Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 3/8 kr. 24-27
  • Ahobammɔ a Wobɛma Aba W’adwuma Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahobammɔ a Wobɛma Aba W’adwuma Mu
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahwɛyiye a Wobɛyɛ Wɔ Asiane Horow Ho
  • Akwan a Wubetumi Afa So
  • Nea Ɛma Nnwuma Mu Yɛ Hu
    Nyan!—2002
  • Adwumayɛ Ho Asɛm a Ɛyɛ Nwonwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Kristofo Mmea​—Wɔn Mudi Mu A Wokura Wɔ Adwumayɛbea
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Yehowa Mpɛ Sɛ Wupira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 3/8 kr. 24-27

Ahobammɔ a Wobɛma Aba W’adwuma Mu

ƐMFA ho adwumam mmara horow a wɔahyɛ sɛ ɛbɛtew akwahosan ne ahobammɔ ho asiane so biara no, opira ne owu da so ara yɛ ɔhaw kɛse. Ɛnde, ɛda adi sɛ, mmara ara kwa ntumi mfa ahobammɔ mma adwumam. Ɛsɛ sɛ adwumawuranom ne adwumayɛfo fa kwan bi so bɔ wɔn ankasa ne afoforo nso ho ban.

Enti ɛsɛ sɛ adwumayɛfo nyinaa hwɛ yiye wɔ wɔn adwumam ne su a wɔda no adi wɔ wɔn adwumayɛ ho. Sɛ nhwɛso no, so woahyɛ no nsow sɛ ahobammɔ wɔ w’adwumam ankasa? So woyɛ awuduru bi ho adwuma? Sɛ saa a, so woabɔ wo ho ban sɛnea ɛsɛ? So wowɔ nhyɛso ase bere nyinaa? So wugye nnwuma pii to wo ho so ma wubu w’ani gu mmara a wɔahyɛ wɔ nnɔnhwerew dodow a ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma no so?

Ebia nsɛmmisa a ɛte sɛɛ ho mmuae betumi ada sɛnea woabɔ wo ho ban wɔ adwumam no adi.

Ahwɛyiye a Wobɛyɛ Wɔ Asiane Horow Ho

Ebetumi ayɛ asiane kɛse sɛ wode nnwuma pii begu wo ho so. Bere a Ɔbenfo Lawson Savery a ɔwɔ Australia Curtin Sukuupɔn mu, ne nhwehwɛmufo bi, yɛɛ nhwehwɛmu faa adwumayɛfo ɔpepem 3.6 ne mmeae a wɔyɛ nnwuma 37,200 ho akyi no, wotintim nhwehwɛmu krataa bi too din sɛ: “Long Hours at Work: Are They Dangerous and Do People Consent to Them?” (Nnɔnhwerew Pii a Wɔde Yɛ Adwuma: So Ɛyɛ Asiane na Nkurɔfo Pene So?) Ne nyinaa mu no, na mmuae a ɛwɔ asɛmmisa no ho yɛ yiw.

Ampa, adwumayɛfo a wɔabrɛ ntumi nyɛ adwuma yiye na wodi mfomso pii. Sɛnea wɔabɔ ho amanneɛ wɔ The Sun-Herald atesɛm krataa mu no, Ɔbenfo Savery kae sɛ: “Nnwumakuw pii hyɛ adwumayɛ ntraso ho nkuran na wɔyere wɔn ho fa kwan bi so bɔ wɔn a wɔyɛ adwuma tra so no aba so.” Nea efi mu ba no tumi yɛ asiane kɛse. Ebia baabiara nni hɔ a saa ɔhaw yi da adi kɛse sen mfirikafo mu, baabi a ebetumi aba sɛ wɔhyɛ mfirikafo nkuran anaa wɔhyɛ wɔn ma wɔka kar nnɔnhwerew pii a wonnye wɔn ahome no​—ade a mmara mma kwan wɔ nsase bi so.

Adwuma ho su pa a wonni, a nea ebetumi aka ho ne di a obi nni ne ho ni, de ɔhaw foforo ba. Nnwinnade a wogyaw gu fam basaa anaa anyinam ahoɔden nhama a ɛho deda hɔ taa de akwanhyia ba na mpo edi awu. Saa ara na wobetumi aka afa anyinam ahoɔden nnwinnade ne mfiri ahorow ho akwankyerɛ a wobu ani gu so no ho. Ade foforo a ɛde pira ne owu ba ne bu a wobu ani gu so sɛ wɔbɛpopa nneɛma nsu-nsu a ehwie gu fam​—titiriw awuduru. Adwumayɛfo pii na wɔapirapira bere a wɔwatiriwii wɔ baabi a ngo wɔ anaa fam baabi a ɛhɔ afɔw no. Enti wobetumi aka sɛ mmara a edi kan wɔ adwuma pa ho ne sɛ obi bedi ne ho ni na watoto ne nneɛma yiye.

Nanso, nnipa pii na ɛba wɔn tirim sɛ wommu wɔn ani ngu ahobammɔ ho akwankyerɛ so. Monthly Labor Review nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Sɛ adwuma kyere so a, ebetumi ama obi anya adwene sɛ ɔbɛfa ɔkwantiaa bi so de adu botae a wɔhwehwɛ fi ne hɔ ho.” Enti ɛdefa ahobammɔ ho mmara ho no, ebia obi bɛka sɛ, ‘bere a mibuu m’ani guu so no amfa ɔhaw biara amma. Bere a adwumawura bi a ne ho akokwaw de n’adwene rekɔ asɛm a ɛte saa so no, ɔka sɛ: “Ade biako a enye koraa a wubetumi ayɛ wɔ adwumam ne sɛ wubebu ani agu ahobammɔ ho akwankyerɛ so na woafa wo ho adi!” Dɛn ntia? Efisɛ eyi ma obi gye ne ho di tra so na ɔyɛ anibiannaso ma ɛde akwanhyia pii ba.

Wɔtaa ka Chernobyl awuduru bi a ɛpaee wɔ Ukraine wɔ 1986 no ho asɛm sɛ, “wiase nuklea ho asiane a ɛsen biara.” Dɛn nti na asiane no sii? Amanneɛbɔ bi ka asiane no ho asɛm sɛ “nneɛma pii a wɔyɛɛ no basaa wɔ sɛnea wɔde akwankyerɛ bedi dwuma no ho” ne “kɔ a wɔkɔɔ so buu ani guu ahobammɔ nhyehyɛe so” na ɛde bae.

Adwumayɛfo ne adwumawuranom nyinaa betumi ayɛ biako ahu asiane a ebia ebetumi asisi ho. Bible abebusɛm bi a nyansa wom ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” (Mmebusɛm 22:3) Ampa, onitefo tumi hu tebea a ebetumi ayɛ asiane na ɔhwehwɛ akwan a ɔde bɛbɔ ɔne afoforo ho ban.

Sɛ adwumawuranom yɛ eyi a, wɔne wɔn adwumayɛfo nyinaa nya so mfaso. Sɛ nhwɛso no, adwumakuw bi a wɔyɛɛ nsakrae wɔ wɔn adwumam na ama wɔakwati “nneɛma a ɛde dan mu pampan ne nyarewa ba” no hui sɛ bere tiaa bi akyi no, adwuma no tuu mpɔn, na adwumayɛfo no nyaa abotɔyam kɛse. Wohui nso sɛ nnipa kakraa bi na wɔyare kogyee wɔn ahome. Ɛnyɛ sɛ saa kwan yi a wɔnam so susuw afoforo akwahosan ho no ma adwumawuranom ne adwumayɛfo nya anigye nko, na mmom sɛnea yɛahu wɔ asɛm yi mu no, ebetumi de sika pii nso aba.

Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, basabasayɛ adu nnwumam. Dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ wo ho ban ?

Akwan a Wubetumi Afa So

Wɔahu sɛ subammɔne nketenkete a ɛkɔ so wɔ nnwumam no mpo kowie ɔhaw horow a emu yɛ den mu. Harvard Business Review de afotu a anibere wom yi ma: “Sɛ wopɛ sɛ wosiw adwumam basabasayɛ ano a, hu sɛ mpɛn pii no wɔn a wɔde basabasayɛ nketenkete ba no na wɔkɔfa basabasayɛ akɛse ba.”

Ebia ɔbea bi nhyɛ da ntwetwe wɔn a ɔne wɔn yɛ adwuma adwene mma no so, nanso sɛ wanhwɛ n’ahosiesie, ne kasa, ne n’abrabɔ yiye a, afoforo besusuw sɛ ne bra asɛe. Nnansa yi, ɛtɔ mmere bi a abrabɔ a ɛnyɛ sɛ wɔde bɛtwetwe afoforo adwene ɔkwammɔne so no taa kowie ɔhaw a emu yɛ den mu, a nea ɛka ho ne basabasayɛ, mmonnaato, anaa awudi mpo. Enti ma w’ani nna hɔ wɔ sɛnea w’ahosiesie ne w’abrabɔ reka afoforo no ho. Di Bible afotu yi so: ‘Hyɛ ntade a ɛsɛ, na fa adwenemtew keka wo ho.’​—1 Timoteo 2:9.

Monthly Labor Review nsɛmma nhoma no da tebea foforo bi a ebetumi ayɛ hu adi, na ɛka sɛ: “Wɔredwene adwumayɛfo a wɔn nkutoo yɛ adwuma anadwo wɔ mmeae a atew ne ho no ho.” Enti susuw ho hwɛ: So nyansa wom sɛ wogye asiane a ɛtaa fi adwuma a obi nkutoo yɛ mu ba, titiriw anadwo no tom? So sika a wonya wɔ asiane yi mu fata ankasa?

Ehia nso sɛ yesusuw sɛnea yɛyɛ yɛn ade bere a mfɛfo adwumayɛfo a wɔahaw ahyɛ yɛn abufuw no ho. Dɛn na yebetumi ayɛ de abrɛ tebea a emu yɛ den yi ase? Bible mu abebusɛm yi de afotu yi ma sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.” (Mmebusɛm 15:1) Ampa, sɛ woda ayamye ne obu adi wɔ wo nsɛm mu a, ebetumi aba sɛ ahoyeraw befi hɔ na wobɛkwati ntawntawdi.

Wɔ nnɛyi a nhyɛso abu so wɔ nnwumam no, abufusɛm ne nitan wɔ baabiara. Ebetumi aba sɛ bere a obi reda abasamtu ne nhyɛso a n’ankasa rehyia adi ara kwa no, ɛbɛyɛ te sɛ nea ɔreyɛ biribi atia yɛn. Ebetumi aba sɛ asɛm ne asɛm na ahyia kwa. Enti sɛnea yɛyɛ yɛn ade no na ehia. Ebetumi abrɛ tebea no ase anaasɛ asɛe no koraa.

Nanso, ebia na ntease paa bi nti na mo adwene nhyia. Resolving Conflicts at Work nhoma no de biribi a etumi boa ma: “Sɛ ntawtawdi bi sɔre wɔ yɛn ntam a, . . . ɛda adi sɛ yɛnka ho asɛm nkɔ akyiri wɔ sɛnea yɛte nka ankasa.” Dɛn nti na ebia ɛte saa? Nhoma no kɔ so ka sɛ: “Yɛn ntawtawdi no betumi adi yɛn so na ama yɛayɛ basaa, na ama yɛabegye adi sɛ ano aduru ara ne sɛ yɛbɛyɛ basabasa.”

Dɛn ne ɔhaw no ano aduru? TIE! Nhoma a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no ka sɛ: “Sɛ yefi koma pa mu tie nkurɔfo a yɛne wɔn nyɛ adwene no a . . . , ebetumi ama ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛma ntawtawdi no mu akɔ so ayɛ den no afi hɔ na yɛanya ano aduru.” Eyi yɛ afotu pa a wɔde siw wontwiwontwi anaa akasakasa ano na ankowie ɔham a emu yɛ den mu.

Enti, fi nyansam fa adwempa di tebea no ho dwuma yiye fa bɔ wo ho ban. Nea ɛka eyi ho ne nsi a wode bedi mpɔtam hɔ ahobammɔ nhyehyɛe horow akyi. Mfaso betumi aba eyi a wobɛyɛ no so na ama w’adwumam ayɛ beae a ahobammɔ wɔ.

Ɛyɛ nokware nso sɛ su a yɛwɔ wɔ asetram, adwuma, ne ahomegye ho no nso betumi anya nkɛntɛnso wɔ adwuma ko a yɛpaw ne su a yɛda no adi wɔ ahobammɔ ho so. Asɛm a edi hɔ no bɛboa yɛn ama yɛasi gyinae pa wɔ eyi mu.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Popa ngo a ahwie agu fam no yiye

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Mmuae bɔkɔɔ betumi abrɛ tebea a emu yɛ den ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena