Nea Ɛma Nnwuma Mu Yɛ Hu
“Nnipa pii wuwu wɔ wɔn adwuma mu sen kar akwanhyia mu.” Ɛno ne asɛmti a na wɔakyerɛw no kɛse wɔ WorkCover, ahobammɔ ahyehyɛde bi a ɛwɔ New South Wales, Australia no anim.
ƐDA adi sɛ akwanhyia a ɛde owu ba yɛ ɔhaw no fã kakraa bi. Afe biara nnipa ɔpepem pii na wopirapira kɛse wɔ adwuma mu ma ɛsesa ebinom mpo asetra. Afoforo pii nso na wohyia ɔpatuwu esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛwɔ adwumam hɔ a wɔyɛ ho adwuma anaa adwuma mu nsɛmnsɛm nti.
Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ owu ne apirapira a ɛyɛ hu sisi wɔ mfiridwuma ne aguadi nyinaa mu nti, ɛfata sɛ yebisa sɛ: Ahobammɔ bɛn na wowɔ wɔ w’adwumam? Tebea horow bɛn na ebia ebetumi de w’akwahosan ne wo nkwa ato asiane mu wɔ hɔ?
Adwumam Nhyɛso
Wɔtaa hyɛ adwumayɛfo so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ adwuma pii. Wɔ Japan no, wɔde asɛm karoshi—“owu a adwumayɛ ntraso de ba”—dii dwuma nea edi kan wɔ mpatade bi a mmusua a wɔn biribi awu gyei mu. Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ hɔ mfe bi a atwam kyerɛ no, Japan akrakyefo ɔha mu 40 na na wosuro sɛ adwumayɛ ntraso bekum wɔn. Mmaranimfo bi a ne ho akokwaw wɔ nsɛm a ɛte saa di mu bu akontaa sɛ, “anyɛ yiye koraa no, nnipa 30,000 na karoshi to wɔn wɔ Japan afe biara.”
Polisifo a wɔwɔ Japan susuw sɛ ɔhaw a ɛkɔ so wɔ adwumam yɛ ade titiriw a enti ɛma nnipa a wɔadi fi mfe 50 kosi 59 kum wɔn ho pii no. Sɛnea nhoma The Violence-Prone Workplace kyerɛ no, wɔbɔɔ adwumawura bi sobo sɛ ɔno na ɔmaa odwumayɛni bi a na adwumam asɛm haw no no kum ne ho.
Australia atesɛm krataa The Canberra Times ka sɛ ‘Amerikafo asian Japanfo ho wɔ nnɔnhwerew dodow a wɔde yɛ adwuma wɔ wiase mu no ho.’ Enti, nsɛm ho amanneɛbɔ a ekura nsɛmti te sɛ: “Nnɔnhwerew Pii a Wɔde Yɛ Adwuma Rekum Nkurɔfo” ka biribi fa nnwumayɛfo a wɔabrɛ te sɛ mfirikafo a wɔfa ayarefo, wimhyɛnkafo, adansi ne adwumayɛfo a wɔka kar, ne wɔn a wɔkɔ adwuma anadwo a wowuwu wɔ adwumam no ho asɛm.
Bere a nnwumakuw kɔ so sesa adwumam nhyehyɛe na wɔtew adwumayɛfo so sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika pii no, wɔhyɛ adwumayɛfo so kɛse ma wɔyɛ adwuma pii. Enti British Medical Journal bɔ amanneɛ sɛ tew a wɔtew adwumayɛfo so no nya wɔn akwahosan so nkɛntɛnso bɔne.
Nnwuma Mu Basabasayɛ
Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma tra so na wɔhyɛ wɔn so no nko na ɔhaw no ka wɔn. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Britain daa no adi sɛ abufuw a mfɛfo adwumayɛfo hyɛ wɔn mu na akrakyefo pii de yɛ adwuma, na saa abufuwhyɛ yi taa kowie basabasayɛ mu.
Business Week nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Amerika adwumayɛfo bɛyɛ 15 na wokum wɔn wɔ adwumam dapɛn biara.” Harvard Business Review ka sɛ: “Adwuma sohwɛfo biara mpɛ sɛ ɔbɛka adwumam basabasayɛ ho asɛm. Nanso nokwasɛm no da so ara wɔ hɔ sɛ, afe biara adwumayɛfo ɔhaha pii na wɔto hyɛ wɔn mfɛfo so anaasɛ wokum wɔn.”
Wɔ ɔkwan foforo so no, nnipa pii hyia adwumam basabasayɛ fi adetɔfo hɔ. Australia nsɛmmɔnedi ho nhwehwɛmu ho amanneɛbɔ bi da no adi sɛ nnuruyɛfo binom suro sɛ nkurɔfo bɛyɛ wɔn bɔne ma enti sɛ wɔrekɔ obi fie a wɔde obi ka wɔn ho kɔ. Afoforo a wɔn nkwa da asiane mu yɛ polisifo mpanyimfo ne sukuu akyerɛkyerɛfo.
Basabasayɛ foforo a wohyia wɔ adwumam nso ne ateetee, a Amanaman Ntam Adwumayɛ Ahyehyɛde hu no sɛ ɛma obi adwene tu fra. Eyi mu nea ɛso paa ne sɛ wɔbɛhyɛ obi aniɛyaa.
Ɔbenfo Robert L. Veninga a ɔwɔ Minnesota Sukuupɔn mu wɔ U.S.A., bɔ amanneɛ sɛ, “nhyɛso ne nyarewa horow a efi mu ba no ka adwumayɛfo a wɔwɔ wiase afanan nyinaa.” Ɔka sɛ, “sɛnea 1993 Wiase Adwumayɛ ho Amanneɛbɔ a Amanaman Nkabom Amanaman Ntam Adwumayɛ Ahyehyɛde de mae kyerɛ no, ɔhaw no titiriw paa ne sɛ nhyɛso fi atirimɔden, ne nitan a mpɛn pii no ɛkɔ so wɔ adwumam no.”
Enti asɛmmisa no ne sɛ, Dɛn na adwumawuranom ne adwumayɛfo betumi ayɛ ama wɔn nnwumam ayɛ beae a asiane nni hɔ? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.