Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 11/8 kr. 12-15
  • Sɛnea Yenyaa Yɛn Ti Didii Mu Wɔ Ogya Bepɔw Sɛe Mu!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yenyaa Yɛn Ti Didii Mu Wɔ Ogya Bepɔw Sɛe Mu!
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɛnsɛ Sɛ Hwee Haw Yɛn?
  • “Ɛsɛ sɛ Yeguan Ntɛm Ara!”
  • Nnipa Mpempem Pii Nam Kwan no so Reguan
  • Anadwo a Yɛdanee Awɛmfo
  • Yenya Mmoa Ntɛm Ara
  • Dadwen Yɛ Kɛse
  • Awerɛkyekye Nsɛm Bi
  • Yebetumi Asan Yɛn Akyi!
  • Dapɛn Biako Akyi
  • Rwanda Asiane No mu Amanehunufo Ahiade Ho Dwuma A Wodi
    Nyan!—1995
  • Kristosom A Wɔda No Adi—Wɔ Basabasayɛ Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Wɔ Ogya Bepɔw Bi Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Atoyerɛnkyɛm Bere Mu Mmoa Wɔ Afe 2021 Mu—Yennyaa Yɛn Nuanom Mu
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 11/8 kr. 12-15

Sɛnea Yenyaa Yɛn Ti Didii Mu Wɔ Ogya Bepɔw Sɛe Mu!

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ CONGO (KINSHASA) HƆ

NA DA no yɛ Benada, January 15, 2002—na na ɛte sɛ da hunu biara wɔ Central Africa. Me ne Yehowa Adansefo no mu biako kɔɔ Goma, Kivu, Congo (Kinshasha), kohyiaa Adansefo a wɔwɔ Great Lakes mpɔtam hɔ no.

So Ɛnsɛ Sɛ Hwee Haw Yɛn?

Ɛwom sɛ na baabi a Nyiragongo ogya bepɔw (a ne tenten yɛ mita 3,470 ) wɔ no ne Goma kurow no ntam kwan yɛ kilomita 19 de, nanso sɛnea na esi yɛ n’ade no twetwee yɛn adwen.a Ná yɛte ne nnyigyei, na yehu wusiw nso sɛ efi ogya bepɔw no mu. Wɔ wɔn a wɔte mpɔtam hɔ fam de, na ɛnyɛ ade foforo mma wɔn wɔ afe no mu saa bere yi, enti na ɛnhaw wɔn.

Awiabere no, yɛkɔɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow abien nhyiam ase. Ná yɛda so ara te asasewosow ne mmobom nka. Ɛte sɛ nea na ɛnhaw obiara. Ɔman no mu atumfo kɔɔ so maa ɔmanfo no awerɛhyem sɛ ɛnsɛ sɛ wosuro. Ɛwom sɛ na Congoni bi a ɔyɛ ogya bepɔw ho nimdefo aka sɛ bepɔw no bɛpae asram bi a atwam ni de, nanso obiara amfa anyɛ asɛm. Damfo bi ka dii agoru sɛ, “Wim bɛsɔ gya kɔɔ anwummere yi esiane ogya bepɔw no nti.”

“Ɛsɛ sɛ Yeguan Ntɛm Ara!”

Bere a yɛsan kɔɔ baabi a yɛda no, wɔka kyerɛɛ yɛn pen sɛ: “Ɛsɛ sɛ yeguan ntɛm ara!” Ná tebea no ayɛ hu. Ná kurowpɔn no da asiane kɛse mu. Hwɛ sɛnea nneɛma sesae ntɛm ara! Ná yɛadi kan asusuw Goma kurow no ho sɛ ɛhɔ ne beae a yɛbɛtra na yɛayɛ asɛnka adwuma no. Nanso, eduu anwummere no, na ɛsɛ sɛ yeguan fi kurow no mu efisɛ na ɛrebɛsɛe!

Bere a ade resa no, wim sɔɔ ogya kɔɔ—na edi sa! Ná abotan a anan fi Nyiragongo bepɔw mu no retu ba kurow no mu. Bepɔw no te sɛ ahina kɛse a wɔnoa mu ade a nea ɛwom rebu fa so no, ná abotan a anan asɔ gya kɔɔ no resɛe biribiara a ɛwɔ ne kwan mu. Yɛmfaa ahopere mmoaboaa yɛn nnaka ano saa da! Ná aka kakraa bi na abɔ anwummere nnɔn 7.

Nnipa Mpempem Pii Nam Kwan no so Reguan

Bere a yɛde ntɛmpɛ reguan no, na nnipadɔm ayɛ ɔkwan a wɔfa so fi Goma kurow no mu so ma a wɔreguan apere wɔn nkwa. Ná pii sõsõ wɔn nneɛma a wotumi faa no ahopere so no. Ná pii sõsõ nnesoa wɔ wɔn ti so. Ná nnipa kakraa nso akyere so wɔ kar ahorow a afa nnipa aboro so mu. Wɔn nyinaa de wɔn ani akyerɛ Rwanda hye a ɛbɛn hɔ no so. Nanso, ahye a nipa ayɛ ntumi nsiw ogya bepɔw sɛe kwan. Asraafodɔm biara nni hɔ a wobetumi asiw nea ɛpɛ sɛ ɛyɛ kwan! Yehuu asraafo a wɔn nso de ehu reguan apere wɔn nkwa wɔ ogya bepɔw no ano. Ná kar biara nni hɔ a ebetumi afa ɔkwan no so. Ná ɛsɛ sɛ yɛtoa so nantew. Na yɛka nnipadɔm 300,000—mmarima, mmea, mmofra, ne mmotafowa—a wɔreguan afi ogya bepɔw no abufuhyew ano no ho. Asase a yɛnam so no kɔɔ so wosowee na ɛboboom nso.

Obiara reguan apere ne nkwa. Ná me ne me yɔnko a yefi kurow kɛse mu na yɛyɛ ahɔho ne Adansefo kakraa bi a na wɔhwɛ yɛn no ka aguanfo yi ho. Ka a na wɔka yɛn ho ne ɔdɔ mu a na wofi dwen yɛn ho no ma yɛtee ahobammɔ nka wɔ ahokyere ne ɔyaw tebea no mu. Na nneɛma a nkurɔfo a wɔreguan yi betumi asoa ka wɔn ho—ntama, ahina ne nkyɛnsee, ne nnuan kakra. Wɔ nnipadɔm yuu a ɛte saa nantew mu no, nkurɔfo pempem wɔn ho sunsum wɔn ho. Ebinom ne kar ahorow a na ɛrepɛ kwan no bobɔɔ mpu ma wɔn nneɛma kakra a ɛsõsõ wɔn hwie gui ma nkurɔfo tiatiaa so. Nea na ɔbɛhwe ase no nnue. Ahokyere aba. Ehu aka obiara. Ná yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedu Gisenyi, a efi hɔ kɔ Rwanda bɛyɛ kwansin kakraa bi no. Yɛkɔɔ so nantewee wɔ ɔhyɛ so.

Anadwo a Yɛdanee Awɛmfo

Yeduu ahɔhogyebea bi, nanso ɛda adi sɛ na dabere nni hɔ. Ná ɛsɛ sɛ yɛpɛ ɔpon bi ho tra. Ɛyɛ bere a na yɛanantew nnɔnhwerew abiɛsa ne fã abrɛ akyi. Yɛn ani gyei sɛ yɛda so te nkwa mu wɔ asiane no akyi na yɛne yɛn nuanom Kristofo a wɔne yɛn twaa kwan no da so wɔ hɔ. Anigyesɛm ne sɛ, Adansefo no mu biara nni hɔ a ɔhweree ne nkwa.

Ɛda adi sɛ na yɛbɛtra abɔnten anadwo da mũ no nyinaa. Ná yebetumi afi beae a asiane nni a yɛabedu yi ahwɛ sɛnea wim asɔ gya kɔɔ wɔ Goma kurow mu no. Nokwarem no, na ɛyɛ anigye ne ahomeka! Ade kyee nkakrankakra. Asase no kɔɔ so wosowee anadwo mũ no nyinaa. Sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ ahokyere tebea a yɛkɔɔ mu da a atwam no mu a, na ɛsɛ sɛ yɛte nka ma mmusua mpempem pii ne wɔn mma nketewa a na ɛsɛ sɛ woguan no.

Yenya Mmoa Ntɛm Ara

Adansefo a wofi Kigali, Rwanda ahenkuro mu no bɛkaa yɛn ho Fida, January 18 awiabere mu. Boayikuw a wɔde mmoa ma a anuanom a wofi Goma ne Gisenyi wom no fii adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ase. Nea na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma kan ne sɛ wɔbɛpɛ dabere ama Adansefo aguanfo no wɔ Ahenni Asa ahorow asia a na ɛwɔ mpɔtam hɔ no mu. Wodii eyi ho dwuma da no ara. Wɔde akwankyerɛde a ɛwɔ Franse ne Swahili kasa mu sisii kwankyɛn de kyerɛɛ Ahenni Asa no so kwan, baabi a wobetumi de mmoa ne awerɛkyekye akɔma aguanfo no. Saa da no ara nso, wɔde asetra mu ahiade titiriw tɔn abiɛsa baa Ahenni Asa ahorow no so baabi a Adansefo no te no. Ɛda a edi hɔ, Memeneda no, wɔde aduan, kuntu, nnaso atɛtrɛtɛ a wɔde rɔba ayɛ, samina, ne nnuru kar kɛse ma fii Kigali bae.

Dadwen Yɛ Kɛse

Saa bere yi yɛ bere a ɛsɛ sɛ wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi adi saafo yi nyinaa ahiade ho dwuma? Na ogya bepɔw no nso ɛ? Bere bɛn na abotan a anan retu pete no begyae? Goma kurow no asɛe akodu he? Amanneɛbɔ a yɛte ne asasewosow nketenkete no nkyerɛ sɛ anidaso pa bi wɔ hɔ. Animdefo suro sɛ mframa bɔne sulfur doxide bɛhyɛ ahunmu ma. Wɔsan nso susuw sɛ nsu a ɛwɔ Ɔtare Kivu mu bɛsɛe esiane nnuru bi a akɔ mu no nti.

Wɔ ogya bepɔw no pae akyi nnɔnhwerew 48 no, ɛho amanneɛbɔ a ɛyɛ hu hyetae. Afei, Memeneda awia no, yɛtee sɛ abotan a anan na ɛretu pete a emu duru bɛyɛ mita abien atwa nnipa 10,000, a Adansefo 8 ne abofra biako ka ho ho ahyia wɔ mmeae bi. Mframa bɔne a edi awu hyɛɛ mframa a wɔhome mu ma. Na yedwen wɔn nkwa ho. Ná ɛte sɛ nea anidaso biara nni hɔ. Asɔrefi a ɛwɔ Goma mpo, abotan a anan a etu pete no asɛe no pasaa. Na obiara nnye nni sɛ Goma bɛyɛ kurow bio.

Awerɛkyekye Nsɛm Bi

Kwasida anɔpa nnɔn 9 no, yenyaa telefon so nkra fii anuanom a abotan a anan atwa wɔn ho ahyia no mu biako hɔ. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ tebea no resesa. Nsakrae pa bi aba. Osu retɔ, ama abotan a anan no ano hyew no rebrɛ ase, na wim tebea retew. Ɛwom mpo sɛ abotan a anan no da so ara yɛ hyew ne asiane nso de, nanso nkurɔfo afi ase refa mu akɔ baabi a ɛhɔ ye. Kurow no ansɛe pasaa.

Eyi ne asɛmpa a edi kan a yɛtee fi bere a ogya bepɔw sɛe no fii ase no. Ɛte sɛ nea ogya bepɔw sɛe no ano abrɛ ase. Ná nsɛm a ogya bepɔw ho animdefo a wɔwɔ mpɔtam hɔ ka no nhyia. Yetumi ne kurowpɔn a ɛbɛn, Bukavu, a ɛwɔ Ɔtare Kivu akyi nohoa no mufo dii nkitaho. Yɛtee sɛ Adansefo mmusua anum, ne mmofra baasa a wɔn awofo nka wɔn ho tumi de hyɛmma faa nsu so kɔɔ Bukavu. Adansefo a wɔwɔ kurowpɔn no mu no bɛhwɛ wɔn.

Yebetumi Asan Yɛn Akyi!

Dwoda, January 21 no, yetumi hyɛɛ wɔn a wɔn ho kae a wɔwɔ Gisenyi no nkuran na yɛkyekyee wɔn werɛ, na saa ara nso na yebisaa wɔn nea ehia wɔn. Yehui sɛ anuanom a na wɔde wɔn akɔtra Ahenni Asa ahorow asia no so bere tiaa no aboa wɔn ho ano. Yetumi huu wɔn a woguanee no nyinaa dodow kan wɔn—wɔn dodow si 1,800 a mmofra ka ho.

Na daakye nso ɛ? Aban mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no yɛɛ nhyehyɛe sɛ wobesi aguanfo atrae ama wɔn ntɛm ara. Nanso, nnipa binom da so ara kae nneɛma bɔne a ɛkɔɔ so wɔ aguanfo atrae a wosisii wɔ 1994 okunkɛse no akyi no. Yesi gyinae sɛ yɛbɛsan akɔ Goma, na yeduu kurowpɔn no mu awia. Na emu nkyem bɛyɛ ɔha mu 25 asɛe. Afei de na yetumi nantew abotan a ɛnan faa kurowpɔn no akwan so a akyen no so. Na ɛda so ara yɛ hyew, na na emu tutuw tu kɔ wim. Na nnipa pii pɛ sɛ wɔsan kɔ kurowpɔn no mu.

Ɛbɔɔ awia dɔnkoro no, yɛne Kristofo mpanyimfo 33 hyiae wɔ Ahenni Asa a na Goma Center Asafo no hyiam wɔ so no so. Wɔn nyinaa adwene kɔɔ bɛnkoro mu: Wosii gyinae sɛ wɔbɛsan akɔ Goma. Wɔkae sɛ: “Ɛhɔ na yefi.” Na sɛ ogya bepɔw no pae bio nso ɛ? Wobuae sɛ, “akokwaw yɛn.” Na wosuro sɛ, sɛ wɔansan ankɔ wɔn akyi ntɛm a nkurɔfo bɛfom wɔn nneɛma afa. Ɛda a edi hɔ no, Adansefo mmusua a woguanee no nyinaa san kɔɔ Goma. Nnipa 300,000 a wɔtraa ɔhye no mu fã kɛse no ara nso san baa kurow a na agyigya no mu.

Dapɛn Biako Akyi

Kurow no san pagyaa ne ho bio. Ɛda adi sɛ na ɛnkɔ n’awiei koraa. Ankyɛ na wofii ase yɛɛ adwuma de dwiridwirii abotan a akyen wɔ asase no ani no, nea ɛbɛyɛ a kurow no afa abien a abotan a anan ama emu akyɛ no bɛka abom bio. Biribiara a na ɛwɔ abotan a anan retu apete kwan mu no sɛe. Baabi a na wodi gua wɔ kurow no mu ne beae a ɛhwɛ kurow no so sɛe. Wobu akontaa sɛ faako a wimhyɛn no fa ansa na atu akɔ soro a ɛwɔ wimhyɛn gyinabea hɔ no nkyem abiɛsa mu biako sɛe.

Anuanom a wɔkan wɔn yiye no ma wohui sɛ Adansefo mmusua 180 ka wɔn a wɔhweree biribiara a na wonni baabi te no ho. Boayikuw a wɔde mmoa ma no yɛɛ nhyehyɛe de boaa mmarima, mmea, ne mmofra bɛyɛ 5,000 ma wɔn nsa kɔɔ wɔn ano daa. Wɔde rɔba trapoo a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Belgium, France, ne Switzerland de brɛɛ wɔn no yɛɛ dabere maa wɔn a na wonni baabi te no, na wɔde bi nso yɛɛ nhyiambea ahorow maa asafo horow a wɔn Ahenni Asa abubu kɛse anaa asɛe koraa no. Mmusua binom a na wonni baabi te no tratraa Adansefo a wɔn afie ho anka no nkyɛn, na afoforo nso tratraa bere tiaa mu dabere a wɔyeyɛe no mu.

Wɔ Fida, January 25, anadwo huhuuhu a asɛm yi sii bɛyɛ dadu akyi no, nnipa 1,846 na wohyiae wɔ sukuu bi mu wɔ Goma tiee nkuranhyɛ nsɛm fii Kyerɛwnsɛm no mu. Anuanom no kaa nsɛm pii de kyerɛɛ awerɛkyekye ne mmoa horow a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de maa wɔn no ho anisɔ. Akokoduru ne gyidi a emu yɛ den a anuanom no daa no adi ɛmfa ho ɔhaw tebea a ɛyɛ hu a wɔkɔɔ mu no kaa yɛn a na yɛyɛ ahɔho no koma kɛse. Wɔ ahohia tebea a ɛte saa mu no, hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yɛka anuanom kuw a wɔde biakoyɛ resom nokware Nyankopɔn, Yehowa, a ɔne awerɛkyekye nyinaa Fibea no ho!—Dwom 133:1; 2 Korintofo 1:3-7.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ Swahili mu no wɔfrɛ ogya bepɔw sɛ mulima ya moto, a nea ɛkyerɛ ne “bepɔw a ogya fi mu.”—Hwɛ asɛm “Visiting an Active Volcano” a ɛwɔ July 8, 1975 Engiresi Nyan! mu no.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 12, 13]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Abotan a anan no tuu nnipa ɔpedudu pii ma woguan fii Goma kurowpɔn mu

CONGO (KINSHASHA)

Mount Nyiragongo

↓ ↓ ↓

Goma Wimhyɛn gyinabea ↓ ↓

↓ GOMA

↓ ↓

ƆTARE KIVU

RWANDA

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Nsensanee a ano te sɛ bɛmma no kyerɛ abotan a anan a ɛretu pete no

[Asɛm Fibea]

AP Photo/Sayyid Azim

[Mfonini wɔ kratafa 14, 15]

Wɔ dapɛn biako ntam no Adansefo no hyehyɛɛ wɔn Kristofo nhyiam horow

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena