Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb16 October kr. 5
  • Nyansa Ye Sen Sika

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyansa Ye Sen Sika
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nyansa Bɔ Onipa Ho Ban”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Ɛwo—Ade a Ɛyɛ Dɛ na Ɛsa Yare
    Nyan!—2002
  • “Nhyira Ne Onipa a Ohu Nyansa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nyansa Reteɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
mwb16 October kr. 5

BIBLE MU AKORADE | MMEBUSƐM 12-16

Nyansa Ye Sen Sika

Nea Yɛaprente
Nhoma mmobɔwee ne sika gu nsenia so; nhoma mmobɔwee no redɛn sika no

Ɛdɛn na ɛma nyansa som bo saa? Efisɛ sɛ obi wɔ nyansa a efi Nyankopɔn hɔ a, egye no fi kwammɔne so, na ɛkora ne nkwa so. Afei ɛma no nya su pa, ne kasa yɛ dɛ, na ɔbɔ ne bra yiye.

Nyansa mma obi nyɛ ahantan

16:18, 19

  • Ɔbarima bi a ɔyɛ ahomaso

    Obi yɛ onyansafo a, ogye tom sɛ nyansa nyinaa fi Yehowa hɔ

  • Wɔn a wɔbɔ wɔn ho mmɔden anaa wɔwɔ asɛyɛde pii no, wɔn paa na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔanyɛ ahantan anaa ahomaso

Onyansafo anom kasa yɛ dɛ

16:21-24

  • Ɔbarima baako rekasa na baako nso retie no

    Obi yɛ onyansafo a, odwen ade ho kɔ akyiri. Ɛno boa no ma no hu adepa a ɛwɔ nkurɔfo ho na ɔka wɔn ho asɛmpa

  • Obi ka nyansasɛm a, nkurɔfo tie no efisɛ ne kasa no nwowɔw, na mmom ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo

WUNIM BIRIBI?

Ɛwokyɛm

Wudi ɛwo a, ɛkɔ mogya no mu ntɛm, na ɛnkyɛ koraa na ama nipadua no ahoɔden. Nkurɔfo nni ho agorɔ koraa, efisɛ ɛyɛ dɛ na ɛyɛ aduru nso.

Sɛnea ɛwo ye ma nipadua no, saa ara na kasadɛ ma nnipa koma tɔ wɔn yam.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena