Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 5/8 kr. 14-17
  • Bere a Wɔde Mmofrabere Tu Mmirika

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wɔde Mmofrabere Tu Mmirika
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wosua Nhoma Wɔ Ahoɔhare So
  • Wɔpɛ Ntɛm Adi Nkonim
  • Mmofra a Wɔwɔ Biribiara Gye Mmofraberem Hokwan Ahorow
  • Bere a Abofra Yɛ “Ɔpanyin” Foforo No
  • Bere a Wɔhwere Mmofraberem Anigye
    Nyan!—2003
  • Bere a Wɔkyerɛ Mmofrabere Ho Anisɔ
    Nyan!—2003
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Awofo a Wonni Ahokafo, Nsɛnnennen Pii
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 5/8 kr. 14-17

Bere a Wɔde Mmofrabere Tu Mmirika

WƆ WIM a ayɛ kusuu mu no, wimhyɛn ketewa bi a ne engine yɛ biako de dede a ano yɛ den tuu mmirika ahoɔhare so na ɛmaa ne ho so wɔ wimhyɛn kwan no so. Ɛyɛ adeyɛ a nsɛm ho amanneɛbɔfo kɔɔ bi, kyerɛw ho nsɛm, twaa ho mfonini, de anigye bisabisaa ho nsɛm na wɔkamfoo pii. Hena na na obiara de adwene asi ne so saa yi? Ɛnyɛ wimhyɛnkafo a ɔwɔ tumi krataa no, na ɛnyɛ hyɛntiafo biako pɛ—ɔbarima a n’ani afi—a na ɔka ho no nso, na mmom, hyɛntiafo no babea. Na wadi mfe ason.

Na abeawa ketewa no na ɛsɛ sɛ ɔka wimhyɛn no. Na ɔpɛ sɛ otwa adeyɛ a ɛte saa ho adanse bi a ɛwɔ hɔ dedaw no mu, na na ɛsɛ sɛ odu bere pɔtee bi ho. Ná nsɛm ho amanneɛbɔfo bɛtwɛn no wɔ beae a wimhyɛn no begyina no. Enti, ɛmfa ho sɛ na wim ayɛ kusuu no, nnipa baasa no foroo wimhyɛn no, ma abofra no traa akongua a wɔde sumii ato so ma akɔ soro so na ama ne nsa atumi asõ adwinnade pon no so, na wɔsan de ade totoo nan ntiaso no so sɛnea ɛbɛyɛ a ne nan bɛsõ so na watumi aka wimhyɛn no.

Awerɛhosɛm ne sɛ, wimhyɛn akwantu no ankyɛ koraa. Ahum a etui prɛko pɛ no maa wimhyɛn no man fii ne kwan so, na antumi ankɔ n’anim bio, na ɛhwee ase, kum nnipa baasa a na wɔwɔ mu no nyinaa. Nsɛm ho amanneɛbɔfo fii ase prɛko pɛ bɔɔ abubuw sen sɛ wɔbɛtoa wɔn nkamfo no so. Sɛnkyerɛwfo ne samufo bi susuw sɛ ebia nsɛm ho amanneɛbɔfo ka ho bi na asiane no sii. Nnipa pii fii ase hyɛe ketee sɛ wɔmmma abofra biara nnka wimhyɛn bio. Wɔ United States no, wɔhyɛɛ mmara faa ɛno ho. Nanso wɔ nsɛm a wɔkeka faa asɛm no ho ne ano aduru a wɔde mae akyi no, na ɔsɛmpɔw titiriw a ɛfa asɛm no ho hyɛ hɔ.

Saa asiane no maa nkurɔfo bi susuw nea ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi mu no ho anibere so. Ɛnnɛ, wɔde mmofra tu mmirika wɔ wɔn mmofraberem, de wɔn pere kɔ mpanyimfo dwumadi so wɔ bere a wosusua koraa. Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na nea efi mu ba no yɛ nwonwa anaa ɛyɛ awerɛhow. Nanso, ebetumi ayɛ asɛnkɛse na atra hɔ akyɛ paa. Ma yensusuw nneɛma a wɔde mmofra tu mmirika wom no kakraa bi ho.

Wosua Nhoma Wɔ Ahoɔhare So

Awofo de anigye a ntease wom hwɛ kwan sɛ ebesi wɔn mma yiye. Nanso, sɛ saa akwanhwɛ no dan dadwen a, ɛnkyɛ koraa na awofo de asɛyɛde a emu yɛ duru ato wɔn mma no so, amia wɔn denneennen. Mpɛn pii no adeyɛ no taa fi ase te sɛ nea asɛm biara nni ho. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ ade a ɛrebu so sɛ awofo de wɔn mma bɛhyɛ sukuu akyi dwumadi ahorow mu, efi agumadi so kosi nnwom sua anaa ballet asaw so. Mpɛn pii no, wɔhyɛ da yɛ nhyehyɛe ma wɔkyerɛ wɔn ade de ka nea wosua wɔ sukuu no ho.

Nokwarem no, mfomso nni ho sɛ wobɛhyɛ abofra bi nkuran wɔ ne dom akyɛde anaa biribi a n’ani gye ho mu. Nanso, asiane wɔ hɔ sɛ wobɛyɛ nneɛma aboro so? Asiane a ɛte saa da adi pefee bere a ɛkame ayɛ sɛ mmofra binom hyia nhyɛso pii te sɛ mpanyimfo a wɔwɔ ɔhyɛ dennen ase no. Time nsɛmma nhoma ka sɛ: “Mmofra a na kan no wotumi yɛ wɔn ade sɛ mmofra no wɔ nneɛma sua seesei; mmofra a na ɛsɛ sɛ wɔde mpanyin afe so ahoɔden yɛ ade no de atirimpɔw a ɛkorɔn a ɔdowa de yɛ adwumaden no na ɛyɛ ade seesei.”

Awofo binom wɔ anidaso sɛ wɔn mma nkumaa no betumi abɛyɛ ammirikatufo, nnwontofo, anaa guasodeyɛfo soronko. Ansa na awofo bɛwo wɔn mma no, na wɔakyerɛw mmofra no din wɔ nkokoaa sukuu mu dedaw, a wɔwɔ anidaso sɛ wɔnam nneɛma pii so bɛma asi wɔn yiye. Sɛ ɛno da nkyɛn a, awofo binom de wɔn ho kɔhyɛ “apemfo sukuupɔn” a wɔde nnwom ho ntetee ma nkokoaa a wɔda so hyɛ yafunum no mu. Wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔbɛkanyan wɔn amemene a ɛrenyin no.

Wɔ aman bi mu no, wɔkari mmofra akenkan ne nkontaabu nimdeɛ hwɛ ansa na wɔadi mfe asia. Saa nneyɛe yi ama nkate a ɛsɛe ho ahiasɛm asɔre. Sɛ nhwɛso no, dɛn na ɛba abofra a “wantumi annu” nkokoaa sukuu ahwehwɛde ho no so? David Elkind, a ɔkyerɛw The Hurried Child nhoma no, ka sɛ sukuu ahorow taa hyehyɛ mmofra agyirae hwɛ nneɛma ahorow kwan fi wɔn nkyɛn ntɛmntɛm wɔ wɔn mmofraase pɛɛ dodo. Elkind kyerɛ mu sɛ ɛnyɛ mmofra no a wɔbɛkyerɛ wɔn ade ma atu mpɔn nti na ɛma wɔyɛ saa na mmom sukuu wuranom no dwumadi mfaso ahorow nti.

So bo bi wɔ hɔ a yetua wɔ nhyɛso a wɔde ba mmofra so ma ɔkwan bi so no, wɔbɛyɛ mpanyimfo nketewa a wɔn ho akokwaw ansa na wɔadu wɔn mpanyin mfe so no ho? Elkind ahaw wɔ adwene a ɔmanfo anya a ɛne sɛ wɔbɛma mmofra ho akokwaw na wɔasoa mpanyimfo nnesoa no ho. Ɔka sɛ: “Ɛda adwene a yɛde gye ɔhaw ne dadwen a ɛrenya nkɔanim nnɛ wɔ mmabun so no tom sɛ ‘ɛyɛ ne kwan so’ no adi.” Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ adwene a wokura wɔ ade a eye ma mmofra ho no resakra ntɛmntɛm.

Wɔpɛ Ntɛm Adi Nkonim

Ɛkame ayɛ sɛ awofo pii susuw sɛ ɛyɛ ne kwan so, ne nea nyansa wom mpo, sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn mmofra sɛ nkonimdi ne ade a ehia kyɛn biribiara—titiriw wɔ agumadi mu. Olimpik abasobɔde ne ade a ɛhyɛ mmofra pii nkuran nnansa yi. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nkonimdi mu anuonyam wɔ mmere tiaa mu na wɔanya asetra pa wɔ wɔn mpanyin afe so no, wɔhyɛ mmofra binom ma wɔde wɔn mmofraase tu mmirika anaa wɔyɛ wɔn ade mpo sɛ nea wɔnyɛ mmofra.

Susuw mmea afunibufo ho hwɛ. Wofi nhyehyɛe a emu yɛ den ase fi wɔn mmofraase pɛɛ a ɛde wɔn nipadua nketenkete no to ɔhaw a ano yɛ den mu. Wɔde mfe pii siesie wɔn ho wɔ adwene ne nipadua mu ma Olimpik akansi. Nokwarem no, emu kakraa bi pɛ na ebedi nkonim. So wɔn a wobedi nkogu no besusuw sɛ nea efii mu bae awiei koraa no fata afɔre a wɔde wɔn mmabunbere bɔe no? Ebewie ase koraa no, nkonimdifo no mpo adwenem bɛyɛ wɔn naa wɔ mfaso a wonyae wɔ afɔre a wɔde wɔn mmabunbere bɔe so no ho.

Wɔ nkate fam no, ebia wɔde saa mmeawa nketewa yi mmofrabere betu mmirika a emu yɛ den ma wɔabɛyɛ agumadifo akunini. Nanso honam fam no, ahosiesie a ano yɛ den yi betumi asiw wɔn awosu kwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so nyin no ano. Wɔ ebinom fam no, esiw onyin a wɔn nnompe benyin kwan. Aduandi ho kateeyɛ abu so wɔ wɔn mu. Wɔ wɔn mu pii fam no, wɔn nsabu ka akyi—mfe pii mpo mu. Nanso, mmeawa pii hyia ɔhaw a ɛne no bɔ abira nnɛ: nsa a wobu no ntɛm.—Hwɛ adaka a ɛwɔ atifi hɔ no.

Mmofra a Wɔwɔ Biribiara Gye Mmofraberem Hokwan Ahorow

Sɛ wubegye anigyede ho nsɛm ho amanneɛbɔ adi a, anhwɛ a wubesusuw sɛ mmofraberem ankasa ne sɛ wode wo mmofrabere no bedi akɔnnɔde ahorow ho dwuma. Awofo binom biri wɔn mogya ani yɛ adwumaden de honam fam nneɛma biara a ɛma ahotɔ ma wɔn mma, a afie fɛfɛ, anigyede a enni anohyeto, ne ntaade a ne bo yɛ den ka ho.

Nanso, mmofra binom a wɔyɛn wɔn wɔ saa kwan yi so no de wɔn ho hyɛ asanom, nnubɔne, ne ɔsɔretia abrabɔ a enye koraa mu. Dɛn ntia? Pii de abohuru bɔ wɔn awofo sobo efisɛ wɔte nka sɛ wɔato wɔn asaworam. Mmofra hia awofo a wɔbɛdɔ wɔn na wɔahwɛ wɔn. Awofo a wonni adagyew sɛ wɔbɛyɛ saa no begye adi sɛ ebia wɔreyɛ adwuma de ahwɛ ama wɔn mmofra anya anigye—nanso ebetumi aba sɛ na wɔreyɛ nea ɛne no bɔ abira koraa.

Ɔbenfo Judith Paphazy, ka “awofo a wɔn asetra ne wɔn sikasɛm ye a wɔn baanu nyinaa yɛ adwuma,” ho asɛm sɛ mpɛn pii no “[wɔ]hyɛ wɔn mma porɔw efisɛ wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na wɔde bere a ɛsɛ sɛ wɔde ma abusua no akotiw adwuma a ɛde honam fam nneɛma ba.” Wɔ ne fam no, awofo a wɔwɔ saa tebea yi mu no bɔ mmɔden sɛ “wɔde sika bɛtɔ wɔn awofoyɛ no.”

Mpɛn pii no, mmofra no hu amane kɛse. Ɛwom sɛ wobenya honam fam akɔnnɔde pii de, nanso wɔhwere ade titiriw a ehia na ama wɔanya mmofrabere a ɛyɛ anigye no: awofo dɔ ne wɔn bere. Sɛ wɔannya akwankyerɛ, nteɛso, ne mmoa a, ɛnkyɛ na wohyia mpanyimfo nsɛnnennen a wɔasiesie wɔn ho kakraa bi anaa wonsiesiee wɔn ho koraa mmae no. ‘So memfa nnubɔne? Memfa me ho nhyɛ ɔbea ne ɔbarima nna mu? Menyɛ basabasa bere a me bo afuw no?’ Ɛda adi sɛ wobenya wɔn ankasa mmuae, afi atipɛnfo anaa TV ne sini mu nnipa ahorow hɔ. Mpɛn pii no, nea efi mu ba ne mmofrabere a ɛba awiei mpofirim, awiei a ɛyɛ awerɛhow mpo.

Bere a Abofra Yɛ “Ɔpanyin” Foforo No

Sɛ awofo baanu mmusua bɛyɛ ɔwofo biako mmusua mpofirim, sɛ ɛnam owu, ntetewmu, anaa awaregu so no, mpɛn pii no ɛma mmofra hu nkate fam amane. Ɛwom, ɔwofo biako mmusua pii tumi di yiye. Nanso, wɔ ebinom mu no, wɔde mmofra no mmofrabere tu mmirika.

Sɛnea ntease wom no, ɔwofo a onni hokafo bɛte ankonamyɛ nka wɔ mmere bi mu. Nanso, nea afi mu aba ne sɛ, ebinom ma kwan ma abofra—mpɛn pii no, ɔpanyin a ɔwom—no di “ɔpanyin” foforo no asɛyɛde ho dwuma wɔ abusua no mu. Ebia ahoyeraw nti, ɔwofo no ne ne babarima anaa ne babea kumaa bedi atirimsɛm, de ɔhaw ahorow ato abofra a ɔnyɛɛ krado sɛ ɔbɛsoa saa adesoa no so. Wɔ nkate fam no, awofo biako binom de wɔn ho to wɔn mmofra so koraa ma ɛboro so.

Awofo afoforo gyaw wɔn asɛyɛde nyinaa, na ɛhyɛ abofra ma ɔfa ɔpanyin asɛyɛde to ne ho so wɔ abusua no mu. Carmen ne ne nuabea, a wɔbɔɔ wɔn din mfiase no, gyaw tebea a ɛte saa hɔ bere a wofii fie kɔtraa mmɔnten so no. Wɔn ankasa da so ara yɛ mmofra no, ɛde wɔn hyɛɛ abayɛn asɛyɛde ase ma wɔhwɛɛ wɔn nuanom nketewa no. Na adesoa no yɛ kɛse sen nea wobetumi asoa.

Akyinnye biara nni ho sɛ, mmofrabere a wɔde tu mmirika yɛ ade a asiane wom, adeyɛ a sɛ ebetumi ayɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔkwati koraa. Nanso anigyesɛm bi wɔ hɔ: Mpanyimfo betumi de akwan a mfaso wɔ so a ɛbɛma wɔn mma anya mmofraberem anigye adi dwuma. Akwan bɛn? Ma yɛnhwehwɛ mmuae ahorow a edi mu bi mu.

[Adaka wɔ kratafa 16]

Nsa a Wobu no Ntɛm Ho Nsɛnnennen

So mmeawa rebu wɔn nsa wɔ bere a wonnyinii koraa? Nyansahufo redi saa asɛmmisa yi ho anobaabae. Ebinom ka sɛ wɔ afeha a ɛto so 19 mfinimfini no, mfe a na mmeawa taa fi ase bu wɔn nsa yɛ 17, wɔ bere a ɛnnɛ wonnu mfe 13. Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmeawa 17,000 ho wɔ 1997 mu kyerɛ no, aborɔfo mmeawa ɔha mu 15 ne Amerika-Abibifo ɔha mu 50 a wɔwɔ United States da nsa a wobu no ntɛm ho sɛnkyerɛnne adi wɔ mfe awotwe mu! Nanso, nnuruyɛfo bi gye saa nhwehwɛmu no ho akyinnye na wɔbɔ awofo kɔkɔ sɛ wonnnye nsabu a ɛba ntɛm dodow yi nntom kɛkɛ sɛ ɛyɛ ne “kwan so.”

Sɛnea asɛm no te biara no, nsa a wobu no ntɛm yi de asɛnnennen ba awofo ne mmofra nyinaa so. Time nsɛmma nhoma ka sɛ: “Nea ɛhaw adwene koraa sen nipaduam nsakrae no ne nkɛntɛnso a ebetumi anya wɔ mmofra a wɔn bɔbeasu patuw nyin yi nkate so, mmofra a ɛsɛ sɛ wɔkenkan anansesɛm, na ɛnyɛ ko a wɔbɛko atia mmarima a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa mmea no. . . . Mmofrabere yɛ bere tiaa sɛnea ɛte no.” Nsɛmma nhoma no bisaa asɛm a ɛhaw adwene yi sɛ: “Sɛ mmeawa nipadua piapia wɔn kɔ mpanyinyɛ mu ansa na wɔn koma ne wɔn adwene anyin ayɛ mpanyimfo de a, dɛn na wɔbɛhwere koraa?”

Mpɛn pii no, nea wɔhwere ne ahotew—denam mmonnaato so. Ɛna bi ka no pen sɛ: “Mmeawa a wɔanyin sen wɔn mfe no te sɛ ɛwo [de ma ɔdowa]. Wɔn ho yɛ mmarimaa a wɔn mfe akɔ anim no akɔnnɔ.” Bo a wotua wɔ nhyɛ a wɔde ba wɔn so ma wɔde wɔn ho hyɛ nna mu nneyɛe mu wɔ mmofraase pɛɛ ho no sõ. Abeawa kumaa betumi ahwere obu a ɔwɔ, ahonim pa, ne nipadua ne nkate fam akwahosan mpo.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Bere nhyehyɛe a ɛtra so betumi de ɔhaw ahorow aba

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Mmofra a wobepia wɔn ma wɔasi akan asen biara no betumi ama anigye a ɛwɔ agumadi mu no ayera

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Honam fam ade dodow ntumi nsi ɔwofoyɛ ananmu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena