Dɛn Nti na Wɔyɛ Basabasa wɔ Agumadi Mu?
Agumadi—Dɛn Nti Na Basabasayɛ Redɔɔso Saa?
ATIFI asɛm ahorow a apue agumadi ho nsɛm ne samufo nsɛm mu wɔ aman horow so nnansa yi no mu kakraa bi na ɛwɔ ase ha no. Agumadi abɛyɛ nea ɛne basabasayɛ na ɛnam, bere a wɔwɔ agumadibea hɔ ne bere a wɔafi hɔ. Dɛn ntia?
So Basabasayɛfo no Adɔɔso?
Stanley Cheren a ɔyɛ adwene ho ɔbenfo kɛse wɔ Boston sukuupɔn a wosua nnuruyɛ ho ade wɔ hɔ no kyerɛwee nnansa yi sɛ: “Bere a nnipa ho kokwaw kɛse wɔ basabasayɛ mu no, hia a ɛho hia sɛ wodi nsɛmmɔne kɛse na ama wɔanya nea ɛma wɔn ani gye no bɛyɛ kɛse. . . . Nkurɔfo betua sika akɛse akɔhwɛ nnipa afoforo a wopirapira wɔn. . . . Emu bɛyɛ den bere a nkurɔfo kyerɛ ho anigye kɛse no.
Wɔ 1930 mfe no mu no, nkurɔfo ho dwiriw wɔn sɛ wohuu James Cagney sɛ ɔrebɔ ɔbea bi asom wɔ sini mu. Ɛnnɛ ɛno nyɛ hwee; wɔpɛ basabasayɛ a ɛsen saa koraa na wɔde agye wɔn ani. . . . Enti, wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wokunkum nnipa afoforo wɔ beae a wɔko nyinaa akyi no, bɛhwɛadefo hwehwɛ pii a ɛsen saa. . . . Wɔ ɛho anigye a yɛkyerɛ mu no, yɛakodu baabi a yɛma akansifo no de wɔn nkwa di agoru.”
Momma yɛmfa agoru bi a agye din wɔ North America a ɛyɛ bɔɔl a wɔde nsa bɔ (ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ ɛyɛ nea wɔde nan bɔ) no sɛ nhwɛso. Amerikafo bɔɔlbɔ yi yɛ nea bere nyinaa wobu no sɛ ɛyɛ agoru a wodi no ahoɔden so, a ɛte sɛ Engiresifo de a wɔfrɛ no rugby no, nanso ɛsen saa mpo. Nnansa yi abɛyɛ nea wɔtaa de ahoɔden kɛse na ɛbɔ. Mpɛn pii nneɛma a wɔhyɛ de bɔ wɔn ho ban no bɛdan akode a wɔde pira afoforo. Sɛ nhwɛso no, bɔɔlbɔfo no kyɛw denneennen a wɔde bɔ wɔn ti ho ban a wɔhyɛ no ma wɔde wɔn ti pempem afoforo pirapira wɔn.
Basabasayɛ a ɛwɔ agoru no mu no yɛ nea wɔada no adi denam nsɛm a edidi so yi a Jack Tatum (Oakland Raiders) a ɔde bɔɔlbɔ ayɛ n’adwuma kae wɔ ne nnansa yi nhoma They Call Me Assassin mu no so.
“Bɔɔl a wɔn a wɔde bɔɔlbɔ ayɛ wɔn adwuma koraa bɔ no yɛ nea wɔbɔ no ahoɔden ne atirimɔden so; bere nni hɔ a wode bɛte nka ama obi.”
“Ná minhyia obi a m’adwene ne sɛ mɛma wahwe ase ara kwa. Na mepɛ sɛ mipira onipa a midi n’akyi no, na mepɛ sɛ ohu sɛ bere biara a obehyia me no obepira.”
“Mede asɛm ‘kum’ no adi dwuma, na sɛ merepem obi a, ɛyɛ a na mepɛ sɛ mipira no ankasa, nanso ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ mikum no koraa. Mekyerɛ sɛ mebɔ mmɔden sɛ medi nkonim anaasɛ meremma ɔfoforo nsa nka bɔɔl . . . no, nea bɔɔlbɔ kyerɛ ara ne sɛ wubepira nea ɔrebɔ atia wo no.”
“Migye di sɛ mmɔden a mebɔ no gyina afoforo a mipira wɔn kɛse no so, nanso bere koro no ara mu no, biribiara a meyɛ yɛ nea mmara ma ho kwan.”
Tatum asɛm a etwa to no yɛ nokware. ‘Ɛnam nea mmara ma ho kwan so’ na obi a ɔpem no pɛnkoro pɛ bubui koraa. Nea ɛbɛyɛ nsɛmmɔnedi kɛse wɔ baabi foforo no yɛ nea wɔma kwan wɔ agumadibea hɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ agumadi ho ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Wɔn ntade a wɔhyɛ bɔ bɔɔl no bɔ wɔn ho ban fi mmara horow no ho.”
Tatum asɛm no nyɛ nea ɛda bɔɔlbɔfo pɔtee bi nkutoo su adi. George Perles a ɔyɛ ɔpanyin a ɔkyerɛ Pittsburgh Steelers (Amerika Nsa Bɔɔlbɔ) kuw no bɔɔlbɔ abadiakyiri no kae sɛ: “[Bɔɔlbɔ] yɛ agoru a basabasayɛ, ahoɔdensɛm, atirimɔdensɛm ne mmarimasɛm a wodi wom paa.” Ɔkyerɛwfo William B. Furlong kae wɔ asɛm bi a ɔkyerɛw maa New York Times Magazine no mu sɛ: “Bere nyinaa basabasayɛ wɔ faako a wodi agoru no, ɛtɔ bere bi a ɛyɛ basabasayɛ a ano yɛ den te sɛ asekan a wɔde ko wɔ ɔdan a sum wom mu a mpɛn pii nea ɛka ho ne bobɔ a wɔbobɔ wɔn ho, pirapira wɔn ho wɔn ho.”
Jerry Kramer a ɔka Green Bay Packers bɔɔlbɔ kuw no ho no kyerɛwee wɔ ne nhoma Instant Replay no mu sɛ: “Mifii da no ase a na masi me bo sɛ mɛyere me ho na mama m’ani abere wɔ agumadi no mu. Ɛyɛ biribi a wurentumi nyɛ no Memeneda ne Kwasida [a edi agoru no anim] no nkutoo. Ɛsɛ sɛ wufi ase yɛ fi Dwoda anaa Benada [nnawɔtwe ansa na agoru no adu so] . . . Wufi ase ma wo bo fuw, afei wunya wɔn ho tan, na nkate no mu kɔ so yɛ den araa kosi Kwasida, a ebedu saa bere no na emu ayɛ den araa ma woreyɛ apae. . . . Sɛ mepɛ sɛ obi ho yɛ me ahi a, meyɛ adwene sɛ merenhwɛ saa kuw no mufo anim kosi sɛ agoru no bedu so . . . Mete nka sɛ, sɛ manhu no a, ne ho betumi ayɛ me ahi kɛse.”
Saa basabasayɛ honhom koro yi ara yɛ nea wɔreda no adi kɛse wɔ bɔɔlbɔ ankasa mu. Heitor Amorim a na anka ɔda gool ma São Paulo Corinthians bɔɔlbɔ kuw wɔ Brazil no se: “Migyaee bɔɔlbɔ wɔ 1970 mu na saa bere no na emu reyɛ den dodo. Ná ɛredan afi agoru a wɔde nyansa di so kɔ nea wɔde ahoɔden di so. Basabasayɛ fii ase sii adwenemtew ne nyansa ananmu. Migye di sɛ, sɛ Pélé [ebia bɔɔlbɔfo a na ɔsen biara] rebɔ bi nnɛ a anka ɔrentumi mmɔ nea ɔbɔe wɔ 1960 mfe no mu no fã mpo. Basabasayɛ besiw no kwan. Na anka bɛhwɛadefo no ani begye ho. Ɛte sɛ nea wɔn ani gye basabasayɛ ho.”
Agumadi ahorow a na bere bi wobu no sɛ ɛho tew na nidi wom te sɛ tɛnis ne krikɛt mpo yɛ nea basabasayɛ abam—ano ne nsa de nyinaa. Bere bi na tɛnis yɛ agoru a nnipa a wodi wɔn ho ni na wonim sɛnea wodi agoru nyansa mu na ɛbɔ. Wɔ mfe du a abetwam yi mu no saa nsusuwii no ayera wɔ kasa fĩ ne nneyɛe ahorow a ɛho ntew a efi wɔn a wɔde ayɛ wɔn adwuma a wɔbɔ de gye sika no bi hɔ ba no mu.
So Ɛka Sukuu Ahorow No?
Esiane basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ wɔn a wɔde bɔɔlbɔ ayɛ wɔn adwuma a wɔbɔ de gye sika mu no nti, so ɛyɛ nwonwa sɛ su ahorow a ɛte saa ara aba ntam ne ntoaso sukuu de mu nso? Marvin Vickers a wadi mfirihyia 24 a ne mu yɛ duru a ofi New Jersey bɔɔ bɔɔl maa ntoaso sukuu a ɔwom wɔ North Brunswick no na onyaa hokwan kɔbɔɔ sukuupɔnfo de no bi. Dɛn na ɔka wɔ basabasayɛ wɔ sukuu mu agumadi ahorow mu ho? “Nnipa a wɔkyerɛ yɛn bɔ,no kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ bɔɔl atirimɔden so. Sɛ nhwɛso no, sɛ yenim sɛ wɔn a yɛne wɔn rebɔ no mu biako apira ne mfẽ pɛn a, ɛnde nea wɔka kyerɛ yɛn ne sɛ ‘Mommɔ ne mfẽ a ɛyɛ ne yaw no!’ Nokwarem, sɛ yɛampira wɔn nnipa no mu bɛyɛ baanu anaa baasa a, na yɛammɔ mmɔden koraa.”
Wɔ ntoaso sukuu de mu mpo no, wɔde nitan ne basabasayɛ hyɛ mmofra no mu. Sukuupɔn ne ntoaso sukuu ɔkyerɛkyerɛfo Fred F. Paulenich kyerɛwee sɛ: “Wɔkyerɛ mmofra sɛ wompira afoforo, wonsisi wɔn, mma Nkonimdi nyame no. Nnipa a wɔkyerɛkyerɛ wɔn bɔɔlbɔ no yi sini ahorow a basabasayɛ wom kyerɛ ntoaso ne ntam sukuu bɔɔlbɔ akuw no de siesie wɔn twɛn wɔn a wɔne wɔn bɛbɔ.”
Dave Schultz, Canadani bɔɔlbɔfo a wagye din wɔ ɔkwan a ɔfa so bɔ bɔɔl mu no kae nnansa yi sɛ: “Mepa mmofra bɔɔlbɔfo a wohuu ɔkwan a mefa so bɔ bɔɔl na wosuae no kyɛw. Mebɔɔ no saa efisɛ ɛte sɛ nea na obiara—nnipa a wɔkyerɛ bɔɔlbɔ, bɛhwɛadefo ne nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea ahorow no hwɛ kwan sɛ mɛbɔ no saa.”
Wɔ nyansa mu no, asɛm a etwa to yi de yɛn kɔ asemmisa a edi hɔ no so.
Dɛn Nti na Basabasayɛ Adɔɔso Saa?
“Nnipa a wɔkyerɛ bɔɔlbɔ, bɛhwɛadefo ne nnipa a wɔbɔ nsɛm ho amanneɛ.” Eyinom titiriw na wɔde basabasayɛ wɔ agumadi ahorow mu no ba. Bɛhwɛadefo no pɛ sɛ wɔyɛ biribi na ama wɔn ani agye. Nnwumawuranom akɛse a wɔpɛ mfaso na wɔtaa ma nnipa a wɔkyerɛ agoru ahorow no adwuma. Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔma bɛhwɛadefo no ani gye. Enti wɔhyɛ nnipa a wɔkyerɛ agoru ahorow yi ma wɔyɛ nea ɔmanfo pɛ. Wɔ eyi yɛ mu no, nsɛm ho amanneɛbɔfo, titiriw wɔn a wɔka ho asɛm wɔ television so, ba asɛm no mu, na wɔkamfo basabasayɛ no na wɔsan kasa tia.
Mfe bi a atwam no, Vince Lombardi a na ɔkyerɛ Green Bay Packers Amerika kuw no bɔɔlbɔ no kyerɛɛ n’adwene wɔ agoru ahorow no ho wɔ nnɛyi asɛm a wɔtaa ka a edidi so yi mu: “Ɛnyɛ sɛ nkonimdi ho hia nko; na mmom ɛne ade titiriw.” Ɛnyɛ ɔno na ɔde adwene yi bae. Adwene a nnipa a wodi agoru ahorow kura no na waka ho asɛm tiawa no.
Nanso dɛn nti na nkonim a wobedi ho hia saa? Amanneɛbɔ bi a ɛwɔ atifi hɔ no ma ho mmuae: “Sukuupɔn ahorow [wɔ Amerika] sɛe sika pii wɔ agokansi ahorow ho esiane nneɛma ahorow pii nti a emu bi ne sika kɛse a wobenya afi nkonim a wobedi mu.”
Adwuma kɛse a abɛyɛ ne mfaso a wobenya ne asɛm no. Sika aba agoru ahorow no mu sen bere biara. Ntɔkwaw a Sugar Ray Leonard ne Thomas Hearn koe wɔ September, 1981 mu no “ne agoru biako pɛ a wodii a wonyaa sika kɛse wom sen biara wɔ abakɔsɛm mu, a na wɔrehwɛ kwan sɛ wobenya Amerika sika dɔla ɔpepem 37.” Nnansa yi Amerika bɔɔlbɔfo bi de wɔn nsa hyɛɛ bɔɔlbɔ ho nhyehyɛe bi ase a “sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a wobenya fi dɔla 500,000 kosi 926,000 afe biara.” Wɔbɔ amanneɛ sɛ Fernando Valenzuela, Mexiconi bɔɔlbɔfo a wagye din a ɔbɔ ma Los Angeles Dodgers no nya fi dɔla 300,000 kosi 500,000 wɔ bere tiaa bi mu. Sɛnea Argentinafo atesɛm krataa La Nacion kyerɛ no, bɔɔlbɔ kuw bi a wɔfrɛ no Boca Juniors de sika a ne dodow bɛyɛ dɔla ɔpepem biako too hɔ sɛ “sika a wɔretua a wɔde retɔ Diego Armando Maradona,” Argentinafo a wonim bɔɔlbɔ yiye no mu biako “no fã a edi kan.” Wɔbɔ amanneɛ fi Australia sɛ: “Mprempren bɔɔlbɔ abɛyɛ adwuma kɛse a bɔɔlbɔ akuw 12 no mu biara nya bɛyɛ Australia sika dɔla ɔpepem biako afe biara.”
Dɛn na agoru horow a adan adwuma kɛse no de aba? Basabasayɛ kɛse. Dɛn ntia? Efisɛ mprempren wohia sika kɛse fi bɛhwɛadefo hɔ ne mmeae afoforo. Ɛno kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi a ɛbɛma nnipa no ani akɔ so agye ho na ama wɔanya sika bere nyinaa. Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ eyi? Denam nea bɛhwɛadefo no hwehwɛ, a ɛne anibere a wɔbɛma abam no so. Na anibere nso taa de basabasayɛ ba. Enti nneɛma kɔ so te sɛ nea wɔpɛ. Ɛsɛ sɛ onipa a ɔkyerɛ bɔɔlbɔ no de basabasayɛ kyerɛ na ɔhwɛ ma wɔyɛ saa, efisɛ bɛhwɛadefo no pɛ no saa. Na nnwumawuranom akɛse no nso pɛ wɔn mfaso. Na nsɛm ho amanneɛbɔfo nso bɔ wɔn de ho dawuru, wɔkamfo na bere koro no ara nso wɔkasa tia. Wɔn a ɛsɛ sɛ wɔde eyinom nyinaa ma atirimɔdensɛm, anibere ne basabasayɛ—ne bɔɔlbɔfo no.
Dɛn Nti na Bɛhwɛadefo Yɛ Basabasa?
Ɛnnɛ akatua ne mfaso akɛse a ɛwɔ agumadi ahorow mu no nso yɛ ade a ɛto so abien a ɛde basabasayɛ ba. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Bɛhwɛadefo tua sika a ɛkɔ soro kɔhwɛ bɔɔlbɔfo a wogye akatua akɛseakɛse. Enti wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ ade bere nyinaa. Wɔmpɛ sɛ wobehu sɛ wɔammɔ mmɔden. Ɔbenfo John Cheffers a ɔwɔ Boston Sukuupɔn mu kyerɛkyerɛɛ adeyɛ yi mu pefee sɛ: “Obu ma bɔɔlbɔfo a bɛhwɛadefo bu wɔn sɛ wogye akatua kɛse dodo no kɔ fam kɛse. Enti, nnipa a wodi agoru ahorow gye sika, a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ ade bere nyinaa no, ma wɔbɛyɛ te sɛ mfiri ne aguade wɔ wɔn mpanyimfo ne bɛhwɛadefo ani so.”
Dɛn na ɛda adi sɛ ebefi adeyɛ a ɛte sɛɛ mu aba? Bɛhwɛadefo basabasayɛ. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛba saa? Wiɛ, sɛ wokɔtɔ ade bi a enye wɔ aguadidan bi mu a, dɛn na woyɛ? Woka ho asɛm kyerɛ aguadidan sohwɛfo no anaasɛ wɔn a wɔyɛɛ saa nneɛma no na wohwɛ kwan sɛ wɔbɛsesa anaasɛ wɔbɛsan de wo sika ama wo. Na sɛ agoru no nyɛ nea ɛsɔ ani a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛka ho asɛm wɔ agodibea hɔ? Esiane sɛ ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so asan agye wɔn sika nti, bɛhwɛadefo a wɔadi wɔn huammɔ no de wɔn ho hyɛ basabasayɛ kɛse mu.
Wɔ mfirihyia aduonu a abetwam no mu no, nneɛma ahorow abien ama bɛhwɛadefo basabasayɛ no anya nkɔanim kɛse na ɛno ne nnubɔne ne nsã. Bɛhwɛadefo no pii du agumadibea hɔ a wɔabobow anaasɛ wɔanonom nnubɔne dedaw, anaasɛ afei na ɛreba wɔn ani so, na wɔde nsa ne nnubɔne no bi a wɔbɛnom bere a agoru no rekɔ so kɔ hɔ. Bere a bɔɔlbɔ no rekɔ so no, nnipadɔm no ani dɔ nkran a biribiara ntumi nsiw wɔn ano, na wɔyɛ nneɛma basabasa a adwene biara nna ho.
Wɔ Europa no, bɛhwɛadefo basabasayɛ akodu baabi a aman pii mpɛ bɛhwɛadefo bi wɔ wɔn bɔɔlbɔ ahorow ase. “Engiresifo bɛhwɛadefo, monnsan mma bio!” ne asɛm a efi Basel, Switzerland, bere a wɔn a wogyina England akyi no kɔyɛɛ basabasa wɔ saa Swiss kurow a emu dwo no mu akyi no. Nkurɔfo a wɔwɔ Barcelona, Spain, ho wosow bere a wosusuw Scotlandfo bɛhwɛadefo a wɔmaa ehu kaa wɔn wɔ wɔn mmorɔn so mfe kakra a atwam ni no ho no. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ tebea no resɛe no yɛ nea obi a na ogyina England akyi a n’ani wui dii ho adanse, ɔkae sɛ: “’Me ne wɔn atu kwan akɔ aman afoforo so akɔbɔ bɔɔl mfe 13 na mihu sɛ sɛe ara na ɛresɛe. Mprempren nnipa a wɔyɛ basabasa fi mmeae ahorow te sɛ Chelsea, West Ham ne Manchester ba bɛhaw adwene ara kwa. Wɔnnhwɛ bɔɔl a wɔbɔ no mpo.”
So Ano Aduru Bi Wɔ Hɔ?
Agoru ahorow mu basabasayɛ wɔ agodibea hɔ ne akyi abɛyɛ wiase ɔhaw mprempren. Wɔde ano aduru ho nyansahyɛ ahorow ma na wɔsɔ hwɛ. Wɔ agumadibea ahorow pii wɔ wiase nyinaa nnɛ no, wɔde nnade ahorow gye bɛhwɛadefo no ho ban te sɛ mmoa a wɔyɛ keka a wɔde wɔn agu ebuw mu. Wɔ agumadibea ahorow bi no wɔmma wɔn a wogyina afãnu a wɔrebɔ no akyi no ntra faako. Wɔde apolisifo ne nnipa afoforo a wɔhwɛ ma asomdwoe ba pii di dwuma. Mpanyimfo no binom ahyɛ nyansa sɛ wɔnyɛ mmara a emu yɛ den ntia bɔɔlbɔfo ne bɛhwɛadefo a wɔyɛ basabasa, na wɔmfa asotwe a emu yɛ den mma nnipa a wɔte saa. Ebinom nso aka sɛ wɔmmara basabasayɛ ahorow bi a ɛwɔ agoru ahorow bi mu no. “Nanso esiane sɛ wosuro ka a ɛno betumi aka sika a wonya no nti, wɔnyɛ ho hwee.”
Ɛda adi sɛ wɔrentumi mfa agodi a ɛho tew ho mmara nhyɛ nnipa koma ne wɔn adwene mu. Ɛsɛ sɛ wɔde kyerɛkyerɛ sɛ́ ade a ɛho hia wɔ asetra a ɛkari pɛ mu. Nanso so ɛno betumi ayɛ yiye? Sɛ saa a, ɔkwan bɛn so na ɛho betumi aba wo ne wo mma no mfaso? Dɛn na wobetumi ayɛ na ama agumadi ayɛ ade a wɔyɛ de gye wɔn ani mmom sen sɛ ɛbɛyɛ adeyɛ a anibere wom?
[Kratafa 4 mfoni]
Agumadi ne Basabasayɛ a Emu Yɛ Den—New York Times Oct. 18, 1981
Agumadi mu Basabasayɛ: bɔɔlbɔfo wu—The Austalian, Sept. 15, 1980
Bɛhwɛadefo Redan Basabasayɛfo—Daily News, Oct. 16, 1981
[Kratafa 5 mfoni]
EYI de eyi BAE