Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 2/15 kr. 3-4
  • Basabasayɛ Wɔ Baabiara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Basabasayɛ Wɔ Baabiara
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Basabasayɛ Wɔ Fie
  • Basabasayɛ Wɔ Adwumayɛbea
  • Agumadi ne Anigyede mu Basabasayɛ
  • Basabasayɛ Wɔ Sukuu Mu
  • Basabasayɛ Su
  • Onyankopɔn Te Nka Dɛn Wɔ Basabasayɛ Ho?
    Nyan!—2002
  • Wiase Bi Bɛba a Basabasayɛ Nnim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Yɛn Mmere A Emu Yɛ Den Yi​—Dɛn Nti Na Basabasayɛ Wom Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Dɛn Nti na Wɔyɛ Basabasa wɔ Agumadi Mu?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 2/15 kr. 3-4

Basabasayɛ Wɔ Baabiara

BERE a ofirikafo bi te ne kar mu retwɛn ma kar kwan mu kanea no asesa no, mpofirim ara na ohui sɛ ɔbarima kɛse bi a wapoma kotoromua rehim no bɛn no reteɛteɛm keka kasafĩ. Ofirikafo no yɛɛ ntɛm totoo n’apon ne ne mpoma mu, nanso ɔbarima kɛse no kɔɔ so bae. Ɔbarima no bɔɔ ne mu ase wosow kar no, na osoo kar no pon mu twee. Awiei koraa no, ofi ahoyeraw mu de ne kotoromua kɛse no bɔɔ ahwehwɛ no mu bobɔɔ no dwerɛbee petee hɔ.

Eyi yɛ anuɔdensɛm sini mu adeyɛ bi anaa? Dabi! Eyi yɛ kar kwan mu akasakasa a esii Oahu supɔw no so wɔ Hawaii, a wonim sɛ ɛhɔ dwo na begyabegya nni hɔ no.

Ɛnyɛ nwonwa. Apon a wɔde safe to mu, mpoma akyi adaban, nnipa a wɔwɛn adan, nsɛnkyerɛnne a wɔkyerɛw no bɔs ahorow ho mpo sɛ “Ofirikafo mmfa sika nnhyɛ ne ho”—ne nyinaa twe adwene si ade biako so: Basabasayɛ wɔ baabiara!

Basabasayɛ Wɔ Fie

Efi bere tenten na wɔabu ofie sɛ baabi a obi nya asomdwoe. Nanso, saa adwempa yi resesa ntɛmntɛm. Abusua mu basabasayɛ, a ebi ne mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade, ahokafo a wɔboro wɔn, ne nipakum, ho nsɛm pii ba nsɛm ho amanneɛbɔ mu wɔ wiase nyinaa.

Sɛ nhwɛso no, Manchester Guardian Weekly ka sɛ “anyɛ yiye koraa no, Britain mmofra 750,000 betumi ahaw akyɛ, esiane basabasayɛ a wohu wɔ fie nti.” Na amanneɛbɔ no gyina nhwehwɛmu bi a wɔyɛe a ɛdaa no adi nso sɛ “mmea baanan biara a wobisaa wɔn nsɛm no mu baasa kae sɛ wɔn mma ahu basabasayɛ, na aka kakra sɛ na mmofra no mu baasa biara mu baanu ahu sɛ wɔaboro wɔn maamenom.” Saa ara na sɛnea U.S.News & World Report kyerɛ no, U.S. Mmofra Ayayade ne Asaworato ho Afotufo Bagua no bu akontaa sɛ “afe biara awofo anaa ahwɛfo kunkum mmofra 2,000, a wɔn mu dodow no ara nnii mfe 4.” Amanneɛbɔ no ka sɛ eyi boro wɔn a wowuwu wɔ kar akwanhyia mu, wɔn a nsu fa wɔn, anaa wofi soro hwe fam wu no.

Nea ɛka ofie basabasayɛ ho nso ne obi hokafo a ɔyɛ no ayayade, a ebi ne sɛ opia no anaa ɔpem no, anaasɛ ɔbɔ no sotɔre, otu ne nan wɔ no, otim no amene, ɔboro no, ɔde sekamma anaa otuo hunahuna no anaasɛ okum no mpo. Na ɛnnɛ saa basabasayɛ yi fi afanu no nyinaa. Nhwehwɛmu bi da no adi sɛ wɔ ahokafo ntam basabasayɛ a wɔbɔ ho amanneɛ mu no, ɔbarima no ne ɔbea no mu biara fi anan mu biako ase, na nkae no yɛ nea wobetumi aka ho asɛm yiye sɛ akasakasa a efi wɔn baanu nyinaa.

Basabasayɛ Wɔ Adwumayɛbea

Sɛ obi fi fie a, adwumayɛbea ne baabi a onim sɛ nneɛma kɔ so wɔano wɔano, woyi obu ne nidi adi. Nanso ɛte sɛ nea ɛnte saa bio. Sɛ nhwɛso no, akontaabu ahorow a U.S. Atemmu Asoɛe no de too gua no da no adi sɛ afe biara nnipa bɛboro 970,000 na wɔyɛ wɔn amumɔyɛde wɔ adwuma mu. Yɛbɛka no kwan foforo so a, “wobetumi ayɛ adwumayɛfo baanan biara mu biako basabasa wɔ adwuma mu,” sɛnea Professional Safety—Journal of the American Society of Safety Engineers mu amanneɛbɔ bi kyerɛ no.

Nea ɛhaw adwene kɛse koraa ne sɛ adwuma mu basabasayɛ nyɛ akasakasa ne ɔyaw nkutoo. Amanneɛbɔ koro no ara ka sɛ: “Basabasayɛ a adwumayɛfo hyɛ da yɛ tia adwumawuranom ne adwumayɛfo foforo ne ade a ɛde nipakum ba a ɛrenya nkɔanim ntɛmntɛm sen biara seesei wɔ U.S.” Wɔ 1992 mu no, na nnipa 6 biara a wowu wɔ adwuma mu no 1 yɛ nea wodi wɔn awu; wɔ mmea fam no, na dodow no reyɛ ayɛ 2 biara mu 1. Akyinnye biara nni ho sɛ basabasayɛ rekɔ so denneennen wɔ adwumayɛbea a bere bi a atwam no na nneɛma kɔ so wɔano wɔano wɔ hɔ no.

Agumadi ne Anigyede mu Basabasayɛ

Ɛyɛ a nkurɔfo de wɔn ho hyɛ agumadi ne anigyede mu sɛ biribi a ɛma anika anaa ahomegye, a ɛma obi ho tɔ no na wadi asetram nneɛma a ɛho hia kɛse no ho dwuma. Ɛnnɛ, anigyede yɛ adwuma a dɔla ɔpepepem pii wom. Sɛnea ɛbɛyɛ a adwuma a sika wom yi ho aguadifo no benya mfaso a wɔn nsa betumi aka biara nti, ɛnhaw wɔn sɛ wɔbɛfa ɔkwan biara a wobenya so. Na akwan a ɛtete saa no biako ne basabasayɛ.

Sɛ nhwɛso no, Forbes, aguadi ho nsɛmma nhoma bi, bɔɔ amanneɛ sɛ obi ayɛ akodi agodie ho video bi a agye din, a ɔkofo bi pae ne tamfo ti ne n’akyi berɛmo mu wom no ma wɔn a wɔhwɛ no teɛteɛm sɛ, “Wie no prɛko! Wie no prɛko!” Nanso awudisɛm nni agodie koro no ara bi a wɔyɛ maa adwumakuw foforo a wɔne wɔn resi akan mu saa. Dɛn na afi mu aba? Nea basabasayɛ wom kɛse no dodow a wɔtɔ no boro nea ɛne no resi akan no 3 biara mu 2. Na eyi yɛ sika kɛse. Bere a wofii ase tɔn agodie ahorow yi bi a wɔyɛe sɛ wɔmfa nni dwuma wɔ fie no, nnwumakuw no nyaa dɔla ɔpepem 65 wɔ wiase nyinaa adapɛn abien a edi kan no mu! Basabasayɛ yɛ ade foforo a wɔde dɛɛdɛe adetɔfo a wɔde pɛ wɔn ho mfaso.

Agumadi mu basabasayɛ nso yɛ ade foforo koraa. Agodifo no ani taa gye ho sɛ wobepira afoforo. Wɔ hockey bi a wɔbɔɔ no 1990 mu sɛ nhwɛso no, nneyɛe bɔne so asotwe ahorow 86 na epuee mu—nea ɛsen biara a aba pɛn. Afoforo a wɔhyɛɛ da piraa wɔn ma wogyaee agoru no di nnɔnhwerew abiɛsa ne fã. Agodifo no biako anim dompe bui, n’ani nkesua nkataho no ho titii, na apirakuru kɛse bi ma wɔyɛɛ no aduru. Dɛn nti na basabasayɛ a ɛte saa kɔɔ so? Ogodifo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ woko ntɔkwaw pii de di nkonim wɔ agodie a anibere wom mu a, sɛ wokɔ fie a, wote nka sɛ woabɛn wo kuw no mufo kɛse. Misusuwii sɛ ntɔkwaw no ma ɛyɛɛ honhom fam agodie ankasa.” Ɛkame ayɛ sɛ wɔ ɛnnɛ agumadi pii mu no, ɛnyɛ sɛ basabasayɛ na wɔnam so du wɔn botae ho kɛkɛ, na mmom ɛno ne botae no ankasa.

Basabasayɛ Wɔ Sukuu Mu

Wɔabu sukuu bere nyinaa sɛ ɛyɛ guankɔbea a mmofra betumi de nneɛma foforo a ɛhaw wɔn nyinaa ato nkyɛn na wɔde wɔn ani asi wɔn adwene ne wɔn nipadua a wɔbɛma anyin no so. Nanso ɛnnɛ, sukuu nyɛ baabi a ahobammɔ ne asomdwoe wɔ bio. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no 1994 mu daa no adi sɛ basabasayɛ ne basabasayɛfo akuw ne ade a ɛhaw adwene sen biara wɔ aban sukuu ahorow mu wɔ United States, na abɛsen sikasɛm, a afe a etwaam no, na edi kan no. Tebea no asɛe akodu he?

Bere a wobisaa sukuufo bi wɔ nhwehwɛmu bi mu sɛ, “Wɔayɛ wo basabasa wɔ sukuu anaa baabi a ɛbɛn hɔ pɛn?” no, wɔn mu bɛyɛ 4 biara mu 1 buae sɛ yiw. Akyerɛkyerɛfo bɛboro edu biara mu biako nso buae sɛ yiw. Nhwehwɛmu koro no ara daa no adi sɛ sukuufo no ɔha biara mu 13, mmarima ne mmea, gye toom sɛ wɔakura akode bi akɔ sukuu mu pɛn. Wɔn mu dodow no ara kyerɛe sɛ nea ɛma wɔyɛɛ saa ne sɛ afoforo ani begye wɔn ho anaa wɔde bɛbɔ wɔn ho ban kɛkɛ. Nanso sukuuni bi a wadi mfe 17 bɔɔ ne kyerɛkyerɛfo tuo wɔ ne kokom bere a ɔkyerɛkyerɛfo no bɔɔ mmɔden sɛ obegye ne tuo no afi ne nsam no.

Basabasayɛ Su

Akyinnye biara nni ho sɛ basabasayɛ wɔ baabiara nnɛ. Yehu basabasayɛ su wɔ fie, adwuma mu, sukuu mu, ne anigyede mu. Esiane sɛ wohu no da biara da nti, nnipa pii afa no sɛ ɛnsɛe hwee—kosi sɛ wɔde bi bedi wɔn. Afei wobisa sɛ, Ɛbɛba awiei da bi? Wo nso wobɛpɛ sɛ wunya ho mmuae? Ɛnde yɛsrɛ wo, kenkan asɛm a edi so no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena