Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 11/8 kr. 30-31
  • Atumisɛm a Onyankopɔn Di—So Ntease Wom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atumisɛm a Onyankopɔn Di—So Ntease Wom?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tumi a Wɔde Di Dwuma Ɔkwammɔne So
  • “N’akwan Nyinaa Yɛ Trenee”
  • Onyankopɔn Wɔ Tumi
  • Onyankopɔn Atemmu—Ɛkyerɛ sɛ Ne Tirim Yɛ Den Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • So Onyankopɔn Yɛ Tumi Bi Kɛkɛ Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Honhom Kronkron?
    Nyan!—1999
  • ‘N’akwan Nyinaa Tene’
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 11/8 kr. 30-31

Bible No Adwene

Atumisɛm a Onyankopɔn Di—So Ntease Wom?

WƆADI atumisɛm atirimɔden so wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu. Akontaabu bi kyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ 170,000,000 na wɔn ankasa amammui nniso ahorow akunkum wɔn wɔ afeha a ɛto so 20 no mu. Sɛnea Bible no ka ma ɛfata no, nnipa akɔ so adi nnipa afoforo so ma adan wɔn bɔne.—Ɔsɛnkafo 8:9.

Esiane sɛnea nnipa nam atirimɔden so adi atumisɛm nti, ebetumi ama nnipa binom abisa sɛ ebia atumisɛm a Onyankopɔn di de sɛe n’atamfo no fata anaa. So wɔamma Yudafo a na wɔhyɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ase no antow anhyɛ Kanaanfo so ankunkum nnipa a na wɔte bɔhyɛ asase so no? (Deuteronomium 20:16, 17) Na so Onyankopɔn ankasa nka sɛ obebubu nniso a ɛne no di asi nyinaa ama asa? (Daniel 2:44) Nnipa komapafo binom ntumi nhu sɛ ebia atumisɛm a Onyankopɔn di no fata bere nyinaa anaa ɛmfata.

Tumi a Wɔde Di Dwuma Ɔkwammɔne So

Ehia sɛ yɛte ase sɛ, atumisɛm a wodi ka nneɛma titiriw a aban yɛ no ho. Enti nniso a entumi nhwɛ mma wɔmfa ne mmara a wahyɛ nni dwuma no nni tumi biara. Sɛ nhwɛso no, ɛmfa ho sɛ polisifo yɛ nkurɔfo basabasa no, nnipa baahe na wɔrempɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho ban? Na onipa a n’adwenem da hɔ bɛn na ɔbɛkasa atia hia a asɛnni nhyehyɛe a etumi hwɛ ma mmara yɛ adwuma ho hia wɔ nnipa asetram?

Mohandas Gandhi a ogyee din sɛ obi a okyi basabasayɛ no kae bere bi sɛ: Fa no sɛ ɔbarima bi ate asi kurom a sekan kura ne nsam, na okum obiara a obehyia no, nanso obiara ntumi nkyere no anikan. Ɔmanfo bɛda obiara a obetumi akum bɔdamfo yi ase na wɔabu no sɛ ɔyɛ onipa pa.” Yiw, Gandhi mpo huu hia a atumisɛm ho hia wɔ tebea horow bi mu no.

Ɛda adi sɛ, atumisɛm a wotumi de di dwuma ho hia wɔ ɔman biara a emu dwo mu. Mpɛn pii no, sɛ nkurɔfo kasa tia atumisɛm a wɔde di dwuma a, na ɛyɛ tumi a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so no na wɔrekasa atia.

“N’akwan Nyinaa Yɛ Trenee”

Yenni adanse biara wɔ abakɔsɛm mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de ne tumi dii dwuma ɔkwammɔne so da. Ɔnhyɛ wɔn a odi wɔn so no so katee. Ɔpɛ sɛ yefi ɔdɔ mu som no. (1 Yohane 4:18, 19) Nokwarem no, sɛ ɛteɛ sɛ Onyankopɔn kwati atumisɛm a, ɔyɛ saa. (Yeremia 18:7, 8; 26:3, 13; Hesekiel 18:32; 33:11) Na sɛ ɔpaw sɛ ɔde ne tumi bedi dwuma a, bere nyinaa ɔde kɔkɔbɔ pii ma sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔpɛ no betumi ateɛteɛ n’akwan. (Amos 3:7; Mateo 24:14) So eyinom yɛ nneyɛe a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ otirimɔdenfo a ɔmfa ne tumi nni dwuma ɔkwampa so?

Atumisɛm a Onyankopɔn di no ne sɛnea nnipa di tumi ɔkwammɔne so no nni abusuabɔ biara. Mose kaa Yehowa ho asɛm sɛ “n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu.” (Deuteronomium 32:4) Nea ɛnte sɛ nnipa atirimɔdenfo nniso horow no, Onyankopɔn nniso nnyina nea ɔwɔ nkɛntɛnso kɛse so. Wɔ tebea biara mu no, ɔde tumi adi dwuma ma ɛne ne dɔ, nyansa, ne atɛntrenee a ɛyɛ pɛ no ahyia.—Dwom 111:2, 3, 7; Mateo 23:37.

Sɛ nhwɛso no, bere a Onyankopɔn de Nsuyiri sɛee abɔnefo no, na wadi kan abɔ wɔn kɔkɔ mfe pii ansa. Na anka obiara a ɔpɛ no betumi akɔ adaka no mu anya ne ti adidi mu. Nnipa baawɔtwe pɛ na wɔyɛɛ saa. (1 Petro 3:19, 20; 2 Petro 2:5) Wɔ Yosua bere so no, Onyankopɔn atemmu a na wɔaka ho asɛm bɛboro mfirihyia 400 no na Israelfo no de baa Kanaanfo a wɔn bra asɛe no so. (Genesis 15:13-21) Saa bere no nyinaa mu no, na Kanaanfo no ntumi nka sɛ wonhu adanse a ɛkyerɛ sɛ na Israelfo no yɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wapaw wɔn. (Yosua 2:9-21; 9:24-27) Nanso, Kanaanfo man biara amfa hokwan no ne wɔn anyɛ asomdwoe apam, gye Gibeonfo a wɔhwehwɛɛ mmɔborohunu no nkutoo. Mmom no, Kanaanfo no pawee sɛ wobepirim wɔn koma ahyɛ Onyankopɔn.—Yosua 11:19, 20.

Onyankopɔn Wɔ Tumi

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte sɛnea Onyankopɔn di atumisɛm no ase a, ɛsɛ sɛ yɛde nokwasɛm atitiriw a ɛfa yɛn gyinabea wɔ Onyankopɔn anim no fi ase. Odiyifo Yesaia fi ahobrɛase mu kae sɛ: “Yɛn de, dɔte ne yɛn, na wone yɛn nwemfo.” (Yesaia 64:8) Ɛda adi pefee sɛ, sɛ amansan Bɔfo no, Onyankopɔn betumi de tumi adi dwuma ɔkwan biara a ɔpɛ so. Te sɛ Salomo no, bere a yegye Onyankopɔn tumi tom no, yebetumi aka sɛ: “Ɔhene asɛm di tumi, na hena na obetumi aka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?”—Ɔsɛnkafo 8:4; Romafo 9:20, 21.

Esiane Onyankopɔn gyinabea sɛ Ɔbɔade pumpuni nti, ɔwɔ hokwan sɛ ɔma nneɛma a ɛwɔ asase so nya nkwa anaasɛ ewu. Nokwarem no, nnipa nni nhumu a ɛsɛ ne nimdeɛ a wobegyina so de akasa atia sɛnea Onyankopɔn di atumisɛm no. Ɛsɛ sɛ onipa sua sɛ ɔbɛma ne nsusuwii ne Onyankopɔn de ahyia. Yehowa bisae sɛ: “So ɛnyɛ mo akwan na ɛnteɛ?”—Hesekiel 18:29. Yesaia 45:9.

Ɛyɛ sɛnea Yehowa da atɛntrenee adi ne ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa no na ɛbɛka no ma wasɛe wɔn a wodi tumi ɔkwammɔne so na wotiatia afoforo ahofadi so atirimɔden so no afi asase so koraa. Atumisɛm yi na ɛde tebea pa a adesamma a wɔpɛ asomdwoe hwehwɛ no bɛba asase so. (Dwom 37:10, 11; Nahum 1:9) Enti wobebu Onyankopɔn nniso bem na wɔasan ho daa daa.—Adiyisɛm 22:12-15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena