Adwuma a Wonnya Nyɛ a Ebefi Hɔ—Ɔkwan Bɛn So ne Bere Bɛn?
TE SƐ ne Bɔfo no, onipa betumi anya anigye wɔ adwuma, a wɔkyerɛ ase ma ɛfata sɛ “Onyankopɔn akyɛde” no mu. (Ɔsɛnkafo 3:12, 13; Yohane 5:17) Adwuma a ɛyɛ dɛ betumi ama yɛn anigye na ama yɛate nka sɛ yɛn ho wɔ mfaso na yɛn ho hia. Obiara nni hɔ a ɔbɛpɛ sɛ ɔhwere n’adwuma, ɛmfa ho sɛ anigye a onya fi mu sua no. Nea ɛka akatua a ɛde ma ho no, adwuma a akatua wom de nhyehyɛe pa ne atirimpɔw ba obi asetra mu na ɛma ɔda nsow. Ɛnyɛ nwonwa sɛ mpɛn pii no, “wɔn a wɔnyɛ adwuma no hwehwɛ adwuma sen biribiara.”
Adwumahwehwɛ
Sɛnea yɛadi kan ahu no, adwuma ho asɛm ayɛ den yiye. Ne saa nti, akwan pii a edi mu wɔ hɔ a wɔfa so hwehwɛ adwuma. Obiara a onnya adwuma nyɛ a ɔwɔ hokwan sɛ onya aban mmoa no betumi de ɛno adi dwuma wɔ baabi a ebi wɔ; na baabi a ɛbɛyɛ yiye no, wobetumi akyerɛw wɔn din wɔ adwuma a wonnya nyɛ adwumayɛbea ahorow de mmoa a wobenya no adi dwuma. Afoforo nya adwuma denam wɔn ankasa adwuma a wɔbɛyɛ so. Nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ wɔn ankasa adwuma no bɔ ka kɛse de fi adwuma no ase, a ebia ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobetua. Ɛho hia nso sɛ wohu, na wobu sikasɛm ne tow ho mmara nso—ade a mpɛn pii no, ɛyɛ den sɛ wobetumi adi ho dwuma wɔ aman bi mu!—Romafo 13:1-7; Efesofo 4:28.
Sɛnea ɛbɛyɛ na ebinom anya adwuma no, wɔde ayɛ wɔn adwuma sɛ wɔbɛhwehwɛ adwuma, na wɔfa ɔkwan pɔtee bi so de animia tu wɔn ho ma. Afoforo akyerɛw nnwumayɛkuw ahorow a wɔrepɛ nnipa anaa wɔde amanneɛbɔ aba hɔnom atesɛm krataa mu no—emu bi tintim adwumahwehwɛ ho amanneɛbɔ a wontua hwee. Nyan! de asɛm no ho afotu a mfaso wɔ so na nyansa wom ama mpɛn pii—ama mmofra ne mpanyimfo nyinaa.a—Hwɛ nnaka a ɛwɔ kratafa 11 no.
Ɛsɛ sɛ woyɛ fakaa—na wunya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ nnwuma ahorow nyinaa, a nnwuma a wonhyɛ da mpɛ ka ho. Abenfo ka sɛ nneɛma a wodi kan bisa ho asɛm wɔ nsɛm a wobisabisa obi a ɔrepɛ adwuma no mu biako ne adwuma a obi adi kan ayɛ ne bere tenten a ɔde atra fie. Sɛ obi nyɛ adwuma bere tenten a, nea ɔpɛ sɛ ɔfa no no ani rennye ho.
Obi a ɔde ne bere dii dwuma nyansam wɔ sukuu mu de suaa nsano nnwuma no wɔ hokwan kɛse sɛ obenya adwuma a ɔpɛ. Alberto Majocchi, a ɔkyerɛ sikasɛm ho nyansahu ho ade no ka sɛ: “Adwumayɛfo a wonni nsanodwuma no titiriw na ɛyɛ a wonnya adwuma nyɛ.”
Hia a Nkuranhyɛ Ho Hia
Ade a ɛho hia biako ne sɛ obi benya adwene a ɛfata. Eyi betumi de nsonsonoe aba adwuma a obenya anaa onnya mu. Wɔn a wɔnyɛ adwuma no hia nkuranhyɛ a ɛboa wɔn ma wɔkwati sɛ wɔbɛtew wɔn ho anaa wɔayɛ anibiannaso kɛse. Ɛboa nso ma wodi obu a sɛ wɔde wɔn ho toto afoforo a wɔnhweree wɔn adwuma no ho a, wɔte nka sɛ wɔahwere no so.
W’ahiade ho dwuma a wubedi no nyɛ mmerɛw. Stefano ka sɛ: “Esiane sɛ na mayɛ basaa nti, ɛyɛɛ den maa me sɛ mede me bere a mewɔ no bedi dwuma wɔ ɔkwampa so.” Francesco kaakae sɛ: “Tebea no maa mehawee araa ma mifii ase hwehwɛɛ m’ayɔnkofo a mepɛ wɔn asɛm no binom ho mfomso.” Ɛha yi ne beae a abusuafo mmoa bam. Sika a wunnya no hwehwɛ sɛ abusuafo nyinaa yɛ nsakrae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtew sikasɛm so. Franco a woyii no adi bere a na wadi mfe 43 na ɔde mfe 23 ayɛ adwuma ama adwumayɛkuw koro ara no ka sɛ: “Efi bere a woyii me adi no, me yere nyaa adwempa na ɔhyɛɛ me nkuran kɛse. Armando ani asɔ ne yere titiriw esiane “anidahɔ kɛse a ɔyɛ wɔ adetɔ” ho nti.—Mmebusɛm 31:10-31; Mateo 6:19-22; Yohane 6:12; 1 Timoteo 6:8-10.
Bible nnyinasosɛm betumi aboa yɛn ma yɛakura honhom a ɛfata mu na yɛammu yɛn ani angu gyinapɛn ahorow a ɛho hia kɛse so. Wɔn a Nyan! kyerɛwfo no bisabisaa wɔn nsɛm, a yɛabobɔ wɔn din wɔ atifi hɔ no, anya awerɛkyekyesɛm afi Bible mu. Eyi ama wɔate nka sɛ wɔabɛn Onyankopɔn kɛse. (Dwom 34:10; 37:25; 55:22; Filipifo 4:6, 7) Yehowa Nyankopɔn a yɛne no benya abusuabɔ a emu yɛ den no ne ade a ɛho hia sen biara, efisɛ ɔhyɛ bɔ sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.”—Hebrifo 13:5.
Sɛ́ obi yɛ adwuma anaa ɔnyɛ adwuma no, Onyankopɔn Asɛm hyɛ obiara nkuran sɛ onnya su horow a ɛbɛboa no wɔ da biara da asetra mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ mmere bi a, wɔhwehwɛ Yehowa Adansefo na wɔkyerɛ wɔn ho anisɔ sɛ adwumayɛfo a wodi nokware no. Wodi Bible afotu a ese wɔnyɛ nsi ne anokwafo, na wɔnnyɛ anihaw no so.—Mmebusɛm 13:4; 22:29; 1 Tesalonikafo 4:10-12; 2 Tesalonikafo 3:10-12.
Adwuma a Wonnya Nyɛ Ho Haw a Ebefi Hɔ
Biribi wɔ hɔ a ɛno na ɛmma wonnya adwuma nyɛ—onipa pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ. Sɛnea Bible ka no, “onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:9.
Wobedi adwuma a wonnya nyɛ ho haw—ne ɔhaw afoforo nso—ho dwuma denam nnipa nniso, a mprempren ɛwɔ ne “nna a edi akyiri” mu a wobeyi afi hɔ no so. (2 Timoteo 3:1-3) Yehia wiase bi a ɛyɛ foforo ankasa. Yiw, wiase bi a adesamma abusua bi a wɔteɛ betumi atra mu na wɔayɛ adwuma wɔ nniso pa a edi atɛntrenee a adifudepɛ rentra mu bio ase. (1 Korintofo 6:9, 10; 2 Petro 3:13) Ɛno nti na Yesu kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na Ne pɛ nyɛ asase so no.—Mateo 6:10.
Ɛreka adesamma haw atitiriw a wobeyi afi hɔ ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so no, Onyankopɔn Asɛm ka nea ebefi saa Ahenni no mu aba ho asɛm sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, . . . na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu.” (Yesaia 65:21-23) Ɛrenkyɛ, adwuma a wonnya nyɛ ho haw no befi hɔ koraa. Sɛ wopɛ sɛ wuhu pii fa sɛnea Onyankopɔn bedi nsɛm ho dwuma no ho a, yɛsrɛ wo hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ no.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ November 8, 1994, Nyan! no nkratafa 16-18; August 8, 1991, de no nkratafa 6-10 (Engiresi de); August 8, 1983, de no nkratafa 21-24; ne June 8, 1982, de no nkratafa 3-8 (Engiresi de).
[Kratafa 11 adaka]
Adwuma a Wɔbɛhyehyɛ Wɔ Fie
• Mmofra a wobegyigye wɔn, mmofra hwɛ
• Nnɔbae anaa nhwiren a wodua wɔ fie a wɔbɛtɔn
• Adepam, yɛadeɛyiye
• Nnwuma nketenkete a wɔyɛ ma wɔn a wɔyɛ aguade
• Aduantõ ne aduannoa
• Mpasotam nnwene, nneɛma a wɔde paane nwene, nneɛma a wɔde nsa nwene, nhama nwene, kukunwene; nsaanodwuma foforo
• Agua ho dura
• Nneɛma ho kyerɛwtohɔ, ade tintim, kɔmputa a wɔde yɛ adwuma wɔ fie
• Telefon so gye
• Tiyɛ
• Nkurɔfo a wogye wɔn ne wɔn tra
• Address a wɔkyerɛw gu nsɛm ho amanneɛbɔfo nhoma kotoku akyi na wɔde nkrataa hyehyɛ mu
• Kar ho hohoro ne ɛho kã (kar wura no ba wo fie)
• Mmoa ho asiesie ne wɔn apɔw mu teɛteɛ
• Kradua asiesie ne safeyɛ (adwumayɛbea a ɛwɔ fie)
• Wobetumi abɔ saa adwuma yi ho amanneɛ pii a wontua hwee anaa wɔ bo a ɛwɔ fam wɔ dapɛn awiei atesɛm krataa mu anaa adetɔnbea amanneɛbɔ pon so
[Kratafa 11 adaka]
Adwuma a Wɔhyehyɛ Wɔ Abɔnten
• Ofiehwɛ (bere a nkurɔfo rekodi akwamma na wɔpɛ obi ahwɛ wɔn fie)
• Asiesie: adetɔnbea; nnwumayɛbea; afie ne adan a wɔasi awie foforo, mmeae a ɛhɔ ahyew, nea nkurɔfo atu afi hɔ; ofie nnwuma (wɔ afoforo afie mu); mpoma ahorow (adwuma ne afie mu)
• Nneɛma asiesie: nnwinnade ahorow nyinaa (nhoma a ɛfa nneɛma siesie ho a ne sua nyɛ den wɔ nhomakorabea)
• Nnwuma nketenkete: adan afasu asiesie; adammaa, apon, ne ntwirinoa yɛ; nneɛma ho kã; ban gye; ɔdan so kuru
• Afumdwuma: nnɔbae ne nnuaba anoboaboa
• Nhwiren ne nnua a wodua wɔ dan mu: adwumayɛbea, sikakorabea, adetɔnbea, ɔdampan mu, ne abrannaa so
• Agyapade sohwɛ: adan so ahwɛfo, ofie sohwɛ (ɛtɔ mmere bi a, wɔma no dan tra mu kwa)
• Insurance, asase ne adantɔ ho nhyehyɛe
• Kuntu kɛtɛ a wɔde sɛw ɔdan mu, ɛso asiesie
• Atesɛm krataa tɔn (mpanyin ne mmofra), nkrataa foforo a wɔde kɔma wɔn wuranom: nsɛm ho amanneɛbɔ, nkurɔfo aka a wɔde aban a wɔde ho krataa kɔma wɔn
• Nneɛma a woyi fi ɔdan bi mu kɔ foforo mu, adekora
• Nhwiren ne nnua a wodua, nnua so twitwa, sare sohwɛ, nnuatwa
• Sukuu bɔs a wɔka
• Mfoniniyɛ (nnipa ne nsɛm a esisi ho mfonini)
• Darewa a wɔde nam hyehyɛ ano ma mpataayifo
• Nsesãdi adwuma: kar a wosiesie ma obi na ɔno nso yɛ anyinam ho ahoɔden adwuma, ade a wɔpam ma obi na ɔno nso yɛ durobɛn ho adwuma, ne nea ɛkeka ho
[Kratafa 10 mfonini]
“Wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”—Yesaia 65:22