Awiei Koraa no Mihuu Nokware No
Ɛrekɔ August 1939 awiei, bere a na mereba fie wɔ Budapest, Hungary no, migyinae wɔ Moscow. Ná Germanfo ne Sovietfo de wɔn nsa ahyɛ asomdwoe apam no ase nna bi dedaw wɔ August 23, na na wɔde Nasi swastika frankaa horow asisi Kremlin afasu so. Dɛn nti na na mewɔ Russia, na dɛn na na ɛretwɛn me wɔ fie?
NEA EDI kan no, momma menka Hungaryfo akuraa ketewa Veszprém a wɔwoo me wom wɔ January 15, 1918 mu no ho asɛm nkyerɛ mo. Ná me ne mmofra baanan no mu panyin, na yɛn awofo hwɛ ma yɛkɔɔ asɔre daa. Bere a midii mfe anum no, na mesom sɛ Mass boafo wɔ Katolek nkokorafi. Wɔ fie no, na meyɛ me ho sɛ nea mereyɛ Mass ama me nuanom a na mehyɛ atade a mede krataa ayɛ.
Midii mfe awotwe no, Paapa gyaw abusua no hɔ, na Maame maame boaa no ma ɔhwɛɛ yɛn. Ɛno akyi afe no, kokoram kum Maame. Mfe a edi ɛno akyi no, wɔtetee yɛn a yɛyɛ mmofra no ntam, na wɔde yɛn kɔɔ nyisaa ne abayɛn afie mu. Ná nyisaa ne fie a edi akyi a metrae no bɛn Budapest. Ná Frères Maristes (Maria Nuabarimanom), Fransefo Katolek akyerɛkyerɛfo fekuw na na wɔhwɛ so. Ná medɔ Onyankopɔn yiye, enti bere a midii mfe 13 no, mepenee nhomasua hokwan a wɔn nyamesom fekuw no de maa me no so.
Nyamesom mu Ntetee a Ɛkɔ Akyiri
Afe a edi hɔ no, wɔde me kɔɔ Greece, baabi a mekɔɔ Frères Maristes sukuu a wɔyɛ no Franse kasa mu a ɛtetee me ma mebɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no. Mfe anan akyi, wɔ 1936 mu no, miwiee adesua nyaa adansedi krataa a ɛmaa me fatae sɛ mekyerɛ ade wɔ mfitiase sukuu mu. Adesua awiei akyi no, mebɛyɛɛ nyamesom fekuw no mu onua, kaa ohia, osetie ne ahotew ntam a ɛbɔ ho abiɛsa no. Ɛwom sɛ yɛn a yɛyɛ anuanom no hyɛɛ nyamesom mu ntade kyerɛɛ gyidikasɛm de, nanso yɛansua Bible no da.
Saa ahohuru bere no, mekyerɛw krataa de pɛɛ adekyerɛ mu kwan wɔ China sukuu mu, na wɔpenee so. Wɔ October 31, 1936 mu no, mefaa po so hyɛn fi Marseilles, France, kɔe. Miduu Shanghai December 3, 1936 mu. Efi hɔ no, mefaa keteke toaa so kɔɔ ahenkurow Beijing mu, wɔ China kusuu fam.
Ná Frères Maristes nyamesom fekuw no wɔ sukuu kɛse a dabere ne adan a wɔkora nnuan wom wɔ mmepɔw so wɔ bɛyɛ sɛ kilomita 25 wɔ Beijing akyi. Ná ɛhɔ bɛn ɔhempɔn ahohuru bere mu ahomegye fie na na nturo a ɛyɛ fɛ ne nnuaba wɔ hɔ. Ɛhɔ na misuaa China kasa ne Engiresi kasa nyinaa anibere so. Nanso, yɛansua Bible da.
Wɔ Basabasayɛ Mu
Wɔ 1930 mfe no mfiase no, Japanfo gyee Manchuria a ɛyɛ Chinafo asase fã no. Wɔ July 1937 mu no, Japanfo ne Chinafo asraafo de sii ani wɔ beae bi a ɛbɛn Beijing. Japanfo nkonimdifo no hyehyɛɛ aban foforo de Chinani a wɔn ankasa pɛ sii so. Eyi maa Chinafo akofofo a wɔnyɛ asraafo dii ako tiaa aban foforo no.
Esiane sɛ na wobu yɛn nkokorafie a ɛwɔ Beijing akyi no sɛ Fransefo asase nti, wɔamfa ɔko no amma hɔ tee. Nanso atuo aboba a ɛnenam mframa mu bɛbɔɔ yɛn pirapiraa Chinafo bɛboro 5,000 a na wɔabɛpɛ guankɔbea wɔ yɛn nkokorafie hɔ no. Saa bere yi no, Chinafo akofofo a wɔnyɛ asraafo no dii nkuraase so tumi.
Wɔ September 1937 mu no, Chinafo akofofo a wɔnyɛ asraafo bɛyɛ 300 a wɔamia akode bɛto hyɛɛ yɛn adan no so, bɛhwehwɛɛ akode, sika, ne aduan. Ná meka Europafo du a wɔfaa wɔn dommum no ho. Bere a wɔkyeree yɛn siei nna asia akyi no, na meka nnommum a wodi kan a wogyae wɔn no ho. Aduan a asɛe a midii no ma meyaree, enti midii ɔsram biako wɔ ayaresabea.
Bere a woyii me fii ayaresabea akyi no, woyii me kɔɔ sukuu foforo a nyamesom fekuw no hwɛ so mu wɔ Beijing fã bi a na ɛhɔ dwo yiye. Wɔde me kɔɔ Shanghai wɔ January 1938 mu sɛ minkɔkyerɛ ade, nanso mesan baa Beijing wɔ September mu bɛkyerɛɛ ade. Nanso, sukuu no afe awiei no, manhyɛ me ntam ahorow no mu den bio. Mede mfe ason dii nyamesom ne nhomasua akyi nanso mannya abotɔyam wɔ nokware no a mehwehwɛe no mu. Enti, migyaee nyamesom fekuw no san kɔɔ fie wɔ Budapest.
Ebeduu saa bere no, na Wiase Ko II no repempɛn so ba. Me mpanyimfo a wɔyɛ Fransefo no hyɛɛ me nkuran sɛ memfa Keteke kwan a ɛfa Siberia a etwam fa Soviet Union fã bi no so. Akwantu yi mu na miduu Moscow wɔ August 27, 1939 mu, na mihuu Kremlin ɔfasu a wɔde Nasi frankaa asisi so no.
Wiase a Ɛredi Ako
Miduu fie wɔ Budapest wɔ August 31, 1939. Ade kyee no, Germany tuu Poland so sa ma Wiase Ko II fii ase. Akyiri yi, Germany buu wɔne Soviet Union asomdwoe apam a wɔyɛe no so, na wɔ June 22, 1941 mu no, Hitler asraafo tuu Soviet Union so sa. Wɔhyɛnee Moscow mmorɔn so nanso wɔantumi anko amfa kurow no.
Hungary amrado ne Germany yɛɛ asomdwoe apam, na wɔmaa German asraafo kwan ma wɔbɛfaa Hungary. Mewaree wɔ 1942 mu, na wɔ 1943 mu no, wɔde me kɔhyɛɛ Hungary Asraafo mu. Germany tuu Hungary so sa wɔ March 1944 mu efisɛ na Hitler ani nnye sɛnea Hungary boa n’akodi ho dwumadi no ho. Yɛwoo yɛn babarima saa afe no. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkwati ɔtopae a wɔtoto guu Budapest pii no nti, me yere ne me babarima no tu kɔɔ akuraa ase ne n’awofo kɔtrae.
Ɔko no ani danee, na Soviet Asraafo de wɔn ani sii Budapest so, na wobeduu hɔ wɔ December 24, 1944 mu. Russiafo no kyeree me, na mebɛyɛɛ ɔko mu dommum. Wɔhyɛɛ yɛn a wɔafa yɛn dommum no mu mpempem pii ma yetwaa kwan bɛyɛ kilomita 160 kɔɔ Baja, Hungary. Ɛhɔ na wɔkaa yɛn guu nantwi lɔre mu de yɛn kɔɔ Timisoara koguu nneduaban kɛse bi mu. Anyɛ yiye koraa no, nneduafo 45,000 no mu 20,000 wuwui wɔ 1945 mfiase, bere a atiridii nsanyare sii wɔn mu no.
Wɔ August mu no, wɔde nsraban no mu nnipa 25,000 a wonyaa wɔn ti didii mu no kɔɔ Po Tuntum no so. Efi hɔ no, wɔde bɛyɛ 20,000 kɔɔ Soviet Union. Nanso, wɔde afoforo bɛyɛ 5,000 a meka ho a na yɛyare no san kɔɔ Hungary kogyaee yɛn. Na asram awotwe nnommumfa a emu yɛ den no baa awiei. Adapɛn kakraa bi akyi no, mekɔkaa me yere ne me babarima ho bio, na yɛsan kɔtraa Budapest.
Ɔko no akyi no, nnipa pii kɔɔ so huu amane. Ná aduan ho yɛ na, na na nneɛma bo ayɛ den dodo. Wɔ 1946 no, na wɔde nea ɛboro Hungaryfo pengö ɔpepepem pii (1,000,000,000,000,000,000,000,000,000,000) na etumi tɔ ade a na anka biako pɛ betumi atɔ wɔ 1938 mu no! Bere bi akyi no, bere a minyaa adwuma wɔ keteke adwumam no, nneɛma yɛɛ yiye maa yɛn.
Nokware no a Mihu
Wɔ 1955 mu no, Yehowa Adansefo no mu biako a yɛne no te yɛn fie wɔ Budapest no fii ase ne me yere Anna bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ. Bere a Anna ka kyerɛɛ me sɛ Bible nkyerɛkyerɛ sɛ hell yɛ baabi a wɔyɛ ayayade no, ɛkanyan m’anigye. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Asomafo no Nnwuma 2:31) Sɛ́ Katolekni no, na minsuaa Bible da, wɔ bere mpo a na wɔrema me ntetee soronko wɔ asɔre sukuu horow mu no. Migyee Katolek nkyerɛkyerɛ a na ennyina Kyerɛwnsɛm so te sɛ hellgya, no toom ara kwa. Afei m’ani begyee Bible mu nokware ho, titiriw nea na ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho ne sɛnea ɛbɛma Onyankopɔn atirimpɔw a ɛbɛma asase no adan paradise no abam. (Mateo 6:9, 10; Luka 23:42, 43; Adiyisɛm 21:3, 4) Minyaa anigye soronko bi a na minnyaa bi da.
Saa bere no, na wɔrekyere Yehowa Adansefo a wɔwɔ Hungary de wɔn agu afiase esiane sɛ wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn Ahenni ho nokwasɛm nti. Mekenkanee Adansefo nhoma biara a minyae wɔ Hungaryfo kasa mu, na mitumi nyaa wɔn Engiresi ne Franse nhoma a wɔnkyerɛɛ ase nkɔɔ Hungaryfo kasa mu no. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ na masua kasa horow yi!
Wɔ October 1956 mu no, Hungaryfo sɔre tiaa Russiafo Komunis nniso no. Ná ɔko a ɛwɔ Budapest no mu yɛ den. Wogyaa wɔn a wogu afiase no mu pii a na Yehowa Adansefo ka ho. Saa bere yi, na wɔabɔ me ne me yere asu de ayɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne. Dapɛn akyi no, Russiafo asraafo brɛɛ ɔman anidan no ase. Wɔde Adansefo a na wɔagyae wɔn no san koguu afiase.
Hokwan a Ɛsom Bo
Esiane sɛ na Adansefo a wodi asɛnka adwuma no anim nyinaa gu afiase nti, ɔyɔnko Kristoni bi bebisaa me sɛ ebia metumi akyerɛ yɛn Bible mu nhoma no bi ase anaa. Mfitiase no, wɔkyerɛw me krataa fii Switzerland a Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a wɔatintim wɔ Franse kasa mu hyem. Mekyerɛɛ eyinom ase kɔɔ Hungaryfo kasa mu, na wɔhwɛɛ so yɛɛ bi de maa asafo horow no.
Bere a woyii Hungaryfo baa dwumadibea sohwɛfo, János Konrád fii afiase wɔ 1959 mu bere a na wada afiase mfe 12 esiane afã biara a na onni sɛ Kristoni nti no, wɔfaa me sɛ nsɛm asekyerɛfo. Afei me nsa kaa Engiresi de a mɛkyerɛ ase. Ná ɔbea bi a minnim ne din na bere nyinaa ɔde ba. Ne saa nti sɛ anka wɔkyeree me da bi yɛɛ me ayayade a, anka mintumi mmɔ ne din.
Bere a makyerɛ Ɔwɛn-Aban ase awiei no, na Onua Konrád hwɛ mu sɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ anaa. Afei na anuanom mmea de typewriter bɔ gu krataa hatahata bi a wɔde carbon ato akyi so, na ama wɔanya mfuamfua 12. Ne saa nti, ɛtɔ mmere bi a, obiara a ɔba Ɔwɛn-Aban Adesua ase no nya nankasa de a wɔde typewriter abɔ. Ɛno akyi no, wɔde ma adesua kuw foforo. Nanso, mpɛn pii no, na Ɔwɛn-Aban biako pɛ na yetumi nya ma adesua kuw biara. Ɛnde na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔba no nyinaa tie no yiye na wɔyɛ nsɛm ho kyerɛwtohɔ na ama wɔanya Bible nkɔmmɔbɔ no mu mfaso akosi ase.
Efi bere a mifii nsɛm asekyerɛ ase wɔ 1956 kosi 1978 mu no, na Ɔwɛn-Aban a wɔde typewriter abɔ nkutoo na wɔkyekyɛ wɔ Hungaryfo kasa mu. Efi 1978 besi 1990 no, yenyaa Ɔwɛn-Aban a wɔahwɛ bi so ayɛ. Na hwɛ nhyira ara a ayɛ sɛ efi January 1990 no, yenya Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔatintim wɔ Hungaryfo kasa mu a wɔde mfonini kɔla horow a ɛyɛ fɛ na ayɛ!
Wɔ Komunis nniso ase no, na ɛsɛ sɛ obiara yɛ aban adwuma. Enti, ɛde besi bere a mekɔɔ pɛnhyɛn wɔ aban adwuma mu wɔ 1978 mu no, na mede mfe 22 na akyerɛ nsɛm ase wɔ bere a na mapɔn aban adwuma no. Ná ɛno taa yɛ anɔpa tutuutu ne anadwo kɔnkɔn. Bere a mekɔɔ pɛnhyɛn akyi no, mede bere nyinaa somee sɛ nsɛm asekyerɛfo. Saa bere no, na nsɛm asekyerɛfo biara yɛ adwuma wɔ fie esiane sɛ na wɔabara yɛn nti, na na ɛyɛ den sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho bedi nkitaho. Wɔ 1964 mu no, polisifo bɛfow nsɛm asekyerɛfo afie prɛko pɛ, na wogyee yɛn nneɛma nyinaa. Ɛno akyi mfe pii no, mpɛn pii na polisifo bɛhwehwɛɛ yɛn afie mu.
Nhyira Horow a Ɛyɛ Nwonwa
Wɔ 1969 mu no, wɔpenee m’akwammisa so maa me akwantu tumi krataa, enti me ne János Konrád tumi tuu kwan fii Hungary kɔɔ Paris kɔɔ “Asomdwoe Wɔ Asase So” Yehowa Adansefo Amanaman Ntam Nhyiam wɔ hɔ. Hwɛ nhyira ara a na ɛyɛ sɛ yehyiaa Adansefo a wofi nsase foforo so, na yedii nna kakra wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Bern, Switzerland no! Wɔ 1970 mfe no mu no, Adansefo a wɔwɔ Hungary tumi kɔɔ nhyiam akɛse wɔ Austria ne Switzerland.
Wɔ mfe pii a aban baraa yɛn akyi no, yɛyɛɛ yɛn nhyiam kɛse a Aban nsa hyɛ ase a edi kan wɔ Kamaraerdő Youth Park, Budapest wɔ 1986 mu. Anigye maa nnipa a wɔboro 4,000 no ani taataa nusu bere a wokyiakyiaa wɔn nuanom mmarima ne mmea na wɔkenkan akwaaba a wɔakyerɛw no kɛse abɔ soro wɔ agodibea no ano no.
Awiei koraa wɔ June 27, 1989 no, aban no gyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu. Wɔbɔɔ asɛm no ho amanneɛ wɔ Hungaryfo television ne radio so maa yɛn nuanom mmarima ne mmea ani gyei. Saa afe no, yɛyɛɛ yɛn ɔmantam nhyiam a edi kan a anohyeto biara nni hɔ fi bere a wɔbaraa yɛn dwumadi bɛyɛ mfe 40 a atwam mu no. Nnipa bɛboro 10,000 na wɔbaa Budapest nhyiam no ase, na mpempem pii kɔɔ ɔman no mu nhyiam akɛse anan ase. Hwɛ sɛnea m’ani gyei bere a wɔbɔɔ me nuabarima kumaa László, ne ne yere asu m’anim wɔ Budapest!
Afei wɔ July 1991 mu no, yenyaa osuahu bi a na yɛnhwɛ kwan—nhyiam kɛse wɔ Budapest Népstadion kɛse a nhyiamfo bɛboro 40,000 bae no. Minyaa hokwan kyerɛɛ asafo adwumayɛbea ti mufo a wɔwɔ Brooklyn no ɔkasa horow ase wɔ hɔ.
Ɛnnɛ me ne Anna, ne yɛn nuanom mmarima ne mmea bɛboro 40 yɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea fɛfɛ a ɛwɔ Budapest borɔn so no. Me ne anuanom nkumaa kuw a wɔwɔ anigye som wɔ yɛn Nsɛm Asekyerɛ Adwumayɛbea hɔ, na Anna yɛ ofie nnwuma wɔ adwumayɛbea hɔ.
Ɛmfa ho mmɔden a yɛbɔe sɛ yɛde Bible mu nokware bɛkyerɛkyerɛ yɛn babarima no, bere a onyinii no, wannye. Nanso, seesei ɔwɔ nokware no ho adwempa, na yɛwɔ anidaso sɛ bere rekɔ so no, ɔbɛsom Yehowa.
Nokwarem no, me ne me yere ani agye sɛ yɛahu nokware a ɛfa yɛn Nyankopɔn, Yehowa a ɔwɔ dɔ no ho, na yɛatumi asom no bɛboro mfe 40 ni.—Sɛnea Endre Szanyi ka kyerɛe.
[Kratafa 21 mfonini]
Me ne me yere