Adekyerɛ—Emu Abotɔyam ne Anigye
“Dɛn na ɛma mekɔ so yɛ? Ɛwom sɛ adekyerɛ betumi ayɛ nea ɛyɛ den na ɔbrɛ wom de, nanso sɛ mihu sɛ mmofra no nyinaa ani agye adesua ho na wɔrenya nkɔso a, ɛhyɛ me nkuran ma mekɔ so.”—Leemarys, ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ New York Kuropɔn mu.
NSƐNNENNEN, akwanside, ne abasamtu nyinaa akyi no, akyerɛkyerɛfo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa de animia reyɛ adwuma a wɔapaw no. Na dɛn na ɛhyɛ sukuufo mpempem pii ma wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛfata abɛyɛ akyerɛkyerɛfo bere a wonim sɛ wɔrennya nidi? Dɛn na ɛma wɔkɔ so yɛ?
Inna, Russiani a ɔyɛ sukuu kyerɛkyerɛfo no, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ sukuufo a wokyerɛɛ wɔn ade no abɛyɛ mpanyimfo, na wɔreka sɛ nneɛma a wosua fii wo hɔ no so aba wɔn mfaso paa. Sɛ wɔka sɛ wɔde anigye kae mfe a wodii wɔ wo nkyɛn no a, ɛhyɛ nkuran yiye.”
Giuliano, ɔkyerɛkyerɛfo a yɛfaa n’asɛm kae wɔ nsɛm a edi kan no mu no kae sɛ: “Abotɔyam a ɛsen biara no mu biako ne sɛ wubehu sɛ woatumi akanyan sukuuni bi anigye wɔ adesua bi mu. Sɛ nhwɛso no, bere a mekyerɛkyerɛɛ abakɔsɛm mu ɔsɛmpɔw bi mu wiei no, sukuufo no bi kae sɛ: ‘Nnyae. Ka pii kyerɛ yɛn!’ Nsɛm a wofi komam ka saa no tumi ma anɔpa bi a nneɛma nkɔ yiye yɛ anigye wɔ sukuu mu efisɛ wuhu sɛ woama mmofra no anya biribi foforo ho anigye. W’ani gye sɛ wubehu sɛ wɔn anim ayɛ sereserew esiane sɛ wɔate adesua bi ase nti.”
Elena, ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Italy no kae sɛ: “Migye di sɛ yɛtaa nya abotɔyam pii wɔ nneɛma nketewa a yɛyɛ no daa mu, wɔ nneɛma nketewa a mmofra no tumi yɛ no mu mmom sen nneɛma akɛse a ɛntaa mma mu no mu.”
Connie, Australiani bi a ɔwɔ ne mfirihyia 30 mu kae sɛ: “Ɛyɛ nea mfaso wɔ so paa sɛ sukuuni bi a woakyerɛ no ade a w’ani gye ne ho begye bere akyerɛw krataa de akyerɛ anisɔ wɔ wo mmɔdenbɔ ho.”
Oscar a ofi Mendoza, Argentina, kura adwenkoro no ara: “Sɛ me sukuufo hyia me abɔnten so anaa baabi foforo na wɔkyerɛ anisɔ wɔ ade a makyerɛ wɔn no ho a, ɛma mete nka sɛ mfaso wɔ so ankasa.” Angel a ofi Madrid, Spain, kae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ abotɔyam a ɛsen biara a minya wɔ me ho a mede ahyɛ adwuma a ɛyɛ den nanso anigye wom yi mu ne sɛ mehu sɛ mmofra a makyerɛ wɔn ade no bɛyɛ mmarima ne mmea a wɔwɔ suban pa, a ne fã gyina mmɔden a mebɔe wɔ wɔn ho so nti.”
Leemarys, a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no, kae sɛ: “Mete nka ankasa sɛ akyerɛkyerɛfo yɛ nnipa soronko. Ɛnyɛ nwonwa nso sɛ yɛafa asɛyɛde kɛse a ɛte saa ato yɛn ho so. Nanso, sɛ wubetumi ayɛ mmoa a—sɛ́ ɛyɛ mmofra du anaa biako pɛ no—woayɛ w’adwuma, na ɛyɛ anigye yiye. Anigye na wode yɛ.”
So Woada W’akyerɛkyerɛfo Ase?
Wo, sɛ́ sukuuni anaa ɔwofo no, so woada ɔkyerɛkyerɛfo bi ase wɔ ne bere, n’ahoɔden, ne wo ho anigye a ɔkyerɛe no ho pɛn? Anaasɛ woakyerɛw krataa akɔda ase pɛn? Arthur a ofi Nairobi, Kenya, kaa asɛntitiriw bi: “Nkamfo nso ma akyerɛkyerɛfo ani gye. Ɛsɛ sɛ aban, awofo, ne sukuufo kyerɛ obu kɛse ma wɔn ne nnwuma a wɔyɛ no.”
Nhoma kyerɛwfo a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo LouAnne Johnson kyerɛwee sɛ: “Krataa a ɛnhyɛ nkuran biako biara a me nsa ka fa ɔkyerɛkyerɛfo bi ho no, me nsa ka nea ɛhyɛ nkuran ɔha, na esi gyidi a mewɔ so dua sɛ akyerɛkyerɛfo pa dɔɔso pii sen wɔn a wɔnyɛ papa no.” Anigyesɛm ne sɛ, nnipa pii bɔ paa sɛ “wɔmmoa mma wɔnhwehwɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔkyerɛɛ wɔn ade. Nkurɔfo pɛ sɛ wohu wɔn akyerɛkyerɛfo na wɔda wɔn ase.”
Akyerɛkyerɛfo na wɔto obi nhomasua nhyɛase a ɛho hia no. Abenfo a wonim nhoma yiye a wɔwɔ sukuupɔn a agye din sen biara mu mpo de akyerɛkyerɛfo a wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden kanyan wɔn ma wonyaa anigye wɔ nhomasua, nimdeɛ ne ntease ho no ka. Arthur a ofi Nairobi ka sɛ: “Akyerɛkyerɛfo akyerɛ mpanyimfo atitiriw a wɔwɔ aban ne ankorankoro nnwuma mu no nyinaa ade pɛn wɔ wɔn asetram bere bi.”
Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛda saa mmea ne mmarima a wɔkanyan yɛn anigye, yɛn adwene ne yɛn koma, na wɔkyerɛɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yedi nimdeɛ ne ntease ho anigye a yɛwɔ no ho dwuma no ase!
Hwɛ aseda kɛse a ɛsɛ sɛ yɛde ma Ɔkyerɛkyerɛfo Pumpuni, Yehowa Nyankopɔn, a ɔma wɔkyerɛw nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 2:1-6 no: “Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ asõ atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease, yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease, sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu [Yehowa, NW] suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ. Na [Yehowa, NW] na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.”
Hyɛ asɛmfua “sɛ” a epue mpɛn anan wɔ asɛm a ɛkanyan adwene no mu no nsow. Wode hwɛ, sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yebegye saa asɛyɛde no atom a, yebetumi ‘ahu Onyankopɔn ho nimdeɛ’! Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛno ne adesua a ɛsen biara.
[Adaka wɔ kratafa 13]
Ɔwofo a Ɔwɔ Anigye
Ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ New York Kuropɔn mu nsa kaa krataa a edi so yi:
“Mifi me komam tɔnn ne me kra nyinaa mu da wo ase wɔ nea woayɛ ama me mma no ho. Wonam ɔhwɛ, ayamye, ne nimdeɛ so aboa wɔn ma wɔadi yiye a minnye nni sɛ sɛ ɛnyɛ wo a anka wobetumi adu baabi a wɔadu yi. Woama midi me mma no ho ahurusi kɛse—ade a me werɛ remfi da. Misi ha kyia wo pii, S.B.”
Wunim ɔkyerɛkyerɛfo bi a wubetumi ahyɛ no nkuran?
[Mfonini wɔ kratafa 12]
‘Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ wo sukuufo no anim ayɛ sereserew esiane sɛ wɔate adesua bi ase nti.’—GIULIANO, ITALY
[Mfonini wɔ kratafa 13]
‘Ɛyɛ nea mfaso wɔ so paa sɛ sukuuni bi begye bere de akyerɛw krataa de akyerɛ anisɔ.’— CONNIE, AUSTRALIA