Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 9/8 kr. 25
  • Daakye Ho Akwankyerɛ A Edi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daakye Ho Akwankyerɛ A Edi Mu
  • Nyan!—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wo Anidaso Horow Ma Daakye Yɛ Nokware Ankasa Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Hena na Onim Daakye Asɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Gyidi Ne Wo Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Dɛn Na Ɛbɛboa Ama Asi Wo Yiye Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 9/8 kr. 25

Daakye Ho Akwankyerɛ A Edi Mu

SO YƐN ho a yentumi mfa nto akontaahyɛde ho adesua ne abosonkɔm afoforo so no kyerɛ sɛ yenni ɔkwan biara a yɛbɛfa so ahu yɛn daakye? Ɛnte saa koraa!

Akontaahyɛde a enni su biara ntumi nka adesamma daakye nkyerɛ wɔn. Nanso “Onyankopɔn teasefo” a ‘ofi mfiase ka awiei asɛm’ no ayɛ saa. Ɔyɛ eyi wɔ N’asɛm a wakyerɛw, Bible no mu. (1 Timoteo 4:10; Yesaia 46:10) Ɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asɛm a “ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo,” yi nso na ebetumi aboa wo ma woahu nea edi wo nsusuwii so ne dekode a ɛde nokware anigye bɛbrɛ wo, na ɛnyɛ akontaahyɛde ho animdefo asɛm.—Hebrifo 4:12.

Yɛn Bɔfo, Bible no Kyerɛwfo, no nkutoo ne obi a obetumi aka nea ɛbɛba daakye pɛpɛɛpɛ. Nea enti a eyi te saa ne sɛ Onyankopɔn yɛ tumi nyinaa wura, na odi n’asɛm so bere nyinaa. Yehowa Nyankopɔn kae sɛ: “Makasa, na mɛma aba mu.” (Yesaia 46:11) Bere a Yosua dii Israelfo no anim kɔɔ Bɔhyɛ Asase so no, otumi de ahotoso kae sɛ: “Asɛm pa a [Yehowa, NW] kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.”—Yosua 21:45; 23:14.

Nkɔmhyɛ pii wɔ Bible no mu a ennyaa mmamu. Emu bi ne nea ɛka bere a wɔbɛpopa amumɔyɛ afi asase so na wɔadan asase paradise ho asɛm no. (Dwom 37:10, 11; Mmebusɛm 2:21, 22) So w’ani gye saa daakye no ho? So wugye di sɛ yɛn Bɔfo no wɔ nyansa ne tumi a ɔde besiesie nneɛma wɔ okyinnsoromma yi so? Sɛ saa a, ɛnde na wobɛpɛ sɛ wususuw nea Bible ka fa asase no daakye ho no ho.a

Enti, fa wo bere di dwuma nyansam seesei—ɛnyɛ sɛ wobɛbɔ mmɔden sɛ wubegyina akontaahyɛde so ahu wo daakye, na mmom sɛ wobɛbɔ mmɔden anya Bible, ne nkɔmhyɛ ahorow a ɛwom no ho ntease a edi mu. Yehowa Adansefo ayɛ krado sɛ wɔbɛboa wo ma woanya daakye ho nimdeɛ pii sɛnea wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu no.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 1, 10, ne 19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena