Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 3/8 kr. 15-18
  • Atutradi Kɛse No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atutradi Kɛse No
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afrika Eden Turo
  • Asasetaw so Aboa a ne Ho Yɛ Anika
  • Wɔawo Wɔn Agu Wiase Bɔne Mu
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Wodi Atutra
  • Akwantu a Ɛyɛ Hu
  • Onipa—Ɔtamfo a Ɔsen Biara
  • Wuram Mmoa Kasa—Mmoa Nkitahodi Mu Ahintasɛm
    Nyan!—2002
  • Sare so Afurum—Afrika Pɔnkɔ a N’ani Yɛ Den
    Nyan!—2002
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2003
  • Agyata—Afrika Nkekaboa Mu Ahoɔdenfo
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 3/8 kr. 15-18

Atutradi Kɛse No

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ

MMOA no tɔte ɔpepem pii a ɛpempem fam no gyigye asase no mu. Mmoa akɛse bebree yi a wɔabom retu mmirika wɔ mfutuma kɔkɔɔ yi mu no ma wim yɛ kɔɔ. Mmoa no de wɔn anan nteateaa no tu mmirika fa abɔn ne nkoko so, wotwam wɔ sare a ɛtrɛw so, na wotwa asubɔnten ne nsuwansuwa. Wɔbom kutuu tu mmirika, na ɛma sare pii ase tutu, na eyiyi akwan wɔ wɔn akyi. Saa mmoakuw a wɔdɔɔso a wɔn menem sõsõ na wɔn anammɔn yi akwan yi yɛ wuram mmoa a wotumi yɛ nneɛma a ɛyɛ anika sen biara wɔ asase so no mu biako—atutra kɛse a atorɔm di no.

Afrika Eden Turo

Serengeti yɛ asase a wuram mmoa wɔ so. Ɛyɛ sare kɛse a ne kɛse bɛyɛ kilomita ahinanan 30,000, a ɛda Tanzania ne Kenya nsase so. Ogya bepɔw mu dɔte pa na ɛwɔ asase yi so, na ɛma sare a akata asase no ani no nyin frɔmfrɔm. Ɔkanto nnua ne nsɔe nnua wɔ mmeae bi a ɛma asono akuw a wɔkɔ adidi wɔ hɔ no nya nwura we. Kɔntenten akuw bom fɛfɛɛfɛ sen brɛoo fa sare asase a nnua nnɔɔso wɔ so no so.

Wɔ mmeae bi no, abotan akɛse a mframa ne nsu ama ho ayɛ tromtrom a etintim asasetaw no so no ma agyata ne asebɔ nya baabi de wɔn ho sie hwɛ nea ɛrekɔ so. Susono ne adɛnkyɛm ayɛ nsubɔnten a ɛreworo so a akontɔn afa asase no so no mu ma. Wubetumi ahu atorɔm akuw, awansan, aforɔte, ne adabɔ afoforo sɛ wɔredidi wɔ petee mu wɔ asasetaw no so. Sare so afurum a sukɔm de wɔn no twa nsuka ho hyia te sɛ kɔnmuade a wɔde ahene tuntum ne fitaa ayɛ. Adowa ne atwe nso huruhuruw ma ɛyɛ anika wɔ asasetaw no so. Ɛkoɔ akuw a wɔn mmɛn akoakoa na wɔn honam yɛ pipiripii no tɔ wɔn bo ase we sare no, na wɔde wɔn ano atɛtrɛtɛ no tutu sare a abɔ akuwakuw no.

Agyata akuw nyɛ na wɔ Serengeti hɔ. Sɛ owia bɔ ma wim yɛ hyew a, wɔdeda nnua ne nwura ase twɛn sɛ onwini bedwo ma wɔakɔ ahayɔ. Sɛ asebɔ a wɔn ho yɛ nsisimu no deda nnubaa ntam, na hann a ɛfa dua no nhaban mu no tɔ wɔn so a, ɛyɛ den sɛ wubehu wɔn. Asasetaw a ɛso yɛ petee no ma ɔsebɔ a ne ho yɛ nsisimu no tumi tu mmirika yiye. Sɛ ɔde mmirika di aboa bi akyi a, ɛyɛ den sɛ wubehu ne honam a ɛyɛ hanahana no yiye.

Nokwarem no, adebɔ mu nneɛma a ɛwɔ Serengeti no ma mmoa nya baabi pa a ɛyɛ anika tra. Nanso atorɔm akuw kɛse a wɔwɔ hɔ no yɛ wuram mmoa a wɔn ho yɛ nwonwa sen biara no mu biako.

Asasetaw so Aboa a ne Ho Yɛ Anika

Wobu akontaa sɛ atorɔm bɛyɛ ɔpepem 1.5 na wɔnenam Serengeti. Aboa yi ho nyɛ fɛ, ne ti ware, na n’ani a ɛyɛ hyɛnn no tuatua n’atifi wɔ ne tikora no nkyɛn. N’abɛn a ɛte sɛ nantwi de no ano akontɔn hwɛ fam na akyea hwɛ nkyɛn, na afei egyina hɔ. Efi n’akyi rekɔ ne sisi no asiam kɔ fam, na ɛte sɛ nea ahoɔden nnim, na ɛne ne mmati ne ne kɔn a ahoɔden wom no nkɔ koraa. Aboa kɛse a ne mu yɛ duru yi anan yɛ nteateaa. Ɔtorɔm a ne bogyesɛ yɛ tenten fitaa, ne kɔn ho nhwi yɛ tuntum, na ne bodua te sɛ pɔnkɔ de no, ne mmoa horow pii sesɛ.

Mpɛn pii no, atorɔm agodie yɛ serew na ɛyɛ anika. Sɛ wohyiam sɛ kuw kɛse a, wosu ma wɔn su nnyigyei no yɛ sɛ mpɔtorɔ mpempem su. Sɛ wogyina asasetaw petee so a, wɔn anim te sɛ nea ehu aka wɔn a wɔnte nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no ase.

Ɛtɔ mmere bi a, torɔmnini tu mmirika fa asasetaw no so, huruhuruw dannan ne ho twa ne ho si. Sɛ ɔpagya ne ti kɔ soro ba fam, na ohuruhuruw san gyina n’anan nteanteaa a emu yɛ den no so a, mfutuma tu fa ne ho ma ɛyɛ anika. Ebinom kyerɛ sɛ ɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a abere no ani begye ne ho, anaasɛ sɛnea ɛbɛyɛ a anini afoforo no behu sɛ ne ho yɛ den. Nanso ɛtɔ mmere bi a, na ɛte sɛ nea aboa no redi agoru ara kwa.

Wɔawo Wɔn Agu Wiase Bɔne Mu

Sɛ bere so sɛ wɔbɛwo a, atorɔm fi ase ko awo. Wotumi wo wɔ bere koro mu ma ɛyɛ nwonwa, na wotumi wo wɔn mma no ɔha mu 80 kosi 90 wɔ adapɛn abiɛsa ntam. Sɛ edu saa bere yi a, atorɔm mma a wosu pii yi ma mmoa kuw no dɔɔso. Ɛsɛ sɛ ɛna biara ma ne ba no hu no ntɛm ara, efisɛ sɛ kuw no guan mpofirim a, ebetumi ama ɛna no ne ne ba no ntam atetew, na ɛbɛma ayɛ den ama ɔtorɔm ba no sɛ n’ankasa betumi ahwɛ ne ho.

Wɔwo atorɔm mma yi ba wiase bɔne bi a nkekaboa ani sa wɔn daa mu. Abere no twɛn kosi sɛ asiane biara mmɛn wɔn ansa na wɔawo. Nanso sɛ mpofirim ara, akekaboa bi bepue wɔn so a, wotumi gyae awo no tu mmirika guan. Afei akyiri yi, bere a wohu sɛ asiane biara nni hɔ no, wotumi wo wɔn ba no.

Ɛte sɛ nea ɔtorɔm ba fi awosu mu nim sɛ asiane wɔ hɔ, ma enti sɛ wɔwo no a, simma kakraa bi mu no na wasɔre agyina. Dapɛn biako akyi no, ɔtorɔm ba no tumi huruhuruw na otumi tu mmirika twa kilomita 50 wɔ dɔnhwerew biako mu.

Bere a Ɛsɛ sɛ Wodi Atutra

Atorɔm akuwakuw na wɔbom di atutra wɔ Serengeti. Ade a ɛma wɔbom di atutra ne osutɔ. Wim nsakrae a edi kyinhyia afe afe no na ɛkyerɛ bere a osu bɛtɔ. Osu taa tɔ afe mũ no nyinaa wɔ sare kɛse yi so mmeae mmeae.

Atorɔm hia nsu da biara da, na ɛsɛ sɛ wonya sare a wɔbɛwe bere nyinaa. Bere dodow a wɔwɔ nsu ne aduan no, wɔnkɔ baabiara. Nanso sɛ edu ɔpɛ bere a, sare a ɛwɔ asasetaw no so fi ase guan na nsuti ahorow fi ase yow. Atorɔm kuw no ntumi ntwɛn nkosi sɛ osu bɛtɔ ama wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔkɔ baabi a osu tɔ wɔ hɔ.

Baabiara a osu bɛtɔ no, ntɛm ara na asasetaw a ɛso awo no asakra. Wɔ nnafua kakra bi ntam no, sare momono fi ase fifi asase pa yi so ma baabiara yɛ frɔmm. Aduannuru ne nsu pii wɔ sare momono a ɛyɛ frɔmm—biribi a atorɔm ani gye ho paa—yi mu.

Mmoa yi tumi hu baabi a osu bɛtɔ ma ɛyɛ nwonwa, ɛmfa ho sɛ ebia wɔwɔ akyirikyiri no. Obiara ntumi nhu nea ɛma wohu sɛ osu retɔ wɔ Serengeti no fã baabi no—sɛ ebia ɛyɛ wim mununkum a ano aboaboa a wohu wɔ akyirikyiri anaasɛ wotumi hua nsu a ɛwɔ mframa wosee no mu nti no. Ne nyinaa mu no, sɛ mmoa kuw no bɛkɔ so atra nkwa mu a, ɛsɛ sɛ wotu kɔ baabi. Ne saa nti na wotu no!

Akwantu a Ɛyɛ Hu

Wɔde nkakrankakra na efi akwantu no ase. Atorɔm yɛ mmoa a wɔne wɔn ho wɔn ho bɔ; sɛ aboa biako de n’ani kyerɛ baabi a, afoforo a wɔka ne ho nyinaa gyae adidi bɔ mmɔden sɛ wobedi n’akyi. W’ani bɛba wo ho so no, na mmoa kuw no nyinaa abom de wɔn ani akyerɛ kwan so rekɔ yuu. Ɔkɔm ne sukɔm na epia wɔn ma wɔde wɔn ani kyerɛ baabi. Ɛtɔ mmere bi a, wɔde mmirika na ɛkɔ. Bere foforo nso wɔto santen tenteenten nantew brɛoo, na wotwa sa wɔ mfutuma no mu.

Asiane pii wɔ wɔn akwantu no mu. Nkekaboa di ntɔteboa kuw akɛse yi akyi, na wɔhwɛ sɛ wobenya mmoa yi mu biara a ontumi nnantew ntɛm, watɔ apakye, anaasɛ ɔyare abɔ no no. Bere a atorɔm yi nam kwan so no, wodu mmeae a agyata a wɔde wɔn ho ahintaw wuram wɔ. Agyata yi fi wɔn ahintawee mu wɔ sare atenten yi mu tow hyɛ mmoa pii a wɔredidi yi so ma ehu ka wɔn ma wɔbɔ hwete. Sɛ mmoa yi mu biara gye ne ho ka akyi anaasɛ ɔtwe ne ho fi kuw no mu a, asebɔ, asakraman, ne mpataku nyinaa fa saa hokwan no de kyere no. Sɛ wokum aboa biara a, na kɔkɔsakyi ahorow abesisi ho. Wodi apere ko wɔ nam no ho, na wodi nam no nyinaa kosi sɛ ɛbɛka aboa no nnompe, a wogyaw ma Afrika owia a ano yɛ hyew no ma ɛhoa yɛ fitaa.

Nsubɔnten a ɛreworo so a ɛsɛ sɛ mmoa kuw yi twa no yɛ akwanside kɛse ma wɔn. Asubɔnten a wotwa nso yɛ ade a ɛyɛ nwonwa, mmoa no pii huruw fi nsu no kɔn so tɔ nsu no mu. Wɔn mu dodow no ara tumi twa kɔ asuogya. Nsu no hweam no fa mmoa no bi, anaasɛ adɛnkyɛm a wɔhyehyɛ nsu no mu no kyere wɔn. Wotu saa kwan a ɛyɛ hu yi afe biara. Enkosi bere a wobewie akwantu no, na wɔatwa bɛyɛ kilomita 3,000.

Onipa—Ɔtamfo a Ɔsen Biara

Mfe mpempem pii a atwam ni no, na nnipa nhaw atorɔm wɔ wɔn atutradi mu. Ɛnnɛ, nnipa de atutradi a ɛyɛ anika yi ato asiane kɛse mu. Mfe kakra a abɛsen kɔ mu no, Tanzania ne Kenya aban ahorow no abɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ mmoa a wɔwɔ Serengeti no ho ban. Nanso, ɛmfa ho sɛ atorɔm atutradi yi kɔ so wɔ mmeae a wɔbɔ wuram mmoa ho ban yi no, nnipa wiawia wɔn ho sum mmoa yi bi afiri, na wokum wɔn. Wɔde dade hama, agyan a bɔre wɔ ano, ne atuo kɔ mmoa yi so ahayɔ kokum wɔn, na wɔtɔn wɔn ma nkurɔfo a wɔrepɛ wuram nam adi anaa wɔde rekɔyɛ nkaede no. Nkurɔfo a wɔhwɛ wuram mmoa so ne wɔn a wɔbɔ wɔn ho ban bebree di asase a wɔagye ho no so aporɔw, nanso Serengeti no yɛ kɛse araa ma ɛkame ayɛ sɛ wontumi mmɔ ho ban nsi. Bere a nnipa dɔɔso kɛse no, ɛma wɔtra hye kɔ sare asase a ɛma nnɔbae yi so kɛse. Asase kɛse a wotwa ma wuram mmoa yi yɛ asɛm a wɔtaa di ho anobaabae kɛse.

Bere bi a atwam no, na ɛkoɔ mpempem pii wɔ Amerika Atifi fam asasetaw no so. Nanso nnɛ, wɔn ase atɔre. Ebinom suro sɛ anhwɛ a na biribi a ɛte saa ara ato atorɔm akuw kɛse a wɔaka wɔ Afrika Apuei fam no. Ɛbɛyɛ awerɛhosɛm kɛse sɛ yebehu sɛ wuram mmoa a wɔn ho yɛ anika sɛɛ yi ase atɔre. Yɛhwɛ kwan sɛ da bi bɛba wɔ Onyankopɔn trenee nniso ase a nnipa ne mmoa bɛtra wɔ asomdwoe ne biakoyɛ a edi mu mu. (Yesaia 11:6-9) Enkosi saa bere no, ade a ɛyɛ anika yi—atutra kɛse a atorɔm di no—bɛkɔ so ama yɛn ho adwiriw yɛn.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɛsɛ sɛ mmoa kuw yi twa nsubɔnten a ɛreworo so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena