Bible no Adwene
So Onyankopɔn Pene Akodi So?
MPƐN ahe na asahene, atumfoɔ, ne asɔfo mpo nkɔfaa ɔko mmae anaasɛ wɔmpenee ɔko so wɔ Onyankopɔn din mu! Wɔ 1095 mu no, ɛdenam Pope Urban II mmoa so no, wofii Mmeamudua Ho Akodi a Edi Kan no ase sɛ wɔbɛsan ako afa “Kurow Kronkron” Yerusalem de ama Kristoman. Nanso ansa na wobedu wɔn botae ho no, Turkeyfo a wɔwɔ nsi a emu yɛ den wɔ Allah mu te sɛ nea Mmeamudua Ho Akodifo wɔ gyidi a emu yɛ den wɔ Baasakoro mu no sɛee wɔn kuw biako pasaa.
Wɔ August 1914 no, aberante bi a ofi Germany kyerɛw fii ne Wiase Nyinaa Ko I nsraban mu sɛ: “Sɛ atɛntrenee ne Onyankopɔn akwankyerɛ kɔ so wɔ abakɔsɛm mu—a migye di yiye no—a, ɛnde na yebedi nkonim.” Wɔ saa ɔsram koro no ara mu no, Czar Nicholas II de Russia asraafo kɔtoaa Germanfo a na ɔreka bere koro no ara mu sɛ: “Mifi me kra nyinaa mu de nkyia brɛ m’asraafodɔm akokodurufo ne m’anuonyamfo apamfo. Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ!”
Enti saa denhyɛ yi ama asraafo ɔpepem pii akɔ akono, a wogye di koraa sɛ Onyankopɔn wɔ wɔn afã. Nkurɔfo pii gye di sɛ Onyankopɔn ma saa ɔko no ho kwan sɛ ade a wɔnam so nya ahofadi, na wɔtwe adwene si akodi a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no so (nea wɔtaa frɛ no Apam Dedaw no) sɛ wɔn nnyinaso. So sɛnea wɔkyerɛ Onyankopɔn Asɛm ase no teɛ?
Tete Israel Akodi Ahorow
Yehowa Nyankopɔn hyɛe sɛ ɛsɛ sɛ Israel ne Kanaanfo a na wɔn bra asɛe no ko na wɔpam wɔn fi Bɔhyɛ Asase no so. (Leviticus 18:1, 24-28; Deuteronomium 20:16-18) Sɛnea Onyankopɔn de asotwe baa abɔnefo so denam nsuyiri so wɔ Noa nna mu ne ogya wɔ Sodom ne Gomora fam no, saa na ɔde Israel man no dii dwuma sɛ adwinnade a ɔde twe abɔnefo aso.—Genesis 6:12, 17; 19:13, 24, 25.
Sɛnea Bible no kyerɛ no, Israel dii ako afoforo wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase, a mpɛn pii no wɔde ko tia atamfo a wɔnkaa wɔn no ahunahuna. Sɛ ɔman no tie Yehowa a, na wɔn akodi no kowie nkonimdi mu. (Exodus 34:24; 2 Samuel 5:17-25) Nanso nea ɛmaa Israel taa huu amane ne bere a wɔamfa Onyankopɔn afotu anni dwuma wɔ akodi mu no. Susuw Ɔhene Yerobeam asɛm no ho hwɛ. Obuu n’ani guu nkɔmhyɛ kwan so kɔkɔbɔ so maa n’asraafodɔm pii no kodii ako tiaa wɔn manfo Yudafo. Bere a basabasayɛ no baa awiei koraa no, na Yerobeam asraafo 500,000 awuwu. (2 Beresosɛm 13:12-18) Bere bi mpo Ɔhene Yosia nokwafo no de ne ho hyɛɛ ɔko a na ɛnyɛ ne de mu. Saa gyinae a osii no ahopere so no maa ne nkwa fii ne nsa.—2 Beresosɛm 35:20-24.
Dɛn na saa nsɛm a esisii yi kyerɛ? Wɔ tete Israel no, na gyinae a wobesi sɛ wɔbɛkɔ ko no gyina Onyankopɔn so. (Deuteronomium 32:35, 43) Ná ɔma ne nkurɔfo di ako wɔ atirimpɔw atitiriw ho. Nanso wodii saa atirimpɔw ahorow yi ho dwuma wiei bere tenten a atwam. Bio nso, Yehowa ka too hɔ sɛ “wɔ nna a edi akyiri no mu no,” wɔn a wɔsom no no de ‘wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw’ na “wɔrensua akodi bio.” (Yesaia 2:2-4) Ɛda di pefee sɛ, Bible mu akodi ahorow no mma nnɛyi akodi nyɛ nea asɛm nni ho, emu biara nni hɔ a wɔko wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase anaa n’ahyɛde so.
Nkɛntɛnso a Kristo Nkyerɛkyerɛ Wɔ
Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔdaa sɛnea wobetumi de ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim asi ɔtan ananmu adi, na ɔhyɛe sɛ: “Monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no.” (Yohane 15:12) Ɔsan kae nso sɛ: ‘Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe.’ (Mateo 5:9) Ɛha no, Hela asɛmfua ma ‘wɔn a wɔpɛ asomdwoe’ kyerɛ pii sen asetra a ɛyɛ dwoodwoo a yebenya. Ɛkyerɛ ankasa sɛ yebesua asomdwoe, ayɛ adwumaden ama adɔe anya nkɔso.
Bere a wɔrebɛkyere Yesu no, Ɔsomafo Petro bɔɔ mmɔden sɛ ɔde adwinnade a ebetumi adi awu atwitwa agye no. Nanso Onyankopɔn Ba no kaa n’anim sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wodi kan no de saa nsɛm yi dii dwuma? Hyɛ nsɛm a wɔafa aka a edidi so yi nsow.
“Nhwehwɛmu a wɔayɛ no yiye wɔ amanneɛbɔ a ɛwɔ hɔ nyinaa mu da no adi sɛ, ebesi Marcus Aurelius [121-180 Y.B.] bere so no, Kristoni biara ammɛyɛ ɔsraani; na ɔsraani biara nni hɔ a ɔbɛyɛɛ Kristoni akyi no, ɔkɔɔ so tra sraadi mu.”—The Rise of Christianity.
“Na [tete] Kristofo no suban yɛ soronko koraa wɔ Romafo no ho. . . . Esiane sɛ na Kristo aka asomdwoe ho asɛm nti, wɔamfa wɔn ho anhyɛ asraadi mu.”—Our World Through the Ages.
Esiane sɛ Kristo asuafo ampɛ sɛ wɔbɛka ɔhempɔn no asraafodɔm no ho nti, Romafo no kunkum wɔn mu pii. Dɛn nti na Kristofo kuraa gyinabea a na wonnye ntom yi mu? Efisɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe.
Nnɛyi Akodi
Sɛ ɛbae sɛ Kristofo no gyinaa afã bi ne wɔn ho wɔn ho dii ako kunkum wɔn ho wɔn ho a, hwɛ tebea a ɛyɛ hu a anka ɛbɛba. Ná tebea a ɛte saa no bɛyɛ nea ɛne Kristofo nnyinasosɛm nhyia. Nokwarem no, wɔn a wotie Bible no Nyankopɔn no renyɛ obiara—wɔn atamfo mpo—bɔne.a—Mateo 5:43-45.
Ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn mfa ne nhyira ngu nnɛyi akodi a ɛkɔ so wɔ nnipa mu no so. Sɛ́ wɔn a wɔpɛ asomdwoe no, nokware Kristofo ka asomdwoe a Onyankopɔn de besi hɔ wɔ wiase afanan nyinaa wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no ho asɛm kyerɛ.
[Ase hɔ asɛm]
a Bible bɔ “Harmagedon” a wɔsan nso frɛ no “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” din. Eyi mfa nnipa akodi ho, na mmom ɔsɛe a Onyankopɔn de bɛba abɔnefo nkutoo so. Enti, wɔrentumi nnyina Harmagedon so nka sɛ asɛm biara nni nnipa akodi a ɛkɔ so nnɛ no ho, anaa wɔmmfa no sɛ Onyankopɔn rehyira wɔn .—Adiyisɛm 16:14, 16; 21:8.
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Ɔsahene Francisco Franco a ofi Spain a ɔne Katolek asɔfo pii gyina hɔ
[Asɛm Fibea]
U.S National Archives photo
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Asraafo a Greece Ortodɔks asɔfo rehyira wɔn ansa na wɔakɔ Kosovo, June 11, 1999
[Asɛm Fibea]
AP Photo/ Giorgos Nissiotis