Mmofra Bisa Sɛ . . .
So Menkɔka Sukuu Agumadi No Ho?
“Na ne bɔ yɛ anigye. Ɛma minyaa atenka pa. Sɛ woyɛ abofra na wunya biribi a wobɔ mu mmɔden yɛ a, wompɛ sɛ wubegyae.”—Robert
EBIA wo nso woani gye sɛ wobɛka kuw agodi ho. Wopɛ apɔw mu teɛteɛ, adamfofa ne anigye no. Ebia wususuw sɛ wubegye din mpo, na woyɛ sɛnea bɛhwɛadefo bɔ ose bere a woakyere bɔɔl anaa woahyɛ gool a ɛbɛma wo kuw no adi nkonim no ho mfonini wɔ w’adwenem.
Ɛmfa ho sɛ dɛn nti na wopɛ agodi no, mmofra pii nso wɔ saa adwene no bi. Wɔn ani gye kuw agodi ho titiriw te sɛ football, soccer, basketball, baseball, ne hockey. The Education Digest ka sɛ: “[US.] sukuufo bɛboro ɔpepem 5.2 de wɔn ho hyɛɛ ntoaso sukuu mu agumadi mu wɔ 1986-87 sukuu afe no mu, nea ɛdɔɔso sen biara wɔ mfe anan mu. Afei nso, ntoaso sukuu de agodi afoforo aka ho wɔ mfe 10 a atwam no mu a pii yɛ mmea de.”
Dɛn Nti na Nnipa Pii Ani Gye ho Saa
Sɛnea nnipa pii ani gye agodi ho no da adi wɔ onyansafo bi a ɔtraa ase tete mmere mu no nsɛm a ɔkae mu: “Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden.” (Mmebusɛm 20:29) Agodi ma wotumi de mmofrabere mu ahoɔden pii no di dwuma ɔkwan a ɛyɛ anigye so. Ɛma nipadua ne adwene no nyinaa nya adwuma pa yɛ. Agodi a obi de ne ho bɛhyem no nso betumi ayɛ anigye ne ahomegye wɔ sukuu adwuma ne nnwuma a wɔpɔn sukuu a wɔyɛ no ho.
Bio nso, ebinom ka sɛ agodi kuw a obi de ne ho hyem no ma onya ntetee. The High School Survival Guide a Barbara Mayer kyerɛwee no ka sɛ: “Ntetee ne ahosohyira su a ɛbɛma woanya no bɛkyerɛ wo sɛnea wode wo ho bɛma botae pa. . . . Agodi mu a wode wo ho bɛhyɛ no bɛboa wo ma woayɛ ɔkannifo.”
Nanso, ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔwɔ adwene pa a ɛte saa wɔ agodi a wɔde wɔn ho hyem no ho. Anuonyam, edin a wobegye, ne akɛsesɛm nso yɛ nkanyan a tumi wom. Reggie kae sɛ: “Sɛ wowɔ kuw no mu a, wobu wo sɛ wɔn a woye sen biara wɔ sukuu no mu no biako.“
Bible no gye tom sɛ “apɔw mu teɛteɛ so wɔ mfaso bi.” (1 Timoteo 4:8, Today’s English Version) Na ebia ɛbɛyɛ te sɛ sukuu mu kuw bi a wode wo ho bɛhyem no bɛma woanya saa mfaso no. Nanso, mmofra pii ahu sɛ nea ennye wɔ sukuu mu kuw a wɔde wɔn ho bɛhyem ho no dɔɔso sen mfaso horow no.
“Ɔfa a Ennye” No
Seventeen nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Agodi wɔ ɔfã bi a ennye, titiriw sɛ nkonim a wobedi ho hia nnipa kɛse a. Wɔ agodi ɔkyerɛkyerɛfo fam no, nkonimdi bɛma wɔabɔ n’aba so anaasɛ ɔbɛba TV so. Wɔ ɔwofo fam no, nkonimdi bɛma wanya nea ɔde bɛhoahoa ne ho anaasɛ ɔno mmom te nka sɛ watumi ayɛ biribi. Wɔ, ogumadifo no fam no, nkonimdi betumi ama wanya hokwan sɛ ɔbɛkɔ sukuu bi a wɔbɛhwɛ no kwa, wɔde ne ho nsɛm bɛba atesɛm ho amanneɛbɔ mu, ne mfɛfo sukuufo ne n’afipamfo ani agye ne ho.”
Sukuu agumadifo binom nso susuw agumadi a wɔde bɛyɛ wɔn adwuma no ho. Aberantewa Gerald kae sɛ: “Misusuwii sɛ medi aguma wɔ kuropon ne ɔmantam agumadi ho akansi no mu na awiei koraa no mede ayɛ m’adwuma. Misusuwii sɛnea anka menya sika, na wɔde me mfonini abɔ nneɛma a wɔtɔn ho dawuru pii, na mayɛ nnipa a wɔagye din yiye no mu biako, afoforo asuasua me, na me ne abeawa a ne ho yɛ fɛ sen biara wɔ sukuu no mu afa adamfo no ho.”
Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ sukuu ahorow pii mu no, wodi agoru no te sɛ ɛyɛ owu ne nkwa ho asɛm! Anigye ne ɔpɔw mu teɛteɛ a enti na wɔyɛ no yera. Seventeen nsɛmma nhoma no toa so ka sɛ: “Ntɛm ara nkonim a wɔpɛ sɛ wodi no ho behia sen nokwaredi, sukuu mu adesua, akwahosan, anigye, ne asetram ahiasɛm afoforo. Nkonim a wobedi ho behia sen biribiara, na ɛma nhyɛso no yɛ kɛse.”
Esiane nkonim a wɔpɛ sɛ wodi ɔkwan biara so ho su a abu so yi nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ opira pii aba sukuu agodi mu. Agumadifo, bɛhwɛadefo ne ɛtɔ mmere bi a awofo mpo basabasayɛ taa si wɔ agodi ahorow mu. Na nnuru a ɛma wonya ahoɔden pii wɔ agodi mu te sɛ steroids a wɔde di dwuma no renya nkɔanim wɔ agumadifo a wonnii mfe aduonu no mpo mu.
Enti bere a agumadi kuw bi a obi de ne ho bɛhyem no betumi ama wanya mfaso horow a anohyeto wom no, ebetumi ama wanya akansi honhom mmoroso nso, ahonya kɛse ho adaeso, ne anuonyam ho akɔnnɔ a efi ahantan mu. Ɛda adi sɛ nneɛma yi ne Bible mu afotu a ese ‘ɛnsɛ sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho si kane,’ yɛdɔ sika na yɛhwehwɛ yɛn ankasa anuonyam no bɔ abira. (Galatifo 5:26; Mmebusɛm 25:27; 1 Timoteo 6:10) Sukuu mu agumadi kuw a wobɛdɔm no betumi ama woaba nkɛntɛnso bɔne ase wɔ ɔkwan a emu yɛ den yiye so.
Atipɛnfo Nhyɛso
Akyerɛkyerɛfo taa kamfo hokwan ahorow a agodi ma atipɛnfo ne wɔn ho wɔn ho nya abusuabɔ a emu yɛ den no. Nanso, hokwan yi ara na ɛyɛ asɛnnennen ma Kristofo mmofra. Bible no sɛ: ‘Fekubɔne sɛe suban a mfaso wɔ so.’—1 Korintofo 15:33; 2 Korintofo 6:14.
Nokwarem no, fekubɔ bɛn na wubehyia wɔ agumadifo dan a wosiesie wɔn ho wom no mu? Abofra biako gye tom sɛ: “Na ɔyaw ne kasafĩ pii wɔ hɔ. Na wɔka mmea ho asɛm bere nyinaa na wɔde nhoma horow a nguamansɛm wom ba bɛhwɛ.” Afei nso, kuw honhom a wubenya na wakura mu no taa hwehwɛ sɛ wone wo mfɛfo kuw mufo no bɔ ansa na moadi aguma ne ɛno akyi ne bere a moresɔ mo ho ahwɛ no.
Ampa, ebetumi aba sɛ wobɛtra kuw bi mu nanso wone emufo no remmɔ. Nanso abeawa bi a wadi mfe 14 gye tom sɛ: “Atipɛnfo nhyɛso no mu yɛ den dodo sen sɛnea wubetumi adi agoru awie akɔ fie ara kwa.” Enti Bible no bisa sɛ: “So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew?” (Mmebusɛm 6:27) Mmofra binom a wɔn akuw mufo hyɛɛ wɔn so no akɔ apontow a wɔde nsa a ano yɛ den ne nnubɔne dii dwuma wɔ ase, na wɔbɔɔ ɔbra bɔne ho nnwom penee so ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu dii agoru a ɛmfata wɔ hɔ no ase.
Susuw aberantewa bi a wɔfrɛ no Robert osuahu yi ho. Ose: “Bere a mekɔdɔm kuw no akyi no, nsɛnnennen akɛse sɔree. Mihyiaa nhyɛso a emu yɛ den sɛ mɛbɔ aguaman, anom nnubɔne, abow nsa, na makɔ apontow a basabasayɛ wɔ hɔ ase. Na minnye nni sɛ nneɛma a ɛtete saa bata ntoaso sukuu mu agodi ho. Bere a woredi aguma ne bere a wunni no nyinaa mu no, wɔhwɛ kwan sɛ wonantew, kasa, na woyɛ w’ade te sɛ afoforo no ara pɛ.”
Nea ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu so nso ne nkɛntɛnso a agodi a wode wo ho bɛhyem no benya wɔ wo honhom fam dwumadi ahorow so no. (Hebrifo 10:23-25) Aberantewa Gerald se: “Agoru ne ne sua bere ne Kristofo nhyiam horow bere taa hyia.”
Nneɛma pa a Wode Besi Ananmu
Nokwarem no, ebia wɔde agodi bi ho ntetee bɛma wɔ sukuu sɛ adesua a wɔyɛ no daa no fã bi, na mpɛn pii no mfomso biara nni ho sɛ Kristoni abofra besua bi. Bio nso, tebea no sonsonoe wɔ aman horow so. Nanso, Yehowa Adansefo mmofra taa kwati sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ agodi a wɔyɛ wɔ bere a wɔapɔn sukuu no mu. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ, wo sɛ Kristoni abofra no, rentumi mfa agodi nnye w’ani. Nanso, ɛkyerɛ sɛ ebia ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ nneɛma bi.
Sɛ nhwɛso no, wubetumi ne w’awofo aka pue a mubepue akogye mo ani ho asɛm. Eyi betumi ama w’abusua no ne wo nnamfo anya hokwan adi agoru a ɛho tew. Anaasɛ wubetumi ato nsa afrɛfrɛ Kristofo mmofra bi na moaka baesekre, abɔ bɔɔl, anaasɛ moatu mmirika sɛnea mubetumi.
Nanso, ehia sɛ mokwati akansi honhom mmoroso. Sɛ wɔhyɛ da hyehyɛ agumadikuw ahorow a, ɛkanyan nkonim a wɔpɛ sɛ wodi ɔkwan biara so honhom, ɛmfa ho mpo sɛ agumadifo no nyinaa yɛ Kristofo. Enti ɛtaa yɛ papa sen biara sɛ wɔrenhyɛ da nyɛ nneɛma ho nhyehyɛe ketee. Nokwarem no, sɛ wɔbɛma ɔpanyin bi ahwɛ so no taa yɛ adepa.
Ampa, agoru a wɔanhyɛda anyɛ ho nhyehyɛe mu anigye rennu nea wɔyɛ no wɔ sukuu mu no ho. Nanso w’ani betumi agye ara. Robert sii gyinae sɛ obefi sukuu kuw no mu. Nanso ose: “M’ani da so ara gye agoru a midi no mu yiye. M’ani gye sen kan no mpo. Mprempren sɛ midi agoru a, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ midi nkonim ɔkwan biara so, na minnya akansi honhom nso.”
Kae sɛ bere a ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ aberantewa Timoteo sɛ: “Ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua” no, ɔde kaa ho sɛ “nanso onyamesom pa mu wɔ mfaso ade nyinaa mu.” Ɛda adi sɛ, ogumadifo a obi bɛyɛ no nyɛ Kristoni asetram atirimpɔw. Enti kari pɛ wɔ agodi mu. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɛe bere a wubetumi de ahyɛ wo honhom fam ahoɔden mu den ɔkwan a mfaso wom so no? Kae sɛ: Onyamesom pa wɔ “nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.”—1 Timoteo 4:8.
[Kratafa 15 mfonini]
Di nkonim ɔkwan biara so honhom no di akoten wɔ sukuu mu agodi pii