Ade a Ɛho Hia Ma Nkwa Nsu
YESU kaa asubura a efi kɔ daa nkwa mu ho asɛm kyerɛɛ Samariani bea bi a na ɔresaw nsu afi abura bi mu no. (Yohane 4:14) Bere a nsu a ɔkaa ho asɛm no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de no, nsu ankasa ho hia ma nkwa, na mframa pa nkutoo na ɛho hia kɛse sen nsu. Obi betumi atra ase adapɛn dodow bi a onnidi nanso sɛ wannom nsu bɛyɛ nnanum pɛ a, obewu!
Yɛn mu duru bɛyɛ nkyem anan mu abiɛsa yɛ nsu. Sɛ nhwɛso no, yɛn amemene bɛyɛ ɔha mu nkyem 75 kosi 85 yɛ nsu, na ɛnam nkwaadɔm no mu nsu yɛ ɔha mu nkyem 70. Mfaso foforo a ɛwɔ nsu so no bi ne sɛ, ɛboa yɛn ma aduan a yedi no yam na ɛtwetwe nnuannuru de ma nkwammoaa no. Eyi awuduru ne nneɛma foforo fi nipadua mu, na egugu yɛn apɔw so ne yɛn nsono akɛse mu ngo, na ɛma nipadua no nya ɔhyew a ɛfata. Nanso so wunim sɛ nsu pii a wobɛnom no nso betumi ama wo so atew?
Nom Nsu Ma Wo So Ntew
Nea edi kan koraa no, nnuannuru a ɛma ɔhyew ne srade nni nsu mu, na nkyene a ɛwom no yɛ kakraa bi. Nea ɛto so abien ne sɛ ɛmma wunnidi pii. Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ ɛboa ma nipadua de emu srade di dwuma yiye. Ɔkwan bɛn so? Sɛ asaabo no annya nsu sɛnea ɛsɛ a, entumi nyɛ adwuma yiye. Sɛ ɛba saa a, mmerɛbo no yɛ asaabo no nnwuma no bi ma enti entumi mfa srade nni dwuma yiye. Ne saa nti srade no ka nipadua no mu na ɛma woyɛ kɛse. Enti sɛnea Oduruyɛfo Donald Robertson a ɔwɔ Southwest Kɛseyɛ Ho Ayaresabea a ɛwɔ Scottsdale, Arizona, U.S.A., ka no, “sɛ wonom nsu dodow a ɛsɛ a, ɛyɛ ɔkwan titiriw a wofa so ma wo so tew. Enti sɛ nnipa a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛtew wɔn kɛse so no annom nsu dodow a ɛsɛ a, nipadua no ntumi nni srade a ɛwom no ho dwuma yiye.”
Nokwarem no, sɛ nsu tae obi nipadua mu a, ɛtaa ma ɔyɛ kɛse. Enti nnipa pii a nsu tumi tae wɔn mu no susuw sɛ ano aduru ne sɛ wɔbɛtew nsu dodow a wɔnom no so. Nanso, ɛnte saa koraa. Sɛ ɛkɔba sɛ nsu nni nipadua no mu a, ɛbɔ mmɔden sɛ ɛde nea wonom no besie mmeae ahorow bi te sɛ wo nantabon, wo nsa ne wo nan mu. Aduan ho animdefo kamfo kyerɛ sɛ yɛmfa nea nipadua no hia mma no—nsu pii. Na kae sɛ, dodow a wudi nkyene pii no, mpɛn dodow no ara na ɛsɛ sɛ nsu pii ka wo nipadua no mu na anan no.
Ma Wo Nipadua no Nsu
Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, da biara da yɛn nipadua mu nsu bɛyɛ lita 2 yow fa yɛn honam, yɛn ahurututu, yɛn nsono ne yɛn asaabo mu. Da biara ahome a yegu no ma yɛhwere nsu bɛyɛ lita fã. Sɛ yɛannom nsu ansi ananmu a, yɛn ho nsu bɛyow. Nea ɛkyerɛ sɛ obi ho nsu ayow no bi ne tipae, ɔbrɛ, honamyaw, dwensɔ ani a ɛyɛ kɔkɔɔ, ɔhyew a yentumi nnyina ano, yɛn ano ne yɛn ani so a ɛwo.
Enti nsu dodow ahe na ɛsɛ sɛ yɛnom? Oduruyɛfo Howard Flaks, kɛseyɛ mmoroso ho ɔbenfo no ka sɛ: “Anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ obi a ɔwɔ ahoɔden nom nsu bɛyɛ kuruwa awotwe kosi du da koro. Sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu pii anaasɛ wote beae a ɔhyew wɔ a, ɛsɛ sɛ wonom nsu pii. Na sɛ obi yɛ kɛse boro sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ no so kilogram du a, ɛsɛ sɛ ɔnom nsu kuruwa biako ka ho.” Nanso, ebinom ka sɛ, eye sɛ wobɛnom nsu bere a nsukɔm de wo no, nanso sɛ nsukɔm de wo paa a, ɛnde ɔkwan bi so no na wo ho nsu ayow dedaw.
So wubetumi anom anonne afoforo mmom sen sɛ wobɛnom nsu? Bere a nnuaba mu nsu a wɔde nsu afra mu ye no, nnuannuru a ɛma nipadua mu yɛ hyew wom. Afei nso, anonne a asikre ne nufusu pii wom no ma nipadua no hia nsu pii, efisɛ ehia nsu na ɛde ayam. Na mmosa ne anonne a caffeine wom te sɛ kɔfe ne tii ma obi tumi dwensɔ pii, na ɛma ɛho hia sɛ ɔnom nsu pii de si nea afi ne ho no ananmu. Biribiara nni hɔ a wode besi nsu a ɛsom bo yi ananmu. So wobɛnom nsu kuruwa biako seesei ara?
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 13]
Nyansahyɛ Ahorow a Ɛbɛma Woanom Nsu Pii
● Ma nsu nwɔ wo ho.
● Nom nsu kuruwa biako ka aduan biara a wubedi no ho.
● Nom nsu ansa na woakɔteɛteɛ w’apɔw mu, bere a wogu so reyɛ saa ne bere a woawie no.
● Bere a woregye w’ahome wɔ adwuma mu no, nom nsu mmom sen sɛ wobɛnom kɔfe.
● Sɛ wopɛ sɛ woma ɔdorobɛn mu nsu yɛ dɛ a, kyĩ ankaadweaa gu mu anaa sɔn so.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 12]
Mfonini: www.comstock.com