Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 5/8 kr. 21-23
  • Dɛn Nti na Nkurɔfo Refi Ɔsom Ahorow a Akyɛ no Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Nkurɔfo Refi Ɔsom Ahorow a Akyɛ no Mu?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyamesom Abakɔsɛm a Enye
  • So Tumi A Kristoman Mu Asɔre Horow Wɔ No Refi Wɔn Nsa?
    Nyan!—1980
  • So Nyamesom Repopa Afi Hɔ?
    Nyan!—1988
  • So Asɔreasɔre no Betumi Agyina?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nyamesom mu Nsɛnnennen wɔ Netherlands
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 5/8 kr. 21-23

Dɛn Nti na Nkurɔfo Refi Ɔsom Ahorow a Akyɛ no Mu?

NYAMESOM A WƆKYERƐ sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ so no akyidifo yɛ bɛyɛ ɔpepepem 1.7. Wobu akontaa sɛ Kristoman ne nyamesom a emu nnipa dɔɔso sen biara wɔ wiase, na mpo wɔboro nyamesom te sɛ Buddhasom, Hindusom, ne Nkramosom so. Nanso amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, wɔ aman pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo mu no, Kristoman rehwere emu nnipa no.

Nnipa a ɛsono wɔn asetram gyinapɛn nyinaa regyae wɔn asɔre ahorow. Nhwehwɛmufo Ronald F. Inglehart, a ɔwɔ Michigan Sukuupɔn mu, a ɔyɛ World Values Survey kwankyerɛfo no kae sɛ nyamesom nkɛntɛnso rebrɛ ase wɔ aman a wɔanya nkɔso no mu. Nsɛmma nhoma Bible Review fa n’asɛm ka sɛ: “Ɛnyɛ sɛ nnipa a wɔkɔ asɔre dapɛn biara no so atew kɛse nko, na mmom seesei Latin Amerika aman no resoma asɛmpatrɛwfo akɔhwehwɛ akra wɔ wɔn kan Europa aman no mu.” Ɔka sɛ, “nyamesom ahwease” no yɛ kɛse paa wɔ Europa aman binom so. Wɔ Norway ne Denmark no, nnipa dodow no mu ɔha mu 5 pɛ na wɔkɔ asɔre daa. Wɔ Sweden no, wɔn dodow no so atew koraa aba ɔha mu 4, na wɔ Russia no ɛyɛ ɔha mu 2.

Amanneɛbɔ a efi Germany kyerɛ sɛ efi afe 1984 ne 1993 ntam no, nnipa dodow a na wɔkɔ Katolek asɔre a wogye wɔn tom wɔ mmara mu no so tewee fi ɔha mu 25.3 baa ɔha mu 19. Eduu 1992 mu no, na Protestantfo ɔha mu 4 na daa wɔkɔ asɔre Kwasida. Wɔ 1999 mu no, Christianity Today bɔɔ amanneɛ sɛ: “Dapɛn biara, Germanfo du mu biako pɛ na ɔkɔ asɔre.”

Ɛdefa tew a gyidifo so retew wɔ Britain ho no, nsɛmma nhoma The Guardian ka sɛ: “Kristosom nkɔɔ tebea a asɛe saa mu da.” Asɛm no ka sɛ, “ɛdefa ɔsɔfo ne asafo mpanyin ho no, na 1950-2000 yɛ mfe aduonum a enye koraa.” Bere a ɛretwe adwene asi amanneɛbɔ titiriw bi a ɛfa nyamesom ho wɔ United Kingdom so no, nsɛmma nhoma no kyerɛe sɛ ɛnyɛ mmabun nko na gyidi a wɔwɔ wɔ nyamesom ahyehyɛde mu no resɛe na mmom mpanyimfo ka ho bi. Ɛka sɛ: “Bere a nkurɔfo mfe rekɔ anim no, na gyidi a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no resɛe. Nhwehwɛmu foforo a esi adeyɛ yi so dua no bɛma Britain asɔre ahorow a wɔwɔ ɔhaw kɛse mu a ɛde besi saa bere yi wɔde wɔn a wɔn mfe akɔ anim no na ayɛ wɔn asafo ahorow a emu nnipa resa no nnyinaso no ho adwiriw wɔn.”

Yehu tebea a ɛte saa ara wɔ aman a enni Europa no mu. Sɛ nhwɛso no, Canada nsɛmma nhoma Alberta Report ka sɛ asɛm aba nhyehyɛe a wogyina so da ɔsom mu gyidi adi ho, na Canadafo a wɔpɛ sɛ wodi wɔn ankasa nsusuwii a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn ho akyi mmom sen sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ ɔsom mu nhyehyɛe bi mu no dodow abu abɔ ho.”

Nnipa pii nte nka sɛ wɔayɛ den wɔ honhom fam anaa wɔakyerɛkyerɛ wɔn biribi bere a wɔkɔ asɔre no. Sɛnea Canada nsɛmma nhoma Maclean kyerɛ no, Yudafo ne Katolekfo nyinaa a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ Hindufo nkokorafie a ɛwɔ Himalaya anaa beae a wɔkyerɛkyerɛ Hindusom ho nsɛm mu no kae sɛ: “Amanne a tumi nnim ntumi nkanyan yɛn bio.” Na mpo mfe pii a wɔde akɔ asɔre akyi no, ebinom bisa wɔn ho sɛ, ‘Dɛn ankasa na masua wɔ asɔre no mu? So ama mabɛn Onyankopɔn?’ Ɛnyɛ nwonwa sɛ nhoma kyerɛwfo Gregg Easterbrook ka sɛ, “wɔ Atɔe fam no, wɔde honhom fam ohia asi honam fam ohia ananmu sɛ yɛn bere yi mu ahiade titiriw.”

Ɛwom, nsase pii wɔ hɔ a nnipa dodow a wɔkɔ asɔre wɔ hɔ no dɔɔso. Nanso, kɔ a obi kɔ asɔre no nkyerɛ sɛ odi nokware ma asɔre no nkyerɛkyerɛ ahorow. Sɛ nhwɛso no, Australia nsɛmma nhoma The Age ka sɛ wɔ Atɔe fam aman mu no, “Kristofo a wɔde wɔn nyamesom nkyerɛkyerɛ di dwuma no so retew ntɛmntɛm. Wɔ Afrika, Asia ne Latin Amerika mmeae pii no, Kristosom ayɛ nkataanim a nnipa pii hyɛ akyi, na wɔda so ara gye abusua mu amanne ne ɔsom mu gyidi horow a ɛne Kristosom nkyerɛkyerɛ a wogye tom nhyia, na mpɛn pii no ɛbɔ abira, a mfe pii ni wɔmfa nni dwuma bio no tom.”

Dɛn nti na nkurɔfo pii, a mmabun ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim ka ho, agyae wɔn asɔre? Ɛbɛyɛ sɛ ade titiriw a ɛma ɛba saa ne abasamtu.

Nyamesom Abakɔsɛm a Enye

Nhwehwɛmu yi na The Guardian de to gua: “Roma Katolek asɔre no wɔ abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a enye koraa wɔ pɔw a wɔne fasistfo bɔe wɔ afeha a ɛto so 20 no mu nyinaa ho, fi Ɔsahene Franco a wɔbɔɔ n’aba so wɔ Spain ɔmanko no akyi, kosi nnansa yi ara boa a wɔboaa Ɔsahene Pinochet no so.” Guardian nso kae sɛ Pope Pius XII, a na ɔyɛ ɔsɔfo wɔ ɔko bere mu no, “ani gyei kɛse sɛ ɔne [Hitler] bɛyɛ nhyehyɛe na ɔkwatii aniwu a anka ɛbɛka wɔn te sɛ okunkɛse no a anka wɔbɛkasa atia no.”

The Age nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Gye a wogye Kristosom tom no abɛyɛ nnaadaa mpɛn pii. Kristofo ntumi nyɛɛ biribi mfa nsiesiee wɔn ankasa ntam asomdwoe ne biakoyɛ. . . . Akodi bebrebe a wɔadi a atirimpɔw no ne sɛ wɔde bɛsakra nnipa ama Kristo no si so dua sɛ Kristofo mfaa asomdwoe ne biakoyɛ mmae. Gyidi, anidaso, ne ɔdɔ na ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ Kristofo su pa mu, nanso yebetumi aka sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔda su horow a ɛte saa adi no betumi ayɛ nnipa a wonkura adwempa, wɔn abam betumi abu te sɛ wɔn a wɔnyɛ Kristofo, na ɛda adi sɛ wɔn tirim yɛ den. . . . Ɛyɛ Kristofo man na wɔde Okunkɛse bae, na ɛyɛ Kristofo man foforo nso na ɛma wɔtow atomik topae no wɔ Japan no.”

Ebia ebinom bɛka sɛ Kristoman ada ɔbra pa te sɛ atɛmpa a wɔde di nneɛma ho dwuma, akokoduru, ne atɛntrenee adi. Nanso, The Age ka sɛ: “Ɛwom, sɛnea ɛte no, nneɛma a Kristofo a wɔwɔ Europa, Amerika Atifi Fam ne Australia no nya no boro nea anka ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka wɔ Asase so no so, na wonnyaee sɛ wobesisi afoforo, ahyɛ wɔn so, na wɔasɛe aman a wɔnyɛ den no nsase ne nneɛma a atwa wɔn ho ahyia de adwudwo wɔn akɔnnɔ ano.”

Ɛdefa Kristoman daakye ho no, The Age kɔ so ka sɛ: “Sɛ wɔannya ahyehyɛde bi a ɛyɛ den a, Kristosom ntumi nnya tumi a na okura wɔ mfehaha a atwam ni no bio da. Sɛ́ ebia eyi bɛyɛ papa anaa bɔne no gyina ankorankoro nsusuwii so. Nanso ɛyɛ asɛm paara a Kristosom behyia wɔ mfe a ebedi yɛn anim no mu.”

Esiane ɔporɔw a ɛwɔ wiase nyamesom ahyehyɛde mu no nti, ama nnipa pii redan wɔn ho afi asɔre ahorow a agye ntini no ho. Nanso, so nea wɔde si ananmu no di wɔn ahiade ho dwuma ankasa? So ɛno ne mmuae no?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Nnipa pii agyae tete ɔsom ahorow no esiane boa a wɔaboa akodi ahorow ne amammui nniso a wɔhyɛ nnipa so nti

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Guasodeyɛ kɛse a wɔyɛ no ama nnipa pii te nka sɛ wonnya honhom fam nkɔso biara

[Asɛm Fibea]

foto: age fotostock

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena