Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 3/8 kr. 31
  • Ɛwo—Ade a Ɛyɛ Dɛ na Ɛsa Yare

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛwo—Ade a Ɛyɛ Dɛ na Ɛsa Yare
  • Nyan!—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyansa Ye Sen Sika
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
Nyan!—2002
g02 3/8 kr. 31

Ɛwo—Ade a Ɛyɛ Dɛ na Ɛsa Yare

ADURUYƐ mu nhwehwɛmufo bi ani agye nneɛma titiriw bi a ɛwɔ ɛwo mu a ɛko tia kuru mu mmoawa ne ahonhon no ho. The Globe and Mail atesɛm krataa a ɛwɔ Canada no bɔ amanneɛ sɛ: “Nea ɛnte sɛ nnuru a ano nyɛ den a edu baabi a entumi nko ntia mmoawa a wɔn ani yɛ den no bio no, anyɛ yiye koraa no, ɛwo tumi kum kuru mu mmoawa a wɔn ani yɛ den no.”

Dɛn na ɛwɔ ɛwo mu a ɛma etumi sa yare? Nea ɛma ɛba saa ne ɔdowa a ɔtwe nhwiren mu nsu de yɛ ɛwo no. Ade bi wɔ ɔdowa ano nsu mu a wɔfrɛ no glucose-oxidase, aduannuru titiriw bi a ɛyam glucose a ɛwɔ nhwiren nsu no mu no. Sɛ wɔyam glucose no a, ɛma wonya hydrogen peroxide, aduru a wɔde siesie kuru. Mpɛn pii no, sɛ wɔde hydrogen peroxide yɛ kuru mu a, ɛso mfaso yɛ bere tiaa bi; nanso ɛwo so mfaso no yɛ soronko. Globe amanneɛbɔ no ka sɛ: “Sɛ wɔde ɛwo to kuru so a, ɛne nsu a efi nipadua no mu di afra, na eyi ma nsu yerɛyerɛw a ɛwɔ ɛwo mu no so tew.” Aduannuru no yɛ adwuma bere a nsu yerɛyerɛw no so atew no. Ɛde nkakrankakra yam asikre a ɛwɔ ɛwo no mu nyinaa. Saa adeyɛ yi ma wonya hydrogen peroxide a ɛsɛ a ebetumi akum ɔyare mmoawa no na bere koro no ara no ɛrenhaw mmeae a kuru no nkae no.

Sɛnea Globe kyerɛ no, nneɛma pii wɔ ɛwo mu a ebetumi akum kuru. “Ɛwo ketewaa bi ma kuru no fɔw na ɛbɔ were no ho ban na amma anyɛ denneennen. Ɛwo ma mogya foforo ba were no mu na ɛkanyan nkwammoaa no ma wɔyɛ were foforo. Afei nso, nneɛma a ɛwɔ ɛwo mu a ɛpam mmoawammoawa no kura nneɛma bi a ɛmma honam no nhon, ɛma mogya bɔ yiye na ɛmma kuru ‘mfi nsu.’”

Amanneɛbɔ no bɔ kɔkɔ sɛ: “Nanso, ɛnyɛ obiara na ɛwo ye ma no.” Wobu akontaa sɛ botulin aduru wɔ ɛwo ɔha biara mu nkyem 5 mu. Nnwumakuw te sɛ Health Canada Botulism Reference Service ne mmofra ayaresabea ahorow tu fo sɛ enye sɛ wɔde ɛwo bɛma mmofra a wonnya nnii afe biako no efisɛ “saa bere no na nkokoaa nnyaa nsono mu mmoawa a ɛbɔ wɔn ho ban fi ɔyare mmoawa ho no.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena