Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 1/8 kr. 9-11
  • Asɛnnibea Kunini Di Ma Ɔkasa Mu Ahofadi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛnnibea Kunini Di Ma Ɔkasa Mu Ahofadi
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmɔnedi Ho Asiane
  • Na Daakye Nso Ɛ?
  • Asɛnnibea Kunini Pene So sɛ Obedi Asɛm No
    Nyan!—2003
  • Ahenni Asɛmpakafo De Wɔn Asɛm Kɔ Asɛnnibea
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Asɛmpa no a Wɔbɔ Ho Ban Wɔ Mmara Kwan So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Wɔperee sɛ Wobenya Ahofadi De Asom
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 1/8 kr. 9-11

Asɛnnibea Kunini Di Ma Ɔkasa Mu Ahofadi

GYINAESI DA NO duu so June 17, 2002, bere a Asɛnnibea Kunini no de n’atemmu a wɔakyerɛw no too gua no. Dɛn ne gyinaesi no? Atesɛm krataa nsɛmti de asɛm no too gua. The New York Times bɔɔ dawuru sɛ: “Asɛnnibea Atwa Yehowa Adansefo Nsrahwɛ Anohyeto no Mu.” The Columbus Dispatch a ɛwɔ Ohio no kae sɛ: “Asɛnnibea Kɛse Atwa Tumi Krataa a Wogye Mu.” The Plain Dealer a ɛwɔ Cleveland, Ohio, kaa no tiawa sɛ: “Wɔn a Wobisa Hokwan Nhia Kurow mu Mpanyimfo Mpeneso.” USA Today atesɛm krataa no fã a ɛka afoforo nsusuwii ho asɛm no kae sɛ: “Kasa Mu Ahofadi Di Nkonim.”

Wotwaa gyinae a Asɛnnibea ketewa no sii de tiaa Yehowa Adansefo no mu denam abatow a atemmufo 8 tow de tiaa 1 no so! Ɔtemmufo John Paul Stevens na ɔkyerɛw Asɛnnibea no Atemmu a ekura nkratafa 18 no. Gyinaesi no yɛ ade titiriw a ɛsan sii Nsakrae a Edi Kan a ɛbɔ Yehowa Adansefo baguam asɛnka no ho ban no so dua. Wɔ Adansefo no asɛm a wɔkyerɛwee no mu no, Asɛnnibea no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Adansefo no ammisa sɛ wɔmma wɔn tumi krataa efisɛ wɔkyerɛ sɛ “wonya wɔn tumi a wɔde ka asɛm no fi Kyerɛwnsɛm no mu.” Afei, Asɛnnibea no faa adanse a Adansefo no twee adwene sii so no mu asɛm kae: “Yɛte nka sɛ sɛ́ yebegye tumi krataa afi kurow bi mpanyimfo hɔ de aka asɛm no bɛkyerɛ animtiaa a yebu Onyankopɔn.”

Asɛnnibea Atemmu no kae sɛ: “Asɛnnibea no atwa afie afie a wɔkɔ ne nkratawa a wɔde ma ho anohyeto no mu bɛboro mfe 50 ni. Ɛnyɛ asɛm a ɛne abakɔsɛm ahyia ara kwa, sɛ nsɛm yi mu pii fa Nsakrae a Edi Kan a Yehowa Adansefo de ho asɛm bɛtoo asɛnnibea no anim ho, efisɛ wɔn som no hwehwɛ sɛ wɔkɔ afie afie. Sɛnea yɛhyɛɛ no nsow wɔ Murdock v. Pennsylvania, . . . (1943) asɛm no mu no, Yehowa Adansefo ‘kyerɛ sɛ wodi Paulo nhwɛso akyi, kyerɛkyerɛ “gua so ne afie” mu. Asomafo no Nnwuma 20:20. Wobu Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde yi, “Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔde nyinaa” no sɛ ɛyɛ paara. Marko 16:15. Wɔ saa a wɔyɛ mu no, wogye di sɛ wɔredi Onyankopɔn ahyɛde bi so.’”

Afei Atemmu no san faa 1943 asɛm no mu asɛm kae sɛ: “Saa ɔsom mu adeyɛ yi kura gyinabea koro wɔ Nsakrae a Edi Kan no mu te sɛ som a wɔsom wɔ asɔredan mu ne asɛm a wogyina asɛnka agua so ka no ara. Ɛwɔ ɔsom mu bammɔ hokwan te sɛ ortodɔks ne amammerɛ som mu nneyɛe ahorow no ara.” Bere a Atemmu no refa 1939 asɛm bi mu nsɛm aka no, ɛkae sɛ: “Nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ denam tumi krataa a ɛmma kwan mma wɔnkyekyɛ kratawa so no de mmara mu hokwan no to asiane mu.”—Wɔn na wɔasi ɔfã bi so dua no.

Afei, Asɛnnibea no de asɛntitiriw bi too gua: “Asɛm no ma ɛda adi sɛ mmɔden a Yehowa Adansefo no bɔ de ko tia ɔkasa mu anohyeto no nyɛ aperepere a wodi ma wɔn nkutoo ho.” Atemmu no kyerɛɛ mu sɛ ɛnyɛ Adansefo no “nkutoo ne nnipa a ‘wɔba fam’ a wohyia mmara a ɛte sɛ Akuraa no de no a ɛpɛ sɛ womua wɔn ano no.”

Atemmu no kɔɔ so kae sɛ mmara no “yɛ animtiaabu—ma gyinapɛn ahorow a Nsakrae a Edi Kan no bɔ ho ban no ne ɔmanfo no ahofadi nso—kyerɛ sɛ wɔ da biara da nkɔmmɔbɔ mu no, ɛsɛ sɛ ɔman ba biara ma aban hu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne n’afipamfo bɔ nkɔmmɔ, na ogye tumi krataa de yɛ saa. . . . Mmara a ɛhwehwɛ sɛ wogye tumi krataa ansa na wɔabɔ nkɔmmɔ no yɛ man a wɔaman afi ɔman apɛgyade ne amanyɔ mmara ho koraa.” Afei Atemmu no kaa “nkɛntɛnso bɔne ankasa a saa tumi krataa a wɔhwehwɛ no de ba no ho asɛm.”

Nsɛmmɔnedi Ho Asiane

Na adwene a wokura sɛ tumi krataa yɛ bammɔ a etia awifo ne nsɛmmɔnedifo afoforo no nso ɛ? Asɛnnibea no kae sɛ: “Ɛmfa ho ahiasɛm yi a wɔagye atom sɛ ntease wom no, nhwɛso a ɛwɔ hɔ no da adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ yɛma abusuabɔ a ɛda eyi ne Nsakrae a Edi Kan hokwan ahorow mu no kari pɛ.”

Asɛnnibea no Atemmu no toaa so sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ entumi mma sɛ tumi krataa a enni hɔ besiw nsɛmmɔnedifo kwan wɔ nkurɔfo apon mu a wɔbɛbɔ ne wɔn abɔ nkɔmmɔ a mmara no nka ho asɛm ho. Ebia, sɛ nhwɛso no, wɔbɛka sɛ wɔmma wɔn akwankyerɛ, anaa wobebisa hokwan de telefon afrɛ obi, . . . anaa wɔde afoforo din begye tumi krataa afa wɔn ho adi.”

Asɛnnibea no reka 1940 mfe no mu gyinaesi ahorow ho asɛm no, ɛkyerɛwee sɛ: “Nsɛm a wɔde dii dwuma wɔ Wiase Ko II mu no adwenkyerɛ ahorow no mu a ɛkɔɔ so gyee guantoafo [Ɔwɛn Aban Asafo] no fii asɛnni nketenkete ho no daa Asɛnnibea no adwene a ɛwɔ wɔ Nsakrae a Edi Kan no mu ahofadi horow a wɔatwe aba asɛm yi mu ho no adi.”

Dɛn ne Asɛnnibea no gyinaesi a etwa to? “Wɔadan Asɛnnibea a Wɔde Nsɛm Kɔdan no no atemmu no ani, na wɔde asɛm no resan akɔ Asɛnnibea hɔ akodi ho dwuma sɛnea ɛne atemmu yi hyia. Eyi ne yɛn ahyɛde.”

Enti, na asɛm no awiei ne sɛ, sɛnea wɔkaa no wɔ Chicago Sun-Times mu no, “Asɛnnibea no Gyina Yehowa Adansefo Akyi,” denam atemmufo 8 a wogyina wɔn akyi tia 1 no so.

Na Daakye Nso Ɛ?

Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo a wɔwɔ Wellsville Asafo no mu no abu nkonim a wodii wɔ Asɛnnibea Kunini no? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde tu wɔn ho de hyɛ Strattonfo aniwu. Adansefo no nni akuraa no ase adehye no ho menasepɔw biara. Gregory Kuhar, Ɔdansefo bi a ɔwɔ mpɔtam hɔ, kae sɛ: “Na yɛmpɛ sɛ yɛde asɛm yi kɔ asɛnnibea. Ɛda adi pefee sɛ na mmara no nteɛ. Ɛnyɛ yɛn nkutoo nti na yɛyɛɛ eyi, na mmom yɛyɛ maa obiara.”

Nokwasɛm no da no adi sɛ Adansefo no ammɔ mmɔden sɛ wobeyi mpɔtam hɔfo no ahi. Ɔdansefo foforo, Gene Koontz, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a etwa to a yɛkaa asɛm wɔ Stratton no yɛ March 7, 1998—ɛboro mfe anan ni.” Ɔde kaa ho sɛ: “Wɔka kyerɛɛ m’ankasa sɛ wɔbɛkyere me. Wɔkaa yɛn ho nsɛm pii wɔ mmere a na polisifo hunahuna yɛn no mu. Afei bere a yebisae sɛ wɔmma yɛnhwɛ mmara a wɔakyerɛw ankasa no, wɔamma yɛn mmuae biara.”

Koontz de kaa ho sɛ: “Yɛbɛpɛ mmom sɛ yɛne yɛn afipamfo benya abusuabɔ pa. Sɛ ebinom mpɛ sɛ yɛbɛsra wɔn a, yegye saa gyinaesi no tom. Nanso, afoforo wɔ hɔ a wɔda adamfofa su adi na wɔkyerɛ Bible mu nkɔmmɔbɔ ho anigye.”

Gregory Kuhar kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛanni asɛm yi akyi sɛ yɛde resɔre atia Strattonfo. Ná nea yɛhwehwɛ ara ne sɛ kasa mu ahofadi a yɛwɔ wɔ Amanyɔ Mmara mu no bɛda adi.”

Ɔtoaa so sɛ: “Awiei koraa no, yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛsan akɔ Stratton. M’ani begye sɛ mɛyɛ nea odi kan a ɔbɛbɔ ɔpon bi mu wɔ bere a yɛasan akɔ hɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ hɔ sɛnea Kristo ahyɛde kyerɛ no.”

Nea efii “Watchtower v. Village of Stratton” no mu bae no anya nkɛntɛnso a ɛkɔ akyiri. Bere a wɔtee Asɛnnibea Kunini no gyinaesi no, U.S. nkurow mu atumfoɔ pii behui sɛ wɔrentumi mfa wɔn mpɔtam mmara ahorow nto Yehowa Adansefo asɛmpaka adwuma no ano hye. Ɛde besi nnɛ no, wɔadi bɛyɛ aman 90 a ɛwɔ United States no afie afie asɛnka ho nsɛnnennen ho dwuma.

[Adaka wɔ kratafa 9]

“YEHOWA ADANSEFO ADI NKONIM BIO”

Charles C. Haynes, nyamekyerɛ ho nhomanimfo panyin ne nhomasua kwankyerɛfo a ɔwɔ Nsakrae a Edi Kan Asoɛe no kyerɛw nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no wɔ Ahofadi Nhyehyɛe a Ɛde Kaseɛbɔ Ma Ɔman no wɔ Intanɛt so, wɔ ti asɛm a ɛne “Gyidi Ho Ahofadi” ase. Haynes toaa so sɛ: “Dapɛn a etwaam no [Adansefo no] dii wɔn nkonim a ɛto so 48 wɔ Asɛnnibea Kunini no mu—nsɛm soronko a ɛtoatoa so a atrɛw nea ehia titiriw wɔ Nsakrae a Edi Kan ho bammɔ ma Amerikafo nyinaa no mu.” Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monkae eyi: Sɛ aban betumi asiw ɔsom bi ahofadi so a, ɛnde na ɔwɔ tumi sɛ osiw ɔsom biara ahofadi ho kwan—anaa ɔsom nyinaa. . . . Nokwarem no, nkurɔfo wɔ hokwan sɛ wɔrentie obi—na wɔto wɔn apon mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ aban no si gyinae wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔma no kwan ma ɔbɔ ɔpon mu ho. Enti, aseda na yɛde ma Asɛnnibea Kunini no.”

Haynes de baa awiei sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa da Yehowa Adansefo no ase. Ɛmfa ho mpɛn dodow a wɔyeyaw wɔn, pam wɔn fi ɔman no mu, anaa wɔtow hyɛɛ wɔn so no, wɔkɔ so ko ma wɔn (ɛne yɛn) som mu ahofadi. Na sɛ wodi nkonim a, yɛn nyinaa nya so mfaso bi.”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10, 11]

ASƐNNIBEA KUNINI NO GYINAESI—NEA NSƐM HO AMANNEƐBƆFO KAE

◼ “Asɛnnibea no Gyina Yehowa Adansefo Akyi; Wonhia Akwammisa Krataa na Wɔde Ayɛ Afie Afie Asɛnka

Wɔ afie afie adwuma a Yehowa Adansefo yɛ mu no, [Adansefo no] gye di bere nyinaa sɛ Onyankopɔn gyina wɔn akyi. Seesei, U.S. Asɛnnibea Kunini no nso gyina wɔn akyi.”—Chicago Sun-Times, June 18, 2002.

◼ “Kasa Mu Ahofadi Adi Nkonim

Bere foforo a Yehowa Adansefo bɛba a woredidi no, ebia wobɛpɛ sɛ woda wɔn ase. Wɔ wɔn som mu nnyinasosɛm a wɔde akokoduru akura mu no mu no, ɛkame ayɛ sɛ saa ɔsom kuw a nnipa pii nni akyi a emufo bɛyɛ ɔpepem 1 [wɔ United States] no ayɛ pii kyɛn ahyehyɛde biara wɔ kasa mu ahofadi a wɔama Amerikafo ankorankoro anya mu. . . .

“Adansefo no fam no, Asɛnnibea Kɛse a wɔkɔ no nyɛ ade foforo. Wɔ nsɛm bɛboro aduonu anan a wɔadi wɔ bɛboro mfe 65 mu no, wɔako atia nnipa dodow nhyɛso.”—USA TODAY, June 18, 2002.

◼ “Wɔabu Atɛn sɛ Afie Afie a Wɔkɔ Yɛ Hokwan Wɔ Amanyɔ Mmara Mu. Gyinaesi no Yɛ Nkonimdi Ma Yehowa Adansefo

Asɛnnibea Kunini a ɛwɔ U.S. no de akwankyerɛ mae wɔ Dwoda sɛ amammuifo, anyamesom akuw, Mmeawa Akuw ne afoforo wɔ hokwan wɔ amanyɔ mmara mu sɛ wɔkɔ afie afie kɔyɛ wɔn adwuma, a ɛho nhia sɛ wodi kan kobisa kwan fi mpɔtam hɔ mpanyimfo hɔ.”—San Francisco Chronicle, June 18, 2002.

◼ “Asɛnnibea Kunini: Morentumi Nsiw Yehowa Adansefo ne Mmeawa Kuw Kwan sɛ Wɔmmmɔ Apon Mu

WASHINGTON—Amanyɔ mmara no ma asɛmpatrɛwfo, amanyɔfo ne afoforo hokwan sɛ wɔbɛbɔ apon mu a ɛho nhia sɛ wobedi kan agye tumi afi mpɔtam hɔ atumfo hɔ, sɛnea Asɛnnibea Kunini de akwankyerɛ mae nnɛ no. . . .

“Aba a atemmufo 8 tow tiaa 1 wɔ asɛnnibea no kae sɛ, hokwan a obi wɔ sɛ ɔde asɛm bi bɛkɔ obi pon ano no nso ka kasa mu ahofadi hokwan a Nsakrae a Edi Kan no de mae no ho.”—Star Tribune, Minneapolis, June 18, 2002.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ɔtemmufo Stevens

[Asɛm Fibea]

Stevens: Collection, The Supreme Court Historical Society/Joseph Bailey

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena