Bere a Wɔkyerɛ Mmofrabere Ho Anisɔ
MMOFRABERE pa a wobenya no dodow no ara gyina abayɛn pa so. Nanso, dɛn na abayɛn papa hwehwɛ? Ɛda adi sɛ woate asɛm yi ho afotu ahorow. Nya bere ma wo mma. Tie wɔn. Ma wɔn akwankyerɛ pa. Nya ayamhyehye ma wɔn na nya wɔn anigye ne awerɛhow mu kyɛfa. Yɛ wɔn adamfo ankasa, a wunnyae tumi a wowɔ sɛ ɔwofo no mu. Ɛwom, saa nnyinasosɛm a wosi so dua mpɛn pii yi bɛboa awofo ma wɔayɛ wɔn adwuma yiye. Nanso, ade titiriw bi a ɛho hia yiye wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ edi kan.
Awofo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase afanan nyinaa ahu sɛ abayɛn papa gyina Bible nnyinasosɛm ahorow a wobedi akyi so. Dɛn ntia? Efisɛ Bible no Kyerɛwfo nyansafo, Yehowa Nyankopɔn, ne abusua nhyehyɛe no farebae. (Genesis 1:27, 28; 2:18-24; Efesofo 3:15) Ɛnde, na ɔkwan biara so no, N’asɛm a efi honhom mu no ne beae pa a ɛsen biara a ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwankyerɛ wɔ abayɛn ho. Nanso, ɔkwan bɛn so na nhoma a akyɛ te sɛ Bible no betumi akyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ɛnnɛyi suban a ɛne sɛ wɔde mmofra betu mmirika wɔ wɔn mmofraberem no ho? Ma yensusuw Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow bi a ɛfa eyi ho no ho.
‘Sɛnea Mmofra no Betumi’
Ná Yakob, Isak ba no, yɛ mmofra a wɔbɛboro dumien agya. Bible no yɛ ne nsɛm a nyansa wom a ɛfa n’abusua akwantu bi ho no ho kyerɛwtohɔ: “Mmofra no yɛ mmerɛw . . . Enti ma me wura [Esau, Yakob nua panyin], ntwam nni n’akoa kan, na me de, mɛnantew brɛbrɛ, . . . sɛnea mmofra no betumi.”—Genesis 33:13, 14.
Na Yakob nim sɛ ne mmofra no rentumi nnantew te sɛ mpanyimfo. Na wɔyɛ “mmerɛw”—wɔyɛ nketewa paa, wonni ahoɔden koraa, na wɔwɔ ahiade pii sen nnipa a wɔanyinyin. Sɛ anka ɔbɛhyɛ ne mmofra no ma wɔne no abɔ anan no, ogow ne nantew mu ne wɔn nantew yɛɛ pɛ. Wɔ eyi mu no, ɔyɛɛ nyansa a Onyankopɔn da no adi wɔ ne mma a wɔyɛ nnipa ho no ho nhwɛso. Yɛn soro Agya no nim yɛn sintɔ. Ɔnhwehwɛ nea yentumi mfi yɛn hɔ.—Dwom 103:13, 14.
Abɔde a wɔyɛ mmoa bi mpo da saa nyansa no adi, efisɛ Onyankopɔn abɔ wɔn ma ‘wofi nkate mu yɛ anyansafo.’ (Mmebusɛm 30:24) Sɛ nhwɛso no, abɔde ho animdefo ahyɛ no nsow sɛ asono kuw mũ nyinaa tumi nantew ma ɛne ɔsono a osua a ɔwɔ wɔn mu no nantew yɛ pɛ, wɔkɔ brɛoo kosi sɛ ketewa a ɔwɔ wɔn mu no ne wɔn bɛbɔ anan.
Nnɛɛmmafo binom apo sɛ wɔde ɔsoro nyansa bedi dwuma. Nanso ɛnsɛ sɛ wudi wɔn akyi. Ma ɛntra w’adwene mu sɛ wo ba no yɛ “mmerɛw”—ɔrentumi nsoa ɔpanyin adesoa. Sɛ nhwɛso no, sɛ woyɛ ɔwofo a onni hokafo a wowɔ ɔhaw na ɛhyɛ wo sɛ ka w’atirimsɛm kyerɛ wo ba a, ko tia saa nkate no. Mmom no, hwehwɛ ɔpanyin a ne ho akokwaw a obetumi aboa wo ma woadi ɔhaw no ho dwuma yiye—titiriw obi a ɔbɛboa wo ma wode Bible afotu a nyansa wom adi dwuma.—Mmebusɛm 17:17.
Ɔkwan a ɛte saa ara so no, mma wo ba asetra kwan nnyɛ nea wɔde tu mmirika, nea wɔayɛ ho bere nhyehyɛe ketee, ma ɛtwe ne mmofraberem anigye nyinaa fi n’asetra mu. Yɛ nhyehyɛe a ɛfata ma wo ba, ɛnyɛ nea ɛte sɛ nhyehyɛe a ɛnnɛ wiase yi da no adi wɔ ɔkwan a ɛmfata so no. Bible no de afotu ma wɔ nyansa mu sɛ: “Mommma wiase a mote mu no nnhyɛ mo so.”—Romafo 12:2, Phillips.
“Ade Biara Wɔ Ne Bere a Wɔahyɛ No”
Bible nnyinasosɛm foforo a nyansa wom ka sɛ: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no, na ɛbere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ase.” Ɛwom, adwuma wɔ ne bere. Mmofra wɔ adwuma pii yɛ—a sukuu adwuma, ofie nnwuma, ne honhom fam dwumadi ka ho. Nanso, saa Bible asɛm koro no ara nso ka sɛ “ɔserew wɔ ne bere” na “asaw wɔ ne bere.”—Ɔsɛnkafo 3:1, 4.
Mmofra wɔ agodie ne ɔserew ho ahiade titiriw a ɛma wɔda wɔn mmofraberem ahoɔden adi wɔ ɔkwan a wɔpɛ so. Sɛ wɔde wɔn bere nyinaa ma sukuukɔ, sukuu akyi adesua ahorow, ne asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru a, ɛnde wɔn agodie bɛka mu. Nea ebefi mu aba no bɛma wɔn bo afuw, ama wɔn abam abu mpo.—Kolosefo 3:21.
Susuw ɔkwan a wobɛfa so de saa Bible nnyinasosɛm koro no ara adi dwuma wɔ akwan foforo nso so ho. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ biribiara wɔ ne bere nti, so ɛno nkyerɛ sɛ mmofraberem ne bere a ɛsɛ sɛ wɔde yɛ ade sɛ mmofra? Ɛda adi sɛ wubebua sɛ yiw, nanso wo mma ne wo renyɛ adwene bere nyinaa. Mpɛn pii no, mmarimaa ne mmeawa nketewa pɛ sɛ wɔyɛ nea wohu sɛ mpanyimfo yɛ. Sɛ nhwɛso no, mmeawa nketewa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ ntade asiesie wɔn ho te sɛ nea wɔyɛ mmea mpanyimfo. Ebia nsa a wobu no ntɛm ma nka a wɔte sɛ wɔnyɛ wɔn ade sɛ mpanyimfo no yɛ kɛse.
Awofo a wonim nyansa no hu asiane a ɛwɔ saa akɔnnɔ a wonya yi mu. Aguade ho dawurubɔ binom ne anigyede a ɛwɔ saa wiase a aporɔw yi mu ka mmofra su ho asɛm sɛ nea wonim nna ho nsɛm na wɔyɛ wɔn ho mpanyinsɛm. Mmofra resiesie wɔn ho, rehyɛ agude, ne ntade a ɛtwetwe akɔnnɔ pii mprempren. Nanso dɛn nti na wɔma mmofra da nneyɛe a ɛtwetwe nnipa a wɔn bra akyea a wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nna mu no adi? Denam mmoa a wɔde bɛma mmofra ma wɔasiesie wɔn ho ma afata wɔn mfe so no, awofo de Bible nnyinasosɛm foforo di dwuma: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw.”—Mmebusɛm 27:12.
Nhwɛso foforo ni: Agumadi a wɔbɛma kwan ma ayɛ abofra ahiade titiriw no remma n’asetra nkari pɛ, nea ɛne biribiara a ɛwɔ ne bere a wɔahyɛ nhyia bio. Bible no de afotu ma wɔ nyansam sɛ: “Ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.”—1 Timoteo 4:8.
Mma wo mma nnnya adwene a ɛne sɛ “ade a ehia ara ne nkonimdi” no bi. Awofo pii ma anigye nyinaa a ɛwɔ agumadi mu yera denam wɔn mmofra a wɔhyɛ wɔn ma wosi akan a ano yɛ den, sɛ wonni nkonim ɛmfa ho nea ebefi mu aba biara no so. Enti mmofra binom te nka sɛ wɔhyɛ wɔn sɛ wonsisi anaa wompira agumadifo afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi nkonim. Akyinnye biara nni ho sɛ adesɛe a efi mu ba no mfata nkonim a wodi no!
Ahosodi a Yebesua
Mpɛn pii no sua a mmofra besua sɛ biribiara wɔ ne bere no yɛ den ma wɔn. Ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wɔde ntoboase bɛtwɛn bere a wohia biribi no. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, ɛkame ayɛ sɛ adesamma abusua awe ahinam so sɛ wɔbɛma wɔn nsa aka nea wɔpɛ biara amonom hɔ ara. Anigyede ho dawurubɔfo de nkrasɛm yi ma mpɛn pii sɛ, “Nya nea wopɛ na nya no mprempren yi ara!”
Mma eyi nnnya wo so nkɛntɛnso na ɛnkorɔkorɔ wo mmofra mma wɔmmporɔw. The Child and the Machine nhoma ka sɛ: “Tumi a wɔde twentwɛn nneɛma a wɔpɛ ase no yɛ ade biako a ehia ma wɔanya nkate fam nyansa. Ahohyɛso ne amanni a wɔbɔ wɔ asomdwoe mu yɛ nsɛmmɔnedi a ɛrenya nkɔanim wɔ mmofra mu wɔ sukuu mu ne ɛno akyi no ano aduru a ɛsen biara.” Bible no wɔ nnyinasosɛm a mfaso wɔ so yi: “Nea ɔkokɔ n’akoa fi ne mmofraase no, akyiri no ɔbɛyɛ sɛ ɔba.” (Mmebusɛm 29:21) Ɛwom sɛ nkyekyɛm yi fa sɛnea ɛsɛ sɛ wodi nkoa nkumaa ho dwuma ho tẽẽ de, nanso awofo pii ahu sɛ saa nnyinasosɛm koro no ara boa wɔn mma kɛse.
Wɔ mmofra ahiade ahorow mu no, nya a wobenya nea Bible frɛ no “[Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ” no ne ade a edi kan paa. (Efesofo 6:4) Nteɛso a ɔdɔ wom boa mmofra ma wonya su te sɛ ahosodi ne boasetɔ. Saa su horow yi bɛboa wɔn ma wɔanya anigye ne akomatɔyam wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu.
Bere a Biribiara a Ɛma Wɔhwere Mmofraberem Anigye Bɛba Awiei
Nanso, ebia wubesusuw sɛ, ‘So adwene a na Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ne nyansa a ɔde ne honhom kyerɛw nnyinasosɛm a mfaso wɔ so yi wɔ ne sɛ yɛn wiase yi yɛ sɛnea ayɛ yi? So na ɔpɛ sɛ mmofra benyin wɔ wiase a bere nyinaa no emu yɛ hu kɛse mu sen sɛ ɛbɛyɛ beae a wɔde ntetee ma mmofra?’ Ɛbɛyɛ awerɛkyekye ama wo sɛ wubehu sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Kristo Yesu, wɔ ɔdɔ a ɛkɔ akyiri ma adesamma, a mmofra a wɔadi mfe ahorow nyinaa bi ka ho. Wobeyi abɔnefo nyinaa afi asase so nnansa yi ara.—Dwom 37:10, 11.
So wobɛpɛ sɛ wunya saa asomdwoe ne anigye bere no ho nsusuwso? Yɛ saa tebea yi a wɔaka ho asɛm fɛfɛɛfɛ wɔ Bible mu no ho mfonini wɔ w’adwene mu hwɛ: “Ɛnna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn.” (Yesaia 11:6) Wɔ wiase a mpɛn pii no ɛsɛe mmofrabere anaa ɛde tu mmirika atirimmɔden so mu no, hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ wubehu sɛ Onyankopɔn hyɛ daakye pa bi ho bɔ ma adesamma a wɔwɔ asase so no! Ɛda adi pefee sɛ, Ɔbɔadeɛ no mpɛ sɛ wɔbɛhwere mmofraberem anigye anaasɛ wɔde mmofrabere betu mmirika—mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ anigye ne abotɔyam bere ne nea wɔkyerɛ ho anisɔ.
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Sɛ́ anka wode wo haw ahorow ho asɛm bɛhaw w’abofra no, ka w’atirimsɛm kyerɛ ɔpanyin foforo
[Mfonini wɔ kratafa 18, 19]
Ehia sɛ mmofra di agoru