemhaw no nam Bible a wɔkenkan ne mpae a wɔbɔ Onyankopɔn so atumi anya awerɛkyekye. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn koma apɛtɛw.”b—Dwom 34:18.

[Ase hɔ asɛm]

b Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . So Ɛsɛ sɛ Mema Obi Hu sɛ Mahaw?” a ɛwɔ November 8, 2000, Nyan! mu no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 14]

MMOA NE ANIDASO A ƐWƆ HƆ MA WƆN A WƆANYA ADWENEMHAW

Esiane sɛ adwenemhaw ho nsɛm yɛ bebree nti, ɛnyɛ ɛho nsɛm nyinaa na yebetumi aka wɔ nsɛmma nhoma yi mu. Nanso, wɔn a wotintim Nyan! no wɔ awerɛhyem sɛ nsɛmma nhoma yi mu nsɛm no betumi aboa mmabun ne awofo ma wɔagyina yare yayaw yi ano.

Ebia woahu sɛ nyansahyɛ pii a ɛwɔ nsɛm a edi eyi anim mu no fi Bible no mu. Ampa, ɛyɛ nhoma a akyɛ paa. Nanso, afotu a ɛde ma no so wɔ mfaso nnɛ te sɛ bere a wɔkyerɛwee no ara. Adɛn ntia? Efisɛ ɛwom sɛ bere asesa de, nanso nnipa te sɛ nea wɔte no ara. Ɔhaw atitiriw a ɛtoo tetefo no ara bi na ɛto yɛn nnɛ. Nsonsonoe a ɛwom ara ne sɛ ɛnnɛ ɔhaw no yɛ akɛse na ɛyɛ hu.

Ntease foforo a ɛma Bible no yɛ nea mfaso wɔ so kɛse ni: Wɔnam Onyankopɔn honhom so na ɛkyerɛwee. (2 Timoteo 3:16) Sɛ yɛn Bɔfo no, onim nea ɛbɛma yɛanya anigye ne abotɔyam kɛse wɔ asetram.

Ɛwom, Bible nyɛ aduyɛ nhoma. Nanso, ensi yɛn kwan sɛ yɛbɛhwehwɛ yare te sɛ adwenemhaw ano aduru a ɛfata. Afei nso, Bible de akwankyerɛ a ɛbɛma yɛatumi aboa wɔn a wɔanya adwenemhaw no ma. Nea ɛkyɛn saa no, ɛde Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛse ɛnkyɛ wɔbɛsa yɛn nyarewa nyinaa no ma. (Dwom 103:3) Yiw, Yehowa aka sɛ ‘ɔbɛma wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.’—Yesaia 57:15.

Wopɛ sɛ wusua anidaso a ɛkyɛn so yi ho ade pii? Ɛnde, yɛsrɛ sɛ hwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no, anaa fa address a ɛfata a ɛwɔ kratafa 5 wɔ nsɛmma nhoma yi mu kyerɛw wɔn.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Bɔ mmɔden sɛ wubenya ɔdɔ ama no

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Sɛ awerɛhow a ababun bi di no kyɛ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkɔ akohu oduruyɛfo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Sɛ ɔwofo no, mpere wo ho mmu wo ho, wo hokafo, anaa wo ba no, fɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena