Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 1/15 kr. 3-7
  • Kristosom A Wɔda No Adi—Wɔ Basabasayɛ Bere Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristosom A Wɔda No Adi—Wɔ Basabasayɛ Bere Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Congo Akodi
  • Sɛnea Tebea no Te a Wɔkɔhwehwɛ Mu
  • Nkurɔfo Yi Wɔn Yam Ma
  • Nneɛma a Wɔkyekyɛ Wɔ Congo
  • Mmoa a Wɔde Ma Wɔn a Wɔnyɛ Adansefo
  • Aguanfo Atrae Ahorow
  • Rwanda Asiane No mu Amanehunufo Ahiade Ho Dwuma A Wodi
    Nyan!—1995
  • Sɛnea Yenyaa Yɛn Ti Didii Mu Wɔ Ogya Bepɔw Sɛe Mu!
    Nyan!—2002
  • Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Atoyerɛnkyɛm Bere Mu Mmoa Wɔ Afe 2021 Mu—Yennyaa Yɛn Nuanom Mu
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 1/15 kr. 3-7

Kristosom A Wɔda No Adi—Wɔ Basabasayɛ Bere Mu

ASƐM no nyinaa fii ase mpofirim da bi wɔ April 1994 mu. Wimhyɛn bi hwee ase maa Burundi ne Rwanda amampanyin wuwui. Nnɔnhwerew kakraa bi akyi no, atirimɔdensɛm a ɛyɛ hu gyee Rwanda nyinaa fae. Asram abiɛsa ne kakra akyi no, Rwandafo bɛboro 500,000—mmarima, mmea, ne mmofra—wuwui. Ebinom ka saa bere no ho asɛm sɛ “okunkɛse no.”

Ɛho behiae sɛ Rwanda nnipa ɔpepem 7.5 no fã guan. Wɔn mu ɔpepem 2.4 kɔhwehwɛɛ guankɔbea wɔ aman a ɛbɛmmɛn hɔ mu. Ná ɛyɛ nnipa dodow a ɛsen biara a wɔadan aguanfo ntɛmntɛm sen biara wɔ nnɛyi abakɔsɛm mu. Wɔyeyɛɛ aguanfo atrae ahorow ahoɔhare so wɔ Zaire (a seesei wɔfrɛ hɔ Democratic Republic of Congo), Tanzania, ne Burundi. Saa atrae ahorow—a nnipa a ɛwom no dɔɔso sen biara wɔ wiase—yi yɛɛ guankɔbea maa nnipa 200,000.

Ná aguanfo no pii yɛ Yehowa Adansefo, nkurɔfo a wɔpɛ asomdwoe na wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow bɔ wɔn bra. Ɔman biara a wɔte mu no, wonnyina obiara biara afã, na wɔde nsɛm a ɛwɔ Yesaia 2:4 yi mu nnyinasosɛm di dwuma: “Wɔde wɔn nkrante [bɛbobɔ] nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” Yehowa Adansefo agye din sɛ nyamesom kuw a wɔamfa wɔn ho anhyɛ Rwanda okunkɛse no mu.

Yesu Kristo kaa n’akyidifo ho asɛm sɛ “womfi wiase.” Nanso esiane sɛ ‘wɔwɔ wiase’ nti, ɛnyɛ bere nyinaa na wobetumi afa wɔn ho adi wɔ amanaman no basabasayɛ no ho. (Yohane 17:11, 14) Wɔ Rwanda okunkɛse no mu no, Adansefo bɛyɛ 400 hweree wɔn nkwa. Adansefo ne Ahenni asɛm no ho anigyefo bɛyɛ 2,000 danee aguanfo.

So wiase a Yehowa Adansefo mfi no kyerɛ sɛ, sɛ asɛnkɛse bi si a, wɔnyɛ ho hwee? Dabi. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Sɛ onua anaa onuabea da adagyaw, na daa aduan abɔ wɔn, na mo mu bi ka kyerɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoe nkɔ, mo ho nyɛ mo hyew na mommee, nanso moamma wɔn nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu? Sɛ gyidi nso te ne no. Sɛ enni nnwuma a, na awu wɔ ne nko fam.” (Yakobo 2:15-17) Yɔnkodɔ kanyan Adansefo no ma wɔboa wɔn a ɛsono wɔn som nso.—Mateo 22:37-40.

Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa pɛe sɛ anka wɔboa wɔn mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ amanehunu mu wɔ Rwanda no de, nanso wɔde mmoa ho nhyehyɛe no hyɛɛ Europa Atɔe famfo nsa. Wɔ 1994 ahohuru bere mu no, Adansefo kuw bi a wofi Europa tuu wɔn ho sii hɔ de mmoa kɔmaa wɔn nuanom Kristofo mmarima ne mmea a wɔwɔ Afrika no, ntɛm so. Wosisii nsraban ahorow ne nsraban mu ayaresabea ahorow kamakama maa Rwanda aguanfo no. Wɔde ntade, akuntu, aduan, ne Bible ho nhoma a ɛdɔɔso guu wimhyɛn mu, de bi faa akwan foforo so brɛɛ wɔn. Nnipa bɛboro 7,000—aka kakra sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo a na wɔwɔ Rwanda saa bere no nyinaa mmɔho abiɛsa—na mmoa a wɔde mae no sõõ wɔn so. Eduu December saa afe no, aguanfo mpempem pii, a na Yehowa Adansefo dodow no ara ka ho, san kɔɔ Rwanda kɔhyɛɛ ɔbra ase bio.

Congo Akodi

Wɔ 1996 mu no, ɔko sii wɔ Democratic Republic of Congo apuei fam mantam mu. Saa beae yi ne Rwanda ne Burundi bɔ hye. Ɛhɔ nso mmonnaato ne nnipakum kɔɔ so. Bere a na atuo totow gyina mu denneennen na ogya da nkurow nketewa mu no, nkurɔfo guanee de peree wɔn nkwa. Yehowa Adansefo ho kaa mu wɔ basabasayɛ no mu, na wɔn mu bɛyɛ 50 wuwui. Otuo aboba na ɛfom kɔbɔɔ ebinom kum wɔn. Afoforo nso, wokunkum wɔn esiane abusuakuw pɔtee bi a wofi mu anaa fa a wɔfaa wɔn sɛ atamfo nti. Wɔde gya too akuraa bi a na Adansefo 150 te ase mu, sɛee hɔ. Wɔ nkuraa afoforo ase nso, wɔhyew afie pii ne Ahenni Asa ahorow bi. Bere a wɔn afie ne wɔn agyapade afi wɔn nsa no, Adansefo no guan kɔɔ mmeae foforo, na wɔn mfɛfo Adansefo a wɔwɔ hɔ no boaa wɔn.

Ɔko de aduankɔm ba efisɛ nnɔbae sɛe, wowia nnuan a wɔakora so, na wosiw nnuan a wɔde kɔ mmeaemmeae no kwan. Aduan a wonya no bo yɛ den. Wɔ May 1997 mfiase no, na ntɔmmɔ kilogram biako yɛ bɛyɛ dɔla abiɛsa wɔ Kisangani, na na nnipa dodow no ara ntumi ntɔ. Ná wɔn mu fã kɛse no ara didi pɛnkoro da koro. Aduankɔm nso de, ɛne yare na ɛnam. Aduan a ɛsɛ a obi nnya no mma nipadua no nnya ahoɔden nko ntia atiridiinini, ayamtu, ne yafunyare. Mmofra titiriw na ɛyɛ wɔn ma wowuwu.

Sɛnea Tebea no Te a Wɔkɔhwehwɛ Mu

Saa bere no nso Yehowa Adansefo a wɔwɔ Europa no yɛɛ tebea no ho biribi ntɛm so. Ebeduu April 1997 no, na Adansefo kuw a wɔde mmoa ma a nnuruyɛfo baanu ka wɔn ho de nnuru ne sika afa wimhyɛn aba hɔ. Wɔ Goma no, na ɛhɔ Adansefo no atu boayikuw ahorow dedaw ma wɔrehwɛ sɛnea tebea no te na ama wɔatumi de mmoa ama ntɛm ara. Kuw no mufo kɔhwehwɛɛ kuropɔn no ne mmeae a atwa ho ahyia. Wotuu abɔfo ma wɔkogyee amanneɛbɔ fii mmeae a ɛwɔ akyirikyiri paa no. Wonyaa amanneɛbɔ fii Kisangani, a ɛwɔ Goma atɔe fam bɛboro kilomita 1,000, no nso. Anuanom a wɔwɔ Goma, a Adansefo bɛyɛ 700 te no, hwɛ ma wɔde mmoa maa nkurɔfo.

Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ Goma no biako kae sɛ: “Bere a yehuu yɛn nuanom a wofi akyirikyiri bɛboaa yɛn no, ɛkaa yɛn koma paa. Ansa na wɔreba no, yɛboaa yɛn ho yɛn ho. Anuanom guan fii nkuraase baa Goma. Ná ebinom ahwere wɔn afie, na wɔagyaw wɔn nsase hɔ. Yegyee wɔn baa yɛn afie, na yɛne wɔn kyɛɛ ntade ne aduan kakra a yɛwɔ no. Ná nea yɛn a yɛte hɔ no betumi ayɛ no nnɔɔso. Ná yɛn mu binom nnya aduan a ɛsɛ nni.

“Nanso yɛn nuanom a wofi Europa no brɛɛ yɛn sika ma yetumi tɔɔ aduan a na ɛho yɛ na na ne bo yɛ den paa no. Aduan no bae wɔ ne bere mu, efisɛ na nnipa pii nni aduan biara wɔ fie. Yɛkyekyɛɛ aduan no maa Adansefo ne wɔn a wɔnyɛ Adansefo nyinaa. Sɛ mmoa no amma saa bere no a, anka afoforo pii bewuwu, titiriw mmofra. Yehowa gyee ne nkurɔfo. Wɔn a wɔnyɛ Adansefo no ho dwiriw wɔn. Wɔn mu pii kaa yɛn biakoyɛ ne ɔdɔ a yɛwɔ no ho asɛm. Ebinom gye toom sɛ yɛn de no ne nokware som.”

Ɛwom sɛ na wotumi tɔ aduan wɔ hɔ, na na wonya nnuru de, nanso na pii ho hia. Ná wohia ntade ne akuntu, ne afei aduan ne nnuru pii aka ho. Ná wohia mmoa nso na wɔatumi asan asisi afie a asɛesɛe no.

Nkurɔfo Yi Wɔn Yam Ma

Ná anuanom a wɔwɔ Europa no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa. Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Louviers, France, no de asɛm no too asafo ahorow a ɛwɔ Rhône Valley, Normandy, ne Paris mpɔtam bi no anim. Ɛha nso Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm foforo bɛdaa adi: “Nea ogu nkyekye mu no betwa nkyekye mu, na nea ogu nhyira so no betwa nhyira so. Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.”—2 Korintofo 9:6, 7.

Nnipa mpempem pii de hokwan no kyɛɛ ade. Wɔde ntade, mpaboa, ne nneɛma foforo nnaka pii baa Ahenni Asa ahorow no so, na afei wɔtwe kɔɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ France no. Ɛhɔ nso na na nnipa 400 a wɔatu wɔn ho ama, ayɛ krado sɛ wɔrebɛyɛ adwuma a edi hɔ wɔ “Boa Zaire” dwumadi no mu. Bere a akyɛde ahorow gu so reba no, saa nnipa a wɔatu wɔn ho ama yi yiyii ntade no mu, bobɔe, na wɔboaboaa ano de 30 biara guu adaka biako mu. Ná mmofra nso asusuw wɔn nuanom mmarimaa ne mmeawa a wɔwɔ Afrika no ho ma wɔde agode ahorow—mmofra kar a ɛho yɛ hyɛnhyɛn, agode a etwa ne ho, abaduaba, ne asisi a wɔde ntama fotoo ayɛ—kɔmaa wɔn. Wɔde asetrade kaa saa nneɛma yi ho. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, wɔde nneɛma guu nnaka akron a n’atenten yɛ mita 12 mu de kɔɔ Congo.

Nneɛma dodow ahe na wɔnam Adansefo mpempem pii a wɔwɔ Belguim, France, ne Switzerland mmoa so de kɔboaa Central Africa? Ebeduu June 1997 no, na nneɛma a wɔde akɔ no nyinaa yɛ nnuru kilogram 500, bisket a ahoɔdennuru pii wom tɔn 10, nnuan foforo tɔn 20, ntade tɔn 90, mpaboa ahorow 18,500, ne akuntu 1,000. Wɔde Bible nhoma ahorow nso guu wimhyɛn mu bae. Wɔkyerɛɛ eyi nyinaa ho anisɔ kɛse, na ɛmaa aguanfo no werɛ kyekyee, na ɛboaa wɔn ma wogyinaa wɔn sɔhwɛ ahorow no ano. Nneɛma a wɔde kɔmaa wɔn no nyinaa bo bɛyɛ U.S. dɔla 1,000,000. Akyɛde ahorow a ɛtete saa no dii onuayɛ ne ɔdɔ a ɛwɔ wɔn a wɔsom Yehowa ntam no ho adanse.

Nneɛma a Wɔkyekyɛ Wɔ Congo

Bere a nneɛma no beduu Congo no, anuanom baanu ne onuawa biako fi France ne ɛhɔnom boayikuw ahorow a wɔhwɛ ma wɔde mmoa ma no bɛyɛɛ adwuma. Ɛdefa anisɔ a Congo Adansefo no kyerɛe no ho no, Joseline kae sɛ: “Yenyaa nkrataa pii a wɔde kyerɛɛ anisɔ. Onuawa bi a ahia no maa me agude bi a ɛho yɛ ahabammono. Afoforo nso maa yɛn wɔn mfonini. Bere a yɛrefi hɔ no, anuanom mmea few m’ano, tu bam me, na wosui. Me nso misui. Wɔn mu pii kaa nsɛm bi te sɛ, ‘Yehowa ye. Yehowa dwen yɛn ho.’ Enti wohui sɛ saa adema yi ho aseda no yɛ Onyankopɔn de. Bere a yɛrekyekyɛ aduan no, anuanom mmarima ne mmea de Ahenni nnwom yii Yehowa ayɛ. Ná ɛka koma paa.”

Ná oduruyɛfo bi a wɔfrɛ no Loic ka kuw no ho. Nnipa beguu Ahenni Asa no so pii a wɔde abotare retwɛn ama adu wɔn so ma wahwɛ wɔn. Esiane sɛ na onuawa bi a ofi Congo nso pɛ sɛ ɔyɛ biribi boa nti, n’ankasa de ne sika kyew bofrot 40 maa wɔn a wɔretwɛn ama oduruyɛfo no ahwɛ wɔn no. Esiane sɛ na nnipa bɛyɛ 80 na wɔretwɛn nti, wɔn mu biara nyaa bofrot fã.

Mmoa a Wɔde Ma Wɔn a Wɔnyɛ Adansefo

Wɔanyɛ saa mmɔborohunu ade yi amma Yehowa Adansefo nkutoo. Afoforo nso nyaa mu mfaso, sɛnea nnipa pii nyaa mu mfaso wɔ 1994 mu no. Eyi ne Galatifo 6:10 hyia, faako a ɛka sɛ: “Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Adansefo no maa mfitiase sukuu pii ne nyisaa nteteebea bi a ɛbɛn Goma nnuru ne ntade. Mmofra 85 na wɔwɔ nyisaa nteteebea hɔ. Kuw a wɔyɛɛ mmoa no ho nhyehyɛe no dii kan kɔɔ nyisaa nteteebea hɔ kɔhwɛɛ sɛnea ɛhɔ tebea te, na wɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ wɔbɛbrɛ wɔn bisket a ahoɔdennuru pii wom nnaka 50, ntade nnaka pii, akuntu 100, nnuru, ne agode ahorow. Mmofra no too santen wɔ adiwo hɔ too dwom maa ahɔho no. Afei wɔde adesrɛ soronko bi too wɔn anim—wobenya bɔɔl biako a wɔbɛbɔ?

Adapɛn bi akyi no, kuw a wɔyɛɛ mmoa no ho nhyehyɛe no dii bɔ a wɔhyɛe sɛ wɔde nneɛma bɛbrɛ wɔn no so. Ayamye a wɔdaa no adi ne Bible ho nhoma ahorow a wɔde maa nyisaa nteteebea sohwɛfo no kenkanee no kaa no ma ɔkae sɛ ɛrenkyɛ, ɔbɛba abɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Na wɔmaa mmofra no bɔɔl biako anaa? Kuw a wofi France a wɔyɛɛ mmoa no ho nhyehyɛe no titrani, Claude, buae sɛ: “Dabi. Yɛmaa wɔn bɔɔl abien.”

Aguanfo Atrae Ahorow

Wɔamma mmoa no ansõ Congo hɔ ara. Ná aguanfo mpempem pii aguan afi baabi a wɔreko no kɔ ɔman bi a ɛbɛn hɔ mu ma wɔayeyɛ aguanfo atrae abiɛsa ahoɔhare so. Ɛhɔ nso Adansefo no kɔɔ hɔ kɔhwɛɛ nea wobetumi ayɛ. Bere a wɔkyerɛw amanneɛbɔ yi no, na aguanfo 211,000 a wɔn mu dodow no ara fi Congo, na wɔwɔ aguanfo atrae ahorow no. Ná wɔn mu bɛyɛ 800 yɛ Adansefo ne wɔn mma ne wɔn a wɔakyerɛ Ahenni ho asɛmpa no ho anigye. Ade a na enni atrae ahorow hɔ a na wohia no denneennen ne aduan. Wɔ atrae biako no, na nnansa aduan pɛ na aka, a na ebi yɛ adua a adi mfe abiɛsa.

Nanso, na Adansefo no nyɛɛ bosaa. Ɛwom sɛ Bible ho nhoma kakraa bi na na wɔwɔ de, nanso wɔyɛɛ nhyiam horow daa wɔ petee mu de hyehyɛɛ wɔn ho den wɔ honhom fam. Ná wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ afoforo a wɔwɔ atrae hɔ nso denneennen.—Mateo 24:14; Hebrifo 10:24, 25.

Ná Adansefo a wɔkɔhwɛɛ hɔ no biako yɛ oduruyɛfo. Ɛwom sɛ ɛhɔ mpanyimfo no ma wodii nna kakraa bi wɔ atrae biara de, nanso wɔhwɛɛ nkurɔfo yare. Wogyaw nnuru ne sika maa Kristofo mpanyimfo. Enti, anuanom tumi nyaa nkwa. Ná wɔn ani da so nso sɛ ɛrenkyɛ na Adansefo a wɔwɔ atrae ahorow no mu no asan akɔ wɔn kurom.

Daakye nso ɛ? Yesu Kristo hyɛɛ nkɔm sɛ yɛn bere yi bɛyɛ basabasayɛ bere, a akodi ne aduankɔm bɛhyɛ no agyirae. (Mateo 24:7) Yehowa Adansefo nim sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ɛde amanehunu a ɛrekɔ so wɔ asase so seesei no bɛba awiei. Wɔ saa nniso no ase no, yɛn asase so fie yi bɛyɛ paradise a ɛwɔ asomdwoe, nneɛma abu so, na adesamma asoɔmmerɛfo nya daa anigye wɔ mu. (Dwom 72:1, 3, 16) Ɛnkosi saa bere no, Adansefo no bɛka saa ɔsoro Ahenni no ho asɛmpa na afei wɔakɔ so aboa mfɛfo asomfo ne afoforo wɔ ahohia bere mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Efi 1994 no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Europa nkutoo de aduan, ntade, nnuru, ne ahiade foforo bɛboro tɔn 190 akɔ Afrika mmeae a Atare Akɛse no wɔ no

[Kratafa 6 adaka]

Kristofo Dɔ a Wɔda no Adi

Wɔn a wofi wɔn pɛ mu de wɔn ho hyɛɛ “Boa Zaire” dwumadi no mu wɔ France no mu biako ne Ruth Danner. Bere a na ɔyɛ abofra no, wɔde no too Nasifo nneduaban ahorow mu esiane ne Kristofo gyidi nti. Ɔkae sɛ: “Yɛn ani gyei yiye sɛ yetumi yɛɛ biribi maa yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Afrika no! Nanso biribi wɔ hɔ a ɛmaa m’anigye yɛɛ mmɔho. Wɔ 1945 mu no, bere a yefi Germany san baa fie no, na yenni hwee. Ntade a na yɛhyɛ no mpo, yɛsrɛe. Nanso, ankyɛ na yenyaa honam fam mmoa fii yɛn honhom fam anuanom a wɔwɔ Amerika no hɔ. Enti saa mmoa nhyehyɛe yi maa me nso minyaa hokwan daa ayamye a woyii adi kyerɛɛ yɛn bere tenten a atwam ni no bi adi. Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ wobɛyɛ anuanom abusua kɛse a ɛte saa a wɔda Kristofo dɔ adi no muni!”—Yohane 13:34, 35.

[Kratafa 7 mfonini]

Ɛrenkyɛ—nneɛma bebu so ama obiara wɔ paradise wɔ asase so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena