Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 2/8 kr. 14-17
  • Sare so Afurum—Afrika Pɔnkɔ a N’ani Yɛ Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sare so Afurum—Afrika Pɔnkɔ a N’ani Yɛ Den
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn Ho Wɔ Nsensanee na Wɔbɛn Wɔn Ho
  • Amane a Wohu Wɔ Asetram
  • Wɔyɛn Wɔn Mma
  • Wɔn Ani Yɛ Den na Wɔn Ho Yɛ Nwonwa
  • Bible a Yesua Wɔ Mmoa Yɛmmea!
    Nyan!—1996
  • Atutradi Kɛse No
    Nyan!—2003
  • Agyata—Afrika Nkekaboa Mu Ahoɔdenfo
    Nyan!—1999
  • Adesua 2
    Me Bible Adesua
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 2/8 kr. 14-17

Sare so Afurum—Afrika Pɔnkɔ a N’ani Yɛ Den

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ AFRIKA HƆ

SARE so afurum bɛyɛ apem tu mmirika wɔ Afrika sare so a biribiara nsiw wɔn kwan. Wɔn nkyɛn mu nsensanee no kɔ soro ba fam na wɔn kɔn akyi nhwi kuhaa no nso kɔ anim ba akyiri ma ɛne mmirika denneennen a wotu no kɔ pɛpɛɛpɛ. Bere a wɔretu mmirika no, wɔn tɔte gyigye denneennen wɔ asase a ɛso akyen no so. Mfutuma pii tu di wɔn akyi na wotumi hu no kilomita pii. Wotu mmirika denneennen sɛnea wɔpɛ biara a biribiara ntumi nsiw wɔn kwan.

Ɛyɛ te sɛ nea wɔahu biribi ma enti wɔgow wɔn mmirika no mu, na afei wogyina. Wɔde wɔn se pipiripii no tutu sare a awo no. Mmoa no ani da hɔ, wotwitwa wɔn ani bere ne bere mu, tie nea ɛrekɔ so, na wohua nea ɛrekɔ so wɔ mframa mu. Sɛ gyata bobom a, mframa a ɛbɔ no ma wɔte nne no wɔ akyirikyiri, na wɔbɔ hu. Wonim nne no yiye. Bere a sare so afurum no gyina wɔn aso kyirenn, na sare hyehyɛ wɔn anom a wɔayɛ dinn no, wɔhwɛ faako a mmobom no fi. Sɛ wohu sɛ asiane no mmɛn wɔn a, wɔsan si wɔn ti ase kɔ so didi.

Sɛ awia no fi ase yɛ den a, wɔtoa wɔn akwantu so bio. Saa bere yi de nsukɔm a ɛde wɔn no ma wɔhwehwɛ nsu akyi kwan. Bere a wogyina asukɔn no so no, wogyen wɔn ani hwɛ nsu a ɛsen brɛoo no mu, porow wɔn hwenem ne wɔn ho mfutuma. Wɔtwentwɛn wɔn anan ase sɛ ebia asiane bi wɔ nsu no ase. Nanso esiane sɛ sukɔm de wɔn paa nti, wɔn mu bi pere kɔ wɔn anim. Wɔn nyinaa tu mmirika de wɔn ani kyerɛ asubɔnten no ano. Wɔnom bi mmiako mmiako mee, na afei wosan ba sare no so.

Edu anwummere a mmoa no nnantew sare atenten no mu brɛoo. Sɛ owia a ɛrekɔtɔ a ayɛ kɔkɔɔ no tɔ wɔn so a, wɔn ho yɛ fɛ yiye, na ɛka ho bi na ɛma Afrika sare so yɛ anika no.

Wɔn Ho Wɔ Nsensanee na Wɔbɛn Wɔn Ho

Mfurum yɛ ade koro no ara bere nyinaa wɔ wɔn asetram. Wokyin hwehwɛ aduan ne nsu bere biara. Sɛ sare so mfurum redidi wɔ petee mu a, wohu sɛ wɔn ho tew na wɔsõsõ, wɔn nsensanee no fam wɔn were ho papee. Sare so afurum nsensanee no da nsow, na sɛnea ebinom ka no, ɛsono sɛnea nsensanee no mu biara te. Wɔn nsensanee a ɛyɛ fitaa ne tuntum no ma wɔda nsow wɔ sare no so mmoa afoforo no ho. Nanso, wɔn ho yɛ fɛ na wɔka Afrika mmoadoma no ho.

Sare so afurum ani ka wɔn ho ankasa. Wɔn mu biara tumi ne ɔfoforo nya ayɔnkofa a etumi tra hɔ wɔn nkwa nyinaa mu. Ɛwom sɛ dodow a wɔwɔ kuw biako mu bɛboro mpempem pii de, nanso wɔakyekyɛ wɔn ho mu ayɛ no mmusua nketenkete a anini ne abere na wɔwom. Abusua ketewa yi di mmara so denam ma a wɔma wɔn mu biara hu wɔn dibea so. Ɔbere no na ɔkyerɛ baabi a abusua no bɛfa. Ɔno na odi anim, a abere afoforo ne wɔn mma ato santen di akyi sɛnea wɔn abusua no te. Nanso ne nyinaa mu, onini no na ɔhwɛ wɔn so. Sɛ ɔpɛ sɛ n’abusua no sesa ɔkwan a wɔnam so no a, ɔbɛn ɔbere a odi kan no na opia no fa ɔkwan foforo no so.

Sare so afurum pɛ sɛ wɔn kuw no muni foforo siesie wɔn ho nhwi, na wɔtaa hu sɛ wɔretiti wɔn nkyɛnmu, wɔn abati ne wɔ akyi. Ɔpɛ mu a mmoa yi fi nunu afoforo nhwi mu ma wɔn no hyɛ abusuabɔ a ɛda wɔn ntam no mu den, na efi ase fi bere a wɔn mma no adi fi nna kakraa bi no. Sɛ abusua no muni bi nni hɔ a obesiesie wɔn ho nhwi no a, mfurum a wɔn ho yɛ wɔn hene no munimuni wɔn ho wɔ fam anaa wɔde wɔn ho twitwi dua ho, sinammɛn anaa biribi a esi hɔ ho.

Amane a Wohu Wɔ Asetram

Amane ahyɛ sare so afurum asetra mu ma. Agyata, sakraman, mpataku, asebɔ, ne adɛnkyɛm nyinaa kyere aboa a ne mu duru yɛ kilogram 250 yi we. Sare so afurum betumi atu mmirikaden kilomita 55 wɔ dɔnhwerew biako mu, nanso ɛtɔ mmere bi a nkekaboa dɛɛdɛe no kyere no a n’ani nni ne ho so ma no yɛ nwonwa. Agyata tɛw wɔn wuram, adɛnkyɛm de wɔn ho sie wɔ atɛkyɛ ase, na asebɔ kyere wɔn wɔ anadwo sum mu.

Bɔ a sare so afurum bɔ ne ho ban gyina n’ani a ɔbɛma ada hɔ yiye ne nea ne kuw mufo bɛyɛ no so. Bere a emu dodow no ara deda anadwo no, ebinom wɛn, tie nea ɛrekɔ so bɔ wɔn ho ban. Sɛ sare so afurum hu sɛ akekaboa bi rebɛn wɔn a, ɔporow ne hwenem de bɔ kuw no nyinaa nkae. Mpɛn pii no, sɛ kuw no muni bi yare anaa wanyin dodow na ontumi ne wɔn nnantew a, sare so afurum a aka no to wɔn bo ase anaa wɔtwɛn no kosi sɛ aboa a ɔnantew brɛoo no betumi abɛka kuw no ho bio. Sɛ amane bi to wɔn a, pɔnkɔnini no de akokoduru gyina akekaboa no ne apɔnkɔ abere no ntam keka aboa no pempem no sɛnea ɛbɛyɛ na kuw no anya bere de aguan.

Asɛm bi a esii wɔ Serengeti Asasetaw so wɔ Afrika a Hugo van Lawick a ɔyɛ abɔde ho nimdefo hui no kyerɛkyerɛ abusuabɔ a ɛte saa no mu. Bere a ɔrekyerɛkyerɛ sɛnea sakraman repam sare so afurum kuw bi mu no, ɔka sɛ sakraman no tumi twaa sare so afurum bere, ne ba ketewa, ne ne ba a wadi bɛyɛ afe gyae. Bere a sare so afurum a aka no guan kɔe no, maame no ne nea wadi bɛyɛ afe no ne sakraman no koe. Ankyɛ, sakraman no ahoɔden boroo afurum bere no ne ne ba no so na wofii ase tɔɔ baha. Na ɛte sɛ nea wɔn awiei abɛn. Van Lawick ka tebea a na anidaso biara nnim no ho asɛm sɛ: “Mpofirim ara metee sɛ asase no so regyigye, na bere a mehwɛe no, nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ, mihuu sare so afurum du a wɔde mmirika rebɛn hɔ. Ɛyɛɛ kakra no, kuw yi twaa maame no ne ne mma abien no ho hyiae, na wɔn nyinaa yɛɛ nkakrankakra de mmirika san faa baabi a du no fi bae no. Sakraman no tuu mmirika dii wɔn akyi bɛyɛ mita 50 anaa nea ɛboro saa nanso, wɔantumi ankɔ kuw no mu na ankyɛ na wɔsanee.”

Wɔyɛn Wɔn Mma

Sare so afurum bere bɔ ne ba ketewa a wawo no no ho ban fi kuw no mufo foforo a aka no ho. Bere a ɛte saa a wɔatew wɔn ho yi, abofra no tumi hu ne maame no yiye. Afurum ba ketewa yi kae nsensanee fitaa ne tuntum soronko a ɛwɔ ne maame ho no. Ɛno akyi no, ɔte ne maame nne, ne ho pampan, na ohu ne ho nsensanee no na ɔnka ne ho nkɔ afurum bere biara ho.

Nsensanee fitaa ne tuntum a ɛwɔ wɔn awofo ho no bi nni afurum ba a wɔawo no foforo ho. Wɔn ho nsensanee no yɛ nnodowee, na bere a wɔrenyin no ɛdan tuntum. Sɛ afurum mma no wɔ kuw kɛse mu a, mmofra a wɔwɔ akuw ahorow yi mu boa wɔn ho ano di agoru. Wotu mmirika na wɔpam wɔn ho wɔn ho, pempem mpanyimfo no na ɛtɔ mmere bi a wɔn nso de wɔn ho gye agoru no mu. Afurum mma yi de wɔ anan mfeamfeaa yi tu mmirika pam nnomaa ne mmoa nketewa afoforo de di agoru. Sɛ wohwɛ afurum mma a wɔn anan nketenkete, wɔn ani tuntum akɛse, ne wɔn were yɛ tofoo no a, wɔyɛ mmoa nketewa a wɔn ho yɛ fɛ yiye.

Wɔn Ani Yɛ Den na Wɔn Ho Yɛ Nwonwa

Ɛnnɛ, wobetumi ahu sare so afurum akuw pii sɛ wɔda so ara de mmirikaden nenam Afrika sare no so a wɔn ani yɛ den. Ɛyɛ beae a ɛyɛ soronko koraa.

Hena na ɔrennye ntom sɛ sare so afurum a ne ho yɛ nsesanee fitaa ne tuntum a ɛda nsow, abusua a obiara dan ne yɔnko a wɔn ani yɛ den no yɛ abɔde a ɛyɛ nwonwa? Mmoa a wɔte sɛɛ a yesua wɔn ho ade no bua asɛmmisa a wɔde too gua wɔ mfe mpempem pii a atwam ni no sɛ: “Hena na ogyaa sare so afurum sɛ ɔnne ne ho?” (Hiob 39:5) Mmuae no da adi pefee. Ade Nyinaa Yɛfo no, Yehowa Nyankopɔn.

[Adaka wɔ kratafa 14]

Dɛn Nti na Sare so Afurum Ho Wɔ Nsensanee?

Ɛyɛ den ma wɔn a wogye adannandi di no sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ sare so afurum ho nsensanee no mu. Ebinom gye di sɛ ɛde kɔkɔbɔ ma. Nanso, ɛda adi pefee sɛ, sare so afurum ho nsensanee no mmɔ agyata ne nkekaboa akɛse a aka no hu koraa.

Ebinom nso susuw sɛ nsensanee no twetwe nna ho akɔnnɔ. Nanso, esiane sɛ sare so afurum nyinaa ho wɔ nsensanee koro no ara bi na nsensanee no nni anini no nkutoo anaa abere no ho nkutoo nti, saa asɛm no ntumi nyɛ nokware.

Adwene foforo nso ne sɛ nsensanee fitaa ne tuntum no wɔ hɔ na ɛboa na Afrika awia a ɛyɛ hyew no anhyew wɔn. Nanso, dɛn nti na mmoa foforo a aka no ho nni nsensanee no bi?

Adwene foforo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso ne sɛ sare so afurum ho nsensanee no wɔ hɔ na adaadaa mmoa afoforo. Nyansahufo ahu sɛ awia a ɛbɔ Afrika asasetaw so no mma wonhu sare so afurum no yiye na ɛma no yɛ den sɛ wobehu bi wɔ akyirikyiri. Nanso, hu a wonhu wɔn yiye wɔ akyirikyiri no so nni mfaso biara, efisɛ agyata a wɔyɛ sare so afurum atamfo ankasa no kyere wɔn bere a wɔbɛn wɔn no nkutoo.

Wɔsan nso kyerɛ sɛ sɛ mmoa no bom tu mmirika a wɔn ho nsensanee no ma agyata a wɔrehwehwɛ wɔn akyere wɔn no yɛ basaa, na ɛmma wontumi nkyere wɔn mu biara. Nanso, nokwarem no, wuram mmoa ho adesua akyerɛ sɛ agyata ho akokwaw kɛse wɔ kyere a wɔkyere sare so afurum mu te sɛ nea wɔkyere mmoa afoforo no ara pɛ.

Nea ɛkyere adwene kɛse wɔ asɛmmisa no ho ne sɛ ɛtɔ da bi a, afurum no ho nsensanee no de nsɛnnennen brɛ wɔn. Sɛ edu anadwo na sɛ ɔsram hann tɔ sare so afurum so a, ne ho nsensanee fitaa ne tuntum no ma wohu no yiye sen mmoa foforo a wɔn kɔla yɛ biako no. Esiane sɛ agyata taa kyere mmoa anadwo nti, na eyi bɛma sare so afurum no ho akyere wɔn kɛse.

Ɛnde na sare so afurum no nsensanee no fi he? Nea ɛbɛma yɛate ase ne asɛntiaa yi: ‘Yehowa nsa na ɛyɛɛ eyi.’ (Hiob 12:9) Yiw, Ɔbɔadeɛ no de su ahorow soronko bi bɔɔ asase so mmoa a biribi nti ebia nnipa ntumi nte ase nwie na ɛboa wɔn wɔ asetram ma ɛyɛ nwonwa. Anwonwakwan a wɔnam so bɔɔ asase so nneɛma no di atirimpɔw foforo bi ho dwuma. Ɛma nnipa nya anigye, ahotɔ, ne akomatɔyam. Nokwarem no, sɛnea abɔde yɛ fɛ fa no ma nnɛ nnipa pii te nka te sɛ Dawid a ɔtraa ase tete no: “[Yehowa, NW], wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.”—Dwom 104:24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena