Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 4/8 kr. 10-11
  • So W’afirika Yɛ Asiane?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So W’afirika Yɛ Asiane?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wɔne Afoforo Ntumi Nni Afra
  • Wɔn a Wontumi Nni Wɔn Nkate So
  • Ofirikafo Pa
  • Nya Dwoodwoo Afirika Su Ahorow
    Nyan!—1988
  • Kar Akwanhyia Ahorow—So Wubetumi Afi Mu?
    Nyan!—2002
  • Karka Mu Abufufa—Wobɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Ano?
    Nyan!—1998
  • Woyɛ Ofirikafo a Ɔyɛ Ahwɛyiye?
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 4/8 kr. 10-11

So W’afirika Yɛ Asiane?

Efi Japan Nyan! kyerɛwfo hɔ

HIROYASU Ohtsuka, Afirika ho Ahobammɔ Adwuma mu Panyin a ɔwɔ Japan Polisifo Adesuabea no kae sɛ, “Yenim wɔn a akyinnye biara nni ho sɛ wobenya akwanhyia no. Na ɛwom sɛ yɛma wɔn afirika ho tumi krataa de, nanso yɛpɛ sɛ nnipa hu wɔn mfomso ahorow na wodi ho dwuma.”

Afirikafo a wɔn afirika yɛ asiane kɛse no ntaa nhu sɛ wɔte saa. Nanso sɛ obi tra stia akyi pɛ a, abenfo hu mfomso ahorow asia a etumi da adi. Bere a woresusuw emu biara ho no, bɔ mmɔden fa toto w’ankasa ho, na hwɛ sɛ w’afirika nyɛ asiane anaa.

Wɔn a Wɔne Afoforo Ntumi Nni Afra

Wɔn a wɔn afirika yɛ asiane kɛse mu binom ne wɔn a wontumi ne nnipa afoforo mmɔ fekuw, wɔn a wontumi nka wɔn ho nkɔ nnipa afoforo ho. Wɔne:

Obi a Onsusuw Afoforo Ho Eyi yɛ onipa a ɔyɛ biribiara sɛnea n’ankasa pɛ. Sɛ ɔte stia no akyi a, osusuw sɛ ɔyɛ ‘ɔkwan wura.’ Ɔkɔ sɛnea ɔpɛ, obu n’ani gu ahyɛde biara a osusuw sɛ ɛyɛ mfomso no so na ɔkyerɛ ne ho bere biara a ɔpɛ. Ne werɛ fi sɛ ɔkwan no yɛ ɔne afirikafo afoforo dea. Esiane sɛ ɔde n’ankasa ntease nkutoo na ɛyɛ ade na ɔde asiane di agoru nti, ɔma akwanhyia ba efisɛ obu n’ani gu nsakrae ahorow a ɛba wɔ ɔkwan no so no so na ɔmfa nyɛ hwee.

Nea Onni Ahobrɛase Ofirikafo a onni ahobrɛase no nni nkate mma nnipa afoforo, na ɔnte wɔn nsusuwii ne atenka ase. Esiane sɛ ontumi ne nnipa mfa yɔnko nti, ɔkwati wɔn. Eyi da adi wɔ subammɔne a ɔda no adi wɔ ɔkwan no so no ne obu a onni ma afirikafo afoforo no mu​—n’abien nyinaa yɛ nea ɛde asiane kɛse ba. Wɔ ebinom fãm no, egye bere tenten ansa na wɔne nnipa afoforo atumi abɔ fekuw na eyi ne nea enti a mmofra nya akwanhyia pii no.

Obufufafo Sɛnea nhoma Driving Instruction According to Aptitude ka no, ofirikafo a ne bo afuw ho sɛnkyerɛnne biako ne sɛ “sɛ ohu sɛ ɔno na ɛsɛ sɛ wɔma no kwan a ɔmma afoforo kwan koraa. Ommu n’ani ngu afirikafo afoforo anaasɛ nnipa a wɔnam kwan no so no mfomso nketenkete so, na nea eyi de ba ne ateɛteɛ, afoforo a wosiw wɔn kwan, . . . ne abɛn a wɔbɔ . . . de bɔ hokwan a ɔwɔ no ho ban ma ɛboro so.” Nneɛma a anka ɛnyɛ mfomso mpo betumi ama ne bo afuw. Na sɛ ne bo fuw ntɛmntɛm nso a, ɔrentaa mfa nyansa nto n’afirika ho.

Wɔn a Wontumi Nni Wɔn Nkate So

Afei wɔn a wɔwɔ nkate mu asɛnnennen no nso wɔ hɔ. Eyinom ne:

Obi a Ɔnyɛ Pintinn Nneɛma ho nkate a ɛboro so yɛ obi a ɔnyɛ pintinn suban. Tirimdɛ, anigye ne adwennwen taa ka no. Sɛ ɔka afiri bere a odwennwen a, ɔrenhu asiane ahorow, na ebia ne nneyɛe bɛyɛ nea ɛka akyi dodo sɛ ɔbɛyɛ ofirikafo pa. Sɛ ɔreka afiri bere a n’ani agye ne tirim a, ebia ɔrenyɛ ahwɛyiye. Kɔkɔbɔ a wɔde bɛma no wɔ nkate yi ho no bɛma wada atuatew nneyɛe adi. Ebia obesusuw sɛ n’adwennwene no nkutoo na enye.

Ehu Mmoroso Nhwehwɛmufo Richard E. Mayer ne John R. Treat ka wɔ afirikafo a wɔn afirika yɛ asiane kɛse ho adesua bi mu sɛ ɛtaa ba sɛ oyi yɛ onipa a biribiara haw no nanso ɔmpɛ kasa na ɔnna n’adwene adi nkyerɛ obiara. Sɛ ɔreka afiri a, ná n’adwene wɔ “nsɛm a ɛmfa afirika ho” so, enti “ontie nsɛm a ɛho hia anaasɛ ɔnte ase.” Ade a ɛnyɛ hu mpo te sɛ bere a afiri bi repa ne ho no betumi ama ofirikafo ohufo koma atu. Osusuw sɛ ɛde asiane bɛba.

Ahopere Oyi yɛ n’ade mpofirim. Sɛ anka ɔde boasetɔ bɛhwehwɛ nokwasɛm ahorow mu na wasi gyinae pa no, ɔde ne ho to nkate so. Bere a ɔde bɛtwɛn ma kanea a ɛma kwan asɔ na ɔkwan mu ada hɔ no yɛ tenten dodo ma no. Enti ne ho pere no na ne bo fuw. Gyinae pa a ontumi nsi ansa na wayɛ n’ade no ma ɔyɛ ofirikafo a ne ho wɔ asiane.

So woyɛ eyinom mu biako? Sɛ ofirikafo tirimmɔdenfo hyɛ wo abufuw a, dɛn na woyɛ? Sɛnea ɛbɛ bi kyerɛ no, sɛ mpaboa no kɔ wo a, ɔkwan biara so no ɛsɛ sɛ wohyɛ. Woankasa yiyedi nti, tie kɔkɔbɔ no na di ne mmerɛwyɛ no so nkonim. Ɛho hia sɛ wokyerɛ wo nkate ne nsusuwii kwan na woayɛ ofirikafo pa.

Ofirikafo Pa

Nanso dɛn na ɛma obi yɛ ofirikafo pa? Wɔ nsɛm bi a Nyan! bisabisae mu no, nhwehwɛmufo mpanyimfo a wɔyɛ Japan polisifo ka sɛ afoforo ho a wosusuw, ade ho a wodwen ansa na wɔayɛ, mmɔden a wɔbɔ na wɔate nsɛm tebea ase, nyansa a wɔde si gyinae pa, nhumu, odwo, ahosodi ne nea ɛbɔ afoforo a wɔfa ɔkwan no so bi ho ban a wɔbɛyɛ.

Saa ara nso na amanneɛbɔ a efi Mpanyimfo Sukuu Kunini a ɛwɔ Osaka no nso ka afirikafo pa ho asɛm sɛ “wɔwɔ nkate a ɛyɛ pintinn; wotumi si gyinae pa ntɛm sen sɛnea wɔyɛ wɔn ade; wɔn gyinaesi teɛ; wotumi di wɔn ho so.” So wobetumi aka eyi afa wo ho?

Wɔ mfe mpempem mu no, Bible no akɔ so akyerɛ nnipa sɛnea wobenya nyansa, ntease ne nhumu. (Mmebusɛm 2:1-6) Ɛkyerɛ sɛnea adesamma a wɔnyɛ pɛ betumi de “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo ne ahosodi” asi “bobɔne, abufuw, bɔneyɛ, ɔyaw, ne kasa bɔne” anan mu. Yiw, Bible no betumi aboa wo ma woayɛ ofirikafo pa mpo!​—Kolosefo 3:8-10; Galatifo 5:22, 23.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena