Asɛnnibea Kunini Pene So sɛ Obedi Asɛm No
WƆ MFE KAKRA A ABƐSEN MU NO, Asɛnnibea Kunini no apene so sɛ obedi nsɛm 7,000 a wɔkyerɛw ba asɛnnibea hɔ afe biara no mu 80 kosi 90—nea ɛboro ɔha mu nkyem 1!
Wɔ May 2001 no, Yehowa Adansefo kyerɛw wɔn Adesrɛde Krataa (krataa a wɔde bisa kwan ma wɔsan hwehwɛ asɛm bi mu) de kɔɔ Asɛnnibea Kunini, kobisae sɛ: “So nyamesom asomfo a wokura tete amanne a egyina Kyerɛwnsɛm so a ɛne sɛ wɔne afoforo di wɔn gyidi ho nkitaho wɔ afie afie no ne adetɔnfo a wɔde nneɛma kyinkyin yɛ pɛ wɔ mmara mu, na so ɛsɛ sɛ wogye ɔman tumi krataa ansa na wɔaka Bible mu asɛm akyerɛ anaasɛ wɔde Bible ho nhoma ama a wonnye hwee?”
Wɔ October 15, 2001 no, wɔbɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo no Mmara Dwumadibea no amanneɛ sɛ U.S. Asɛnnibea Kunini no agye atom sɛ wɔbɛsan ahwehwɛ Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., et al. v. Village of Stratton et al. asɛm no mu!
Asɛnnibea no penee kasa mu ahofadi ho ɔsɛmpɔw pɔtee bi so, kyerɛ sɛ, ebia hokwan a nnipa wɔ sɛ wɔka biribi ho asɛm kyerɛ afoforo a ɛho nhia sɛ wodi kan da wɔn ho adi kyerɛ aban tumidi bi no ka ahobammɔ a Nsakrae a Edi Kan no de ma kasa mu ahofadi no ho anaa.
Afei de na ɛsɛ sɛ afanu no nyinaa bɛbɔ wɔn nkuro wɔ U.S. Asɛnnibea Kunini no atemmufo baakron no anim. Ná Adansefo no de wɔn mmaranimfo bɛba; na Stratton Akuraa no nso de wɔn mmaranimfo aba. Ná nsɛm bɛkɔ so dɛn wɔ asɛnnibea hɔ?
[Adaka wɔ kratafa 5]
DƐN NE NSAKRAE A EDI KAN NO?
“NSAKRAE I (ƆSOM A WƆHYEHYƐ; ƆSOM, KASA, NSƐM HO AMANNEƐBƆ, NHYIAM, ADESRƐDE, MU AHOFADI) Mmarahyɛ Bagua no renhyɛ mmara biara mfa ɔsom bi a wɔhyehyɛ, anaasɛ ahofadi a wɔde bedi dwuma ho; anaasɛ ɔnto kasa mu ahofadi anaa nsɛm mu amanneɛbɔ ahofadi ano hye; anaasɛ ɔrenhyɛ ɔmanfo no hokwan a wɔwɔ sɛ wohyia wɔ asomdwoe mu, ne adesrɛ a wɔde bɛto Aban anim ma wasiesie wɔn asɛm ama wɔn no ho mmara.”—The U.S. Constitution
“Nsakrae a Edi Kan no na United States kwasafo amammui no gyina so. Nsakrae a Edi Kan no mma Mmarahyɛ Bagua no kwan sɛ ɛbɛhyɛ mmara a etia kasa mu ahofadi, nsɛm ho amanneɛbɔ, gua a wɔbɔ wɔ asomdwoe mu, anaa adesrɛ ho kwan. Nnipa pii bu kasa mu ahofadi sɛ ɛyɛ ahofadi titiriw a ɛsen biara ne ahofadi nyinaa fapem. Nsakrae a Edi Kan no san bara Mmarahyɛ Bagua no sɛ ɛbɛhyɛ mmara de ɔman som asi hɔ anaa ebesiw ɔsom mu ahofadi kwan.” (The World Book Encyclopedia) Nea yebetumi ahyɛ no nsow no, wɔ gyinaesi titiriw bi a ɛno nso fa Yehowa Adansefo ho, Cantwell v. Connecticut, 310 U.S. 296 (1940) asɛm no mu no, U.S. Asɛnnibea Kunini no hyɛe sɛ ɛnyɛ “Mmarahyɛ Bagua no” (aban no) nko na Nsakrae a Edi Kan no mma wɔn kwan na mmom mpɔtam hɔ amammui mpanyimfo (ɔman ne kurow) no nso nni hokwan sɛ wɔhyɛ mmara a ebebu Nsakrae a Edi Kan no so de atia ɔman mmara.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]
Nsɛmpɔw a ɛwɔ asɛm no mu no fa afie afie dwumadi ahorow ho
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]
Photograph by Franz Jantzen, Collection of the Supreme Court of the United States