Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 4/8 kr. 26-28
  • Kwadufuw Bi Mu Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kwadufuw Bi Mu Nsrahwɛ
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ne Nyin ne Wim Tebea Horow
  • Otwabere
  • Eye Ma W’akwahosan
  • Kwadu—Aduaba a Ɛyɛ Nwonwa
    Nyan!—1994
  • N’asetra Ansa Na Ɔrebesua Bible Ne Ɛno Akyi—Onyankopɔn Asɛm Reyɛ Adwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • “Menyɛ Otirimɔdenfo Bio”
    Bible Tumi Sesa Nnipa
  • Cambodia Nkwa A Minyae Wɔ Tebea A Ɛyɛ Hu Mu
    Nyan!—1987
Nyan!—2003
g03 4/8 kr. 26-28

Kwadufuw Bi Mu Nsrahwɛ

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SOUTH AFRICA HƆ

M’ANI gye ho sɛ medi kwadu bere nyinaa. Migye di sɛ nnipa pii nso ani gye ho. Ɛnyɛ dɛ nko na kwadu yɛ na mmom, aduannuru, ahoɔdennuru ne nhamanhama nso pii wom. So wobɛpɛ sɛ wuhu pii fa saa aduaba a ahoɔden wom yi ho? Nnansa yi, okuafo bi ne ne yere kyerɛɛ me anwonwakwan a kwadu ankasa nam so san fifi no.

Tony ne Marie (a wɔwɔ atifi hɔ no) yɛ afuw wɔ South Africa, Limpopo Mansin mu wɔ beae bi a wɔfrɛ no Levubu. Wodua nnɔbae ahorow wɔ wɔn afuw a ɛyɛ hɛkta 55 no mu. Nanso, nnɔbae titiriw a wodua ankasa ne kwadu. Tony bɛpɛ sɛ ɔka aduaba a nkurɔfo pɛ paa yi ho asɛm kyerɛ yɛn.

Ne Nyin ne Wim Tebea Horow

Tony kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Asase a eye sen biara ma kwadu yɛ dɔte fɔkyee—ɛnyɛ anhwea anaa nea ɛyɛ aboabo. Ɛsɛ sɛ dɔte no nso kɔ fam yiye na nsu ntaataa so. Kwadu di yiye wɔ mmeae a ntonsu nni. Nokwarem no, kwadu pɛ wim tebea a ɛyɛ hyew. Levubu wim tebea no yɛ digrii Celsius 12-35 afe biara.” Bere a mibisaa Tony osutɔ ho asɛm no, obuae sɛ: “Kwadu hia osu a ɛtɔ daa anaasɛ nsu a wɔde begugu so dapɛn biara.”

Kwadu betumi ayɛ sɛ dua, nanso ne dutan no nyɛ dua na mmom ɛyɛ ahabammono a abobɔ denneennen. Kwadu yɛ afifide kɛse ankasa na ɛnyɛ dua. Kwadubakua no ankasa hyɛ fam na wɔfrɛ no kwadusé. Ntini nyin fi kwadusé no mu kɔ fam, na nhaban ne afei nhwiren afasebiri kɛse nyin fi mu. Nea afifi wɔ ho no nso puepue fi kwadusé no mu bɛyɛ kwadu mma foforo.

Kwadu wɔ akwan atitiriw abiɛsa a ɛfa so nyin a mpɔtam hɔ akuafo frɛ no sɛ “nanabea, ɔbabea, ne banana.” (Hwɛ mfonini no.) “Nanabea” no bɛbɔ aduaba afe yi, na “ɔbabea” no abɔ aduaba afe a edi hɔ, na “banana” nso abɔ aduaba afe a ɛtɔ so abiɛsa no. “Mmanananom” pue bebree di wɔn “na” akyi. Sɛ “mma” yi du bɛyɛ sɛ kotodwe so a, wotutu ne nyinaa gyaw nea afifi a wɔhwɛ a ebetumi abɔ kwadu ankasa no.

Nhwiren afasebiri kɛse yi a bere bi akyi ɛbɛdan kwaduduru no nyin fi kwadusé a ahintaw wɔ fam no mu fa afifide no mfinimfini ba soro. Awiei koraa no epue fi nhaban abien a ɛwɔ soro no mu bɛsensɛn hɔ. Bere a nhwiren no tetew gu no, nkwadusiaw a ennyinyinii 10 kosi 15 a ɛyɛ kwaduduru no puepue—ma nea onnim kwadu ho hwee no susuw sɛ enyin kɔ fam! Kwadusiaw betumi ayɛ kwadu mmiako mmiako 20 anaa nea ɛboro saa a ɛrenyin, a wɔfrɛ no kwadu mmɛtem.

Otwabere

Efi bere a nhwiren afasebiri no pue kosi bere a ɛdan kwadu ma wotwa no betumi ayɛ asram abiɛsa kosi asram asia, a egyina bere ko so wɔ afe no mu. Wotwa aduaba no bere a ɛyɛ bun na mmɛtem no anyin akonton no. Kwaduduru a wɔtɔn mu duru a ɛfata yɛ kilogram 35. Wɔ otwabere no wɔde rɔba hyɛ kwaduduru no ho de bɔ ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a ɛho ntiti bere a wɔde rekɔhyɛ ahyehyɛe a esi afiri so no. Wɔ saa beae yi no, wɔtete asiaw no mu yɛ no mmɛtem abiɛsa kosi asia, na wɔtaa de nnuru gu so na amma ne ti no amporɔw.

Wɔ South Africa no, afei wɔde aduaba no gu nkrataa nnaka a wɔde ɔhweaa akokwaw ho a mframa tumi fa mu mu, na wɔde kɔ dan a wɔma kwadu bere wɔ mu no mu. Ɛha no, wɔde mframa a wɔfrɛ no ethylene a ɛma kwadu no bere hyɛ.a Wɔde nnaka no sisi ha da koro anaa nnanu wɔ ɔhyew a wɔato ano hye mu na afei wɔde fa hyɛn de kɔma ɔdetɔfo.

Tony de serew kae sɛ: “Ebia me nsusuwii yi nni nnyinaso, nanso misusuw sɛ Levubu kwadu dɛw yɛ soronko, ebia esiane yɛn dɔte no nti. Awerɛhosɛm ne sɛ, esiane sɛ yɛmmɛn kurow a ɛde nneɛma kɔ amannɔne kɔtɔn nti, wodi kwadu yi wɔ yɛn man mu nkutoo.”

Eye Ma W’akwahosan

Potassium pii wɔ kwadu mu. Health nsɛmma nhoma ka wɔ asɛm bi a ɛfa kwadu ho mu sɛ: “Nhwehwɛmu pii ada no adi sɛ saa aduannuru yi betumi aboa ma wo nnompe mu ayɛ den na atew mogya mmoroso ne nipadua no fã a edwudwo ho asiane so.” Nsɛmma nhoma no de ka ho sɛ: “Kwadu wɔ folate, a ɛyɛ aduannuru B a ɛho hia ma obiara a wanyinsɛn anaa wadu awo mfe so no na ako atia awo mu dɛmdi.” Aduannuru foforo a ɛho hia wɔ kwadu mu, te sɛ magnesium, a ɛboa ma nnompe no twe calcium na ɛma ɛyɛ den no.

Ahoɔdennuru a ɛwɔ kwadu mu no yɛ amino acid ahorow 18, a nea ɛho hia nyinaa a wo nipadua no ntumi nyɛ mma ɛnnɔɔso anaa entumi nyɛ koraa ka ho. Aduaba no nso kura setaakye ɔha mu 22, a ɛde ahoɔden ma ntɛmso efisɛ kwadu yam ntɛm. Ɛyɛɛ Marie anigye sɛ ɔde bɛka ho sɛ: “Beae pa biako a wonya nnuannuru A, B, ne C fi ne kwadu mu. Afei nso, ɛte sɛ nea ɛhyɛ ɔkɔm so, esiane sɛ ɛmma obi nni pii wɔ bere koro mu.” Dɛn nti na wunni bi—ebeye ama wo na ɛyɛ dɛ paa!

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ kwadu ankasa bere a, eyi saa mframa koro no ara a ɛma ɛbere no adi. Enti, ɔkwan foforo a wobetumi afa so ama kwadu bun abere ne sɛ wɔde kwadu kakra bi a abere bɛfra ebun no mu.

[Asɛm a Wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 26]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Ahaban

Nhwiren/kwadu

Ahaban boha

Asase ani

Ntini

Kwadusé

[Asɛm Fibea]

Sketch: Based on drawing from The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck

[Asɛm a Wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 27]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Nanabea

Ɔbabea

Banana

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 27]

Nhwiren afasebiri kɛse no dan kwaduduru awiei koraa

[Asɛm Fibea]

Photo by Kazuo Yamasaki

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]

Otwabere (benkum so); aduaba foforo a ɛrenyin (atifi)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena