Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 11/8 kr. 16-18
  • So Mihia Telefon a Wokura Kyin?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Mihia Telefon a Wokura Kyin?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Bu Ho Akontaa’
  • “Ɛbere Sɛefo”
  • Nkitaho a Wohintaw Di
  • To Ano Hye
  • Telefon A Wokura Kyin—Eye Anaa Enye?
    Nyan!—2005
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Telefon So Nguamansɛm Mu?
    Nyan!—2004
  • Mmofra Ne Smatfon—Ɔfã 2: Kyerɛ Wo Mma Sɛnea Wɔde Smatfon Bɛyɛ Adwuma Yiye
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 11/8 kr. 16-18

Mmofra Bisa Sɛ . . .

So Mihia Telefon a Wokura Kyin?

“Sɛ minni telefon a wokura kyin wɔ me ho a, mete nka sɛ minni ahobammɔ koraa na me haw.”—Akiko.a

NKURƆFO rekyerɛ telefon a wokura kyin ho anigye kɛse wɔ nsase pii so. Eye ma tebea ahorow. Wo nnamfo ne w’awofo betumi ne wo adi nkitaho bere biara, wɔ baabiara—na wo nso wubetumi afrɛ wɔn ne wɔn adi nkitaho. Saa telefon no ahorow bi a wɔayɛ ma wotumi kyerɛw nkrasɛm tiawa de di nkitaho, na The Times a ɛwɔ London ka sɛ, “ɛno ne ɔkwan a aba so foforo koraa a mmofra nam so di akɔnnɔ a wɔwɔ sɛ wobedi nkitaho no ho dwuma.” Telefon a wokura kyin no bi wɔ hɔ a ebetumi de wo akokɔ mmeae ahorow wɔ Intanɛt ne E-mail so.

Ebia wowɔ telefon a wokura kyin no bi dedaw anaa woabɔ wo tirim sɛ wobɛpɛ bi. Wɔ asɛm yi mu biara mu no, wubetumi asusuw asɛm a ɛne sɛ ‘Asɛm biara ne nhyira ne ne haw’ no ho. Telefon a wokura kyin so wɔ mfaso pa bi. Nanso, ɛsɛ sɛ wususuw ɔhaw a ɛwom no ho, efisɛ sɛ wopaw sɛ wobɛtɔ bi mpo a, nim a wunim ɔhaw a ebetumi de aba no bɛboa ma wode adi dwuma nyansam.

‘Bu Ho Akontaa’

Yesu daa nnyinasosɛm a nyansa wom adi sɛ obiara “mmu” dwumadi titiriw “ho akontaa” ansa na wɔafi ase. (Luka 14:28) So yebetumi de saa nnyinasosɛm no adi dwuma wɔ telefon a wokura kyin ho? Akyinnye biara nni ho. Wiɛ, ebia wubenya telefon a wokura kyin no ankasa bi a ne bo wɔ fam koraa anaasɛ ebi mpo a, wubenya no kwa. Nanso sɛnea Henna a wadi mfe 17 hui no, “ɛho ka no betumi akɔ soro mpofirim.” Nhyɛso foforo nso ne ɛho dwuma afoforo a wubedi no daa na woatɔ foforo a aba so a ne bo yɛ den paa no. Enti, Hiroshi ka sɛ: “Meyɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ, na misie sika a mede bɛtɔ foforo koraa a wɔbɛyɛ afe biara.” Mmerante ne mmabaa pii yɛ saa ara.b

Sɛ mpo w’awofo pene so sɛ wobetua ho ka no ama wo a, ɛho hia sɛ wususuw sika a ebegye no ho. Kristoni hwɛfo kwantufo bi a ɔwɔ Japan ka sɛ: “Ɛnanom binom reyɛ nnwuma a wɔde bere fã yɛ na ama wɔatumi atua wɔn mma telefon a wokura kyin, a anka ɛho nhia koraa sɛ wonya bi ho ka.” Akyinnye biara nni ho sɛ worempɛ sɛ wode adesoa a ɛte saa bɛto w’awofo so!

“Ɛbere Sɛefo”

Nnipa pii a wɔde telefon no di dwuma kakraa bi mfiase no, behu sɛ egye wɔn bere pii sen sɛnea wɔhwɛɛ kwan no—na egye bere a ɛsɛ sɛ wɔde yɛ nneɛma a ɛho hia paa no. Na Mika de bere pii ne n’abusua tra adidi pon ho. Ɔka sɛ: “Seesei, sɛ yedidi wie a yɛsan de yɛn [telefon a wokura kyin] kɔ yɛn adan mu.”

The Guardian a ɛwɔ London ka sɛ: “Mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wɔadi fi mfe 16 kosi 20 nkyem abiɛsa pɛ nkrasɛm a wɔkyerɛw de mena wɔ telefon a wokura kyin so sen akwan ahorow a wɔnam so kyerɛw nsɛm de di nkitaho nyinaa.” Nkrasɛm a wɔkyerɛw mena remmɔ wo ka pii te sɛ ɛnne nkɔmmɔbɔ de, nanso ebegye wo bere pii na wode akyerɛw nsɛm no wɔ telefon so. Mieko gye tom sɛ: “Sɛ obi se me ‘da yie’ wɔ telefon so a, me nso me se no ‘da yie’. Afei yɛde nsɛm mena yɛn ho ara dɔnhwerew. Ɛyɛ nkitahodi a mfaso biara nni so.”

Sɛ wɔn a wɔde telefon a wokura kyin di dwuma no pii begye bere asusuw bere dodow a wɔde di telefon ho dwuma wɔ ɔsram biako mu ho a, anka wɔn ho bedwiriw wɔn ankasa. Abeawa bi a wɔfrɛ no Teija a wadi mfe 19 gye tom sɛ: “Wɔ nnipa pii fam no, telefon a wokura kyin no sɛe bere pii sen sɛ ɛbɛma wɔanya bere.” Sɛ mpo wo tebea ma wo kwan sɛ nya bi a, ɛho hia yiye sɛ w’ani beku bere dodow a wode bedi dwuma no ho.

Kristoni abeawa bi a wɔfrɛ no Marja ka sɛ: “Wɔ Kristofo nhyiam akɛse ase no mmerante ne mmabaa pii kɔ so de nkrasɛm a ɛho nhia mena afoforo. Ɛyɛ ade a abu so!” Wɔahyɛ su koro no ara nsow wɔ mmerante ne mmabaa a wɔreyɛ Kristofo som adwuma no mu. Bible tu Kristofo fo sɛ wɔntɔ bere mma honhom fam dwumadi ahorow. (Efesofo 5:16) Hwɛ awerɛhow a ɛyɛ bere a telefon so nkitahodi gye saa bere a ɛsom bo yi!

Nkitaho a Wohintaw Di

Marie ka afiri foforo ho asɛm sɛ: “Esiane sɛ ɔfrɛ no ba onii ko hɔ tẽẽ na ɛmma fie nti, asiane a ɛne sɛ awofo nnim onni ko a wɔn mma ne wɔn rekasa anaasɛ ebi mpo a na telefon no tua wɔn aso kɛkɛ no wɔ hɔ.” Enti, mmerante ne mmabaa bi de telefon a wokura kyin ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu di nkitaho a obiara nhu. Ebinom nyɛ ahwɛyiye, na wobu wɔn ani gu gyinapɛn a mpɛn pii no wɔne afoforo redi nkitaho a, anka wobekura mu no so. Ɔkwan bɛn so?

The Daily Telegraph a ɛwɔ London ka sɛ: “Nea efi nkrasɛm a wɔkyerɛw de mena no mu ba ne sɛ ɛmma obiara ani ntumi nkɔ nea mmofra reyɛ ho.” Nea wo ne no redi nkitaho a wunhu no anaa wonte ne nne no betumi anya wo so nkɛntɛnso. Timo ka sɛ: “Ebinom te nka sɛ nkrasɛm a wɔkyerɛw yɛ nkitaho a wodi a wonnim wɔn ho. Ebinom bɛkyerɛw nneɛma a ɛmfata wɔ nkrasɛm no mu a wosusuw sɛ egye akokoduru ansa na wɔatumi aka nsɛm a ɛte saa bere a onipa no wɔ ho no.”

Bere a Keiko, Kristoni abeawa bi a wadi mfe 17 fii ase de telefon a wokura kyin dii dwuma no, ɔde ne nɔma maa ne nnamfonom pii. Ankyɛ na ofii ase ne abarimaa bi a ɔwɔ n’asafo mu de nkrasɛm dii nkitaho da biara da. Keiko ka sɛ: “Mfiase no yɛkaa da biara nneɛma ho nsɛm kɛkɛ, nanso afei yefii ase kekaa yɛn haw ahorow kyerɛɛ yɛn ho yɛn ho. Yɛnam telefon a wokura kyin so kyekyee yɛn ankasa wiase.”

Nea ɛyɛ anigye no, onyaa mmoa fii n’awofo ne Kristofo mpanyimfo hɔ ansa na tebea no regye nsam. Ogye tom seesei sɛ: “Ɛwom mpo sɛ ansa na m’awofo de telefon a wokura kyin rema me no wɔbɔɔ me kɔkɔ wɔ obi a ɛsono ne bɔbeasu a mede nsɛm bɛmena no ho no, mede nsɛm menaa no da biara. Na ɛnyɛ kwan pa a ɛsɛ sɛ mede telefon no di dwuma nen.”c

Bible tu yɛn fo sɛ ‘yennya ahonim pa.’ (1 Petro 3:16) Saayɛ kyerɛ sɛ sɛ wode telefon a wokura kyin di dwuma a, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ, sɛnea Koichi ka no no, “wo mfɛre wɔ biribiara ho,” sɛ mpo ɛsɛ sɛ obi foforo hu wo nkrasɛm anaa ɔte wo nkɔmmɔ a worebɔ no a. Bere biara kae sɛ biribiara nhintaw yɛn soro Agya no. Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Enni abɔde biara a ɛnna adi n’anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.” (Hebrifo 4:13) Ɛnde, dɛn nti na wobɔ mmɔden sɛ wubekura abusuabɔ a obiara nhu mu?

To Ano Hye

Sɛ woresusuw ho sɛ wubenya telefon a wokura kyin a, dɛn nti na wunni kan nsusuw wo tebea ho yiye nhwɛ sɛ wuhia bi ankasa anaa? Wo ne w’awofo nsusuw asɛm no ho. Ebi te nka te sɛ abeawa Jenna, a ɔka sɛ: “Telefon a wokura kyin ho asɛyɛde dɔɔso yiye ma mmerante ne mmabaa bebree” no.

Sɛ mpo wusi gyinae sɛ wobɛtɔ telefon a ɛte saa a, ɛho hia sɛ wudi wo ho so. Ɔkwan bɛn so? To nneɛma ano hye sɛnea ɛfata. Sɛ nhwɛso no, to n’afa horow anaa bere ne sika a wode di telefon no ho dwuma no ano hye. Esiane sɛ nnwumakuw pii de sɛnea wɔde di dwuma ho amanneɛbɔ ma nti, ebia wobɛpɛ sɛ wo ne w’awofo bɛhwehwɛ ɛho ka mu bere ne bere mu. Ebinom hu sɛ eye ma wɔn sɛ wɔde telefon a wokura kyin a wodi kan tua ho ka bedi dwuma na amma wɔamfa anni dwuma antra so.

Afei nso, susuw bere ne ɔkwan a wofa so gye ɔfrɛ anaa nkrasɛm so no ho yiye. Fa w’ankasa akwankyerɛ a ɛfata sisi hɔ. Shinji kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mebue m’amenade adaka pɛnkoro pɛ da biara, na metaa bua nkrasɛm a ɛho hia pɛ. Ne saa nti, me nnamfonom agyae nkrasɛm a mfaso nni so a wɔde mena me no. Sɛ asɛm bi a egye ntɛmpɛ sɔre a, ɔkwan biara so wɔbɛfrɛ me.” Nea ehia paa no, yɛ nyiyim wɔ wɔn a wo ne wɔn di nkitaho ho no mu. Yɛ ahwɛyiye wɔ wo telefon nɔma a wɔde ma ho. Fa gyinapɛn koro no ara a wode di dwuma bere a worepaw fekubɔ pa no di dwuma.—1 Korintofo 15:33.

Bible no ka sɛ: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no, . . . kommyɛ wɔ ne bere, na kasa wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 7) Ɛda adi pefee sɛ, telefon a wokura kyin wɔ ne “kommyɛ bere” nso. Yɛn Kristofo nhyiam ahorow ne ɔsom adwuma yɛ “bere a wɔahyɛ” a yɛde som Onyankopɔn, ɛnyɛ nea yɛde di telefon ho dwuma. Adidibea ne agodibea adwuma so ahwɛfo taa srɛ wɔn adetɔfo mpɛn pii sɛ wɔmmfa telefon a wokura kyin nni dwuma. Yɛkyerɛ obu wɔ wɔn adesrɛde no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ anyɛ yiye koraa no amansan Hene no fata saa obu no!

Sɛ wɔnhwɛ ɔfrɛ titiriw bi kwan a, nnipa pii dum wɔn telefon anaa wɔde to ne beae a ɛyɛ komm bere a wɔreyɛ dwumadi ahorow a ɛho hia no. Ebinom kyim wɔn telefon a wokura kyin to baabi a obiara nsa ntumi nka wɔn. Nea ɛte biara no, so wɔrentumi nni nkrasɛm ahorow ho dwuma akyiri yi?

Sɛ wusi gyinae sɛ wubenya telefon a wokura kyin a, bɔ mmɔden sɛ wubedi sɛnea wode di dwuma no so na mma ɛno nni wo so. Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ na dwuma a wode di no ansiw w’ahiade atitiriw kwan. Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo.” (Filipifo 4:5) Sɛ wusi gyinae sɛ wubenya telefon a wokura kyin a, yɛsrɛ sɛ bɔ mmɔden sɛ wobɛda ntease adi wɔ sɛnea wode di dwuma no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa din no bi.

b Sɛ wopɛ sɛ wuhu nnwuma a wɔpɔn sukuu kɔyɛ ho nsɛm a, yɛsrɛ wo hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ—Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Sikapɛ Mu?” a ɛwɔ October 8, 1997 Nyan! mu no.

c Obi a ɛsono ne bɔbeasu a wɔne no bɔ nkɔmmɔ anaa wɔmena no nkrasɛm daa no betumi ayɛ nantew a edi aware anim fã bi. Yɛsrɛ wo hwɛ asɛm “Young People Ask—What’s Wrong With Talking to Each Other?” [“Mmofra Bisa Sɛ—Mfomso Bɛn Na Ɛwɔ Kasa a Yɛne Yɛn Ho Bɛkasa Mu?”] a ɛwɔ August 22, 1992 Engiresi Nyan! mu no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Mmerante ne mmabaa binom kura abusuabɔ mu a obiara nhu denam telefon a wokura kyin so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena