Adwuma a Wonnya Nyɛ Ho Haw
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ITALY HƆ
Ɛyɛ ade a egye ntɛmpɛ wɔ aman pii a wɔanya nkɔso mu—nanso ɛhaw aman a afei na wɔrenya nkɔso no nso. Asi baabi a bere bi a atwam no, na ɛte sɛ nea ɛnkɔ so wɔ hɔ no. Ɛka nnipa ɔpepehaha pii—a wɔn mu pii yɛ ɛnanom ne agyanom. Ɛyɛ “asiane a edi kan” ma Italifo nkyem abiɛsa mu abien. Ɛde haw foforo ba asetra mu. Ɔkwan bi so no, ɛno na ɛma mmofra a wɔde wɔn ho hyɛ nnuru nom mu no yɛ saa. Ɛmma nnipa ɔpepem pii nna, na ɛrenkyɛ, ɛbɛka nnipa foforo ɔpepem pii. . . .
AHYEHYƐDE a Ɛhwɛ Sikasɛm mu Biakoyɛ ne Nkɔsodwuma So (OECD) no foa so sɛ: “Gyama adwuma a wonnya nyɛ ne ade a wosuro kɛse wɔ yɛn mmere yi mu. Asoɛe a Ɛhwɛ Europa Aman So kyerɛw sɛ: “Yenim ade yi kɛse ne nea ebefi mu aba,” nanso “ɛyɛ den sɛ yebedi ho dwuma.” Ɔbenfo bi ka sɛ, ɛyɛ “mmusu bi” a “ɛrebɛhaw adwene bio wɔ Asasepɔn Dedaw yi mmorɔn so.” Mprempren, nnipa a wɔnyɛ adwuma wɔ Europa Aman Nkabom (EU) mu no dodow bɛyɛ ɔpepem 20, na wɔ October 1994 mu no, na wɔn a aban nim sɛ wɔnyɛ adwuma wɔ Italy nkutoo no dodow yɛ 2,726,000. Sɛnea Europa Aman Nkabom soafo Padraig Flynn kyerɛ no, “adwuma a wonnya nyɛ ho haw ano aduru a wobenya no yɛ asetra ne sikasɛm mu asɛnnennen a ɛho hia sen biara a yehyia.” Sɛ wonyɛ adwuma anaa w’adwuma reyɛ afi wo nsa a, wunim sɛnea ɛyɛ hu fa.
Nanso adwuma a wonnya nyɛ nyɛ Europafo nkutoo haw. Ɛhaw Amerika aman nyinaa. Enyi Afrika, Asia, anaa Oceania mfi mu. Wɔ nnansa yi mfe mu no, Europa Apuei fam aman no repem so wɔ ho. Nokwarem no, ɔhaw no nyɛ pɛ wɔ baabiara. Nanso sɛnea sikasɛm ho abenfo bi kyerɛ no, nnipa a wɔnyɛ adwuma wɔ Europa ne Amerika Kusuu fam no bɛkɔ so adɔɔso asen mfe du du a atwam no bere tenten.a Ná sikasɛm ho ɔbenfo Renato Brunetta kyerɛ sɛ nea ɛma tebea no “sɛe kɛse ne adwuma a edi mu a wonnya nyɛ ne nnwuma a ɛwɔ hɔ a ɛreyɛ basaa no.”
Ade a Wontumi Mmrɛ no Ase
Adwuma a wonnya nyɛ aka sikasɛm afã nyinaa mmiako mmiako: nea edi kan ne kuadwuma a wɔde mfiri pii yɛ a ɛma woyi nnipa fi adwuma mu; afei mfiridwuma a fango ho nsɛnnennen a wɔahyia fi 1970 mfe mu no aka no no; ne mprempren, nkɔsodwuma nso—aguadi, nhomasua—a kan no, na wobu no sɛ hwee rentumi no no. Mfe 20 a atwam no, sɛ nnipa a wonnya adwuma nyɛ no dodow boroo so ɔha biara mu 2 anaa 3 a, anka wɔbɛka ho asɛm kɛse. Ɛnnɛ, sɛ nnipa a wonnya adwuma nyɛ no dodow annu ɔha biara mu 5 anaa 6 wɔ ɔman a anya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu mu a, na ɛkyerɛ sɛ ɛrebɔ mmɔden, na nnipa dodow a wonnya adwuma nyɛ wɔ aman a wɔanya nkɔso mu no dɔɔso sen saa koraa.
Sɛnea Amanaman Ntam Adwumayɛ Ahyehyɛde (ILO) kyerɛ no, onipa a ɔnyɛ adwuma ne obi a onni adwuma, wayɛ ahoboa sɛ ɔbɛyɛ adwuma, na n’ani abere rehwehwɛ adwuma. Na onipa a ɔnyɛ bere nyinaa adwuma a ɛwɔ hɔ daa anaa ɔbɔ mmɔden yɛ adwuma nnɔnhwerew kakraa bi pɛ wɔ dapɛn mu nso ɛ? Ɛsono sɛnea ɔman biara bu adwuma a wɔde bere fã yɛ. Wɔ aman bi mu no, wɔkan nnipa bi a wɔnyɛ adwuma ka wɔn a wɔyɛ adwuma ho. Nsonsonoe a ɛda obi a ɔyɛ adwuma ne obi a ɔnyɛ adwuma ntam a wɔnkyerɛ ase yiye no ma ɛyɛ den sɛ wobehu nea ɔnyɛ adwuma ankasa, ma ne saa nti, nokwasɛm no fã bi nkutoo na akontaabu no da no adi. Wɔbɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Europa ho amanneɛ sɛ: “Nnipa dodow ɔpepem 35 a wonim sɛ wɔnyɛ adwuma [wɔ OECD aman mu] no mpo nyɛ nnipa a wonnya adwuma nyɛ no dodow nyinaa.”
Adehwere Kɛse a Adwuma a Wonnya Nyɛ De Ba
Nanso nnipa no dodow nkutoo mma wonhu asɛm no ani so yiye. Asoɛe a Ɛhwɛ Europa Aman So no ka sɛ: “Adwuma a wonnya nyɛ no ma yɛhwere ade kɛse wɔ sikasɛm ne asetra mu,” na emfi “ka a yɛbɔ no tẽẽ wɔ sika a wɔde yɛ wɔn a wɔnyɛ adwuma mmoa mu no nko, na mmom tow a wɔn a wɔnyɛ adwuma no ntua, bere a wɔyɛ adwuma a anka ɛremma no saa no nso.” Na ɛnyɛ sɛ sika fam mmoa a wɔde ma wɔn a wɔnyɛ adwuma no reyɛ adesoa kɛse ama nniso horow no nko, na mmom adwumayɛfo a wɔma wotua tow akɛse no nso.
Adwuma a wonnya nyɛ no nyɛ nokwasɛm ne akontaabu ara kɛkɛ. Nea efi mu ba ne ka a ɛka ankorankoro tebea, efisɛ saa ɔhaw yi ka nnipa—mmarima, mmea, ne mmofra a wɔwɔ asetra gyinabea biara mu. Sɛ “nna a edi akyiri” yi mu haw ahorow a aka no nyinaa bɛka ho a, adwuma a wonnya nyɛ betumi ayɛ adesoa kɛse. (2 Timoteo 3:1-5; Adiyisɛm 6:5, 6) Ne titiriw no, sɛ obi annya “adwuma anyɛ bere tenten,” na sɛ ɔhaw biara ammɛka ho a, ɛbɛyɛ den kɛse ama onipa a onnyaa adwuma nyɛe bere tenten no sɛ obenya adwuma. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ebia ebinom rennya adwuma nyɛ bio.b
Adwene ne nneyɛe ho animdefo hu sɛ adwene, nneyɛe ne nkate mu haw, abasamtu, afoforo ho tema a wonnya a ɛrekɔ anim, ne obu a ayera ho haw redɔɔso wɔ wɔn a wɔnyɛ adwuma nnɛ no mu. Sɛ obi a ɔwɔ mma adwuma fi ne nsa a, ɛyɛ ɔhaw a ɛyɛ hu ankasa. Wɔn anidaso nyinaa asã. Wonni ahobammɔ biara. Nokwarem no, abenfo bi hu “akwanhwɛ dadwen” a obi adwuma a obetumi ahwere de ba nnɛ no. Saa dadwen yi betumi aka abusuafo ntam abusuabɔ, na ebetumi akowie ɔhaw mu mpo, sɛnea kum a nnipa a wɔnyɛ adwuma kum wɔn ho nnansa yi da no adi no. Bio nso, adwuma a obi pɛ a ɛyɛ den sɛ obenya ayɛ no ka nneɛma a ɛde basabasayɛ ne tew a mmofra tew wɔn ho fi nnipa ho ba no ho.
‘Wiase Bi a Asɛe mu Nneduafo’
Nyan! sɛnkyerɛwfo abisabisa nnipa dodow bi a wɔahwere wɔn adwuma nsɛm. Armando a wadi mfe 50 no kae sɛ wɔ ne fam no, na ɛkyerɛ “nkogu a wadi wɔ mfe 30 adwumayɛ mu, na na ɛsɛ sɛ ofi biribiara ase bio,” na ɔtee nka sɛ “obi a wiase bi a asɛe afa no dommum.” Francesco ‘hui sɛ wiase a asɛe no aka no.’ Stefano “tee huammɔdi kɛse nka wɔ mprempren asetra mu nhyehyɛe no mu.”
Wɔ ɔkwan foforo so no, bere a woyii Luciano a ɔde mfe 30 ayɛ adwuma sɛ mfiridwuma ho panyin wɔ adwinnan bi a ɛyɛ kar wɔ Italy mu akyi no, “ne bo fuwii na ɔtee nka sɛ wɔadi no huammɔ bere a ohui sɛ ne mfe pii mmɔdenbɔ, nneyɛe pa, ne ne nokwaredi wɔ adwuma mu no ankosi hwee no.”
Akwanhwɛ ne Huammɔdi Ahorow
Ná Sikasɛm ho abenfo hwɛ biribi foforo kwan. Wɔ 1930 mu no, sikasɛm ho ɔbenfo John Maynard Keynes de awerɛhyem kae sɛ, “obiara benya adwuma” wɔ mfe 50 a edi hɔ no mu, na wɔ mfe du du pii mu no, na wosusuw sɛ adwuma a obiara benya ayɛ yɛ botae a wobetumi adu ho. Wɔ 1945 mu no, wɔde botae bi sii hɔ wɔ Amanaman Nkabom ahyehyɛde no Mmara mu sɛ wɔbɛma obiara anya adwuma ntɛmntɛm. Ɛde besi nnansa yi ara no, na wogye di sɛ nkɔso a wobenya no kyerɛ adwuma a obiara benya na wɔde nnɔnhwerew kakraa bi ayɛ. Nanso nneɛma anyɛ saa. ILO ka sɛ mfe du a atwam no mu sikasɛm mu ahokyere a na emu yɛ den no de “adwuma a wonnya nyɛ ho haw kɛse fi bere a Ahokyere Kɛse bae wɔ 1930 mfe no mu” aba. Wɔ South Africa no, anyɛ yiye koraa no, nnipa ɔpepem 3.6, a Afrika abibifo ɔpepem 3 ka ho, na wɔn adwuma asɛe. Japan mpo—a afe a etwaam no, na nnipa ɔpepem abien nyɛ adwuma no—rehyia ɔhaw.
Dɛn nti na adwuma a wonnya nyɛ yɛ ɔhaw a atrɛw saa? Ano aduru bɛn na wɔayɛ sɛ wɔde bedi ho dwuma?
[Ase hɔ nsɛm]
a Nnipa a wɔnyɛ adwuma ne nnipa dodow a wobetumi ayɛ adwuma nanso wonnya bi nyɛ.
b ‘Wɔn a wonnya adwuma nyɛ bere tenten’ no ne wɔn a wɔn adwuma asɛe bɛboro asram 12. Wɔ Europa Aman Nkabom mu no, wɔn a wonnya adwuma nyɛ no mu bɛyɛ fã wɔ saa kuw yi mu.
[Asase mfonini wɔ kratafa 2, 3]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Canada—ɔha biara mu 9.6
U.S.A.—ɔha biara mu 5.7
Colombia—ɔha biara mu 9
Ireland—ɔha biara mu 15.9
Spain—ɔha biara mu 23.9
Finland—ɔha biara mu 18.9
Albania—ɔha biara mu 32.5
South Africa—ɔha biara mu 43
Japan—ɔha biara mu 3.2
Philippines—ɔha biara mu 9.8
Australia—ɔha biara mu 8.9
Nsɛm Fibea]
Mountain High Maps™ copyright © 1993 Digital Wisdom, Inc.