Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Ama Me Ho Ayɛ Fɛ Kɛse?
“Na ɛnyɛ mmerɛw na na ɛnna fam sɛ metumi ne mmabaa abɔ nkɔmmɔ. Na minnim sɛnea mmabaa dwene nsɛm ho, sɛnea wɔte nka, anaa sɛnea wohu nneɛma fa no.”—Tyler.
SU BƐN na mmabaa pɛ paa wɔ mmerantewaa ho? Ɔbabun bi a ne din de Emily ka sɛ, “Ahotoso.” Robyn, ɔbabun foforo ka sɛ, ɔbarima a ne ho yɛ anigye ne nea edi kan a ɔhwehwɛ. Na dɛn na mmerantewaa bu no sɛ ɛsom bo kɛse wɔ mmabaa ho? Ɛnyɛ nwonwa sɛ nhwehwɛmu biako daa no adi sɛ na ahoɔfɛ ne nea edi kan wɔ mmerantewa no fam. Sɛnea wɔn adwene hyia wɔ nsɛm ne abrabɔ gyinapɛn ho na ɛtoo so asia.
Wobetumi ahu nsɛm ne nhwehwɛmu a ɛka aberante ne ababaa ntam abusuabɔ ho nsɛm mpɛn pii wɔ nsɛmma nhoma a ɛfa mmerante ne mmabaa ho mu. Ɛda adi sɛ, mmabun pii dwennwen pii—anaa ebia wɔhaw mpo—wɔ sɛnea wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu hu wɔn no ho. Ebetumi aba sɛ ɛtɔ mmere bi a w’ankasa nso dwennwen ɛno ho. Ɛno nkyerɛ sɛ woayɛ ahoboa sɛ wobɛware seesei ara. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ obiara mpɛ sɛ wobehu no sɛ ne ho nyɛ fɛ anaa ɔmfata! Tyler ka sɛ: “Sɛ woyɛ ɔbabun a, wopɛ sɛ obiara kyerɛ wo ho anigye. Wopɛ sɛ w’atipɛnfo mmarima ne mmea gye wo tom.” Saa ara nso na wobɛte nka sɛ daakye wubenya aware mu ɔhokafo a ɔfata. Sɛ saa bere no du a, ɔkwan biara so no wobɛpɛ sɛ wo ho bɛyɛ saa onipa no fɛ.
Nanso, sɛ Kristoni abofra no, ebia na wunni suahu pii wɔ sɛnea wɔne obi a ɛsono ne bɔbeasu di nsɛm mu. Nea ɛka ho bio ne sɛ ebia wobɛte nka sɛ w’atipɛnfo pɛ sɛ wo ho yɛ fɛ. Esiane akwan ahorow pii a nkurɔfo nam so de wɔn nipadua kyerɛ a wuhu wɔ TV so ne nsɛmma nhoma ahorow mu nti, ntease wom sɛ wobɛte nka sɛ wonni ahotoso wɔ wo mu na wunnu gyinapɛn a wɔhwehwɛ no ho! Ɛnde, dɛn na egye na ama afoforo akyerɛ wo ho anigye—a wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu nso ka ho—wɔ ɔkwan a ɛfata so?
Nyansa Nnim sɛ Wobɛhwɛ Nipadua a “Ɛyɛ Pɛ” Kwan
William S. Pollack, a ɔyɛ adwene ne nneyɛe ho nimdefo ka sɛ wɔ anigyede nkɛntɛnso ase no, mmabun pii “gye nnɔhwerew a enni ano wɔ aduandi, nneɛma a emu yɛ duru so a wɔmema, ne apɔw-mu-teɛteɛ ho, a ne nyinaa ne sɛ wɔde bɛsakra wɔn nipadua.” Ebinom mpo de wɔn ho reto asiane mu, te sɛ kɔm a wɔkyen, sɛnea wobenya nipadua a “ɛyɛ pɛ.” Nanso Asetram Nsɛm Nhwehwɛmu Asoɛe no ka sɛ: “Ahoɔfɛ ho gyinapɛn a wɔda no adi wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu nnansa yi sɛ ɛno na sɛ ɔbea bi du ho a, na ɛkyerɛ sɛ ne ho yɛ fɛ no, mmea a wodu ho no dodow nnu ɔha mu 5—na ɛno fa wɔn mu duru ne wɔn kɛse ho kɛkɛ. Sɛ wopɛ nipadua, animdua ne nea ɛkeka ho a edi mu a, ebia nkyekyɛm no bɛyɛ ɔha mu 1 pɛ.”
Enti Bible afotu a ɛwɔ Romafo 12:2 no fata: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi.” Eyi nso nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wubu w’ani gu sɛnea wote so. Ntease wom sɛ wobɛhwɛ wo nipadua so denam apɔw-mu-ateɛteɛ a ɛba fam ne aduan pa a wubedi so. (Romafo 12:1; 1 Timoteo 4:8) Ahomegye ne nna a ɛfata betumi aboa wo ma woate nka sɛ wo ho ye. Bere koro no ara no, ma w’ani nkũ ahotew ne ntadehyɛ ho. Britaniani babun bi a ne din de David ka sɛ: “Ɔbea bi wɔ hɔ a ne ho yɛ fɛ, nanso nka wɔ ne ho. Esiane eyi nti, nkurɔfo mmɛn no.” Enti guare bere nyinaa. Wo nsa, wo ti nhwi ne awerɛw a wubedi no ni no betumi ama wo ho ayɛ fɛ.
Ɛwom sɛ Bible no nhyɛ adwene a wɔde besi ntade a ɛsɛ sɛ obi hyɛ so pii no ho nkuran de, nanso etu Kristofo fo sɛ ‘wɔnhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho.’ (1 Timoteo 2:9) Hyɛ ntade a ɛbɛma wo ho ayɛ fɛ nanso ɛnyɛ kyenkyenenn na ɛda ahobrɛase adi.a Adwene a wode besi w’ahosiesie so ɔkwan a ɛfata so no betumi ama woanya wo ho mu ahotoso. Ɔbabun bi a ne din de Paul ka no saa kwan yi so sɛ: “Ebia wonyɛ obi a wo ho yɛ fɛ paa, nanso wubetumi ayɛ ma w’ahoɔfɛ atu mpɔn.”
Su Horow a Ahintaw
Bere a animdua a ɛyɛ fɛ ne honamdua betumi atwetwe obi adwene no, awiei koraa no “ahoɔfɛ yɛ ahuhude.” (Mmebusɛm 31:30) Ahoɔfɛ ntra hɔ nkyɛ, na ɛda adi sɛ wɔrentumi mfa nsesa onipa su horow a ɛyɛ fɛ no. (Mmebusɛm 11:22) Kae nso sɛ “onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa, NW] de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Enti sɛ anka wode adwene besi wo nipadua anaa wo were so no, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ “komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.” (1 Petro 3:3, 4; Efesofo 4:24) Ɛyɛ nokware sɛ wɔ nnɛ wiase yi mu no mmabun pii nkyerɛ obu mma nipasu—na menne sɛ honhom fam su ahorow.b Nanso wɔn a wɔbɔ ɔbra pa no ani sɔ wɔn na wɔn ho yɛ wɔn fɛ!
Ɛnde ɔkwan a ɛsen biara a wubetumi ama Kristofo mmarima ne mmea a wodwen honhom fam nneɛma ho ani agye wo ho ne sɛ w’ankasa wubedwen honhom fam nneɛma ho. Da honhom fam yiyedi adi denam mpaebɔ, kokoam Bible adesua a wobɛyɛ, ne Kristofo nhyiam horow a wobɛkɔ so. (Dwom 1:1-3) Nanso ahokokwaw ne su foforo wɔ hɔ a wubetumi asua. Ɛho nhia sɛ wo ne obi a ɛsono ne bɔbeasu bɛnantew anaa wunya ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ ansa na woanya su yi. Mmom no, wubetumi ada su yi adi wɔ sɛnea wo ne afoforo di nsɛm da biara no mu.
Sɛ nhwɛso no, so woyɛ basaa na wofɛre bere a wowɔ baabi a obi a ɛsono ne bɔbeasu wɔ no? Ɔbabun bi a wɔfrɛ no Paul ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a me ho mmae me—efisɛ wɔyɛ mmea, na mente mmea ase pii sɛnea mete mmarima ase no. Na mempɛ sɛ megu m’anim ase.” Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya ahotoso ne akokoduru a ɛbɛma afoforo ho abae wɔn? Ɔkwan biako ne sɛ wode fekubɔ ahorow pii a ɛwɔ Kristofo asafo no mu bedi dwuma. Kyerɛ afoforo ho anigye wɔ nhyiam ahorow ase—ɛnyɛ mmabun a wɔne wo nni bɔbeasu koro a wɔne wo bɔ tipɛn no nko, na mmom mmofra, mpanyimfo, ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim nso. (Filipifo 2:4) Sua a wubesua sɛ wo ne nkurɔfo a wogu ahorow yi bɛbɔ no bɛboa wo ma woanya wo ho mu ahotoso.
Nanso yɛ ahwɛyiye. Yesu kae sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’ (Mateo 19:19) Sɛ wunya adwene a ɛfata wɔ wo ho a, ɛmma wonyɛ basaa anaa wontɔ sin wɔ afoforo mu.c Nanso bere a ɛsɛ sɛ wunya obu kakra ma wo ho no, mma ɛnntra so. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen.”—Romafo 12:3.
Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwehwɛ wo ho mu yiye wɔ wo nneyɛe ne ɔkwan a wo ne afoforo di mu. Britaniani abeawa bi a wɔfrɛ no Lydia ka sɛ: “Aberantewaa bi wɔ yɛn sukuu mu a wagye din sɛ ɔne mmeawa bɔ paa. Nanso sɛ wonya hu sɛnea ɔte a, wɔtwe wɔn ho fi ne ho efisɛ ɔyɛ aniammɔnho na onnwen nea ɔka ho.” Nkurɔfo ani gye obi a ɔda ayamye adi, ɔkasa wɔ anifere mu na osusuw afoforo ho ho. (Efesofo 4:29, 32; 5:3, 4) Oduruyɛfo T. Berry Brazelton ka sɛ: “Obiara a ɔda nneyɛe pa adi no nya hokwan ne ahofadi du nkurɔfo nkyɛn.” Nneyɛe “ho hia na ama afoforo agye wo atom.”
Amammerɛ ne ɔpɔw ho akwankyerɛ gu ahorow wɔ wiase no mu. Enti ebia wobɛpɛ sɛ wohwɛ sɛnea Kristofo mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw ne wɔn ho wɔn ho di. Sɛ nhwɛso no, so ɛyɛ wo man mu amammerɛ sɛ ɔbarima bue ɔpon ma ɔbea? Ɛnde sua a wubesua eyi yɛ no bɛma woanya nidi sɛ obi a ne nneyɛe fata, obi a wapɔw.
Awiei koraa no, ebia wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wobɛma w’anigye akari pɛ. Bible ka sɛ “ɔserew wɔ ne bere,” na onipa a ɔwɔ anigye taa nya nnamfo ntɛm.—Ɔsɛnkafo 3:1, 4.
Adamfofa ne Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu Ho Anigye a Wɔtaa Kyerɛ
Nhoma bi a ɛde “akwankyerɛ a ɛma wodi nkonim wɔ nantew a edi aware anim mu” ma tu fo sɛ, nea ɛbɛma obi a ɛsono ne bɔbeasu ani agye wo ho ne sɛ wobɛtaa akyerɛ ne ho anigye. Wɔka kyerɛɛ akenkanfo sɛ wɔmfa serew nni dwuma na wɔmfa wɔn ani nni nkitaho na wonhu sɛnea ‘wobefi ase akasa.’ Saa afotu yi ne Paulo afotu a ɔde maa Timoteo sɛ onni wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ni “wɔ ahotew nyinaa mu” no bɔ abira.—1 Timoteo 5:2.
Ɛwom sɛ ebia wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu a wo ne wɔn bɛwewe no bɛma woanya wo ho mu ahotoso de, nanso ɛyɛ nyaatwom na ɛnkyerɛ nokwaredi. Ɛho nhia sɛ wo ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu bɛwewe anaa wobɛyɛ obi a oyi aseresɛm ansa na woatumi adi nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Saa ara nso na enhia sɛ wubebisa nsɛm bi a ɛhaw adwene anaa ɛmfata de ahu sɛnea obi a ɛsono ne bɔbeasu te nka na osusuw nneɛma ho. Kɔ so sɛ wobɛka nsɛm a ɛyɛ ‘trenee, ɛho tew, na ɛwɔ ɔdɔ,’ na ɛno bɛkyerɛ sɛ ampa woreda wo ho adi sɛ ɔbarima anaa ɔbea a ne ho akokwaw na honhom fam nneɛma ho hia no. (Filipifo 4:8) Ɛnyɛ sɛ nnyinasosɛm pa a wode bedi dwuma no bɛma wo ho ayɛ fɛ wɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu anim nko, na mmom Onyankopɔn ankasa nso ani begye wo ho.d—Mmebusɛm 1:7-9.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ “Young People Ask . . . What’s the Secret of Choosing the Right Clothes?” a ɛwɔ October 8, 1989 Engiresi Nyan! mu no.
b Sɛnea nhwehwɛmufo bi kyerɛ no, nhwehwɛmu a wɔayɛ da no adi sɛ wɔtaa di mmabun a wonim nyansa ho fɛw wɔ wɔn dom akyɛde ahorow ho. Mmabun binom yɛ ho ade denam nyansa nneɛma a wogyae no so.
c Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 12 no de nyansahyɛ a mfaso wɔ so bi a ɛfa sɛnea wubenya obu ama wo ho ho ma.
d Sɛ wunnyinii sɛnea ɛfata sɛ wobɛware a, nyansa wom sɛ wo ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu a ɛsono mfe a wɔadi bɛbɔ. Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Sɛ M’awofo Te Nka Sɛ Misua sɛ Mɛyɛ Nhyehyɛe Apue Nso Ɛ?” a ɛwɔ February 8, 2001 Nyan! mu no.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]
Sɛ́ anka wode adwene besi w’ahoɔfɛ so no, bɔ mmɔden sɛ wubenya honhom fam su ahorow
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Sua sɛ wo ne nkurɔfo a wɔn tipɛn gu ahorow bɛbɔ