Akontaahyɛde Ne Wo
SO AKONTAAHYƐDE wɔ nkyerɛase bi a ahintaw? Ebinom ka sɛ “ɛte saa!” na wɔtwe adwene si nhwɛso soronko bi—amumɔyɛfo ntua a esii wɔ September 11, 2001 no so.
Akontaahyɛde ho nimdefo bi ka sɛ: “Bere a metee amanneɛbɔ no ara pɛ na m’adwene kɔɔ ɛda: 9-11-2001 no so.” Mpɛn pii no, akontaahyɛde ho animdefo bu akontaahyɛde 11 sɛ “akontaahyɛde atitiriw” no mu biako. Enti wɔn a wɔkyerɛ akontaahyɛde ho anigye no ahyehyɛ nneɛma ahorow a ɛne amumɔyɛfo ntua no wɔ abusuabɔ a ɛtwe adwene si “akontaahyɛde titiriw” 11 no so. Nea wohui no fã bi ni:
▪ Atoyerɛnkyɛm no sii 9/11. . . . 9 + 1 + 1 = 11.
▪ Ná September 11 yɛ afe no da a ɛto so 254. . . . 2 + 5 + 4 = 11.
▪ Na wimhyɛn a ɛkɔhwee atifi fam aban no mu no yɛ Wimhyɛn a ɛto so 11.
▪ Ná nnipa 92 na wɔwɔ saa wimhyɛn no mu. . . . 9 + 2 = 11.
▪ Ná nnipa 65 na wɔwɔ wimhyɛn a ɛkɔhwee anaafo fam aban mu no mu. . . . 6 + 5 = 11.
▪ Ná Aban a Ɛbɔ Ho Abien no sɛ akontaahyɛde 11.
▪ Wɔ Engiresi mu no, asɛm “New York City” no kura nkyerɛwde 11.
Akontaahyɛde ho adesua—a nea wɔyɛ wom titiriw ne sɛ wɔtwe adwene si akontaahyɛde ahorow so, wɔkeka bom, de hu nea ɛkyerɛ—yɛ adeyɛ a ɛkɔ so wɔ Afrika, Asia, ne Amerika. Dɛn nti na nkurɔfo kyerɛ ho anigye saa? Sɛnea Intanɛt so dwumadibea bi kyerɛ no, nkyerɛwde a wɔde di dwuma wɔ din ahorow mu a wobehu nea ɛkyerɛ—akontaahyɛde ho adesua mu ade biako a agye din kɛse—no “ma wonya nsɛm a edi mu fa obi nipasu, ne nneyɛe, ne yɛbea ne ne sintɔ ahorow ho.” Sɛnea saa amanneɛbɔ yi kyerɛ no, “da a wɔde woo yɛn” mu nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ no “bɛma yɛahu nea yɛbɛyɛ wɔ asetram, anigye ne sɔhwɛ ahorow a ɛwom.”
So saa nsɛm no yɛ nokware? Anaasɛ so asiane bi wɔ akontaahyɛde ho nyansapɛ mu nhwehwɛmu mu a ahintaw?