Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 12/8 kr. 5-9
  • Agodi Mu Nsɛnnennen Nnɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Agodi Mu Nsɛnnennen Nnɛ
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akansi ntraso
  • Sika ne Nsisi
  • Bɛhwɛadefo Ho Nsɛnnennen
  • Ɛsɛ sɛ Mede Me Ho Hyɛ Agumadi Kuw Bi Mu?
    Nyan!—1996
  • Kuw Agumadi—Eye Ma Me?
    Nyan!—1996
  • Agodi a Yɛde Bɛto Ne Beae a Ɛfata
    Nyan!—1991
  • So Menkɔka Sukuu Agumadi No Ho?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 12/8 kr. 5-9

Agodi Mu Nsɛnnennen Nnɛ

NA NKURƆFO ka sɛ agodi ho wɔ mfaso efisɛ ɛma wonya suban pa. Wɔka sɛ agumadi ma wonya anisɔ ma adwumaden, agumadifo a obi yɛ no ne agodi. Nanso nnɛyi nnipa pii bu nsɛm a ɛte saa atosɛm, nyaatwom mpo.

Nkonimdi so dua a wosi titiriw no yɛ asɛnnennen. Seventeen nsɛmma nhoma no frɛ eyi sɛ “agodi fã a enye.” Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea nsɛmma nhoma no kae no, “nkonimdi no ho hia sen nokwaredi, sukuu mu adwuma, akwahosan, anigye ne nneɛma pii a ehia wɔ asetra mu ho a ɛsɛ sɛ wosusuw. Nkonimdi ho behia sen biribiara.”

Wɔde Kathy Ormsby, U.S. kɔlege mu mmirikatufo a ogyee din no suahu yɛɛ awerɛhow a etumi fi agumadi mu nkonimdi a wosi so dua mmoroso mu ba no ho mfatoho. Wɔ June 4, 1986, bere a Kathy adi kɔlege mmea mita 10,000 mmirika mu nkonim a ebi mmae da akyi adapɛn kakraa bi na ɔresi NCAA (National Collegiate Athletic Association) mmirika kane no, ɔman fii ne kwan a ɔnam so no so faa twene bi a ɛbɛn hɔ so na ohuruwii sɛ ɔredi ne ho dɔm. Wanwu, nanso obubui fi ne sisi kosi n’anan ase.

Scott Pengelly, adwene ne nneyɛe ho ɔdenimfo a ɔhwɛ agumadifo no ka sɛ Kathy de no nyɛ nea ebi mmae da. Wɔ Kathy mmɔden a ɔbɔe sɛ odi ne ho dɔm akyi no, Pengelly bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nkurɔfo frɛɛ me wɔ telefon so kae sɛ, ‘Misusuw sɛ eyi fa me ho.’” Mmirikatufo foforo, Mary Wazeter a ɔwɔ Georgetown Sukuupɔn mu a ɔwɔ mmirikatu mu abodin no nso pɛe sɛ odi ne ho dɔm, ohuruw fii twene bi so ma ɔyɛɛ obuabuafo ne nkwa nna a ɛkae nyinaa.

Mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi nkonim, ayɛ nea nkurɔfo hwɛ kwan no mu nhyɛso no betumi ayɛ kɛse, na nea efi huammɔ a wodi mu ba no yɛ awerɛhow. Ɛkaa kakraa a anka Donnie Moore a ɔbɔ baseball ma California Angels maa ne kuw no kaa akuw a na wɔbɛbɔ wɔ 1986 mu wɔ Wiase nyinaa no ho. Nanso obi a ɔbɔ ma Boston bɔe ma ne kuw no dii nkonim wɔ saa akansi no ne Amirikakane no mu. Donnie a ne nnamfo ka sɛ nea wantumi anyɛ no haw n’adwene kɛse no bɔɔ ne ho tuo.

Akansi ntraso

Nnɛyi agodi mu asɛnnennen no biako ne akansi ntraso. Sɛ wɔbɛka sɛ agumadifo no tumi sakra ma wɔn ho yɛ hu no nyɛ nea wɔakama aboro so. Bere a Larry Holmes yɛ akuturukubɔ mu ɔkatakyie no, ɔkae sɛ sɛ edu bere a ɔrebɛko no a, na ɛsɛ sɛ ɔsakra. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Migyae papa no na meyɛ nea enye te sɛ Oduruyɛfo Jekyll ne Owura Hyde.” Agumadifo te ɔhyɛ nka kɛse wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔremma afoforo a wɔte sɛ wɔn no nni wɔn so nkonim no mu.

Obi a anka ɔyɛ bɔɔlbɔ ho ɔfotufo bi kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wunya saa anibere no wɔ wo mu, na biribiara nni hɔ a ɛhyɛ saa anibere no mu den sɛ ɔtan.” Wɔka sɛ Ronald Reagan a anka ɔyɛ U.S. ɔmampanyin no mpo ka kyerɛɛ kɔlege bi bɔɔlbɔ kuw sɛ: “Ɛsɛ sɛ wutumi nya nitan a ɛho tew ma nea wo ne no di asi no. Ɛyɛ nitan a ɛho tew efisɛ bɔɔlbɔ ntade no nkutoo ne ɛho sɛnkyerɛnne.” Nanso so eye ankasa sɛ wunya nitan ma nea wo ne no di asi no?

Bere bi Bob Cousy a anka ɔbɔ baskɛtbɔɔl ma Boston Celtics no kaa ne dwumadi a na ɛne sɛ obesiw Dick Barnett, obi a ɔhyɛ ka pii ma Los Angeles Lakers kwan no ho asɛm. Cousy kae sɛ: “Metraa me dan mu fi anɔpa kosi anwummere. Nea na meyɛ nyinaa ne sɛ midwen na Barnett ho, sɛnea me ne no bɛbɔ bɔɔl no ne sɛnea mɛtan no. Bere a miduu agoprama no so no, na me bo afuw araa ma sɛ Barnett ‘kyiaa me’ a, anka mɛbɔ ne se so.”

Nokwasɛm no ne sɛ, bɔɔlbɔfo taa fi wɔn pɛ mu bɔ mmɔden sɛ wobepira wɔn a wɔne wɔn di asi no, na wotua wɔn saa a wɔyɛ no ho ka. lra Berkow a ɔyɛ atesɛm krataa mu agodi ho sɛnkyerɛwfo no kae sɛ, bɔɔlbɔfo a obetumi apira wɔn a wɔne wɔn di asi no mu bi ma wafi agodi no mu no, ne mfɛfo no “bam no sɛ wabɔ mmɔden. Sɛ otumi bobɔɔ nnipa ɔkwan a ɛyɛ hu yi so pii a, . . . wɔma no akatua wɔ afe no awiei, anaasɛ wɔ bɔɔlbɔfo a wonnyee din pii no fam no, wɔsan ma wɔn adwuma bio. Enti na wɔbɔ bɔɔlbɔfo bi mmran sɛ Atirimɔden Joe Greene, Jack (Odiawuo) Tatum,” ne nea ɛka ka ho.​—The New York Times, December 12, 1989.

Fred Heron a ɔbɔ bɔɔl ma St. Louis bɔɔlbɔ kuw no ka sɛ: “Akwankyerɛfo no kyerɛɛ yɛn sɛ [Cleveland Brownfo] no mu biako kɔn yɛ no yaw. Wɔkae sɛ, sɛ minya hokwan a, ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden yi no fi agoru no mu. Enti agoru no mu no metwetwe koduu ne nkyɛn. Mebɔɔ mmɔden sɛ me de me nsa bɛtew ne ti afi so, eyi ma ogyaa bɔɔl no mu. Me kuw no mufo no kamfoo me. Nanso mihui sɛ ɔda fam hɔ redi yaw. Mibisaa me ho ntɛm ara sɛ: ‘So madan aboa bi? Eyi yɛ agoru, nanso merebɔ mmɔden sɛ medi obi dɛm.”‘ Nanso Heron kae sɛ: “Bɛhwɛadefo no bɔɔ wɔn nsam maa me.”

Nnipa pii ka sɛ opira a wonya fi akansi ntraso mu no yɛ agodi mu asɛnnennen titiriw nnɛ. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, apirafo yi mu ɔpepem pii yɛ mmofra a wɔakyerɛ wɔn agoru a akansi wom yiye fi wɔn mmofraase. Sɛnea U.S. Consumer Product Safety Commission kyerɛ no, afe biara opira a wonya fi agodi mu ma wɔde mmofra ɔpepem anan kɔ ayaresabea na nnuruyɛfo hwɛ bɛyɛ sɛ ɔpepem awotwe wɔ fie.

Mprempren mmofra pii de wɔn opira kɔ so di aguma, ade a mmere bi a atwam enni hɔ. Bere a na mmofra di agoru de gye wɔn ani ara kwa no, sɛ wopira a, wɔkɔ fie na wonni agoru bio kosi sɛ kuru no anaa ɛyaw no begyae. Nanso wɔ agodi a akansi wom yiye mu no, mmofra taa kɔ so di agoru no de pira beae a ɛhɔ yɛ wɔn yaw dedaw no. Robin Roberts a anka ɔbɔ baseball no ka sɛ mpanyimfo titiriw na wɔma asɛnnennen no ba. “Wɔhyɛ mmofra no dodo ​—adwene ne nipadua mu​—bere tenten ansa na wɔanyin.”

Sika ne Nsisi

Agodi mu asɛnnennen foforo ne sɛ sika abɛyɛ nea ehia titiriw wom. Adifudepɛ mmom na akɛntɛn agodi so mprempren na ɛnyɛ agumadifo pa a obi bɛyɛ ne agoru a wobedi wɔ ne kwan so. The Denver Post mu sɛnkyerɛwfo Jay Mariotti kae sɛ: “Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ agodi mu anigye no yerae koraa wɔ 1980 mfe nomu. Ɛba’90 mfe no mu te sɛ tumi a ɛyɛ hu wɔ yɛn amammerɛ mu, adwuma a ɛma wonya dɔla ɔpepehuhaa (ɛyɛ, dɔla ɔpepepem 63.1, nea ɛsõ a ɛto so 22 wɔ Amerika) na ɛtɔ da bi a wɔfrɛ no nsisi adwuma.”

Afe a etwaa mu no, baseball mu akansi mu bɔɔlbɔfo atitiriw 162 a wɔwɔ United States ​—nea ɛboro wɔn mu 5 biara mu 1​—mu biara nya boroo dɔla ɔpepem biako, a biribi te sɛ dɔla ɔpepem abiɛsa yɛ akatua no mu nea ɛsõ sen biara. Mprempren, ɛno akyi afe no, wobetua bɔɔlbɔfo bɛboro 120 mu biara nea ɛboro dɔla ɔpepem abien, ne afoforo 32 a wɔn mu biara begye aboro dɔla ɔpepem abiɛsa, ne anyɛ yiye koraa no, obiako bi wɔ hɔ a obegye aboro dɔla ɔpepem anum, fi 1992 araa akosi 1995! Sika ne akatua akɛse hwehwɛ no abu so titiriw wɔ agodi afoforo mu nso.

Wɔ kɔlegefo agodi mu mpo no, wɔtaa twe adwene si sika so titiriw. Wɔma bɔɔlbɔ akuw a etumi di nkonim no akwankyerɛfo akatua akɛse, wotumi tua wɔn dɔla ɔpepem biako afe biara. Sukuu ahorow a wɔn bɔɔlbɔ akuw bɛfata ama afe awiei akansi wɔ United States no nya dɔla ɔpepem pii​—wɔ nnansa yi afe bi mu no ɔpepem 55. Kɔlege panyin John Slaughter kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛsɛ sɛ football ne baskelball de sika ba, na ɛsɛ sɛ wodi nkonim na wɔanya sika.” Nea efi eyi mu ba ne adeyɛ a ɛkɔ so a ɛsɛ sɛ ɔkwan biara so wodi nkonim ​—na ɛde ɔhaw ba no.

Esiane sɛ bɔɔlbɔfo adwuma no gyina nkonim a wobedi so nti, wɔtaa yɛ biribiara a ɛbɛma wɔadi nkonim. Rusty Staub a anka ɔbɔ baseball no ka sɛ: “Ɛnyɛ agodi bio. Ɛyɛ honam mu adwuma a ɛyɛ hu.” Nsisi wom pii. Chili Davis a ɔbɔ baseball no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ woanwia mu a, ɛkyerɛ sɛ wonnyɛ ade.” New York Mets bɔɔlbɔ kuw muni Howard Johnson ka sɛ: “Wutumi yɛ nea wɔrenkyere wo biara.”

Enti abrabɔ pa sɛe, na eyi yɛ asɛnnennen wɔ kɔlege agodi mu nso. Harold L. Enarson a anka ɔyɛ Ohio State University titrani no gye tom sɛ: “Bɔɔlbɔ akuw ne agumadifo akwankyerɛfo no bi yɛ asisifo na mpanyimfo no bu wɔn ani gu so.” Wɔ nnansa yi afe bi mu no, National Collegiate Athletic Association notwee United States sukuupɔn 21 aso esiane sɛ wɔtoo ne mmara nti, na na wɔrehwɛhwɛ sukuupɔn afoforo 28 nsɛm mu.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ mmofra bɔɔlbɔfo abrabɔ gyinapɛn asɛe, na ɛno nso yɛ asɛnnennen foforo wɔ agodi mu nnɛ. Nnubɔne a wɔde di dwuma na agumadifo no ho ayɛ den no abu so, nanso wɔntaa mpɛ nhomasua. Nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri bi sii so dua sɛ bɔɔlbɔfo a wɔkɔ sukuu a agodi dwumadi ahorow dɔɔso wɔ hɔ no de bere pii bɔ bɔɔl wɔ afe no mu sen nea wɔde sua ade. Aban no nhwehwɛmu bi nso ama ada adi sɛ bɛyɛ sɛ bɔɔlbɔfo 5 mu 1 a wotumi wie Amerika kɔlege ne sukuupɔn nkyem abiɛsa mu biako na wɔwɔ basketball dwumadi ahorow.

Sukuufo agumadifo kakraa bi a awiei koraa no, wɔde agodi yɛ wɔn adwuma na wogye akatua akɛse wɔ mu no mpo bra nsi wɔn yiye. Wontumi nhwɛ wɔn sika so na wɔmfa asetra aniberesɛm. Travis Williams a owui February a etwaam no mu a onni baabi te na ahia no bere a na wadi mfe 45 no yɛ eyi ho nhwɛso ahorow no mu biako pɛ. Wɔ 1967 mu no, bere a na ɔwɔ Green Bay Packers bɔɔlbɔkuw no mu no, ɔyɛɛ ade a obiara nyɛɛ bi da de besi nnɛ wɔ U.S. bɔɔlbɔ mu, sɛ kuw a wɔne wɔn ahyia no bɔ bɔɔl ba a, otumi gye san de wura wɔn mu, sɛ wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a bɛyɛ sɛ mita 37.6. Bere bi ɔkae sɛ ɔwɔ kɔlege no, “na onsua ade. Bɔɔl nkutoo na ɔbɔ.”

Bɛhwɛadefo Ho Nsɛnnennen

Ɛnnɛ nnipa sɛe bere pii de hwɛ agodi sen wɔn ho a wɔde hyɛ mu no, na nsɛnnennen atitiriw afi mu aba. Ade biako ne sɛ agodi ase a wɔbɛkɔ no kyerɛ sɛ wɔde wɔn ho rema bɛhwɛadefo afoforo kasafĩ ne mpo wɔn basabasayɛ suban no. Ɔko taa si wɔ agodi ahorow a nkate a emu yɛ den sɔre wom no ase, na wɔn a wɔkɔhwɛ no ɔhaha pii pirapira na ebinom wuwu.

Nanso nnɛ bɛhwɛadefo no mu pii nkɔ agodi no ase; wɔhwɛ wɔ TV so. Wɔ United States no, TV adwumayɛbea bi a edi agodi ho dwuma nkutoo no de mmere pii yi agodi kyerɛ sen nea TV adwumayɛbea atitiriw no de di dwuma wɔ kaseɛbɔ nsɛm ho! Nanso so asɛnnennen biara nni agodi a obi bɛhwɛ wɔ ne fie no ho?

Ɛnte saa koraa. Ɔbea bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere tenten ni no, me kunu ahu agumadifo no nyinaa mmiako mmiako, na ɛnyɛ ne nko. Ne nnamfo no mu kakraa bi na wɔnhwɛ agodi daa.” Ɔbea yi ka sɛ: “Nea enye koraa wɔ adeyɛ yi mu ne nkɛntɛnso a anya wɔ mmofra no so no.” Ɔde ka ho sɛ: “Ɛyɛ me ahi sɛ me kunu de ne bere hwɛ agodi na onnwen me anaasɛ mmofra no ho.”

So ne nkutoo na ɔka saa? Dabida. Wɔ afie pii mu wɔ wiase no mu fã kɛse no, mmusua ahorow mufo bebree wɔ hɔ a wɔsɛe bere pii dodo de hwɛ agodi na wobu wɔn ani gu abusua no mufo a aka no so. Ɔbea warefo bi a ɔwɔ Brazil ka asiane bi a efi mu ba ho asɛm sɛ: “Ɔdɔ ne ahotoso a ɛda okunu ne ɔyere ntam no betumi asɛe nkakrankakra, na ɛde aware no ato asiane mu.”

Wɔn a wɔn ani gye agodi ho pii no nkari pɛ nso wɔ akwan afoforo so. Wɔtaa de bɔɔlbɔfo no yɛ anyame ma bɔɔlbɔfo no binom ankasa hu sɛ ɛyɛ asɛnnennen. Germanni tennis bɔɔlbɔfo Boris Becker kae sɛ: “Bere a mekɔɔ m’ankasa kurom no, nnipa gyinaa hɔ hwɛɛ me te sɛ wɔregye nhyira afi Paapa hɔ. Bere a mehwɛɛ wɔn a wɔn ani gye me ho no anim no . . . ɛyɛɛ me sɛ merehwɛ nkekaboa bi. Na wɔn ani ayɛ haa a ɛnkeka ne ho.”

Akyinnye biara nni ho sɛ agodi betumi ayɛ te sɛ tumi bi a ɛkyere ade na ɛma wonya anigye ne ahofama a emu yɛ den. Ɛnyɛ bɔɔlbɔfo no dwumadi ne ahokokwaw no nkutoo na ɛtwetwe nnipa no adwene na mmom nea ebefi agoru no mu aba a wonnim no nso. Wɔpɛ sɛ wohu nea obedi nkonim. Afei nso, agodi ma nnipa ɔpepem pii nya anigyede foforo ka nea wobu no sɛ asetra a anigye nnim no ho.

Nanso, so agodi betumi ama nnipa anya anigye? So ebetumi de mfaso horow ankasa bi aba? Na ɔkwan bɛn so na wubetumi akwati emu nsɛnnennen no?

[Kratafa 9 adaka]

Agodi Nyamesom No

Canadani Tom Sinclair-Faulkner aka sɛ sukyerɛmma so a wɔbɔ “hɔki no sen agoru ara kwa wɔ Canada: ɛte sɛ nyamesom ma nnipa pii.” Eyi yɛ su a nnipa pii da no adi wɔ agodi ho no ho nhwɛso a beae biara a wɔte no mfa ho.

Sɛ nhwɛso, no wɔ United States no, wɔafrɛ agodi sɛ “wiase nyamesom pa.” Agodi ho nneyɛe ne adwene mu hwehwɛfo David Cox kae sɛ: “Abusuabɔ ahorow pii wɔ agodi ne sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛ nyamesom ase no ntam.” Owura Cox ka kaa ho sɛ: “Nnipa binom bu agumadifo sɛ anyame anaa ahotefo.” Wɔn a wɔn ani gye agodi ho kɛse no de nneɛma pii bɔ afɔre, wɔsɛe bere ne sika wɔ wɔn agodi ho na ɛtaa ma wɔn mmusua hu amane. Wɔn a wɔn ani gye agodi ho no de nnɔnhwerew pii hwɛ wɔ TV so. Wɔde anigye hyɛ wɔn kuw no ntade na wɔde agodi ho nsɛnkyerɛnne kyerɛ. Wɔde anigye to nnwom na wɔpae mmran a ɛda wɔn adi sɛ wɔpɛ saa agodi no yiye.

Agumadifo pii bɔ mpae mpo srɛ Onyankopon nhyira ansa na wɔafi agoru ase na sɛ wɔhyɛ ka a wɔbɔ mpae da ase. Wɔ 1986 Wiase Nyinaa Bɔɔlbo akansi no mu no, Argentinani bi kae sɛ Onyankopon nsa na ɛma ɔhyeɛ ne ka bi a ɔhyɛe no. Na te sɛ anyamesomfo binom no, wɔfrɛ wɔn a wɔn ani gye agodi ho kɛse no sɛ “kateefo a wɔbata atetesɛm ho.” Kateeyɛ yi na ɛde ɔko ne ɛtɔ mmere bi a awudi ba wɔn a wɔn ani gye agodi ho ntam no.

Te sɛ atoro som no, agodi “wiase nyamesom” no wɔ “ahotefo,” atetesɛrn, ahotefo ho nneɛma ne amanne ahorow ma n’akyidifo no nanso enni mfaso a ɛtra hɔ daa ankasa biara wɔ wɔn asetram.

[Kratafa 7 mfoni]

Wɔtaa pira bɔɔlbɔfo

[Kratafa 8 mfoni]

Agodi a wɔhwɛ wɔ TV so no betumi de akasakasa ɔba abusua mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena