Mmofra Bisa Sɛ . . .
Ɛsɛ sɛ Mede Me Ho Hyɛ Agumadi Kuw Bi Mu?
ASƐM bi a ɛwɔ Seventeen nsɛmma nhoma mu bisae sɛ: “Ade titiriw bɛn koraa na ɛwɔ kuw bi a obi de ne ho bɛhyem mu?” Ɛrema mmuae no, asɛm no kae sɛ: “Morebom adi atirimpɔw koro ho dwuma, enti ɛma moyɛ biako ankasa. Ɛma wuhu sɛnea wo ne afoforo di nsɛm, te sɛ sɛnea wo ne kuw bi bedi ɔhaw ahorow ho dwuma, sɛnea ɛsɛ sɛ woyɛ fakaa na wususuw afoforo ho, ne sɛnea wubegyae nsɛm mu nso.”
Enti, ɛte sɛ nea mfaso wɔ so sɛ wode wo ho bɛhyɛ agumadi a wɔahyehyɛ mu, emu atitiriw no bi ne anigye ne apɔw mu teɛteɛ.a Ebinom mpo kyerɛ sɛ kuw agumadi mu a obi de ne ho bɛhyɛ no boa ma osiesie ne su. Enti mmofra baseball ho akansi bi nnyinasosɛm ne, “Suban, Akokoduru, Nokwaredi.”
Ɔhaw a ɛwom ne sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na agumadi a wɔahyehyɛ ma wodu saa botae ahorow a ɛkorɔn no ho. Kidsports nhoma no ka sɛ: “Wɔ tebea ahorow bi mu no, mmofra a ɛnkyɛ na nneɛma anya wɔn so nkɛntɛnso no sua sɛnea wɔka kasafĩ, wosisi afoforo, wɔne wɔn ko, wohunahuna wɔn, na wopira wɔn.”
Ɛsɛ sɛ Wudi Nkonim Ɔkwan Biara So?
Asɛm bi gye toom wɔ Seventeen mu sɛ: “Yɛwɔ ɔfã a enye koraa wɔ agumadi mu, baabi a nkurɔfo de wɔn adwene si nkonimdi so kɛse.” Eyi ne Bible nsɛm no bɔ abira: “Mommma yɛmmpɛ anuonyamhunu nnyiyi yɛn ho abufuw nntentan yɛn ho.” (Galatifo 5:26) Bere a adamfofa kwan so akansi kakraa bi betumi de anigye ne ahurusidi aba agodie bi mu no, akansi honhom a ɛboro so no betumi de ɔtan aba—na ayi anigye no afi agodie no mu.
Jon, a kan no na ɔyɛ ntoaso sukuu bɔɔlbɔfo no ka sɛ: “Ná yɛwɔ agumadi kyerɛfo bi a na wabɔ dam ankasa; na ɔteɛteɛm gu yɛn so bere nyinaa . . . Misuroe sɛ mɛkɔ akogye ɛho ntetee. . . . Metee nka sɛ nea mewɔ nnadeban mu.” Ɛwom sɛ ɛnyɛ agumadi akyerɛfo nyinaa na wɔyeyaw nnipa de, nanso wɔn mu pii si nkonimdi so dua dodo. Nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ: “Agumadifo pii . . . du baabi a, adesoa a wontumi a ɛne nkonimdi bunkam akansi mu anigye so.” Dɛn na ebetumi afi mu aba?
Science News bɔɔ amanneɛ sɛ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ bɔɔl ne baskɛtbɔɔl bɔfo a wɔkɔ kɔlege “ɔha biara mu 12 bɔɔ amanneɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, wohyia ɔhaw wɔ nneɛma anum mu abien mu: adwenemhaw, honam mu haw, nnubɔnenom anaa asabow a ɛyɛ den sɛ wɔbɛkwati, adwene ne honam mu nsɛnnennen, ne mmɔden a wɔmmɔ wɔ nhomasua mu.” On the Mark nhoma no bɔ asɛm koro no ara ho amanneɛ sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔde ne ho hyɛ agumadi a wɔahyehyɛ mu no gye tom sɛ nnubɔnenom ho haw kɛse bi wɔ agumadi afã nyinaa mu.”
Abrabɔ Pa a Wogyae
Nkonimdi ho nhyɛso nso betumi ama ogumadifo kumaa bi abu adwempa ne nokwaredi ho gyinapɛn ahorow a ntease wom so. Your Child in Sports nhoma no ka sɛ: “Wɔ ɛnnɛ agumadi wiase mu no, ɛnyɛ sɛ nkonim a wobedi yɛ papa kɛkɛ; ɛno nko ara ne ade a wɔhwehwɛ. Ɛnyɛ sɛ nkogu a wobedi nye kɛkɛ, ɛyɛ ade a wɔnhwehwɛ.”
Nokwasɛm foforo a ɛyɛ yaw ne sɛ: Agumadi akyerɛfo taa hyɛ agumadifo no kɛse sɛ wompira wɔn a wonni wɔn afã no. Asɛm bi a ɛwɔ Psychology Today mu kae sɛ: “Sɛ wobɛyɛ mmɔdenbɔfo wɔ agumadi mu a, ɛsɛ sɛ wo tiri mu yɛ den. Anaa saa na agumadifo, agumadi kyerɛfo ne wɔn a wɔn ani gye agumadi ho no mu pii gye di.” Ɔbarima bi a ɔde bɔɔlbɔ ayɛ n’adwuma ka ne suban a ɔda no adi da biara no ho asɛm sɛ “ɔkasa brɛoo, osusuw afoforo ho na ɔwɔ adamfofa su.” Nanso sɛ edu bɔɔlbɔ so a, onya suban foforo. Ɔreka bere a ɔrebɔ bɔɔl ho asɛm no, ɔka sɛ: “Mebɛyɛ obi a ne tiri mu yɛ den na ɔtan afoforo. . . . Me tirim bɛyɛ den kɛse. Minni obu biara ma onipa a merehyia no no.” Mpɛn pii no, agumadi akyerɛfo hyɛ suban a ɛte saa ho nkuran.
Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ: ‘Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre.’ (Kolosefo 3:12) Sɛ wutie nsɛm a ɛkanyan nkate a ɛrehyɛ wo nkuran sɛ pira wɔn a wonni w’afã, bubu wɔn, na di wɔn dɛm no daa a, wubetumi anya su horow a ɛte saa? Robert a wadi mfe dunsia gye tom sɛ: “Mede me ho ahyɛ agumadi a wɔahyehyɛ mu. Wunnwen onii ko a wupira no ho bere tenten a wudi nkonim no.” Seesei a ɔyɛ Kristoni a wɔabɔ no asu no, ne nsusuwii asesã. Ɔka sɛ: “Merenyɛ saa bio da.”
Ɔhonam mu Mmɔdenbɔ Anaa Ɔhonam mu Pira?
Ade a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so nso ne honam fam asiane horow no. Nokwarem no, sɛ ayɔnkofo de wɔn ho hyɛ agumadi mu de gye wɔn ani mpo a, etumi de asiane ahorow ba. Nanso asiane no yɛ kɛse pii bere a wɔkyerɛ mmofra sɛ wɔmmɔ mmɔden nyɛ sɛ wɔn a wɔde ayɛ wɔn adwuma no.
Your Child in Sports nhoma no ka sɛ: “Wɔn a wɔde agumadi ayɛ wɔn adwuma no betumi apira. Nanso wɔyɛ mpanyimfo a wɔn ho akokwaw yiye, wɔwɔ ahoɔden, wofi ɔpɛ mu de wɔn ho to asiane a ɛbɛma wɔapira mu na wɔma wɔn akatua kɛse sɛ wɔyɛ saa. Bio nso, mpɛn pii no, wonya ntetee a edi mu sen biara, adwinnade, ne aduruyɛ mu ɔhwɛ a ɛsen biara. . . . Sukuu mmofra nni mfaso horow a ɛte saa.” Wɔka kyerɛ Kristofo sɛ ‘wɔmfa wɔn nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani.’ (Romafo 12:1) Ɛnsɛ sɛ wudwen wo nipadua a wode besi hɔ ama asiane ahorow a ɛho nhia anaa ntease nnim no ho mprenu?
Nneɛma Foforo a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho
Sɛ ɛte sɛ nea akwahosan ho asiane a ɛwɔ agumadi a wɔahyehyɛ mu sua mpo a, ɛda so ara gye bere. Ɛnyɛ sɛ bere a wode nya ɛho ntetee no bɛtew w’abusua asetra so nko, na mmom ebegye wo bere a anka ɛsɛ sɛ wode sua ade de yɛ ofie adwuma no mu fã kɛse. Science News bɔɔ amanneɛ sɛ na kɔlegefo a wɔyɛ agumadifo no taa nya “nhomasua mu abodin a ɛba fam” sen sukuufo foforo a wɔde wɔn ho hyɛɛ sukuu akyi dwumadi afoforo mu no. Nea ehia titiriw no, agumadi kuw bi mu a wode wo ho bɛhyɛ no ma ɛyɛ den sɛ wode nea Bible frɛ no “nneɛma a eye koraa no”—honhom fam nneɛma—bedi dwuma. (Filipifo 1:10) Bisa wo ho sɛ, ‘Kuw no a mede me ho bɛhyɛ mu no bɛhwehwɛ sɛ metoto Kristofo nhyiam ahorow mu, anaa ɛbɛma kyɛfa a minya wɔ asɛnka adwuma no mu so atew?’
Afei nso, susuw nea ebetumi afi nnɔnhwerew pii a wubedi wɔ mmofra ne mpanyimfo a wɔne wo nyɛ adwene wɔ abrabɔ, kasa a ɛho tew, anaa akansi ho mu aba no ho yiye. Anyɛ yiye koraa no, Bible ka sɛ “nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33) Sɛ nhwɛso no, susuw asɛm bi a ɛwɔ kratafa a wɔka nsɛntitiriw wɔ hɔ wɔ The New York Times mu no ho: “Ɔdan a wosiesie wɔn ho wom no . . . yɛ baabi a mmarima bɔ mmea nipadua ho nkɔmmɔ wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm a wɔka no pen mu, baabi a wɔhoahoa wɔn ho sɛ ‘wɔatumi anya mmea ne wɔn ada’ na wɔde mmea a wɔhwe wɔn di agoru.” Sɛ wopaw sɛ wobɛtra baabi a ɛte saa a, dɛn na wo honhom fam tebea bɛyɛ?—Fa toto Yakobo 3:18 ho.
Gyinae a Nyansa Wom a Wubesi
Woresusuw ho sɛ wode wo ho bɛhyɛ agumadi kuw bi mu? Ɛnde ebia nsɛm a yɛasusuw ho dedaw no bɛboa wo ma woasusuw nea ɛwom ho. Sɛ woresi wo gyinae a, susuw afoforo ahonim ho. (1 Korintofo 10:24, 29, 32) Nokwarem no, esiane sɛ nsɛm tebea gu ahorow wɔ wiase nyinaa nti, yɛrentumi nhyɛ mmara katee bi. Wɔ mmeae bi no, ebia wɔhwehwɛ mpo sɛ sukuufo de wɔn ho bɛhyɛ agumadi mu. Nanso sɛ w’adwene mu yɛ wo naa a, wo ne w’awofo anaa Kristoni bi a ne ho akokwaw nsusuw asɛm no ho.
Kristofo mmofra pii asi gyinae a ɛyɛ den sɛ wɔremfa wɔn ho nhyɛ kuw agumadi mu. Sɛ wowɔ ahoɔden na w’ani gye agumadi ho a, eyi renyɛ mmerɛw! Nhyɛso a efi akyerɛkyerɛfo, agumadi kyerɛfo, ne awofo hɔ no betumi ama w’abasamtu no ayɛ kɛse. Abofra Jimmy gye tom sɛ: “Mihu sɛ na ɛsɛ sɛ mehyɛ me ho so na mamfa me ho anhyɛ mu. Ná me papa a ɔnyɛ gyidini no yɛ ogumadifo kɛse wɔ ne ntoaso sukuu nna mu. Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den ma me sɛ meremfa me ho nhyɛ kuw bi mu.” Sɛ ɛte saa mpo a, awofo agyidifo ne Kristofo a wɔn ho akokwaw wɔ asafo no mu betumi ayɛ pii de aboa wo ma woakura wo gyinaesi mu. Jimmy ka sɛ: “Meda me maame ase. Ɛtɔ mmere bi a, nhyɛso a ɛne sɛ memfa me ho nhyɛ agumadi mu no ma mebotow. Nanso ɔwɔ hɔ bere nyinaa sɛ ɔbɛkae me botae ankasa a mewɔ wɔ asetra mu.”
Kuw agumadi betumi ama wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ mu no ayɛ biako na wɔahu sɛnea wodi ɔhaw ho dwuma. Nanso hokwan pii wɔ hɔ a wode besua nneɛma a ɛtete saa no denam adwuma a wobɛyɛ wɔ Kristofo asafo no mu so. (Fa toto Efesofo 4:16 ho.) Kuw agumadi betumi ayɛ anigye nso, nanso ɛnsɛ sɛ wode wo ho hyɛ kuw bi mu ansa na w’ani agye. Wo ne Kristofo a wɔyɛ wo nnamfo betumi de agumadi agyegye mo ani wɔ afikyiri anaa mo hɔnom agodibea bi. Nhyehyɛe a mmusua yɛ de pue betumi ama wɔanya hokwan foforo a wɔde begye wɔn ani wɔ ɔkwan pa so. Greg a wadi mfe 16 ka sɛ: “Eye kyɛn so koraa sɛ wo ne afoforo a wofi wo asafo mu bedi agoru. Moyɛ de gye mo ani kɛkɛ, na wo ne wo nnamfo na ɛwɔ hɔ!”
Nokwarem no, ebia agoru a mudi wɔ afikyiri mu anigye no renyɛ sɛ kuw bi a adi nkonim mu a wowɔ no de. Nanso, mma wo werɛ mmfi da sɛ, aboro so koraa no, “ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu.” (1 Timoteo 4:8) Nya onyamesom pa ahofama, na wobɛyɛ nkonimdifo wɔ Onyankopɔn ani so!
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Kuw Agumadi—Eye Ma Me?” a epuei wɔ March 8, 1996, de no mu no.
[Kratafa 24 mfonini]
“Yenyaa agumadi kyerɛfo bi a na wabɔ dam ankasa; na ɔteɛteɛm gu yɛn so bere nyinaa . . . Misuroe sɛ mɛkɔ akogye ho ntetee”
[Kratafa 25 mfonini]
Mpɛn pii no, agumadi akyerɛfo si nkonimdi so dua—sɛ ɛsɛ sɛ wopira afoforo mpo a