Karka Mu Abufufa—Wobɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Ano?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRITAIN HƆ
ABUFUFA ne basabasayɛ a efi mu ba ayɛ ade a wiase nsɛnkyerɛwfo bɔ ho amanneɛ daa. Nea ɛka teaseɛnam a wopia mu abufufa (a nea ɛte ne sɛ adetɔfo a wɔde nteaseɛnam a wopia kɔtɔ nnuan wɔ sotɔɔ akɛse mu bo fuw wɔn ho wɔn ho) ne telefon so abufufa (a nea ɛde ba ne mfiridwuma mu nimdeɛ a ɛma onipa a wo ne no rekasa wɔ telefon so no tumi gyae ne ɔfoforo kɔkasa no) ho no, karka mu abufufa na nkurɔfo adwene kɔ so wɔ Britain.
Karka mu abufufa abu so araa ma 1996 mu amanneɛbɔ a ɛfa su a wokura wɔ karka ho ho no kyerɛe sɛ wɔ Britain no, “anya nkɔanim kɛse, na ɛkame ayɛ sɛ afe a etwaam no, karkafo nyinaa mu fã hyiaa ntua anaa atɛnnidi bi”! Nhwehwɛmu a Karka Fekuw bi yɛe no kɔɔ akyiri sen saa, na ɛbɔɔ amanneɛ sɛ “karkafo du biara mu baakron na wɔkyerɛ sɛ afoforo bo fuw wɔn.” Anwonwasɛm ne sɛ, saa nhwehwɛmu koro no ara daa no adi sɛ “[karkafo] du biara mu asia pɛ na wogye tom sɛ wɔn ankasa bo fuwii bere a na wɔreka kar no.”
Dɛn na ɛde karka mu abufufa ba? Sɛ afoforo taa fa wo ho abufuw a, dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ wo ho ban? Sɛ obi foforo karka ma wo bo fuw a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Nokwarem no, bere a karka mu abufufa renya nkɔanim wɔ wiase nyinaa no, wobɛyɛ dɛn atumi agyina ano?
Nea Ɛma no Ba ne Nea Efi mu Ba
Karkafo a wɔfa abufuw no nyɛ biribi foforo. Obi a odii kan dii mfomso ne Engiresini anwensɛm kyerɛwfo Lord Byron. Wɔ 1817 mu no, ɔkyerɛw krataa bi a emu no, ɔkaa anobaabae bi a ɔne obi dii wɔ kwan so ho asɛm. Wɔbɔ amanneɛ sɛ, obi foforo a na ɔnam kwan no so “ankyerɛ obu” amma Byron pɔnkɔ. Ne saa nti, anwensɛm kyerɛwfo no bɔɔ ɔbarima foforo no asom.
Wɔ aman pii mu no, bere a kar kyere so kɛse no, karkafo bo fuw kɛse. Ɛyɛ 1980 mfe no mu na U.S. atesɛm nkrataa kaa ade a ɛde karka mu basabasayɛ ba no ho asɛm sɛ “karka mu abufufa.” Ɛwom sɛ karka mu abufufa ntia mmara de, nanso wɔka ma ɛfata sɛ ɛno ne nkate a ɛde basabasayɛ pii a karkafo a sɛnea ebinom ka wɔn kar hyɛ wɔn abufuw yɛ no ba.
Ahopɛ honhom abu so wɔ yɛn akwan so seesei. The Times a ɛwɔ London no ka sɛ, karka ho su horow ho nhwehwɛmufo ka sɛ “ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa wɔn a wɔde basabasayɛ anaa ntua ba no bu wɔn ho atreneefo de kyerɛ sɛ obi foforo nneyɛe a ɛmfata na ɛmaa wɔn bo fuwii.” Ɛmfa ho sɛnea obi ka ne kar huhuuhu no, ɔte nka sɛ ɛfata. Nanso sɛ obi foforo di mfomso ketewaa bi wɔ karka ho akwankyerɛ mu a, ɛhyɛ no abufuw.
Nnubɔne a mmerante ne mmabaa pii nom no nso ka ho bi na karka mu abufufa ba. Sɛnea ayaresabea dwumayɛni bi kyerɛ no, Cocaine a wɔnom “te sɛ nea obi anom nsa na ɔreka kar.” Karkafo a wɔnom nnubɔne no taa gye wɔn ho di dodo wɔ wɔn karka mu. Ne saa nti, ebinom de wɔn kar tu mmirika ma ɛyɛ hu. Afoforo nso ka kar basabasa a wonsusuw afoforo ho.
Susuw ɔhaw a adwennwen de ba karkafo bi so no nso ho. Ɔbenfo Cary Cooper a ɔwɔ Manchester Sukuupɔn mu no kyerɛ sɛ adwennwen ne da biara asetra mu huammɔdi ahorow na ɛmaa nkurɔfo pii faa abufuw wɔ karka mu wɔ 1990 mfe no mu. Adehye Karka Fekuw no kasamafo bi kae sɛ: “Dadwen rehyɛ karkafo so kɛse, na basabasayɛ a emu yɛ den renya nkɔanim.” Dwumadibea bi a ɛhwɛ ma wɔde nsɛm to gua no panyin bi a onni adagyew a ɔde nnɔnhwerew pii ka kar kɔ adwuma ba fie no gye tom sɛ onni nneɛma ho koma sɛnea na ɔte kan no. The Sunday Times bɔɔ nea ɔkae no ho amanneɛ sɛ: “Seesei mekasa tia afoforo ntɛmntɛm abufuw so wɔ nneɛma nketenkete a kan no na ɛnhaw me no ho.” Ebia wote nka saa ara. Sɛ saa a, dɛn na wubetumi ayɛ?
Nkanyan Karka mu Abufufa
Hu sɛ karkafo foforo nyɛ pɛ. Wobebu mmara so bere ne bere mu. Susuw nneɛma a ɛtete saa ho bere a woreka kar no. Di kan susuw nneɛma ho. Sɛ nhwɛso no, ebia na wode kar nam ɔkwan bi a kar ahorow a entumi nkɔ mmirika nam so so wɔ kwantempɔn bi a kar pii tumi fa so so. Nanso afei wudu nkwanta bi a akwan foforo deda ho so, na kwantempɔn no mu a kar afoforo rebesi no de nkyereso ba. Bere a wohwɛ w’anim no, wuhu sɛ kar bi fi kwan a ɛda nkyɛn no so reba kwantempɔn no mu. So wubesusuw sɛ wo na wudii kan duu hɔ, na wowɔ hokwan sɛ wotoa so? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma kar a ɛreba no kwan? Dɛn nti na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, womfa ɔkwan foforo so, mma karkafo foforo no kwan mma ommesi kwantempɔn no mu? Nanso susuw ho hwɛ, sɛ wokɔ so fa baabi a wonam no bere a wongow wo mmirika mu a, dɛn na ebesi? Ebia karkafo a ɔrebesi kwantempɔn no mu no besusuw saa ara. Ɛyɛ dɛn ara a, ɛsɛ sɛ obi ma kwan; anyɛ saa a, akwanhyia besi.
Nyansa mu no, karkafo a ɔmpɛ sɛ ɔkanyan karka mu abufufa no hwɛ n’anim na osusuw afoforo ho bere a ɔreka kar no. Ɔma kwan bere a obetumi, na sɛ karkafo foforo no ankyerɛ nidi a ɔde maa no no ho anisɔ a, ne bo mfuw. Britain Asoɛe a Ɛhwɛ ma Wonya Karka mu Nkɔanim no nanmusifo bi bu akontaa sɛ karkafo 3 biara mu 1 nni suban koraa. Ɛwom sɛ saa karkafo yi betumi de ahokokwaw aka wɔn kar de, nanso wommu ade. Ɔfrɛ wɔn “karkafo a wɔwɔ ahokokwaw nanso wonni su pa.”
Ɛtɔ mmere bi a karkafo dodow no ara bu wɔn ani gu afoforo a wɔnam kwan so no so. Nanso ɛno mma ɛmfata sɛ wobɛyɛ w’ade saa kwan no so. Susuw nneɛma a ebetumi afi mu aba no ho. Nokwarem no, wompɛ sɛ asoɔden bi a wobɛyɛ bɛma kar akyere so. Mma wo nkate nnni wo so. Karka mu ɔbenfo bi tu fo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wudi kwan so abufusɛm akyi da.” Nsuasua wɔn a wɔfa karka mu abufuw no!
So Wɔafa Wo Ho Abufuw Pɛn?
Ɛkame ayɛ sɛ wɔafa karkafo biara ho abufuw pɛn bere a ɔreka kar no. Kuturuku a wɔde kyerɛ afoforo so, nteɛteɛm a wɔde didi atɛm, kar a wɔka no basabasa de twitware afoforo akwan mu nyinaa tumi ma afoforo bɔ hu. Nokwarem no, ɔkwampa a ɛsen biara a yɛbɛfa so abɔ yɛn ho ban ne sɛ yɛbɛkwati ntawntawdi. Karkafo bi bɔɔ hu bere a obi foforo pɛe sɛ osian ne ho no. Awiei koraa no, karkafo a ne bo afuw no sian ne ho kodii n’anim, na afei ɔkɔɔ brɛoo araa ma nea odi akyiri no bɔɔ hu sɛ wɔn kar no bɛpem mu. Eyi kɔɔ so bere bi, na ɛbaa awiei bere a nea odi akyiri no man faa ɔkwan foforo so no.
Sɛ wuhu sɛ karkafo foforo pɛ sɛ wosian wo ho a, yɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛma wɔn kwan. Nka sɛ wonam wo kwan. Sɛ wuhu sɛ woahyɛ afoforo abufuw a, pa kyɛw. Yɛ biribi fa kyerɛ sɛ woadi mfomso, sɛ woanhyɛ da mpo a. Kae sɛ mmuae bɔkɔɔ betumi asianka abufuw.
Nanso sɛ wo na obi yɛɛ wo biribi a ɛhyɛ abufuw a, sɛnea ɛte biara no, mmua no. Focus nsɛmma nhoma no tu fo sɛ: “Mfa bɔne ntua bɔne so ka. Mfa nneɛma a obi betumi de adi bɔne nto wo kar mu.” Nyansahyɛ foforo ni: Toto wo kar apon ne mfɛnsere mu. Nhwɛ otuafo bi anim.
Atifi hɔ nyansahyɛ ahorow a ɛfa sɛnea yebegyina karka mu abufufa ano no nyɛ ade foforo. Ɛne afotu a Israel hene Dawid de mae wɔ tete mmere mu no hyia: “Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti. Mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho. Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ.”—Dwom 37:1, 8.
Ɛwom sɛ karka mu abufufa renya nkɔanim de, nanso nnya bi!
[Kratafa 27 adaka/mfonini]
Karka mu Abufufa a Wodi So
Karka Fekuw no ka sɛ ɛdefa karka mu abufufa a wobeyi afi hɔ ho no, “obi su a ɔbɛsesa no ho hia te sɛ agyiraehyɛde ahorow a wɔde besisi kar kwan ho.” Adwempa a wubenya wɔ ahokokwaw a w’ankasa wowɔ wɔ karka mu ne afoforo a wɔfa kwan no so de ho no ho hia na ama woadi karka mu abufufa so. Ɛwom sɛ afoforo mfomso da adi de, nanso mmu w’ani ngu w’ankasa wo karka mu mfomso so. Gye tom sɛ karkafo bi wɔ hɔ a wobu kwan so mmara ahorow so. Sɛ woreka kar a, hwɛ hu sɛ wobɛyɛ ahwɛyiye ankasa. Ɔbrɛ de adwennwen ba. Adwene a womfa nsi biribi so bere tiaa bi no betumi de asiane aba.
Susuw afotu a edidi so yi nso ho, na hyɛ sɛnea ɛne Ɔhene Salomo nyansafo mmebusɛm no hyia no nsow.
• So wo kar mufo hu w’abufuw? Ebia wɔka kyerɛ wo sɛ tɔ wo bo ase. Mpo wɔn afotu no, na mfa abufuw mmua wɔn sɛ ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛ wo nea eye. Kae, odwo su ye ma obi akwahosan, na ɛbɛboa wo ma woanyin akyɛ ankasa! “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa.”—Mmebusɛm 14:30.
• Susuw karkafo foforo no ho, na kwati ɔhaw ahorow. “Onyansafo suro, na ɔsan fi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodaso fa mu.”—Mmebusɛm 14:16.
• Yɛ nsɛnkyerɛnne anaa ka asɛm bi fa pa kyɛw fa sianka abufuw. “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.”—Mmebusɛm 15:1.
• Ebia afoforo bo bɛtaa afuw bere a wɔreka kar no, nanso ɛho nhia sɛ wusuasua wɔn. “Wo ne obufufafo mmfa ɔyɔnko.”—Mmebusɛm 22:24.
• Mfa wo ho nhyehyɛ afoforo ntawntawdi mu. “Ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.”—Mmebusɛm 17:14.