Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 10/8 kr. 23-25
  • “Adwuma a Meyɛ Daa” no Afa He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Adwuma a Meyɛ Daa” no Afa He?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwuma Ahorow a Ɛsakra
  • Ɔhaw a Ɛde Aba
  • Adwuma a Wonnya Nyɛ Ano a Wubegyina
  • Adwuma a Wonnya Nyɛ—Dɛn Ntia?
    Nyan!—1996
  • Adwuma a Wonnya Nyɛ Ho Haw
    Nyan!—1996
  • Nea Ɛma Nnwuma Mu Yɛ Hu
    Nyan!—2002
  • Adwuma a Ɛsɛe Odwumayeni Daebɔne
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 10/8 kr. 23-25

“Adwuma a Meyɛ Daa” no Afa He?

GRAHAMa de mfe 37 yɛɛ adwuma wɔ Australia adwumakuw kɛse bi mu. Aka kakra ma wadi mfe 60 no, wɔka kyerɛɛ no sɛ aka adapɛn kakraa bi na wonhia no wɔ adwuma no mu bio. Yebetumi ahu sɛnea ɛhaw no ne sɛnea ɔdwenee ne daakye yiyedi ho fae. Graham kae sɛ, ‘Ɛhe na “adwuma a meyɛ daa” a na misusuw sɛ mɛkɔ so ayɛ de akosi bere a onyin bɛma magyae adwuma no fae?’

Nokwarem no, obi adwuma a ebefi ne nsa no nyɛ nwonwa anaa ade foforo. Nanso, sɛnea nnipa pii adwuma refi wɔn nsa wɔ wiase nyinaa no yɛ ade foforo ma adwumayɛfo nnɛ. Ɛda adi sɛ ntease pii nti na ɛma afoforo adwuma fi wɔn nsa, nanso nea ama aba saa titiriw ne nea wɔfrɛ no adwumayɛfo a wɔtew wɔn dodow so no. Dɛn na adwumayɛfo a wɔtew wɔn dodow so no kyerɛ, na ɛyɛɛ dɛn na ɛbae?

Nnwuma Ahorow a Ɛsakra

Ɛnnɛ, wɔyɛ nnwuma foforo pii wɔ wiase nyinaa. Eyi fii ase wɔ 1970 mfe no awiei mu hɔ wɔ United States titiriw bere a nnwumakuw ahorow no behui sɛ nnipa pii retotɔ kar, ɛlɛtrɔnik mfiri, ne nneɛma foforo a wɔyɛ wɔ amannɔne no.

Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ nneɛma pii te sɛ nnwumakuw foforo na wɔmmɔ ka kɛse no, nnwumakuw a ɛwɔ Amerika no fii ase yii nnwumayɛfo no bi adi na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma akwan a wɔfa so yɛ wɔn nneɛma no adi mu. Wɔfrɛɛ ɔkwan a wɔfaa so yii adwumayɛfo bi adi no sɛ adwumayɛfo a wɔtew wɔn dodow so. Nea adeyɛ no kyerɛ ne sɛ “woyi adwumayɛfo a wɔwɔ adwuma bi mu no bi adi, a nea wɔtaa yɛ ne sɛ wɔhyɛ da yi nkurɔfo adi, wɔma afoforo sika ma wogyae adwuma ntɛm, wɔde ebinom kɔ nnwuma afoforo mu, na ebinom ankasa gyae anaasɛ wowu.”

Wɔ mfe bi mu no, na wɔtaa yi wɔn a wɔn adwuma ho nhia kɛse no adi. Nanso, wɔ 1980 mfe no awiei ne 1990 mfe no mfiase mu hɔ no, wofii ase yii wɔn a wɔn nnwuma di mu, te sɛ adwumam mpanyimfo pii nso adi. Ankyɛ koraa na ɔhaw a ɛte saa no kaa aman a wotu mpɔn wɔ mfiridwuma mu no nyinaa. Na bere a sikasɛm mu ahokyere yɛɛ kɛse no, aban ahorow ne nnwumawuranom tew wɔn adwumayɛfo so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔmmɔ ka.

Wɔ adwumayɛfo pii fam no, na wonnya adwuma nyɛ bio. Adwumayɛfo kuw panyin bi kae sɛ: “Wɔayi nkurɔfo a wɔde mfe 10, 15, 20 ayɛ adwuma wɔ nokwaredi mu no adi prɛko pɛ.” Delorese Ambrose kaa sɛnea wɔ 1956 mu no, wɔde nsɛmfua “onipa a odi adwuma nhyehyɛe so” dii dwuma de frɛɛ odwumayɛni a n’ani ku n’adwuma ho no ho asɛm wɔ ne nhoma Healing the Downsized Organization mu. Ɔka bio sɛ: “Sɛ na ɔyɛ odwumayɛni a n’adwuma ba fam anaa adwumam panyin no, na ɔde yiye a obedi, n’asetra, ne nokware a obedi wɔ adwuma mu no sesa biribi—adwuma no a ɔbɛyɛ daa. Ɛda adi sɛ wonhu su a ɛte saa nnɛ wɔ nnwuma ahorow mu.”

Adwumayɛfo a wɔtew wɔn dodow so no ama nnipa ɔpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa ahwere wɔn nnwuma, na eyi de ayamhyehye abɛto odwumayɛni biara so. Wɔ United States nkutoo no, nnipadɔm pii na wɔn nnwuma afi wɔn nsa a wonnya adwuma nyɛ bio. Saa ara na wɔayi nnipa pii adi afi adwuma mu wɔ aman pii mu. Nanso, saa akontaabu yi nkutoo mma yenhu sɛnea eyi de nnipa kɔ ahokyere mu no.

Ɔhaw a Ɛde Aba

Graham, a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no kae sɛ: “Adwennwen bɛtɔ wo so ankasa.” Ɔde yi a woyii no adi no totoo “obi a ɔyare anaasɛ wapira ho.”

Sɛ afoforo di nokware wɔ adwumam na sɛ wɔannya so akatua a, wɔn abam bu efisɛ wɔte nka sɛ adwumakuw no ankyerɛ wɔn mmɔdenbɔ no ho anisɔ. Wɔhwere adwuma no mu ahotoso ɛnkanka bere a wɔma mpanyimfo a woyi nnipa pii adi no akatua a ɛso no. Afei nso, esiane sɛ wɔayi onipa no adi na wontua no ka bio nti, ɔrennya sika ntua ɛka a ɔde, n’abusua ayarehwɛ ho ka, sukuu ho ka, nneɛma a ohia wɔ n’asetram ho ka, anigyede ho ka, ne nneɛma nketenkete a ɛsɛ sɛ ɔtɔ ho ka. Eyi ma n’abam bu na ɔte nka sɛ ɔnsɛ hwee.

Esiane sɛ adwuma a obi wɔ no tumi ma onya akomatɔyam nti, hwɛ sɛnea adwuma a wonnya nyɛ no ma wɔn a wonni adwuma bi ho nimdeɛ, anaa sɛnea nkwakora ne mmerewa haw kɛse. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Australia daa no adi sɛ wɔn a wɔadi mfe 45 kosi 59 no na na wɔtaa yi wɔn adi. Nanso wɔn a wɔadi mfe a ɛte saa no na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegyina ɔhaw a wɔakɔ mu no ano.

So wobetumi anya adwuma foforo ayɛ? Mpɛn pii no, adwuma a wɔde bere fa yɛ anaa nea n’akatua sua no ye sen sɛ obi bɛtra ase a ɔnyɛ adwuma. Nanso, ɛno a obi bɛyɛ no mma no nya asetram nneɛma a ɛsɛ. Na abɛda adi sɛ nnipa dodow a wɔhwere wɔn nnwuma no mu nkyem abiɛsa mu biako pɛ na wɔsan nya adwuma a ɛne kan de no akatua pɛ. Eyi de ahokyere brɛ abusua no.

Sɛ wunya adwuma foforo yɛ mpo a, ɛremma wunnya abotɔyam. Eyi te saa efisɛ woda so ara dwennwen sɛ wubetumi ahwere w’adwuma daakye. Parting Company nhoma no ka sɛ: “Adwuma a ebetumi afi wo nsa ho dadwen no te sɛ nea worehwehwɛ baabi pa afa na kar bi ammɔ wo. Adwempa biara ntumi mma wo tirim, efisɛ bere a wonhwɛ kwan koraa na kar no—bɛbɔ wo—anaasɛ wobeyi wo adi.”

Ɔkwan bɛn so na adwuma a wonnya nyɛ ka mmofra? Nhwehwɛmu bi a nhomasua ne nyansahu asoɛe bi yɛe no daa no adi sɛ: “Ade biako a ɛkyerɛ ankasa sɛ obi adu mpanyin afe so ne sɛ obenya adwuma a ɔde ne bere nyinaa bɛyɛ, na ama n’atipɛnfo agye no atom sɛ wanyin ‘ankasa’ ma enti ohia sika a ɔde bɛhwɛ ne ho.” Enti sɛ adwuma a obi benya ayɛ na ɛkyerɛ sɛ wanyin a, hwɛ sɛnea adwuma a mmofra nnya nyɛ no betumi ama wɔahaw kɛse.

Adwuma a Wonnya Nyɛ Ano a Wubegyina

Wɔde adwuma a obi nnya nyɛ ano a obegyina no toto nantew a ɔnantew beae a wotu fagude no ho. Parting Company nhoma no ka sɛ ɔhaw kɛse a ɛde ba no bi ne abufuw, aniwu, ehu, ne awerɛhowdi. Eyinom ano a wubegyina no nna fam. Nhoma no kyerɛwfo no ka sɛ: “Wɔde dwumadi kɛse bi ahyɛ wo nsa—wo daakye ho nhyehyɛe a wobɛyɛ. Wonyɛɛ krado sɛ wubedi eyi ho dwuma, ebia wunnim nea ɛsɛ sɛ woyɛ mpo, nso nea wubehu ara ne sɛ aka wo nkutoo.” Ade biako a ɛhaw adwene paa ne ka a wɔn a wɔayi wɔn adi prɛko pɛ no bɛka nea aba no ho asɛm akyerɛ wɔn mmusua.

Nanso, akwampa bi wɔ hɔ a wubetumi afa so adi yi a wɔayi wo adi no ho dwuma. Nea edi kan ne sɛ wobɛyɛ nsakrae wɔ w’asetram ntɛm ara na afei woayɛ wo ho awiɛmfoɔ.

Nea edidi so yi betumi aboa wo ma woadi ɔhaw no ho dwuma, sɛ amma no amfi hɔ mpo a. Nea edi kan no, hu sɛ adwuma a ebetumi afi wo nsa bere a wonhwɛ kwan no yɛ biribi a ɛrekɔ so wɔ nnɛ mmere yi mu. Enti, ɛmfa ho wo mfe anaasɛ wo suahu no, hu sɛ biribi a ɛte saa betumi asi wɔ w’asetram.

Nea ɛto so abien no, hwɛ yiye na woammɔ ka kɛse wɔ nneɛma a sɛ woannya a wubetumi atra ase ho. Ma w’ani nsɔ nea wowɔ, na nnya adwene sɛ wɔbɛma wo dibea anaa wɔbɛto w’akatua mu na ama woatumi atua ɛka a wode no. Ade a ɛsɛ sɛ obiara hyɛ no nsow ne sɛ yɛrentumi mfa yɛn ho nto adwuma a yɛyɛ nnɛ so sɛ ɛno na ɛbɛwowaw yɛn daakye bi.

Nea ɛto so abiɛsa no, bɔ mmɔden sɛ wonyɛ akokurokosɛm na hwɛ wo sika yiye. Eyi hwehwɛ sɛ wonsɛe sika wɔ asetram nneɛma a ɛho nhia ho.

Nea ɛto so anan no, hwehwɛ wo honhom ne honam fam botae ahorow mu bio. Ɛno bɛma woahu biribiara a enye wɔ wo gyinaesi ahorow mu na woatumi adi ho dwuma.

Nea etwa to no, mma wo kɔn nnnɔ asetra pa a wo mpɔtamfo wɔ no, na amma w’ani ammere wɔn na woansuasua wɔn asetra kwan no.

Eyinom yɛ nyansahyɛ kakraa bi a ebetumi aboa wo ne w’abusua na moamfa mo ho anto ahonyade hunu a ɛwɔ wiase a ahobammɔ nnim no so na moade mo ho afi asetram dadwen ahorow ho.

Felix Rohatyn a bere bi na ɔyɛ sikakorabea panyin no kae sɛ: “Ɛyɛ mfomso koraa wɔ wiase yi mu sɛ wobeyi obi adi na ama obi afa ho ayɛ yiye.” Nneɛma nkɔ yiye koraa wɔ wiase yi mu ma enti wɔde wiase foforo bi besi ananmu nnansa yi ara ma asɛm “adwuma a meyɛ daa” no anya ntease foforo koraa sen sɛnea yesusuw nnɛ no.—Yesaia 65:17-24; 2 Petro 3: 13.

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛasesa din no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena