Adwuma a Wonnya Nyɛ—Dɛn Ntia?
WƆ AMAN pii mu no, nnipa pii nni hwee a wɔbɛyɛ de ahwɛ wɔn ho sɛ wɔde bere tenten bɛyɛ honam fam adwumaden akosi sɛ wɔbɛbrɛ koraa, a ebi mpo a wɔyɛ adwuma a ɛyɛ hu de gye akatua ketewa bi. Ɛde besi nnansa yi ara no, na nnipa pii a wɔwɔ nsase foforo so gye di sɛ sɛ adwumayɛkuw kɛse bi anaa aban dwumadibea bi nya fa wɔn adwuma a, wobenya adwuma a ahotɔ wom kosi sɛ wobegyae adwuma. Nanso ɛnnɛ, ɛte sɛ nea adwuma anaa adwumayɛkuw biara nni hɔ bio a ebetumi de adwuma a nkurɔfo pɛ na ahotɔ wom ama wɔn a wɔn dibea mfa ho. Dɛn ntia?
Nea Enti a Ɔhaw no Aba
Mmofra mpempem pii ntumi nnya nnwuma a wɔpɛ mpo—sɛ́ wɔwɔ kɔlege abodin krataa anaasɛ wonni bi no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Italy no, nnipa a wɔnyɛ adwuma no mu nkyem abiɛsa mu biako adi fi mfe 15 kosi 24. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔn a wɔyɛ adwuma dedaw na wɔrebɔ mmɔden na amfi wɔn nsa no mfe kɔ anim, ma enti ɛyɛ den sɛ mmofra benya adwuma a wɔpɛ. Wɔ mmea—a wɔtaa nya adwuma a wɔpɛ yɛ mpo—mu no, wɔn a wɔnyɛ adwuma no dɔɔso. Enti, adwumayɛfo foforo a wɔdɔɔso kyɛn so repere sɛ wobenya adwuma a wɔpɛ ayɛ.
Efi bere a wodii kan yɛɛ mfiri a wɔde yɛ nnwuma no, mfiri foforo a wɔayɛ no ama hia a wohia adwumayɛfo no so atew. Esiane sɛ na nhyehyɛe a adwumayɛfo yɛ de sesã wɔn ho wɔ adwumayɛ mu ma wɔbrɛ nti, na adwumayɛfo ani da so sɛ mfiri no bɛtew adwuma so anaa ebeyi afi hɔ mpo. Mfiri ama nneɛma a wɔyɛ adɔɔso na ayi asiane ahorow pii afi hɔ, nanso ama nnwuma so atew. Nnipa a woyi wɔn fi adwuma mu no betumi atra fie akyɛ, gye sɛ wosua adwuma foforo.
Wosuro sɛ anhwɛ a aguadi nneɛma bebu so. Ebinom te nka sɛ yɛanya nkɔanim awie. Nea ɛka ho no, sɛ adwumayɛfo nnɔɔso a, adetɔfo nso rennɔɔso. Ɛma nneɛma pii ba gua so sen nea wohia. Esiane sikasɛm mu ahokyere nti, wɔretoto nnwinnan akɛse a wosisii sɛ wɔde bɛma nneɛma a wɔyɛ anya nkɔso no mu anaa wɔredan no nnwuma foforo. Tebea te sɛ eyi ma ebinom ho kam—wɔn a wɔn nnwuma fi wɔn nsa no. Wɔ sikasɛm mu ahokyere mu no, adwumayɛfo dodow a wohia no so tew, na sɛ wɔtrɛw nneɛma mu a, ɛyɛ den sɛ wɔbɛsan anya nnwuma a wɔahwere no. Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ ade biako na ɛmma wonnya adwuma nyɛ.
Asetra mu Haw
Esiane sɛ adwuma a wonnya nyɛ tumi ka obiara nti, ɛyɛ asetra mu haw. Aman bi fa akwan horow so de bɔ wɔn a wɔda so yɛ adwuma no ho ban—sɛ nhwɛso no, wɔtew nnɔnhwerew a wɔde yɛ adwuma wɔ dapɛn mu ne akatua a wogye so. Nanso, eyi tumi sɛe afoforo a wɔrehwehwɛ adwuma no hokwan ahorow.
Adwumayɛfo ne wɔn a wɔnyɛ adwuma nyinaa taa nwiinwii wɔ ɔhaw ahorow a ɛfa adwuma ho no ho. Nanso bere a wɔn a wɔnyɛ adwuma rehwehwɛ adwuma foforo no, na wɔn a wɔyɛ adwuma no nso rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn ankasa gyinabea ho ban—botae abien a enhyia bere nyinaa. Italiafo nsɛmma nhoma Panorama ka sɛ: “Wɔtaa ma wɔn a wɔyɛ adwuma no de bere tenten yɛ adwuma. Wɔn a wɔnyɛ adwuma no nnya bi. Asiane a ɛwɔ hɔ ne sɛ nnipa mu bɛpae abien . . . wɔn a wɔde nnɔnhwerew pii yɛ adwuma wɔ ɔfã, ɛnna wɔn a wɔapow wɔn a wonnya adwuma nyɛ, a wɔde wɔn ho to afoforo so koraa no wɔ ɔfã.” Abenfo ka sɛ, wɔ Europa no, wɔn a wɔyɛ adwuma dedaw no titiriw na wonya sikasɛm mu nkɔso so mfaso, na ɛnyɛ wɔn a wɔnyɛ adwuma no.
Bio nso, adwuma a wonnya nyɛ ne ɔman mu sikasɛm wɔ abusuabɔ, ma enti wɔ aman bi te sɛ Germany, Italy, ne Spain mu no, nsonsonoe kɛse da beae biako ahiade ne beae foforo de ntam. So adwumayɛfo wɔ ɔpɛ sɛ wobesua nnwuma foforo anaasɛ wobetu mpo akɔ beae anaa ɔman foforo mu? Mpɛn pii no, eyi betumi ayɛ ade a ɛho hia.
Wobenya Ano Aduru Nnansa Yi Ara?
Mpɛn pii no, wɔde wɔn ani ato sikasɛm mu nkɔso a wobenya so. Nanso nnipa bi adwenem yɛ wɔn naa na wosusuw sɛ saa nkɔso no remma, gye sɛ wodu afe 2000 mu. Wɔ afoforo fam no, nkɔso afi ase reba dedaw, nanso ɛnsow aba ntɛm, sɛnea ɛda adi wɔ adwumayɛfo a wɔn dodow so atew wɔ Italy nnansa yi ara mu no. Sikasɛm mu nkɔso nkyerɛ ankasa sɛ adwuma a wonnya nyɛ so bɛtew. Bere a nkɔso no nyɛ ahe biara no, nnwumayɛkuw no pɛ sɛ wɔde adwumayɛfo a wɔwɔ dedaw no di dwuma yiye sen sɛ wɔbɛfa afoforo—kyerɛ sɛ, “nkɔso a adwuma nni na aba.” Bio nso, mpɛn pii no, nnipa a wɔnyɛ adwuma no dodow kɔ soro ntɛm sen nnwuma foforo a wobue no.
Ɛnnɛ, amanaman ntam aguadi na ɛreba. Sikasɛm ho abenfo bi susuw sɛ aguadi ho nhyehyɛe akɛse foforo, te sɛ Amerika Kusuu fam Aguadi a Anohyeto Nnim Ho Apam (NAFTA) ne Asia-Pasifik Sikasɛm mu Biakoyɛ (APEC) de no, a wɔbɛyɛ no nso betumi ama wɔanya nkɔso wɔ wiase sikasɛm mu. Nanso, saa adeyɛ yi ma nnwumayɛkuw akɛse no bue nnwuma wɔ baabi a adwumayɛfo nnye akatua kɛse, na nea efi mu ba ne sɛ aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no hwere nnwuma. Bere koro no ara mu no, adwumayɛfo a wɔn akatua sua no hu sɛ sika a wonya a esua dedaw no so atew. Ɛnyɛ nwonwa sɛ, wɔ aman bi mu no, nnipa pii ayɛ ɔyɛkyerɛ de akyerɛ sɛ wɔmpene aguadi nhyehyɛe yi so, na ɛtɔ da bi a wɔyɛ basabasa mpo.
Abenfo no de akwan pii a wɔbɛfa so ako atia adwuma a wonnya nyɛ ho nyansahyɛ ma. Ebi bɔ abira a nea egyina so ne nea ebia sikasɛm ho abenfo, amanyɔfo, anaa adwumayɛfo ankasa ka no. Ebinom ka sɛ wɔbɛma nnwumayɛkuw no anya mfaso bi a ɛbɛma wɔafa adwumayɛfo pii denam towtua a wɔbɛtew so so. Ebinom tu fo sɛ nniso no mfa wɔn ho nhyɛ mu kɛse. Afoforo ka sɛ wɔmfa kwan foforo so nkyekyɛ nnwuma no, na wɔntew nnɔnhwerew a wɔde yɛ adwuma no so. Nnwumayɛkuw akɛse bi ayɛ eyi dedaw, ɛwom mpo sɛ wɔ afeha a etwaam no mu no, wɔde nkakrankakra atew nnɔnhwerew a wɔde yɛ adwuma dapɛn biara no so wɔ aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no mu a, eyi mmaa adwuma a wonnya nyɛ so ntewee da de. Sikasɛm ho ɔbenfo Renato Brunetta ka sɛ: “Awiei koraa no, nyansahyɛ no mu biara nyɛ yiye, na wɔbɔ ho ka kɛse sen mfaso a wonya.”
L’Espresso nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Mommma yɛnnnaadaa yɛn ho, ɔhaw no yɛ den.” Ɛyɛ den dodo sɛ wobetumi ayɛ ho biribi? Adwuma a wonnya nyɛ ho haw no ano aduru bi wɔ hɔ?
[Kratafa 8 adaka]
Tete Ɔhaw
Adwuma a wonnya nyɛ yɛ ɔhaw dedaw. Wɔ mfehaha pii mu no, ɛtɔ da bi a nkurɔfo nnya adwuma nyɛ, a emfi wɔn. Bere a adansi nnwuma akɛse bi baa awiei no, adwumayɛfo ɔpedudu pii a na wɔyɛ adwuma no bɛyɛɛ wɔn a wɔnyɛ adwuma—anyɛ yiye koraa no, ekosii sɛ wonyaa adwuma wɔ baabi foforo. Saa bere no mu no, sɛ yɛbɛka ho asɛm kakraa bi a, na wɔn asetra da asiane mu.
Wɔ mfinimfini mfe no mu no, “ɛwom sɛ na adwuma a wonnya nyɛ ho haw a yehu no nnɛ no nni hɔ de,” nanso na nnipa bi wɔ hɔ a wɔnyɛ adwuma. (La disoccupazione nella storia [Abakɔsɛm mu Adwuma a Wonnya Nyɛ]) Nanso, wɔ saa mmere no mu no, na wosusuw sɛ mpapahwekwa anaa akobɔfo titiriw na wɔnyɛ adwuma. Ɔbenfo John Burnett kyerɛkyerɛ mu sɛ, akyiri yi, wɔ afeha a ɛto so 19 a etwaam nkyɛe no mu no, Britania nhwehwɛmufo pii “faa no sɛ ‘wɔn a wɔyɛ wɔn ade basabasa ne akobɔfo a na wɔda, anaa wɔnenam mmɔnten so anadwo no na na wɔnyɛ adwuma.”—Idle Hands.
Ɛrekɔ afeha a ɛto so 19 awiei anaa afeha a ɛto so 20 no mfiase no na “wohuu adwuma a wonnya nyɛ ho haw” no. Wɔde aban asoɛe atitiriw bi te sɛ Boayikuw a Britania Ɔman Mmarahyɛ Bagua Apaw a na wodi “Ɔhaw a Efi Adwuma a Wonnya Nyɛ mu Ba” ho dwuma, sisii hɔ wɔ 1895 mu, sɛ wɔnhwehwɛ ɔhaw no mu na wɔmpɛ ano aduru. Ná adwuma a wonnya nyɛ abɛyɛ asetra mu haw.
Wɔ wiase ko a edi kan akyi titiriw no, ade foforo a wohui yi yɛɛ kɛse. Saa akodi no ne akode a wɔde anisohyew yɛe no ma adwuma a wonnya nyɛ fii hɔ koraa. Nanso efi 1920 mfe no mu no, Atɔe fam wiase no hyiaa sika fam ahokyere ahorow a ɛkowiee Ahokyere Kɛse a efii ase 1929 mu no mu, na ɛkaa wiase no mu aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no sikasɛm. Wɔ wiase ko a ɛto so abien akyi no, aman pii sikasɛm yɛɛ yiye na adwuma a wonnya nyɛ so tewee. Nanso sɛnea Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Sikasɛm mu Biakoyɛ ne Nkɔsodwuma So no ka no, “wobetumi aka sɛ 1960 mfe no mfinimfini na nnɛyi adwuma a wonnya nyɛ ho haw no fii ase. Fango ho nsɛnnennen a ɛbae wɔ 1970 mu ne kɔmputa a wɔde dii dwuma a nea efi mu bae ne sɛ wobeyi adwumayɛfo adi no maa adwuma ho bɛyɛɛ den bio. Soro ara na adwuma a wonnya nyɛ afi ase rekɔ na ennyae da, na ɛreka borɔfodwuma ne emu mpanyimfo dibea a bere bi, na wosusuw sɛ ahobammɔ wom no.
[Kratafa 7 mfonini]
Nnwuma pii a wobebuebue no renkyerɛ sɛ obiara benya adwuma ayɛ
[Asɛm Fibea]
Reuters/Bettmann