Kar Akwanhyia Ahorow—So Wubetumi Afi Mu?
“Mewɔ karka ho kyerɛwtohɔ pa, enti ɛnsɛ sɛ mehaw sɛ menya kar akwanhyia.” “Afirikafo a wosusua na wɔyɛ anibiannaso nkutoo na akwanhyia to wɔn.” Nnipa pii susuw sɛ kar akwanhyia ntumi nto wɔn da. So saa na wote nka? Ɛdefa kar akwanhyia ho no, so entumi nto wo?
AKONTAABU kyerɛ sɛ, sɛ wote ɔman a anya nkɔanim mu a, ɛda adi sɛ anyɛ yiye koraa no, wubepira wɔ kar akwanhyia mu pɛnkoro wɔ wo nkwa nna mu. Wɔ ebinom fam no, akwanhyia a ɛte saa yɛ hu yiye. Wɔ wiase nyinaa nnɛ no, akwanhyia a ɛyɛ hu paa bɛyɛ ɔpepem fã na esisi afe biara. Ebetumi aba sɛ wɔn a wowuwui wɔ afe a etwaam no mu pii tee nka sɛ ɛnto wɔn da. Dɛn na wubetumi ayɛ de atew w’ankasa wo ho a wode bɛto asiane mu no so? Ahobammɔ ne ade a ehia. Susuw ɔkwan a wubetumi afa so asiw akwanhyia ahorow a anikum, ne onyin de ba ho hwɛ.
Ofirikafo a N’ani Kum
Animdefo binom kyerɛ sɛ ebetumi aba sɛ ofirikafo a n’ani kum ho yɛ hu te sɛ ofirikafo a w’abow nsa ara pɛ. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ nkotɔ de akwanhyia pii ba. Fleet Maintenance & Safety Report kae nnansa yi sɛ, wɔ afe biako mu no, karkafo 12 biara mu 1 a wɔwɔ Norway na wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔdae bere a na wɔreka afiri no. Sɛnea The Star a ɛwɔ Johannesburg, South Africa kyerɛ no, ofirikafo a wabrɛ ma kar abiɛsa biara mu biako ne foforo pem anim wɔ saa ɔman no mu. Amanneɛbɔ a efi nsase foforo so da no adi sɛ ɔbrɛ rehaw afirikafo wɔ baabiara. Dɛn nti na afirikafo a wɔda pii wɔ hɔ saa?
Ɛnnɛ asetra kwan a emu yɛ den ka ho bi na ɔhaw no ba. Newsweek nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ, ebetumi aba sɛ ‘nnɔnhwerew dodow a Amerikafo de da anadwo no so bɛtew dɔnhwerew biako ne fã sen sɛnea na [wɔde da] wɔ afeha no mfiase—na ɛda adi sɛ ɔhaw no bɛkɔ so ayɛ kɛse.’ Dɛn ntia? Nsɛmma nhoma no faa nna ho nimdefo Terry Young asɛm kae sɛ: “Nnipa bu nna a wɔbɛda sɛ biribi a wobetumi de akame wɔn ho. Wobu obi a ɔnna pii na ɔyɛ adwumaden sɛ nea otu mpɔn.”
Wɔka sɛ onipa a ɔte apɔw hia sɛ otumi da nnɔnhwerew asia ne fã ne nnɔnhwerew akron anadwo biako mu. Sɛ nkurɔfo de nna kame wɔn ho a, wɔbɛde “nna ho ka.” AAA Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Karka Mu Ahobammɔ So bɔɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ mpo obi de nna kame ne ho simma 30 anaa 40 sen sɛnea anka ehia sɛ ɔda anadwo bere a wayɛ adwuma sɛnea ɛsɛ dapɛn no mu a, ebetumi akowie sɛ ɔbɛde nna ho ka nnɔnhwerew 3 kosi 4 dapɛn no awiei, na ɛno bɛma n’ani akɔ so akum da no mu.”
Ɛtɔ mmmere bi a worentumi nna yiye anadwo. Nnakorokoro, abofra a ɔyare a wohwɛ no, anaa nneɛma afoforo bi a ɛboro w’ahoɔden so ntumi mma wo nna. Ebia da a edi hɔ no wubehu sɛ w’ani kum bere a woreka afiri no. Sɛ ɛba saa a dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
Ebia nnuru a agye din te sɛ kɔfe a wobɛnom, mfɛnsere a wobebuebue, kyingam a wobɛwe, anaa biribi a ɛyɛ huam a wubedi no mma wo nna. Eyinom a wɔfrɛ no nnuru yi mu biara ntumi nni ɔhaw no ankasa ho dwuma. Nea wuhia ara ne nna. Ɛnde dɛn nti na wunnye bere kakra mfa nna? The New York Times de nyansahyɛ ma sɛ: “Ɛnsɛ sɛ da a wobɛda kakra de ahyɛ wo ho den wɔ adwuma da no boro simma 30; sɛ ɛboro saa a wobɛda nnahɔɔ, na ɛbɛyɛ den sɛ wobenyan.” Da a wobɛda kakra no mma worennu baabi a worekɔ no ntɛm, nanso ebetumi ama wo nkwa tenten.
W’asetra kwan betumi ama woabɛyɛ ofirikafo a ɔtɔ nko. So wugye bere pii wɔ Intanɛt ho, anaa wotra ase hwɛ television kyɛ anadwo? So wokɔ apontow a egye nnɔnhwerew pii a ɛreyɛ adu anɔpa bere mu ase? Mma nneyɛe a ɛte saa nka wo nna nhyɛ. Ɔhene Salomo nyansafo no mpo huu sɛnea ‘ɔhome kakra’ som bo.—Ɔsɛnkafo 4:6.
Wɔanyin Nanso Wɔwɔ Osuahu
Afirikafo a wɔanyin taa wɔ osuahu pii wɔ kwan so. Bio nso wɔhwɛ wɔn ho yiye na wonim baabi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma kodu. Nanso afirikafo a wɔanyin nnee wɔn ho mfii kar a ɛpem anim ho. Nokwarem no, bere a wɔn mfe kɔ anim no, ebia wobehyia akwanhyia a ɛtete saa pii. U.S. nsɛmma nhoma Car & Travel bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa dodow a wɔwɔ hɔ no mu ɔha mu 9 na wɔadi boro mfe 70, nanso saafo yi mu ɔha mu 13 na wowu wɔ kar akwanhyia mu.” Awerɛhosɛm ne sɛ, afirikafo a wɔanyin a wɔde kar pempem no dodow rekɔ anim.
Susuw nhwehwɛmu ahorow a Myrtle, a wadi mfe 80 yɛe no ho hwɛ.a Ofii karka ase bɛboro mfe 60 a atwam ni na onnyaa kar akwanhyia da. Nanso te sɛ afoforo pii no, ɔte nka sɛ ne mfe akɔ anim—ade a ebetumi ama ayɛ mmerɛw kɛse sɛ obenya akwanhyia. Nnansa yi ɔbɔɔ Nyan! amanneɛ sɛ: “Bere a wo mfe rekɔ anim no, biribiara a ɛwɔ asetram [a karka ka ho] bɛyɛ adwumaden.”
Dɛn na wayɛ de atew kar akwanhyia ho asiane so? Myrtle ka sɛ: “Wɔ mfe no mu no, mayɛ nsakrae ma ɛne me mfe ahyia.” Sɛ nhwɛso no, watew bere dodow a ɔde ka kar no so, titiriw no anadwo. Nsakrae kakra yi reboa no ma wakura ahobammɔ ho kyerɛwtohɔ a ɔwɔ no mu sen sɛ obegyae karka.
Sɛnea ɛyɛ den sɛ yebegye atom no, onyin ho nsɛnnennen ka obiara. (Ɔsɛnkafo 12:1-7) Akwahosan ho haw ahorow sɔre, yɛn ahokeka yɛ nyaa, na yɛn ani so yɛ wusiwusi—eyinom nyinaa ma ahobammɔ a ɛwɔ kar ka mu no so tew. Nanso mfe a ɛkɔ anim ara kɛkɛ nsiw karka kwan. Nea ɛho hia ara ne sɛnea onipa no mmɔdenbɔ te wɔ karka ho. Gye a yebegye nsakrae a ɛba yɛn nipadua mu atom na yɛayɛ nsakrae a ɛho hia wɔ nea yɛyɛ daa mu no bɛma yɛatu mpɔn wɔ karka mu.
Ebia worenhu, nanso sɛnea wuhu ade no resakra. Bere a wokɔ so nyin no, sɛnea wuhu ade no so tew na w’aniwa hia hann pii. Nhomawa a wɔato din The Older and Wiser Driver ka sɛ: “Ofirikafo a wadi mfe 60 hia hann a abofra de hu ade mmɔho abiɛsa, na sɛ ofi hann mu kɔ sum mu a ebegye no nea ɛboro mmɔho abien ansa na wahu ade.” Yɛn aniwa mu nsakrae a ɛte saa tumi ma anadwo karka yɛ den.
Henry adi mfe 72 na wanya karka ho kyerɛwtohɔ pa bɛboro mfe 50. Bere a mfe no twam no, ofii ase hui sɛ kar afoforo akanea ma ɛyɛ den sɛ ɔbɛka kar anadwo. Bere a wɔyɛɛ n’ani mu nhwehwɛmu no, ohui sɛ ohia ahwehwɛniwa foforo a ɛbrɛ kar akanea ase anadwo. Hernry ka sɛ: “Anadwo karka nyɛ den mma me bio.” Wɔ ne fam no, nsakrae kakra a ɔyɛe yi de nsakrae kɛse baa ne karka mu. Wɔ ebinom te sɛ Myrtle fam no, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara ne sɛ wobegyae karka anadwo korakora.
Onyin nso ka onipa nneyɛe. Adwene a anyin no tumi hu nyansa sen mmofra de. Nanso dodow a obi nyin no, dodow no ara na egye no bere pii ma ɔde atoto ne nsɛm na wayɛ nneɛma. Eyi ma karka yɛ den ankasa esiane kar kwan so nhyehyɛe a ɛkɔ so sakra nti. Sɛ wobɛyɛ biribi a ɛho hia ntɛm a, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ nsakrae a ɛte saa mu yiye.
Car & Travel nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ “nea ɛma wɔn a wɔn mfe akɔ anim wu wɔ kar akwanhyia mu kɛse ne sɛ ofirikafo a ne mfe akɔ anim bu n’ani gu karka ahobammɔ nhyehyɛe so.” Dɛn ntia? Amanneɛbɔ koro no ara toa so sɛ: “Ɛte sɛ nea ɔhaw . . . no fa hwɛ a obi a waka kar akyɛ bɛhwɛ benkum ne nifa so ahyɛnsode ho nsɛm a ɛsakra ansa na wasi nkwanta bi mu no so.”
Ɔkwan bɛn so na wubetumi agyina nneyɛe a ɛba nkakrankakra yi ano? Yɛ ahwɛyiye bere a worebɛn nkwanta bi so no. Fa yɛ wo su sɛ wobɛhwɛ sɛ kar bi fi baabi reba mprennu ansa na woakɔ. Da ahwɛyiye adi titiriw bere a woredan wo ho no. Dan a wobɛdan wo ho wɔ nkwanta so no yɛ hu yiye, titiriw bere a ɛsɛ sɛ wo twam fa baabi a kar betumi afi aba no.
Wɔ United States no, akwanhyia a esi wɔ nkwanta so ɔha mu 40 wɔ afirikafo a wɔadi boro mfe 75 fam no fi dan a wɔdan wɔn ho wɔ benkum so no. AAA Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Karka Mu Ahobammɔ So ka kyerɛ afirikafo a wɔwɔ saa ɔman no mu sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a wubetumi adan wo ho mprɛnsa wɔ wo nifa so de akwati sɛ wobɛdan akɔ benkum so.” Ebia wubetumi de saa nnyinasosɛm yi adi dwuma ma ɛne beae a wote no nsɛm tebea ahyia. Ebia nhyehyɛe kakra a wubedi kan ayɛ ato hɔ no betumi ama w’akwati nkwanta a ɛyɛ hu so asiane ahorow.
Gyinaesi a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho
Dɛn na ebetumi aboa wo ma woahwehwɛ wo karka ho nsɛm mu? Ebia wubetumi abisa adamfo anaa obusuani bi ma ɔne wo atra wo kar mu ahwɛ sɛnea wo ahokokwaw te. Afei tie nea wɔhyɛɛ no nsow biara a wɔka kyerɛ wo no yiye. Ebia wubetumi asi gyinae nso sɛ wubesua sɛnea wɔka kar wɔ ɔkwan a ahobammɔ wom no ho ade. Karka fekuw pii wɔ hɔ a wɔyɛ nkyerɛkyerɛ ahorow ho nhyehyɛe titiriw ma afirikafo a wɔn mfe akɔ anim. Tebea horow a ɛyɛ hu biako anaa abien a anka ebetumi akowie owu anaa pira mu betumi ayɛ kɔkɔbɔ a ɛkyerɛ sɛ w’ahokokwaw wɔ karka mu nyɛ papa sɛnea na ɛte kan no.
Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ papa ama wo sɛ wubegyae karka. Eyi betumi ayɛ gyinae a ɛyɛ yaw a wubesi. Myrtle a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nim sɛ ɛrenkyɛ obegyae karka. Bere a saa da no rebɛn no, wadi kan ama afoforo ka ne kar no ma no dedaw. Ɔte nka dɛn wɔ ne kar a ɔma obi foforo ka ma no no ho? Ɔka sɛ: “Ɛyɛ anigye sɛ wobɛtra kar mu a karka ho adwennwen biara nna wo so.”
Ebia bere a woasusuw asɛm no ho yiye awie no, wo nso wo bɛte nka saa ara. Gua a wubedi, nneɛma nketenkete ho dwuma a wubedi, ne kwan a wubetu akodi nneɛma ahorow bi ho dwuma ne nhyiam a wobɛkɔ a w’adamfo bi ka wo ho no betumi ayɛ anigye kɛse. Ebia adamfo bi betumi aka kar no. Ɔkwan a wubetu no saa no betumi ayɛ anigye ne nea ahobammɔ wom sen sɛ wo nkutoo wobɛkɔ. Sɛ kar a ɔmanfo de tu kwan wɔ hɔ a, ebia ɛno nso bɛyɛ ɔkwan biako. Kae sɛ, sɛnea wosom bo no nnyina kar a wotumi ka so. Su pa ahorow a wukura no na ɛma wo som bo ma w’abusua ne wo nnamfonom—ne Onyankopɔn.—Mmebusɛm 12:2; Romafo 14:18.
Sɛ́ woyɛ obi a wanyin anaa onnyinii, ofirikafo a ɔwɔ osuahu anaa ɔfoforo koraa no, womfaa wo ho nnii wɔ asiane ahorow a kar akwanhyia de ba no ho. Hu sɛ asɛyɛde a emu yɛ duru ka karka ho. Yɛ ahwɛyiye fa tew asiane a ɛne sɛ wode kar bɛpem anim no ho. Sɛ woyɛ saa a, wobɛbɔ wo ne afoforo pii ho ban wɔ akwantu pii a ɛwɔ w’anim no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa din ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no.
[Mfonini wɔ kratafa 12]
Hwɛ hu sɛ wo nipadua anya “nna” pa anadwo
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Ebia da a wobɛda kakra bɛma nneɛma atwentwɛn ase de, nanso ebetumi akora nkwa so
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Afirikafo a wɔanyinyin wɔ osuahu pii nanso wohyia nsɛnnennen soronko
[Mfonini wɔ kratafa 14]
Mfaso pii wɔ so sɛ wone adamfo bi betu kwan