Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 2/8 kr. 19
  • Woyɛ Ofirikafo a Ɔyɛ Ahwɛyiye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woyɛ Ofirikafo a Ɔyɛ Ahwɛyiye?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya Dwoodwoo Afirika Su Ahorow
    Nyan!—1988
  • Kar Akwanhyia Ahorow—So Wubetumi Afi Mu?
    Nyan!—2002
  • So W’afirika Yɛ Asiane?
    Nyan!—1991
  • Karka Mu Abufufa—Wobɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Ano?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 2/8 kr. 19

Woyɛ Ofirikafo a Ɔyɛ Ahwɛyiye?

SƐ WOREKA kar a, wo nneyɛe betumi anya wo karka so tumi kɛse. Nhwehwɛmu bi a Britania Kar Adwumayɛ Fekuw yɛe no daa no adi sɛ, anyɛ yiye koraa no, Britania mmarima a wɔadi mfe 17 kosi 20 no ɔha biara mu 22 nya kar akwanhyia afe biara.

Dɛn ne nneɛma atitiriw a ɛmma wɔnyɛ ahwɛyiye wɔ wɔn karka mu no? Wɔ asabow, abufuw a wɔfa, ne nnwom a ano yɛ den a wɔbɔ akyi no, Kar Adwumayɛ Fekuw no kwankyerɛfo panyin abadiakyire, Kenneth Faircloth ka sɛ: “Wɔn mu pii na wɔn atipɛnfo nya wɔn so nkɛntɛnso ma wɔka kar wɔ ɔkwan a asiane wom so.” Ne saa nti, kar Adwumayɛ Fekuw no kamfo kyerɛ sɛ wɔmfa wɔn adwene nsi ofirikafo no nneyɛe ho ntetee so kɛse nsen karka no ankasa.

Sɛ nhwɛso no, bisa wo ho sɛ: ‘Meyɛ biribi a ebetumi de asiane aba de bɔ mmɔden sɛ mɛsɔ akwantufo a wɔwɔ me kar mu ani a mennwene ho? So sɛnea mete nka wɔ me mu na ɛkyerɛ sɛnea meka kar? Mibu afirikafo afoforo a wɔwɔ kwan so sɛ wosiw me kwan ma enti ɛsɛ sɛ misan wɔn ho?’ Nsemmisa yi ho mmuae bɛkyerɛ ofirikafo kõ a woyɛ.

Sɛ́ woyɛ ɔbarima anaa ɔbea, abofra anaa ɔpanyin no, nya ɔdɔ ma wo yɔnko bere a woreka afiri no. “Yɛ nnipa afoforo sɛnea wobɛpɛ sɛ wɔyɛ wo no.” (Mateo 7:12, Phillips) Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ma wode ahwɛyiye aka kar.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena