Adwuma a Ɛsɛe Odwumayeni Daebɔne
“Ɛtoo me prɛko pɛ a menhwɛ kwan.Me ho dwiriw me.”—Nkitahodi adwuma mu panyin bi a wadi mfe 44.
“Ɛyɛ huammɔdi a ɛsɛe obi ankasa mu ahotoso a ɔwɔ. Wote nka sɛ mfaso nni wo so.”—Sikakorafo panyin bi a wadi mfe 38.
“Sikasɛm ho nhyehyɛe bɛn na yɛayɛ a ɛde nkurɔfo bɔ afɔre bere a wɔanyin yi?”—Ntadetɔnfo panyin bi a wadi mfe 47.
OSUAHU bɛn na nnipa yi nyinaa nyae? Wɔn mu biara nyaa adwuma mu a woyii no fii mu osuahu a ɛhaw adwene.
Hwɛ adwumayɛfo no mfe no bio. Na wɔnyɛ wɔn a wonni osuahu, enti akyinnye biara nni ho sɛ wɔtee nka sɛ wɔn adwuma remfi wɔn nsa. Na wɔadu bere a nnipa pii bu sɛ mfe a ɛsɛ sɛ wogye akatua akɛse. Nanso wɔn adwumayɛ no baa awiei ntɛm so ne mpofirim. Nkitahodi adwuma mu panyin a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no kae sɛ: “Wɔka kyerɛɛ me sɛ minsiesie me pon no so minyiyi me nneɛma nyinaa. Mekɔe saa kɛkɛ. Mpofirim.”
Dɛn Na Ɛbae?
Sikasɛm a asɛe no nyɛ ade foforo. Wɔ aman pii mu no, nea ɛte sɛ yiyedi ne ɛno akyi sika mu ahokyere ahorow wɔ hɔ bere nyinaa. Sikasɛm mu ahokyere a ɛbaa wiase nyinaa nnansa yi ansa na Persian Gulf ɔko no mpo reba no kyerɛe sɛnea sikasɛm betumi asɛe wɔ mfe pii yiyedi mpo akyi no. Bere a edi kan no, nnipa pii hui sɛ ɛnsɛ sɛ wobu wɔn nnwuma ne sika a wonya no adewa.
Na nkɛntɛnso a sikasɛm a asɛe no anya wɔ adwumayɛfo so no sõ yiye. Ɛhyɛɛ nnwuma horow ma wɔtetew sika a wɔde yɛ adwuma no so koraa sɛnea wobetumi, na ɛma woyii nnipa pii adi. Organization forEconomic Cooperation and Development no mu aman a wɔyɛ nnwuma akɛse wom a wɔwɔ sika no mpo mu no, woyii nnipa bɛyɛ ɔpepem 25 fii adwumam wɔ bere koro mu.
Obi a osiesie afie mu kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ da biara da me nnamfo a wɔwɔ nnwuma akɛse mu no frɛ me telefon so bɔ me amanneɛ sɛ wɔayi wɔn adi wɔ adwuma mu. Nnwuma horow a meyɛ adwuma ma wɔn no mu pii dwuma a wodii afe a etwaa mu no so atɔ sin.”
Wɔn a wɔayi wɔn wɔ adwuma mu ka wɔn a asetra yɛ den ma wɔn bere nyinaa no ho. Wɔ nnansa yi nsakrae no mu no, wɔn a wɔyɛ krakyedwuma pii nso hweree wɔn nnwuma. Dan Lacey a ɔyɛ kaseɛbɔ krataa Workplace Trends samufo no kae sɛ: “Eyi yɛ krakyedwuma, nnwuma a ɛma yetumi tɔɔ fie wɔ beae pa ne kar abien.”
Wɔahwere nnwuma yi mu pii wɔ mfe kakraa a atwam no mu. Na nnwumayɛfo a woyii wɔn adi hui sɛ, te sɛ nea Newsweek ka no, “wɔn agyapade ho ka a wotua, mmofra hwɛ, ka akɛse ne nea ɛbɛba daakye a wonnim no yɛɛ wɔn dadwen.”
Nkɛntɛnso Ahorow Bɛn Na Anya?
Eyi nyinaa wɔ nkɛntɛnso abien: Ɛka nnwumayɛfo a wɔayi wɔn adi no wɔ sikasɛm ne nkate nyinaa mu. Sika fam ahokyere no da adi pefee. Sɛ obi nnya sika pii a na ɛsɛ sɛ ɔsakra n’asetra. Na adwuma a wonnya nyɛ no nya nkate so nkɛntɛnso nso.
Sɛ nhwɛso no, mmofra suban wɔ adwuma mu awerɛhyem a wɔwɔ ho no sakra. Nnwuma a wodi mu akɔneaba no bɛyɛ asetra fã. The Wall Street Journal ka sɛ nnwuma mu a nkurɔfo nkyɛ na woyi wɔn adi no ama Britaniafo pii ayɛ”mmofra daa.”
Wɔn a wɔyɛ nnwuma mfe pii na woyi wɔn adi no, enya wɔn nkate so nkɛntɛnso kɔ akyiri. Adwumayɛ ho adwene ne nneyɛe mu hwehwɛfo Neil P. Lewis kae sɛ: “Sɛ woyi wo adi a, ɛnyɛ akatua nko na woahwere, na mmom na woahwere w’ahotoso kakra.”
Nokwarem no, adwene ne nneyɛe mu hwehwɛfo aka sɛ nkate mu yaw a sɛ woyi obi fi adwuma mu a onya no, te sɛ nea obi nya bere a wahwere ɔdɔfo anaabere a n’aware agu no. Mfitiase ahodwiriw no de abufuw ba, na ɛno nso de awerɛhow ba na afei ogye tom. Lewis ka sɛ: “Nnipa binom fa ne nyinaa mu nnafua abien pɛ. Afoforo de di adapɛn ne asram.”
Wohu sɛnea enya nkate so nkɛntɛnso no nso wɔ sɛnea wɔn a wɔayi wɔn adi no betumi anom nsa pii ne nnubɔne no mu. Abasamtu tumi de abusua mu basabasayɛ anaa ntetewmu mpo ba. Stephen Pilster-Pearson a ɔyɛ adwumayɛfo boafo panyin wɔ Wisconsin Sukuupɔn mu wɔ U.S.A. no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ saa nkate ahorow no kɔ mmeae bi, na nokwarem no saa mmeae no mu biako ne fie.”
Wɔ adeyɛ bi a ɛyɛ awerɛhow koraa mu no, obi a na ɔwɔ Hong Kong a wakɔ sukuupɔn awie dii ne ho dɔm bere a wannya adwuma anyɛ mfe anum no. Okogyinaa keteke a ɛreba kwan mu.
Enti sɛ nkurɔfo hwere wɔn nnwuma a, ɛnyɛ wɔn sika nkutoo na ɛho ba asɛm. Enti ehia sɛ yɛhwɛ asɛnnennen no kɔ akyiri sen emu sikasɛm no nkutoo. Ɛkanyan nkate ahorow a emu yɛ den, na ɛsɛ sɛ mmusua de biakoyɛ hwehwɛ ano aduru.
[Kratafa 23 adaka]
Sikasɛm Mu Nkɔanim No Aba Awiei?
Afe a etwaa mu no, wɔbɔɔ sikasɛm mu ɔhaw kɛse bi ho hu ho amanneɛ wɔ wiase nyinaa. Susuw ɛho nhwɛso ahorow pii yi ho:
France: “Wiase no rebɛn ne sikasɛm mu nkɔanim bere a ɛware sen biara a aba pɛn no awiei. . . . Sɛ Europa aman suro sɛ biribi bɛba nnansa yi esiane nkɔanim a German nkabom de aba no a, wontumi nhwɛ kwan sɛ wɔbɛfa wɔn ho adi koraa. . . . Aguadi nhyehyɛe ahorow no ahu asiane a ɛreba no.‘’—Le Monde, Paris.
Brazil: Sikasɛm a ɛbɛsɛe wɔ United States no yɛ nea “ɔkwan biara so ɛbɛka aman afoforo a wɔwɔ nnwuma akɛse no, na nea ebefi mu aba ne sɛ, ɛbɛma wɔde anohyeto akɛse aba nneɛma a wɔkra fi aman a wonyaa nkɔanim pii mu no nkɔanim a ebenya no so yiye.”—Fõlha de S. Paulo, São Paulo.
Britain: “Britain sikasɛm, ne nneɛma bo a ɛyɛ den, mfɛntom a ɛkɔ soro ne nkɔanim a ɛmma ntɛm no nso nyɛ anigye.”—Financial Times, London.
Canada: “Adwumawuranom kakraa bi pɛ hwehwɛ adwumayɛfo kakraa bi.”—The Toronto Star.
Germany: “Nea ɛte sɛ 1973 mu fam ngo bo a ɛyɛɛ den no ada adi dedaw . . . sɛnea [ɛte] wɔ sikasɛm a ɛresɛe ho no.”—Neues Deutschland, Berlin.
Japan: “Mprempren asase bo te sɛ ɔtopae a ɛrebɛtow wɔ wiase sikasɛm mu. Sɛ wɔma ɔtopae no tow na asase bo kɔ fam a, [bosea] a wɔde Japan nsase gyei a ɛbɛyɛ nea mfaso nni so no bɛma Japan sikakorabea ahorow agu. Eyi nso bɛsɛe sikasɛm wɔ wiase nyinaa.”—Australian Financial Review, Sydney.
Nanso, Gulf Ɔko no awiei wɔ 1991 mfiase no de wiase nyinaa sikasɛm mu dwumadi mu nkɔso ho anidaso bae. Aman ahorow sikasɛm da so ara yɛ nea asɛe, titiriw esiane ka akɛse a ɛda aman pii so no nti.