Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo?
“Nea ɛma akyerɛkyerɛfo dodow no ara paw wɔn adwuma no ne ade a wɔyɛ de boa afoforo no. [ Adekyerɛ yɛ] nhyehyɛe a wɔyɛ de boa mmofra kɛse wɔ wɔn asetra mu.”—Teachers, Schools, and Society.
ƐWOM sɛ akyerɛkyerɛfo binom ma ɛyɛ sɛ nea adekyerɛ nyɛ den de, nanso ebetumi ayɛ nea akwanside pii wom—adesuakuw a emu nnipa dɔɔso ano a wubegyina, akyerɛkyerɛw bebrebe, nkrataasɛm pii, sukuufo asoɔden, ne akatua a esua. Pedro a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Madrid, Spain, ka ho asɛm saa kwan yi so sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo a wobɛyɛ nna fam koraa. Egye ahofama pii. Nanso, nsɛnnennen no nyinaa akyi no, meda so ara gye di sɛ adekyerɛ yɛ adwuma a mfaso kɛse wɔ so sen aguadi.”
Asɛyɛde no mu betumi ayɛ duru wɔ aman dodow no ara sukuu ahorow a ɛwɔ nkurow akɛse mu no mu. Nnubɔnenom, nsɛmmɔnedi, ɔbrasɛe a wɔnyɛ ho hwee, ne ɛtɔ mmere bi a awofo anibiannaso sɛe sukuu mu tebea ne osetie a wɔbɛyɛ paa. Atuatew wɔ baabiara. Ɛnde, dɛn nti na nnipa a wɔfata pii paw sɛ wɔbɛyɛ akyerɛkyerɛfo?
Leemarys ne Diana yɛ akyerɛkyerɛfo wɔ New York Kuropɔn mu. Wɔkyerɛ mmofra a wɔwɔ kindergarten (mmotafowa sukuu) kosi wɔn a wɔadi mfirihyia du so ade. Wɔn baanu nyinaa te kasa abien (Engiresi ne Spania) na wɔkyerɛ wɔn a wɔka Spania kasa mma ade titiriw. Ná yɛn asɛmmisa no ne . . .
Dɛn na Ɛhyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Nkuran?
Leemarys kae sɛ: “Ade a ɛhyɛ me nkuran? Mmofra ho dɔ a mewɔ no. Minim sɛ mmofra binom fam no, me nkutoo ne obi a mereboa wɔn wɔ wɔn adesua mu.”
Diana kae sɛ: “Mekyerɛɛ me nuabarima ba a na adesua yɛ no den wɔ sukuu—titiriw akenkan—no ade. M’ani gyei kɛse sɛ mihui sɛ ɔne afoforo resua ade! Enti misii gyinae sɛ mepɛ sɛ mekyerɛ ade, na migyaee me sikakorabea adwuma no.”
Nyan! bisaa akyerɛkyerɛfo a wofi aman pii so asɛnkoro no ara, na mmuae a wonyae ho nhwɛso bi na edidi so yi.
Giuliano, Italyni bi a ɔwɔ ne mfirihyia 40 mu, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mepaw saa adwuma yi efisɛ bere a na meyɛ sukuuni (saa bere) no na m’ani gyee ho. Mibuu no sɛ adwuma a ɛma wutumi bɔ wo tirim yɛ biribi na wokanyan afoforo. Anigye a minyaa no mfiase no boaa me ma midii ɔhaw ahorow a mihyiae wɔ m’adwuma no mfiase no so.”
Nick a ofi New South Wales, Australia kae sɛ: “Na adwuma ho yɛ den wɔ nnuru mu nhwehwɛmu adwuma a na meyɛ no mu, nanso na adwuma hokwan pii wɔ adekyerɛ mu. Efi saa bere no, m’ani agye adekyerɛ ho, na ɛte sɛ nea sukuufo no ani gye m’adekyerɛ nso ho.”
Mpɛn pii na awofo nhwɛso ayɛ ade titiriw a ɛma nkurɔfo paw sɛ wɔbɛyɛ akyerɛkyerɛfo. William a ofi Kenya yii yɛn asɛmmisa no ano sɛ: “Me papa a na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ afe 1952 mu tɔnn no na ɔma minyaa adekyerɛ ho anigye kɛse. Nim a minim sɛ merenwene mmofra adwene no yɛ ade a ama makɔ so ayɛ saa adwuma yi.”
Rosemary a ofi Kenya no nso ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Ná ayɛ me pɛ bere nyinaa sɛ mɛboa wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ. Enti na mepɛ sɛ meyɛ ɔyarehwɛfo anaa ɔkyerɛkyerɛfo. Adekyerɛ ho kwan na edii kan bae. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mesan yɛ ɛna no ama anigye a mewɔ wɔ adwuma no mu ayɛ kɛse.”
Ɛsono adwene a ɛmaa Berthold a ofi Düren, Germany, kɔkyerɛɛ ade: “Me yere ma metee ase sɛ mɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa.” Na ɛbaa mu saa. Ɔde kaa ho sɛ: “M’adwuma no ma minya anigye kɛse mprempren. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi anhu mfaso a ɛwɔ nhomasua so na onni mmofra ho anigye a, ontumi mmɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a n’adwuma tu mpɔn, a ɔwɔ anigye ne abotɔyam.”
Japanni kyerɛkyerɛfo, Masahiro a ofi Nakatsu Kuropɔn mu, kae sɛ: “Nea ɛma mebɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne ɔkyerɛkyerɛfo mmɔdenbɔfo bi a minyaa no wɔ mfinimfini sukuu mu afe a edi kan no. Ofi ahofama mu kyerɛɛ yɛn ade ankasa. Na ade titiriw nti a makɔ so ayɛ m’adwuma no ne sɛ m’ani gye mmofra ho.”
Ná Yoshiya a mprempren wadi mfirihyia 54 a ɔno nso fi Japan no yɛ adwinnan mu adwuma a ogye akatua kɛse, nanso ɔtee nka sɛ adwuma no ne kar a ɔforo di akɔneaba no ayɛ no akoa. “Da koro, mekaa no me tirim sɛ, ‘Enkosi da bɛn na mɛkɔ so atra saa tebea yi mu?’ Misii gyinae sɛ mɛhwehwɛ adwuma a ɛbɛma mayɛ nnipa ho adwuma sen sɛ mɛyɛ nneɛma ho adwuma. Adekyerɛ yɛ adwuma a ɛyɛ soronko. Wo ne mmofra na ɛyɛ adwuma. Ɛma wudwen nnipa ho.”
Valentina a ofi St. Petersburg, Russia no nso anisɔ adekyerɛ ho ade yi. Ɔkae sɛ: “Adekyerɛ yɛ adwuma a m’ani gye ho. Makyerɛ ade wɔ mfitiase sukuu mu mfirihyia 37 ni. M’ani gye adwuma a me ne mmofra yɛ no ho, titiriw mmofra nkumaa. M’ani gye m’adwuma no ho, na ɛno nti na minnya nkɔɔ pɛnhyen no.”
William Ayers a ɔno ankasa yɛ ɔkyerɛkyerɛfo no, kyerɛwee sɛ: “Wɔfa nkurɔfo adekyerɛ mu esiane sɛ wɔn ani gye mmofra ne mmabun ho nti, anaasɛ wɔn ani gye wɔne wɔn fekubɔ ho, wɔhwɛ wɔn bere a wɔrenyin na wotumi yɛ nneɛma pii, wɔbɛyɛ wɔn a wɔfata pii, na wobenya tumi kɛse wɔ wiase no mu no. . . . Nkurɔfo kyerɛ ade . . . sɛ ɔkwan a wɔfa so de wɔn ho bɔ afɔre ma afoforo. Mekyerɛ ade, a m’anidaso ne sɛ ɛbɛma wiase ayɛ yiye.”
Yiw, ɛmfa ho nsɛnnennen ne akwanside ahorow no, mmea ne mmarima a wɔwɔ ahofama mpempem pii na wɔbɛyɛ akyerɛkyerɛfo. Ɔhaw akɛse a wohyia no bi ne dɛn? Asɛm a edi hɔ no besusuw saa asɛmmisa no ho.
[Adaka wɔ kratafa 6]
Akyerɛkyerɛfo ne Awofo Nkitahodi Ho Nyansahyɛ Ahorow
✔ Hu awofo no. Eyi nyɛ bere sɛe. Ɛyɛ bere a wɔde di dwuma ma afanu no nya so mfaso. Ɛyɛ hokwan a wonam so ne wɔn a wobetumi aboa wo yiye benya abusuabɔ.
✔ Wo ne wɔn nkasa sɛ awofo—mmu wɔn abomfiaa. Mfa nsɛmfua a akyerɛkyerɛfo nkutoo na wɔte ase nni dwuma.
✔ Sɛ woreka mmofra no ho asɛm a, ka wɔn ho nsɛm a ɛhyɛ nkuran. Nkamfo tu mpɔn pii sen kasatia. Ka nea awofo no betumi ayɛ de aboa abofra no ma wadi yiye ho asɛm.
✔ Ma awofo no nkasa, na yɛ aso tie wɔn.
✔ Hu abofra no fie nsɛm tebea. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kɔ fie hɔ.
✔ Monhyɛ bere foforo a mobɛsan ahyia asusuw nsɛm ho. Ɛho hia sɛ wudi nneɛma a moaka no ho dwuma. Ɛkyerɛ sɛ anigye a woda no adi no yɛ nokware turodoo.—Egyina Teaching in America so.
[Mfonini wɔ kratafa 6]
‘Na me papa nso yɛ ɔkyerɛkyerɛfo.’—WILLIAM, KENYA
[Mfonini wɔ kratafa 7]
“M’ani gye adwuma a me ne mmofra no ho.”—VALENTINA, RUSSIA
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]
“Adekyerɛ yɛ adwuma a ɛyɛ soronko. Wone mmofra na ɛyɛ adwuma.”—YOSHIYA, JAPAN