Mmofra Bisa Sɛ . . .
Kuw Agumadi—Eye Ma Me?
“M’ani gye agumadi ho. Ɛma me ho tɔ me ankasa. Na m’ani gye sɛ me ne me nnamfonom bɛbɔ.”—Sandy a wadi mfe 14.
“ANIGYE!” “Ahurusidi!” “Nkonimdi!” Eyinom ne nsɛm bi a U.S. ne Canada mmofra kekae bere a wobisabisaa wɔn nea enti a wɔde wɔn ho hyɛ agumadi a wɔahyehyɛ mu no. Ɛda adi sɛ, mmofra bebree wɔ anigye a ɛte saa ara.
Fa United States sɛ nhwɛso. Sɛnea Your Child in Sports nhoma a Lawrence Galton kyerɛwee kyerɛ no, “afe biara, Amerika mmofra ɔpepem 20 a wɔadi fi mfe asia rekɔ de wɔn ho hyɛ kuw agumadi a wɔahyehyɛ mu, anaasɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa.” Na bere a mfe kakraa bi a atwam no, ɛkame ayɛ sɛ na mmarima nkutoo na wɔde wɔn ho hyɛ kuw agumadi a wɔahyehyɛ mu no, ɛnnɛ mmeawa a wɔdɔɔso ara yiye rebɔ baseball, baskɛtbɔɔl, na wɔne wɔn ho wɔn ho resi bɔɔlbɔ mu akan mpo wɔ agoprama so.
Ebia woyɛ obi a wowɔ ahoɔden, na wote nka sɛ agodikuw bi mu a wode wo ho bɛhyɛ bɛma w’ani agye. Anaasɛ ebia awofo, akyerɛkyerɛfo, anaa agokyerɛfo rehyɛ wo nkuran pii—ebi mpo a wɔrehyɛ wo—sɛ yɛ saa. Sɛnea asɛm no te biara no, kuw agumadi mu a wode wo ho bɛhyɛ no begye wo bere ne w’ahoɔden kɛse. Ɛnde ɛfata sɛ wubehu mfaso ne ɔhaw ahorow a ɛwɔ mu no. Nea edi kan no, ma yɛnhwɛ emu mfaso horow no bi.
Agumadi—Ɛso Mfaso Horow
Bible ka sɛ: “Ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua.” (1 Timoteo 4:8) Na akyinnye biara nni ho sɛ mmofra betumi anya honam fam dwumadi mu mfaso. Wɔ United States no, mmofra a wɔdɔɔso ayeyɛ kɛse aboro so, anya mogya mmoroso, ne srade mmoroso. Apɔw-mu-teɛteɛ a wɔyɛ no daa betumi ayɛ pii ma abrɛ ɔhaw ahorow a ɛtete saa ase. Sɛnea American Health nsɛmma nhoma mu asɛm bi kyerɛ no, mmofra a wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu daa no “koma tumi bɔ yiye sen mmofra a wɔte faako [a wɔnkeka wɔn ho] no. Wɔn a wɔtaa teɛteɛ wɔn apɔw mu nso bɔ mmɔden wɔ agumadi mu, na wɔhwɛ na wɔanyɛ kɛse ammoro so.” Nhwehwɛmufo nso kyerɛ sɛ apɔw-mu-teɛteɛ tumi tew adwennwen ne ɔbrɛ so, na ɛma wutumi da yiye mpo.
Nea ɛyɛ anigye no, Your Child in Sports nhoma no ka sɛ: “Abɛda adi sɛ mpanyimfo akwahosan ho nsɛnnennen pii fi ase mmofraase.” Enti nnuruyɛfo pii te nka sɛ apɔw-mu-teɛteɛ a wɔyɛ no daa so mfaso horow betumi akodu mpanyin afe so. Ɔkyerɛwfo Mary C. Hickey bɔ amanneɛ: “Wɔayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ mmofra a wɔde wɔn ho hyɛ agumadi mu ho betumi ayɛ den kɛse sɛ mpanyimfo.”
Nnipa pii te nka sɛ kuw agumadi so mfaso horow a ɛho hia foforo wɔ hɔ. Agya bi kae wɔ bɔɔl a ne babarima bɔ ho sɛ: ‘Ɛmma ɔnnantew basabasa wɔ mmɔnten so. Ɛkyerɛkyerɛ no sɛnea obedi ne ho so.’ Afoforo te nka sɛ agodikuw mu a abofra bi de ne ho hyɛ ma osua sɛnea ɔne afoforo bɛbom ayɛ adwuma—ahokokwaw a ɛso betumi aba no mfaso ne nkwa nna nyinaa. Kuw agumadi nso kyerɛkyerɛ mmofra sɛnea wodi mmara horow so, sɛnea wɔbɛteɛ wɔn ho so, sɛnea wodi nneɛma anim, ne sɛnea wobedi wɔn ho so wɔ mmere a wodi nkonim ne mmere a wodi nkogu mu. Oduruyɛfo George Sheehan ka sɛ: “Agumadi yɛ asuade kɛse ma mmofra. Ɛma sukuufo nya nneɛma a wɔte ho nsɛm fi wɔn akyerɛkyerɛfo hɔ mpɛn pii no mu osuahu tẽẽ: akokoduru, ahokokwaw, ahofama.”—Current Health, September 1985.
Anyɛ yiye koraa no, kuw a edi nkonim mu a obi wɔ no tumi ma obu a ɔwɔ ma ne ho no yɛ kɛse. Abofra Eddie ka sɛ: “Sɛ mede bɔɔl ka fam anaasɛ mehyɛ a, m’ani gye me ho kɛse.”
Edin ne Yiyedi
Nanso, wɔ mmofra foforo fam no, nea ɛma wɔn ani gye kuw agumadi ho ankasa ne gye a wɔn atipɛnfo begye wɔn atom no. Gordon a wadi mfe 13 no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere biara a wobɛyɛ adepa no, obiara ma wo mo ne yɔ bere nyinaa.”
Teenage Stress nhoma a Susan ne Daniel Cohen kyerɛwee no gye tom sɛ: “Sɛ biribi wɔ hɔ a ɛte sɛ nea ɛma obi, titiriw mmarimaa, gye din ankasa a, na ɛyɛ agumadi. . . . Ɛyɛ den sɛ wubehu bɔɔlbɔ anaa baskɛtbɔɔl kuw mu okunini bi a wonnye no ntom.” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa sɛnea wobu agumadifo kɛse ankasa adi. Wobisabisaa sukuufo sɛ ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛkae wɔn sɛ ogumadifo, sukuuni a waben, anaa onipa a wagye din sen biara anaa. Wɔ mmarimaa no mu no, ade a edi kan a wɔpawee ne sɛ wɔbɛyɛ “ogumadifo kunini.”
Sɛ wususuw ɔsom a nsɛm ho amanneɛbɔfo de ma wɔn a wɔde agumadi ayɛ wɔn adwuma no ho a, ɛnyɛ nwonwa sɛ bɔɔlbɔfo anaa baskɛtbɔɔlbɔfo bi nya obu kɛse sen nhomanimfo. Nsɛm a amamfo ka fa wɔn ho mu dodow no ara twe adwene si wɔn akatua akɛse a wogye ne nneɛma akɛse a wɔyɛ wɔ wɔn asetra mu no so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ mmofra pii, ɛnkanka wɔn a ebia wɔte nkuropɔn mu no bebu sukuu agumadi sɛ biribi a obi nam so di yiye—ade a ɛma obi kwati hiadi!
Nea ɛyɛ yaw ne sɛ, akwanhwɛ a ɛtete saa no mma mu ankasa ma ɛyɛ awerɛhow. Current Health nsɛmma nhoma no mu asɛm bi a wɔtoo din sɛ “Agumadifo Baahe na Wonya Ho Kwan Bɛyɛ Wɔn a Wɔde Agumadi Yɛ Wɔn Adwuma?” no de akontaabu bi a anibere wom mae. Ɛbɔɔ amanneɛ sɛ: “Mmarimaa bɛboro ɔpepem 1 na wɔbɔ bɔɔl wɔ ntoaso sukuu mu [wɔ United States]; wɔn a wɔbɔ baskɛtbɔɔl reyɛ adu 500,000; na bɛyɛ 400,000 na wɔbɔ baseball. Efi ntoaso sukuu mu kɔ kɔlege mu no, dodow a wɔde wɔn ho hyem no so tew koraa. Sɛ wɔka wɔn nyinaa bom a, agumadifo bɛyɛ 11,000 pɛ na wɔbɔ bɔɔl, baskɛtbɔɔl ne baseball wɔ kɔlege.” Efi hɔ no, akontaabu no ba bɛyɛ hu kɛse mpo. [Kɔlege agumadifo] no mu ɔha biara mu 8 pɛ na agumadi akuw fa wɔn, na wɔn mu ɔha biara mu 2 pɛ na akuw no ne wɔn yɛ nhyehyɛe.” Afei asɛm no de nkaesɛm yi ma sɛ: “Nhyehyɛe a wɔne ogumadifo bi yɛ no nkyerɛ sɛ obenya kwan wɔ kuw no mu.”
Enti, sɛ yɛka ne nyinaa bom a, “ntoaso sukuu mu agumadifo 12,000 biara mu biako pɛ na ɔba bɛyɛ obi a ɔde agumadi yɛ n’adwuma.” Ebia ɛno bɛyɛ papa asen loto mu nkonim bo a ɛsõ sen biara a obi betumi adi! Nanso ebia wobɛka sɛ, anyɛ yiye koraa no, ogumadifo bi ntumi nnya nhomasua mu mmoa kwa wɔ kɔlege wɔ mmɔden a ɔbɔ nyinaa ho? Eyi mu nso no, hokwan no nyɛ papa biara. Sɛnea On the Mark nhoma a Richard E. Lapchick ne Robert Malekoff kyerɛwee kyerɛ no, “ntoaso sukuu mu agumadifo ɔpepem pii no . . . 50 biara mu 1 pɛ na obenya nhomasua mu mmoa de ne ho akɔhyɛ agumadi mu wɔ kɔlege.” Akontaabu foforo a ɛhaw adwene ne sɛ: “Wɔ agumadifo a wɔagye din kɛse a wonya nhomasua mu mmoa wɔ agumadi a sika wom kɛse te sɛ bɔɔlbɔ ne baskɛtbɔɔl mu no, wɔn mu dodow a wobetumi awie kɔlege wɔ mfe anan mu no nnu ɔha biara mu 30.”
Wɔ agumadifo dodow no ara fam no, anidaso a wonya sɛ wɔbɛba abɛyɛ agumadifo a wɔwɔ sika na wɔagye din no bɛyɛ anidaso hunu kɛkɛ—nsusuwii hunu.
Wɔn a Wogyae
Sɛ wususuw akwahosan mu mpɔntu, nipasu mu nkɔso, ne din a wogye ho a, ebia kuw agumadi a wɔahyehyɛ mu a wode wo ho bɛhyɛ no bɛyɛ te sɛ adeyɛ a nyansa wom. Nanso ansa na wobɛpere wo ho akɔpɛ gyinabea wɔ agodikuw bi mu no, di kan susuw asɛm bi a wɔkaa no Ladies’ Home Journal mu no ho: “Mmofra pii na wɔde wɔn ho rehyɛ agumadi a wɔahyehyɛ mu nnɛ sen sɛnea wɔyɛe wɔ awo ntoatoaso biara a atwam no mu. Asɛmmɔne ne sɛ: Wɔn a wogyae saa agumadi nhyehyɛe yi no redɔɔso yiye.” Wɔka sɛ Ɔbenfo Vern Seefeldt, a ɔwɔ asɛm no ho nimdeɛ kae sɛ: “Ebedu bere a mmofra a wɔde wɔn ho ahyɛ agumadi bi mu pɛn no bedi mfe dunum no, na wɔn mu ɔha biara mu aduɔson anum agyae.”
Susuw Canada, baabi a hɔki a wɔbɔ no nsukyenee so agye din kɛse no ho hwɛ. Wɔ hɔki akansi bi a wɔbɔ de gyigye wɔn ani mu no, na emu agodifo a wɔboro 600,000 no mu ɔha biara mu 53 nnii mfe 12. Nanso, na wɔn mu ɔha biara mu 11 pɛ na wɔadi boro mfe 15. Dɛn ntia? Mmofra pii gyae bere a wɔadi mfe a ɛte saa no. Dɛn nti na pii gyae saa?
Nhwehwɛmufo ka sɛ wɔn a wogyae saa no taa de anoyi a ɛyɛ nwonwa kɛkɛ na ɛma wɔ gyae a wogyae no ho: Sɛ́ agodie no nyɛ anigye bio. Nokwarem no, agodikuw mu a obi de ne ho bɛhyɛ no betumi ayɛ adwuma a ɔbrɛ wom na egye bere. Seventeen nsɛmma nhoma no ka kyerɛ n’akenkanfo sɛ, ebia gyinabea a wobɛpɛ wɔ agodikuw bi mu no begye wo “nnɔnhwerew abiɛsa da koro, nnanum dapɛn . . . wɔ dapɛn anaa adapɛn abien mu.” Sɛ wutumi fa saa sɔhwɛ no mu ma wogye wo ba kuw no mu a, nnɔnhwerew pii na wode bɛyɛ ahosiesie akyiri yi. Ɛho nhwɛso ne mmeawa baskɛtbɔɔl agodikuw muni bi a ɔde bɛboro nnɔnhwerew abiɛsa yɛ ahosiesie ma n’agodie no. Anka obetumi de saa bere no ayɛ biribi foforo a mfaso kɛse wɔ so.
Nokwarem no, adwumaden a wɔyɛ no daa a ɔbrɛ wom no nhaw mmofra pii. Wɔn ani gye agumadi mu anigyede ne emu ahokokwaw a wonya no ho. Nanso ntease foforo wɔ hɔ a enti mmofra pii gyae agumadi a wɔahyehyɛ no. Ehia sɛ wuhu na ama woasi gyinae sɛ ebia wode wo ho bɛhyɛ agodikuw bi mu anaasɛ womfa wo ho nhyɛ mu. Sɛnea Mmebusɛm 13:16 ka no, “onitefo yɛ n’ade nyinaa nimdeɛ mu.” Enti asɛm bi a ɛbɛba akyiri yi bɛtoa asɛm yi so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
‘Sukuupɔn mu agodifo a wɔagye din kɛse a wonya nhomasua mu mmoa wɔ agumadi mu no mu dodow no ara ntumi nwie wɔn adesua’
[Kratafa 21 mfonini]
Edin a agumadifo gye no twetwe mmofra pii ma wɔde wɔn ho hyɛ agumadi a wɔahyehyɛ mu.