Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 5/8 kr. 19-20
  • Biribi a Ehia Yɛn Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Biribi a Ehia Yɛn Nyinaa
  • Nyan!—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So “Ankorankoro Som” ne Mmuae No?
    Nyan!—2002
  • So Ɔsom Biara Ye Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nyamesom—Mfaso Bɛn Na Ɛwɔ So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Yɛn Ho A Yɛbɛde Afi Atoro Som Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 5/8 kr. 19-20

Biribi a Ehia Yɛn Nyinaa

WUHIA ADUAN. Wuhia nsu. Wuhia mframa. Wuhia baabi a wode wo ti bɛto na abɔ wo ho ban afi wim tebea a enye ho. Ɛnyɛ nnipa nko na ehia saa nneɛma yi na mmom abɔde ɔpepepem pii a nkwa wom a wɔte okyinnsoromma yi so nso. Nanso ade biako wɔ hɔ a, nnipa nkutoo na wohia. Ɛno ne dɛn?

Canadani bi a ɔyɛ nnipa fekubɔ ho nimdefo Reginald W. Bibby kyerɛwee sɛ: “Nnipa hia biribi a nyamesom nkutoo na ebetumi adi ho dwuma.” Wɔkae wɔ American Sociological Review nsɛmma nhoma a wotintimii wɔ February 2000 no mu sɛ: “Ebetumi aba sɛ honhom fam nneɛma ho a wodwennwen bɛkɔ so ayɛ nnipa asetra fã bere biara.”

Yiw, wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, nnipa anya ɔpɛ sɛ wɔbɛsom. Nea ɛbɛyɛ na nnipa adi saa ahiade no ho dwuma no, wɔadan kɔ nyamesom ahyehyɛde so. Nanso nneɛma resakra. Wɔ aman a wɔanya nkɔso fam​—te sɛ Amerika Atifi Fam ne Europa Atifi Fam​—no, nnipa dodow no ara regyae wɔn asɔre ahorow. So saa a wɔyɛ no kyerɛ sɛ nyamesom awiei ara ni? Ɛnte saa koraa.

Sweden atesɛm krataa Svenska Dagbladet kyerɛwee sɛ, “wɔagugu amanneɛbɔ a ɛne sɛ nyamesom reba n’awiei no mu dodow.” Dɛn na wɔde resi asɔre ahorow a akyɛ no ananmu? Krataa no toa so sɛ: “Ade foforo no ne sɛ yɛmfa yɛn ho mmɔ asɔre biara. Mmom no, wɔ nyamesom ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, yebetumi apaw nea yɛpɛ sɛ yegye tom na yɛagyina so ahyehyɛ yɛn ankasa gyidi. . . . Ebetumi afa biribiara ho te sɛ aboɔden abo a wɔde sa yare so kosi Buddha ɔkokorani atade nguguso so. Sɛ w’ani nnye nea woapaw no ho a, wubetumi asesa no bere biara a wopɛ.”

Nyamesom mu nhwehwɛmu ka eyi ho asɛm sɛ “ankorankoro som” anaa “kokoam som.” Nnipa fekubɔ ho nimdefo Bibby a yɛadi kan aka ne ho asɛm no na ɔnwenee kasasin “religion à la carte” (ɔsom biara a wopɛ no na woafa) Afoforo ka gyidi a ɛte saa ho asɛm sɛ “biribi a woayɛ afa” anaa “biribi a w’ani gye ho.” Wɔ Kristofo aman bi mu no, seesei nyamesom kuw a wɔdɔɔso sen biara no ne nkurɔfo a wɔn ankasa wɔ wɔn som no.

Susuw nea efii nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Sweden, a ɛyɛ wiase aman a wɔmpɛ nyamesom no mu biako mu bae no ho hwɛ. Nhwehwɛmu no ma wohui sɛ nnipa 3 biara mu 2 bu wɔn ho sɛ Kristofo “wɔ ɔkwan a wɔn ankasa pɛ so.” Ebinom kae sɛ: “Ɛsono sɛnea mete Kristosom ase,” “mekɔ asɔre a, mete nka sɛ mayɛ basaa,” “mempɛ sɛ mɛkɔ asɔre akotie asɔfo,” ne “metumi akɔhyɛ me dan mu abɔ me mpae.” Wɔama nnipa pii agye wu a obi wu ma wɔsan wo no bio anaa nkrabea adi. Nnipa dodow no ara kae sɛ wogye di sɛ ebetumi aba sɛ tumi a ɛboro nnipa de so wɔ hɔ nanso wontumi nkyerɛkyerɛ mu.

Nhwehwɛmu foforo maa wohui sɛ nnipa pii da sɛnea wɔte nka wɔ nyamesom ho adi bere a wɔkɔhwehwɛ asase so nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no. Ababaa kuani bi kae sɛ: “Misusuw sɛ, sɛ wokɔ wuram a, saa bere no na wobɛn Onyankopɔn paa.” Obi foforo a wobisabisaa no nsɛm a na ommu ne ho sɛ nyamesomni no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ mekɔ wuram a, mete nka sɛ ɛte sɛ nea ɛhɔ yɛ asɔrefie kɛse bi. . . . Na sɛ́ hena na ɔhwɛ so de, minnim, nanso mete nka saa.” Ebinom kyerɛkyerɛ adebɔ mu sɛ biribi a ɛyɛ kronkron, efi Onyankopɔn hɔ na ɛyɛ hu, na wɔka sɛ wɔ a adebɔ wɔ hɔ no ma wonya ahoɔden foforo, asomdwoe ne akomatɔyam. Obi a obisabisaa nkurɔfo nsɛm bɔɔ no mua wɔ n’amanneɛbɔ no awiei sɛ: “Onyankopɔn atu akɔtra wuram.”

Wohu eyi wɔ wiase mmeae ahorow pii nnɛ. Amerika nyamesom nhwehwɛmu ho ɔbenfo Thomas Luckmann, ka pia a asetram mfiridwuma apia apuei fam som a wɔkɔ asɔredan mu kɔsom no ato nkyɛn na wɔde “ankorankoro nyamesom” asi ananmu no ho asɛm. Enti ama ankorankoro hyehyɛ asetram nyansapɛ denam honhom mu nsɛm a wɔboaboa ano so, na afei wɔde saa nsusuwii yi bom de di dwuma wɔ wɔn ankasa kokoam som mu.

Ebia wubebisa sɛ: ‘So wɔrepia nyamesom ne asɔre ahorow a ɛwɔ hɔ no ato nkyɛn?’ Ɛte saa a, dɛn ntia? Wɔasusuw nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Bere a nhwehwɛmufo bi reka ɔkwan a wɔfa so nnansa yi hwehwɛ honhom fam yiyedi wɔ adebɔ mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Onyankopɔn atu akɔtra wuram”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena