Anonne a Ɛma Abotɔyam a Efi Afifide a Ɛyɛ Soronko Mu
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NIGER HƆ
SO W’ANI gye anonne a ɛyɛ nwini ho wɔ da a ɔhyew wom? Afrika Atɔe fam mmusua pii ani gye anonne a ɛyɛ nwini a ɛma abotɔyam na ne kɔla yɛ fɛ, ɛyɛ dɛ, ɛma ahoɔden, na ne bo nyɛ den—na wonya fi afifide bi mu—no ho. Wɔfrɛ anonne yi bissap, na afifide a egu nhwiren a wonya fi mu ne roselle a ɛwɔ beae a osu tɔ na owia bɔ kɛse no. Saa afifide yi tenten tumi du mita 2 anaa nea ɛboro saa. Wodua no wɔ wiase amantam ahorow mu nanso titiriw no wɔ beae a ɔpɛ taa si wɔ hɔ te sɛ Niger, Mali, ne Senegal.
Sɛnea Wɔyɛ Bissap
Wɔde afifide no hono kɔkɔɔ no atere kɛse biako gu nsu bɛyɛ lita biako mu. Afei, wɔde si gya so ma no huruw na wɔama asi hɔ bɛyɛ simma 15 kosi 20 sɛnea ɛbɛyɛ a ebedi. Wɔsɔn so yi ne hono no fi mu, na wotumi nom tii no ɔhyew so anaa bere a adwo a asikre ka ho anaa ɛnka ho. Ɛnnɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ anonne a ɛyɛ nwini a mmofra no ani begye ho, enti yɛde asikre begu mu. Mmusua bi nso de ɛme anaa vanilla gu mu. Wohwie bissap a ayɛ nwini a ani kɔɔ no gu rɔba nketewa fitaa mu, na wosiw ano pɔw. Afei adu bere a wɔbɛkyekyɛ ama mmofra a wɔn ani agye no! Wɔde anigye tew rɔba no tweaa so na wɔnom wɔn anonne a wɔpɛ paa no. Ɛwom, ebinom ani gye ho sɛ wɔbɛnom no wɔ gyirase mu.
Wɔ ne dɛw a ɛyɛ akyi no, wɔka sɛ bissap ye ma wo. Aduannuru a wɔfrɛ no calcium, phosphorus, iron, vitamin A ne C, ne afoforo pii wom! Ebinom ka sɛ bissap yɛ afaseduru a ano nyɛ den, ɛma wo dwensɔ, na ɛma mmerɛbo no yɛ adwuma yiye nso. Sɛnea ɛte no, hwɛ anigye ara a yenya sɛ wɔ afifide yi fɛ akyi no, ɛsan ma yɛn anonne a ɛma apɔwmuden ne abotɔyam!
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]
Photo by Kazuo Yamasaki