Ɔwofo a Onni Ɔhokafo, Nanso Ɔnyɛ Ankonam
“Sɛ me mma ba fie, na wɔyɛ me atuu ka kyerɛ me sɛ wɔdɔ me a, ɛno ne ɔwofoyɛ fã a ɛyɛ anigye sen biara.”—DORIS, ƐNA A ONNI HOKAFO A ƆWƆ MMA BAANU.
AWOFO a wonni ahokafo betumi anya awerɛhyem afi Bible mu asɛm yi mu: “Mmofra yɛ nhyira ne akyɛde a efi AWURADE hɔ.” (Dwom 127:3, Contemporary English Version) Mmofra a wɔtete wɔn wɔ ɔwofo biako mmusua mu no nso som bo wɔ Onyankopɔn ani so. Yɛn Bɔfo no pɛ sɛ esi ɔwofo biako mmusua yiye. Bible ka fa ne ho sɛ: “Ogyina nyisaa ne akunafo akyi.” (Dwom 146:9) Awofo a wonni ahokafo betumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn.
Abofra biara wɔ hokwan sɛ wɔbɛtete no wɔ ɔdɔ, dwoodwoo, ne ahobammɔ tebea a ɛbɛma wanyin wɔ honam, nkate, ne honhom fam. Ɛyɛ ɔwofo biara asɛyɛde ne hokwan sɛ Onyankopɔn de no bedi dwuma atete abofra.
Awofo a wonni ahokafo pii ahu sɛ nkonim a wobedi no hwehwɛ sɛ wɔde nsi bɔ mpae, de Bible nnyinasosɛm di dwuma daa, na wɔde wɔn ho to Yehowa so koraa. Eyi ne afotu a ɛwɔ Dwom 55:22 no hyia sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu.”
Bere ne bere mu no, nananom, asafo mu mpanyimfo ne awofo a wɔwɔ suahu a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no betumi ayɛ ɔwofo a onni hokafo no mmoa ma wadi tebea a ɛyɛ den ho dwuma. Ɛyɛ ampa sɛ abusuafo ne mfɛfo asomfo betumi ayɛ pii aboa mmɔden a ɔwofo biako mmusua bɔ no de, nanso awofo no ankasa na Onyankopɔn de mmofra no hwɛ ho asɛyɛde ahyɛ wɔn nsa.a
Nea ɛyɛ anigye no, awofo a wonni ahokafo pii atumi adi nsɛnnennen soronko a wɔn tebea no ma wohyia ho dwuma ɔkwampa so atete mmofra a wɔn ani ku asɛyɛde ho, wɔda abrabɔ pa adi, na wosuro Onyankopɔn no. Nyan! ne wɔn mu dodow bi kasae. Nneɛma a awofo a wɔte saa no mu dodow no ara yɛ no bi ni:
• Ofie nneɛma a wɔtoto no yiye. Awofo a wonni ahokafo a wotumi tete mmofra no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtoto nneɛma yiye na wɔayɛ adwumaden de adi nhyehyɛe horow ho dwuma. Nhyehyɛe pa ho hia. Bible ka sɛ: ‘Nsiyɛfo nhyehyɛe de adedodow na ɛba.’—Mmebusɛm 21:5.
• Ahofama. Awofo a wonni ahokafo a wotumi tete mmofra no ma abusua asetra yɛ nneɛma a ehia paa no biako. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn mma ahiade bedi wɔn ankasa de kan.—1 Timoteo 5:8.
• Kari a wɔkari pɛ. Awofo a wonni ahokafo a wotumi tete mmofra no mmu ɔhaw ahorow adewa na wongugu mu nso; wɔhwehwɛ ano aduru. Wogye nsɛnnennen no tom na wɔbɔ mmɔden sɛ wobegyina ano a wonsu wɔn ho mmɔbɔ anaasɛ wonni yaw.
• Nkitahodi pa. Awofo a wonni ahokafo a wotumi tete mmofra no hyɛ nkitahodi ho nkuran. Wɔhyɛ nsusuwii ne atenka a wɔbɛda no adi wɔ abusua no mu ho nkuran. Agya bi a onni hokafo ka fa ne mma ho sɛ: “Mede hokwan biara kasa kyerɛ wɔn. Yenya ‘mmere a ɛyɛ anigye’ bere a yɛrenoa aduan no. Saa bere no na wɔka wɔn kokoam nsɛm ankasa kyerɛ me.”
• Obi ho a ɔbɛhwɛ. Ɛmfa ho sɛ nneɛma pii gye wɔn bere no, awofo a wonni ahokafo a wotumi tete mmofra no hu sɛ wɔn ankasa honhom, nkate, ne honam fam ahiade ho dwuma a wobedi ho hia. Ethel, ɛna bi a ne kunu agyae no a ɔwɔ mma baanu, no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mɛkora bere bi so ama me ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ adamfo bi bɛkyerɛ mmofra no nnwom a, ɛno ma minya dɔnhwerew biako ma me ho. Metra ase a mensɔ TV.”
• Adwempa. Awofo a wonni ahokafo a wotumi tete mmofra no nya ɔwofoyɛ ne asetra ankasa ho adwempa. Wonya tebea a ɛhaw adwene ho adwempa. Ɛna bi a onni hokafo ka sɛ: “Mabehu sɛ ɔwofo a onni hokafo a wobɛyɛ no nyɛ ade bɔne koraa.”
Nsɛm a Ɛkyerɛ Sɛnea Ebinom Atumi Atete Mmofra
So saa nnyinasosɛm yi yɛ adwuma? Yiw, sɛnea wotumi hu fi nsɛm pii a ɛkyerɛ sɛnea awofo a wonni ahokafo pii atumi atete mmofra no mu. Gloria, ɛna bi a wɔagyae no aware a ɔyɛ adwuma wɔ England, a yɛbɔɔ ne din wɔ asɛm a edi kan no mu no, tetee mmabarima baanu ne ɔbabea. Wɔn baasa nyinaa nyin bɛyɛɛ bere nyinaa Kristofo asomfo, na wɔde wɔn bere nyinaa sii hɔ de hyɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ ho nkuran. Bere a wobisaa Gloria nea ɛyɛe a otumi yɛɛ eyi no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na asɛnnennen a edi kan ne sɛ mɛyɛ abusua Bible adesua a ɛyɛ anigye daa. Ná mepɛ sɛ mmofra no ani gye, wɔn asom dwo wɔn, wonya abotɔyam, na mebɔ wɔn ho ban fi asiane ahorow ho. Minyaa adwuma bi a na meyɛ no anadwo. Na me botae ne sɛ mɛma mmofra no aka me ho bere biara a metumi. Ansa na mɛkɔ adwuma no, na yɛbom bɔ mpae sɛ abusua, na na mema wɔdeda. Na me maame nuabea bɛtra fie hɔ bere a mewɔ adwumam no.”
Ɔkwan bɛn so na Gloria boaa ne mma no ma wɔde botae pa sisii wɔn ani so? Ɔtoa so sɛ: “Ná me botae titiriw ne sɛ mede honhom fam nneɛma bedi kan. Yenni sika pii, na na memfa eyi nsie mmofra no. Biribiara a na mehwehwɛ sɛ wɔyɛ no, na me nso meyɛ saa ara, na wɔn nyinaa ne me yɛɛ adwene.” Bere a Gloria rekaakae sɛnea ɔmaa n’abusua no yɛɛ biako no, ɔka sɛ: “Ade a ɛma mitumi yɛɛ saa ne sɛ na yɛyɛ nneɛma bom. Obiara antew ne ho ankɔhyɛ n’ankasa dan mu. Ná yɛnoa aduan, siesie fie hɔ, hyehyɛ nneɛma bom. Yɛkarii pɛ wɔ yɛn dwumadi ahorow mu. Mehwɛ hui bere nyinaa sɛ yebenya ahomegye bere nso.”
Carolyn, ɛna bi a onni hokafo a ɔwɔ ba abarimaa a wɔfrɛ no Joseph no ani gye sɛnea abarimaa no renyin ho. Dɛn na aboa no? Ɔka sɛ: “Sɛ yɛrekɔda a yɛbom kenkan Bible no, na afei mibisa no nea wasua no ho nsɛm. Bio nso, yesusuw nkyekyɛm ahorow a yɛapaw afi Bible ho nhoma ahorow mu no ho, na yɛn ankasa de di dwuma. Eyi boa Joseph bere a ohyia nsɛnnennen, te sɛ wɔn a wosisi afoforo wɔ sukuu mu no.” Carolyn gye tom sɛ nneɛma nyɛ mmerɛw mma no wɔ asetram, nanso ɔnte nka sɛ aka ne nko. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ apereperedi a ɛkɔ so daa, nanso mete nka sɛ Yehowa aboa me ankasa. Minya nkuranhyɛ pii nso fi Kristofo asafo no mu.”
Nsɛm a ɛkyerɛ sɛnea awofo a wonni ahokafo mpempem pii, te sɛ Gloria ne Carolyn, atumi atete mmofra no da no adi sɛ wobetumi de wɔn ho ato Bible nnyinasosɛm a etu mpɔn so atete mmofra a wɔfata na wɔyɛ den wɔ honhom fam. (Mmebusɛm 22:6) Wobetumi adi nkonim! Ɔwofo biako a obi bɛyɛ no mu wɔ nsɛnnennen pii a ɛyɛ hokwan a ɛbɛma wɔanya nkɔso na waboa afoforo. Onyankopɔn so a wɔde wɔn ho bɛto koraa na wɔanya gyidi sɛ ɔde mmoa bɛma wɔn no ne ɔkwan pa a ɛsen biara a wɔbɛfa so agyina ɔwofo biako mmusua mu nsɛnnennen ano.—Dwom 121:1-3.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛnea ɔwofo biako mmusua betumi adi nkonim ho nsɛm pii a, hwɛ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no, ti 9.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 11]
Abusua Bible adesua aboa Gloria mma baasa ma wɔabɛyɛ Kristofo bere nyinaa asomfo. Krataa a efi wɔn nua panyin a ɔresom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo mprempren hɔ ne ne mfonini na wɔrehwɛ wɔ ha yi
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]
Carolyn ne ne ba, Joseph