Gyidi Ho Sɔhwɛ Wɔ Slovakia
SƐNEA JÁN BALI KA KYERƐE
WƆWOO me December 24, 1910, wɔ Záhor, akuraa bi a mprempren ɛwɔ Slovakia apuei fam, ase. Saa bere no na yɛn akuraa no yɛ Austro-Hungariafo Ahemman no fã. Wɔ 1913 mu no, Maame de me kɔɔ United States ma yɛkɔkaa me papa a na wadi kan afi Záhor no ho. Maame ne me kɔɔ Gary, Indiana, mfe abien akyi no, wɔwoo me nuabea Anna. Afei Paapa yaree na owui wɔ 1917 mu.
Mebɛyɛɛ osuani a ɔyɛ nnam, a na m’ani gye nyamesom ho yiye. Wɔ Calvinfo Asɔre mu baabi a na mekɔ Mmofra asɔre no, ɔkyerɛkyerɛfo no hui sɛ m’ani gye honhom fam nneɛma ho. Nea ɛbɛyɛ na wadwudwo me kɔm ano no, ɔmaa me Holman Bible Nkyerɛase bi, a na nsɛmmisa ne mmuae bɛyɛ 4,000 wom. Ɛno maa minyaa nneɛma pii a sɛ abofra a madi mfe 11 no na metumi adwennwen ho.
‘Eyi Ne Nokware No’
Wɔ saa mfe no mu no, ná Slovakia atubrafo a wɔwɔ beae a mete hɔ no binom abɛyɛ Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no. Ná wɔn mu biako ne me wɔfa Michal Bali, a ɔma yehuu Bible no mu nokware no. Nanso, wɔ 1922 mu no, Maame ne me nuabea ne me san kɔɔ Záhor, a saa bere no na abɛka Czechoslovakia apuei fam nkurow ho no.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, Wɔfa Michal de Studies in the Scriptures nhoma no nyinaa, a Charles Taze Russell kyerɛwee, ne Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a na wɔasan atintim fi July 1, 1879 menaa me. Mekenkanee ne nyinaa mu, afã bi wɔ hɔ a mekenkanee no mpɛn pii, na mibegye toom sɛ mahu Bible mu nokware a na merehwehwɛ no.
Saa bere no ara na Bible Asuafo bi a wɔyɛ Slovakiafo fi United States san baa wɔn kurom. Wɔhyehyɛɛ Bible Asuafo kuw a edi kan a wɔka Slovakia kasa wɔ Czechoslovakia. Me ne me maame kɔɔ nhyiam a wofii ase yɛe wɔ yɛn akuraa Záhor ne nea wɔyɛe wɔ mmeae foforo a ɛbɛn yɛn no nso bi.
Ná nhyiam horow no te sɛ Kristofo nhyiam a wɔyɛe wɔ afeha a edi kan mu no. Ná yɛtaa hyiam wɔ Bible Asuafo no biako fie, na na yɛtra pon bi ho a kanea si yɛn mfinimfini. Sɛ yɛn a yɛahyia no mu akumaa koraa no, na metra akyiri wɔ sum mu tie nea ɛrekɔ so. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, na wɔfrɛ me ma minya mu kyɛfa. Sɛ ɛte sɛ nea afoforo ntumi nhu sɛ nea wɔrekenkan wɔ Slovakia kasa mu no yɛ nokware a, wɔka sɛ: “Wiɛ, Ján, Engiresi kasa no ka no dɛn?” Ná mede anigye ba kanea no ho bɛkyerɛ nea nhoma no ka wɔ Engiresi kasa mu ase kɔ Slovakia kasa mu.
Wɔn a wɔbɛyɛɛ Bible Asuafo wɔ United States a wɔsan baa baabi a abɛyɛ Czechoslovakia no biako ne Michal Šalata. Ɔsan kɔɔ Sečovce akuraa bi a ɛbɛn ase, baabi na ɔte kan no, na ɔboae ma wɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ Czechoslovakia. Onua Šalata de me kaa ne ho kɔɔ asɛnka bere nyinaa. Afei, bere a midii mfe 13 wɔ 1924 mu no, meka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ me asu. Ɛwom sɛ Maame susuwii sɛ misua dodo sɛ metu anammɔn a anibere wom saa de, nanso mema obehui sɛ ɛyɛ gyinae pintinn a masi. Enti, wɔ da koro nhyiam bi a wɔyɛe a na ɛbɛn Asubɔnten Ondava ho wɔ saa July no ase no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ saa nsu no mu.
Ɔsom Hokwan Horow a Ɛsom Bo
Bere a midii mfe 17 no, metee sɛ wɔbɛyɛ ayi bi wɔ baabi a efi akuraa a mereka asɛm wɔ hɔ kɔ hɔ yɛ kilomita kakraa bi no. Ná ɛyɛ ayi a edi kan koraa a Bible Asuafo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no rebɛyɛ. Bere a miduu hɔ no, mefaa nkuraasefo a na wɔrepɛ biribi ahu no mu kɔɔ ɔkasafo no nkyɛn. Bere a miduu ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Medi kan akasa, na afei woabɛtoa so.”
Mede me kasa no gyinaa kyerɛwsɛm a ɛwɔ 1 Petro 4:7 no so, nea ɛkenkan sɛ: “Ade nyinaa awiei abɛn” no. Mifi Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛɛ wɔn sɛ amanehunu ne owu mpo awiei abɛn, na mekyerɛkyerɛɛ owusɔre anidaso no mu. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Ɛmfa ho mpo sɛ na misua sen sɛnea mete wɔ nipaduam—anaasɛ ebia na misua dodo no—atiefo no nyinaa yɛɛ aso tiee me.
Anigyesɛm bi puee wɔ September 15, 1931 Ɔwɛn-Aban no mu, na ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔremfa edin Bible Asuafo anaasɛ edin foforo biara a ɛte saa mfrɛ yɛn bio, mmom no wɔbɛfrɛ yɛn Yehowa Adansefo. Bere a yɛkenkanee amanneɛbɔ no wiei no, Bible Asuafo a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ no yɛɛ nhyiam titiriw bi ho nhyehyɛe. Bible Asuafo bɛyɛ 100 hyiae wɔ Pozdišovce akuraa no ase. Minyaa hokwan maa ɔkasa bi a n’asɛmti ne “Edin Foforo No,” a na egyina Ɔwɛn-Aban a yɛaka ho asɛm dedaw no mu asɛm so wɔ hɔ.
Atiefo no nyinaa de anigye maa wɔn nsa so bere a wobisaa wɔn sɛ wogye tirimbɔ koro no ara a yɛn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ wiase no afã foforo agye atom no tom anaa no. Afei yɛyɛɛ telegram kɔɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, a na ɛkenkan sɛ: “Yɛn, Yehowa Adansefo a yɛahyiam nnɛ da yi wɔ Pozdišovce no, gye nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no mu fa edin foforo no ho tom, yɛagye edin foforo yi, Yehowa Adansefo, no atom.”
Slovakia ne Transcarpathia mantam kɛse a na ɛka Czechoslovakia ho ansa na Wiase Ko II reba no, bɛyɛɛ asasesin a ɛsow aba ma yɛn Kristofo som adwuma no. Yɛnantew yɛɛ asasesin kɛse yi nyinaa mu adwuma, afei nso na yɛforo keteke, bɔs, anaa yɛtra sakre so. Saa bere no woyii “Photo-Drama of Creation,” sini a mfonini a ɛwom no bi keka ne ho na ebi nso nkeka ne ho a ɛnne nnyigyei wom kyerɛe wɔ kuropɔn pii mu. Sɛ woyi sini no wie a na yegyigye nnipa a wɔn ani gye ho no nyinaa address. Wɔde address yi pii maa me na wɔka kyerɛɛ me sɛ menyɛ nhyehyɛe mma Adansefo nkɔsra anigyefo no. Wɔ nkuropɔn bi mu no, yegyee nhyiam asa tuaa ho ka a na mema sini no akyi ɔkasa titiriw wɔ hɔ.
Wɔ 1930 mfe mu no, minyaa hokwan kɔɔ nhyiam akɛse a wɔyɛe wɔ ahenkurow, Prague mu no bi. Wɔ 1932 mu no wɔyɛɛ amanaman ntam nhyiam a edi kan wɔ Czechoslovakia. Yehyiaam wɔ Varieté Agodibea. Nhyiam no baguam ɔkasa no asɛmti, “Europe Before Destruction,” no twee nkurɔfo adwene, ma nnipa bɛyɛ 1,500 na wɔbaa nhyiam no. Wɔyɛɛ amanaman ntam nhyiam foforo wɔ Prague wɔ 1937 mu, na minyaa hokwan maa ɔkasa ahorow no mu biako. Nhyiamfo a wofi Europa aman pii so bae, na yɛn nyinaa nyaa nkuranhyɛ a ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛagyina sɔhwɛ horow a ɛbae wɔ Wiase Ko II akyi no mu.
Aware, ne Sɔhwɛ Horow a Emu Yɛ Den
Bere a yɛsan kɔɔ Czechoslovakia no, me ne Maame kaa yɛn ti pam ho ne mfɛfo Bible Asuafo a wɔwɔ Pozdišovce a ɛbɛn no yɛɛ asɛnka adwuma no. Ɛhɔ na mibehuu ababaa bi a ne ho yɛ fɛ a wɔfrɛ no Anna Rohálová. Bere a yenyinii kakra no, yebehui sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho no boro Kristofo nuabarima ne nuabea ntam dɔ kɛkɛ. Yɛwaree wɔ 1937 mu. Efi saa bere no rekɔ no, Anna boaa me, wɔ ‘bere a enye’ a na ɛrebɛba no mpo mu.—2 Timoteo 4:2.
Wɔ yɛn ayeforohyia akyi bere tiaa bi no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ Europa resiesie ne ho ama Wiase Ko II no. Ebeduu November 1938 no, ná Transcarpathia ne Slovakia kesee fam abɛyɛ Hungary a ɛne Nazi Germany aka wɔn ti abɔ ho no de. Hungary polisifo baraa yɛn nhyiam horow, na na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho kɔkyerɛ wɔ polisifo adwumam daa.
Bere a Wiase Ko II fii ase wɔ September 1939 akyi no, wɔkyeree yɛn mu pii a yefi Záhor, mmarima ne mmea, de yɛn koguu abankɛse dedaw bi a ɛbɛn Mukacheve, a mprempren ɛwɔ Ukraine mu. Yehuu mfɛfo Adansefo pii a wofi Transcarpathia asafo horow mu wɔ hɔ. Bere a wɔde asram abiɛsa anaa anan bisabisaa yɛn nsɛm na wɔhwee yɛn mpɛn pii akyi no, wɔmaa asraafo asɛnnibea titiriw bi dii yɛn asɛm. Wobisaa yɛn nyinaa asɛm biako pɛ: “So moasiesie mo ho sɛ mobɛko ama Hungary de atia U.S.S.R.?” Esiane sɛ yɛampene so nti, wobuu yɛn fɔ na awiei koraa no, wɔde yɛn koguu afiase wɔ Budapest, Hungary, wɔ 85 Margit Boulevard.
Ná nneduafo no nyinaa nnya aduan pa nni. Ankyɛ na nyarewa sii nneduafo no mu na wofii ase wuwui. Hwɛ akomatɔyam a ɛyɛe sɛ meyere fi Záhor nohoa bɛhwɛɛ me! Ɛwom sɛ yɛkasae bɛyɛ simma anum pɛ bere a migyina afiase nnadeban mu de, nanso medaa Yehowa ase sɛ wama me hokafo a ɔyɛ nokwaredifo saa.a
Mifi Afiase Kɔ Adwumayɛban Mu
Efi afiase no, wɔde me kɔɔ Jászberény Hungary, baabi a na wɔadi kan de Adansefo 160 akɔ no. Bere a na yɛwɔ hɔ no, Hungary aban panyin bi maa yɛn hokwan a etwa to koraa a efi Hungary aban no hɔ: “Sɛ moasiesie mo ho sɛ mobɛkɔ sraadi a, mumfi adi.” Obiara amfi adi. Aban panyin no kae sɛ: “Ɛwom sɛ mempene nea moreyɛ no so de, nanso m’ani gye mo bo a moasi sɛ mubekura mo gyidi mu pintinn no ho.”
Nnafua kakraa bi akyi no, yɛforoo hyɛn bi a ɛda Danube Asubɔnten so na yefii yɛn akwantu a ɛkɔ adwumayɛban a ɛbɛn Yugoslav kuropɔn Bor mu no ase. Bere a yɛwɔ hyɛn no mu no, asraafo no ne wɔn sahene no kɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛagyae yɛn gyidi mu asiesie. Ɔsahene no maa asraafo no de wɔn atuo boroo yɛn, wɔde wɔn mpaboa bobɔɔ yɛn, na wɔfaa akwan afoforo so nso yɛɛ yɛn ayayade.
Bere a wɔde yɛn kɔhyɛɛ Asraafo Panyin András Balogh, ɔsahene a ɔhwɛ adwumayɛdan a ɛwɔ Bor so nsa no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Sɛ mo ho asɛm a wɔaka akyerɛ me no yɛ nokware a, ɛnde ɛnkyɛ koraa mubewu.” Nanso bere a ɔkenkan nkrasɛm a na wɔasɔw ano a efi aban mpanyimfo no hɔ wiei no, ɔne yɛn dii no obu mu. Balogh maa yɛn ahofadi kakra a na yetumi nantenantew, na ɔmaa yɛn kwan mpo ma yɛkyekyee yɛn ankasa atrae. Ɛwom sɛ na aduan ho yɛ den de, nanso na yɛwɔ yɛn ankasa gyaade, enti obiara ansisi obi wɔ aduan mu.
Wɔ March 1944 mu no, Germany fii ase faa Hungary. Saa bere no ɔsahene bi a na ɔtaa Nazi aban no akyi denneennen a wɔfrɛ no Ede Marányi besii Balogh ananmu. Ɔhyehyɛɛ asotwe mmara katee, a na fã kɛse no ara te sɛ nneduaban mu de no. Nanso, ankyɛ na Russia asraafo bɛnee hɔ, ma enti woyii nsraban a na ɛwɔ Bor no fii hɔ. Akyiri yi, bere a na yɛretu akɔ no, yɛkɔtoo Yudafo a wokum wɔn wɔ atirimmɔden so wɔ Cservenka no so. Ná ɛyɛ nwonwa sɛ wɔmaa yɛfaa yɛn ho dii.
Bere a yebeduu Hungary ne Austria hye so no, wɔhyɛɛ yɛn sɛ yentutu amoa a wɔde atuo a ɛtow ntɛmntɛm bɛhyehyɛ mu. Yɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nea enti a yɛabɛyɛ nneduafo ne sɛ yɛpoe sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ asraafo dwumadi biara mu. Esiane sɛ na midi kuw no anim nti, Hungaryfo aban panyin bi soo me mu na ofii ase boroo me. Ɔteɛɛm sɛ “Mekum wo! Sɛ wanyɛ adwuma no a, wɔn a aka no nso bedi wo nhwɛso bɔne no akyi!” Ɛyɛ András Bartha, Ɔdansefo panyin bi a na wadi yɛn asɛnka adwuma no anim ho a ɔde gyee mu akokoduru so nkutoo na ɛma minyaa me ti didii mu.b
Adapɛn kakraa bi akyi no, ɔko no baa awiei na yesiim sɛ yɛreba fie. Nneduafo binom a na wɔwɔ Bor a wɔadi kan agyaa wɔn no kɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔakunkum yɛn a wɔde yɛn kɔɔ Cservenka no nyinaa. Enti bɛyɛ asram asia de, na me yere bu ne ho sɛ okunafo. Hwɛ sɛnea ɛyɛɛ no nwonwa sɛ da koro ohuu me sɛ migyina pon ano! Bere a yɛbam yɛn ho esiane mfe pii a yɛn ntam tetewee akyi nti no, anigye maa nusu guu yɛn.
Yɛsan Hyehyɛ Adwuma no Bio
Wɔ Wiase Ko II akyi no, Slovakia ne Czechia san ka boom bɛyɛ Czechoslovakia. Nanso, Transcarpathia fã kɛse no ara a na anka ɛka Czechoslovakia ho ansa na ɔko no reba no bɛkaa Ukraine ho wɔ Soviet Union. Wɔ 1945 mu no, Me ne Michal Moskal kɔɔ Bratislava, a mprempren ɛyɛ Slovakia kuropɔn no mu, na yɛne anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no hyiae san hyehyɛɛ asɛnka adwuma no bio. Ɛwom sɛ na yɛabrɛ wɔ honam ne nkate fam de, nanso yɛpɛe sɛ yɛde anigye bɛtoa ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ yɛnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no so.—Mateo 24:14; 28:18-20.
Wɔ ɔko no akyi no, ɔmantam nhyiam horow bɛyɛɛ nkuranhyɛ kɛse maa yɛn adwuma no. Wɔ September 1946 mu no wɔyɛɛ nea edi kan ma ɔman mũ no nyinaa wɔ Brno kuropɔn mu. Minyaa hokwan maa ɔkasa a na n’asɛmti ne “Otwa Adwuma No, Wiase No Awiei.”
Wɔ 1947 mu no, wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam foforo wɔ Brno. Nathan H. Knorr, Milton G. Henschel, ne Hayden C. Covington, a wofi Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York bae no, maa ɔkasa horow a na ɛhyɛ nkuran wɔ nhyiam no ase. Minyaa hokwan somee sɛ ɔkasa asekyerɛfo de kyerɛɛ kasa ahorow a wɔmae no ase. Ɛwom sɛ na yɛwɔ Ahenni adawurubɔfo 1,400 wɔ Czechoslovakia de, nanso nnipa bɛyɛ 2,300 na wɔba betiee baguam ɔkasa no.
Ɔtaa Wɔ Kɔmunisfo Ase
Wɔ 1948 mu no, Komunisfo bedii ɔman no so, na ankyɛ na wɔde anohyeto a edii mfe 40 baa yɛn asɛnka adwuma no so. Wɔ 1952 mu no, wɔkyeree yɛn mu pii a na wosusuw sɛ yedi asafo no anim no de yɛn guu afiase. Wɔbɔɔ pii sobo sɛ wotutu ɔman ase, nanso wɔbɔɔ yɛn mu kakraa bi sobo sɛ yɛpɛ sɛ yetu aban no gu. Wɔde me too afiase bisabisaa me nsɛm asram 18. Bere a mibisae sɛ ɔkwan bɛn so na meyɛ ɔfatwafo no, ɔtemmufo no kae sɛ: “Ná woreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Na woka sɛ ɛbɛba abedi wiase nyinaa so tumi. Czechoslovakia nso ka ho.”
Mibuae sɛ “Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na ɛsɛ sɛ mubu wɔn a wɔka Awurade Mpaebɔ na wɔsrɛ sɛ ‘Onyankopɔn Ahenni’ mmra no nyinaa atɛn sɛ afatwafo.” Nanso, wɔhyɛe sɛ menkɔda afiase mfe anum ne fã na wɔde me kɔtoo Kɔmunisfo afiase a agye dimmɔne mu wɔ Jáchymov, Czechoslovakia.
Bere a mitwaa mfe a wɔkae sɛ me mfa nna afiase no mu fã kɛse no ara no, woyii me fii afiase. Me yere Anna, fi nokwaredi mu gyinaa m’akyi denam nkrataa a ɔkyerɛw me, ne nsrahwɛ, ne yɛn babea Mária nso a ɔhwɛɛ no no so. Awiei koraa no, yɛsan hyiaam bio sɛ abusua, na yɛtoaa yɛn Kristofo dwumadi, a na yewia yɛn ho yɛ no so.
Yehowa Som Ma Minya Asetra a Abotɔyam Wom
Bɛboro mfirihyia 70 a atwam no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ no asom wɔ tebea horow mu, ɔfã kɛse no ara wɔ Komunis nniso ase. Ɛwom, mayɛ mmerɛw wɔ honam mu de, nanso meda so ara som sɛ Kristoni ɔpanyin wɔ Záhor, me ne anokwafo binom te sɛ Ján Korpa-Ondo, a wadi mfe 98 na ɔda so te nkwa mu no.c Me yere a medɔ no, me koma so akyɛde a Yehowa de maa me no, wui wɔ 1996 mu.
Meda so ara hu tebea a wɔayɛ ho mfonini wɔ The Way to Paradise nhoma a wotintimii wɔ 1924 mu no kratafa 228 kosi 231 no pefee wɔ m’adwene mu. Wɔkyerɛɛ ɔkenkanfo no sɛ ɔmfa no sɛ ɔwɔ Paradise a ɔretie nnipa baanu a wɔanyan wɔn afi awufo mu. Ná wonhu baabi ko a wɔwɔ. Ɛno na afei nea watwa Harmagedon no de hokwan no rekyerɛkyerɛ nnipa baanu no mu sɛ wɔanyan wɔn afi awufo mu aba Paradise. (Luka 23:43) Sɛ mitwa Harmagedon a, m’ani begye ho sɛ mɛkyerɛkyerɛ nneɛma a ɛte saa mu akyerɛ me yere, me maame, ne adɔfo afoforo bere a wɔanyan wɔn no. Nanso sɛ miwu ansa na Harmagedon aba a, mehwɛ kwan sɛ bere bi bɛba a obi a ɔwɔ wiase foforo no mu bɛka nsɛm a esisii wɔ me mu akyi no akyerɛ me.
Mprempren mekɔ so kyerɛ hokwan soronko a ɛyɛ nwonwa a manya sɛ me ne Amansan Hene no tumi di nkitaho na mebɛn no no ho anisɔ. Me tirimbɔ ne sɛ mɛkɔ so atra ase ma ɛne ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ Romafo 14:8 no ahyia: “Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma [Yehowa, NW]; sɛ yewu nso a, yewu ma [Yehowa, NW]. Enti sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ [Yehowa, NW] dea.”
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ Andrej Hanák ho asɛm a ɛwɔ April 22, 2002, Engiresi Nyan! no kratafa 19-24 no. Wɔka afiase hɔ tebea ne nsɛm a esisii wɔ hɔ ho asɛm sɛ ɛte sɛ Cservenka, a yedii kan kaa ho asɛm wɔ asɛm yi mu no.
b Sɛ wopɛ András Bartha ho nsɛm pii a, hwɛ July 15, 1993, Ɔwɛn-Aban, kratafa 11 no.
c Hwɛ n’asetra ho nsɛm wɔ September 1, 1998, Ɔwɛn-Aban no, kratafa 24-8.
[Mfonini wɔ kratafa 30]
Me ne Anna, yɛwaree akyi afe biako
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Me ne Nathan H. Knorr wɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛe no 1947 wɔ Brno no ase