Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 5/8 kr. 13-14
  • Bere a Wɔhwere Mmofraberem Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wɔhwere Mmofraberem Anigye
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Me Yam a Anka Masan Ayɛ Abofra Bio”
  • Asetra Mu Nsɛnnennen a Ahintaw
  • Bere a Wɔde Mmofrabere Tu Mmirika
    Nyan!—2003
  • Bere a Wɔkyerɛ Mmofrabere Ho Anisɔ
    Nyan!—2003
  • Hena na Ɔbɛbɔ Yɛn Mma Ho Ban?
    Nyan!—1999
  • Yehowa Akyerɛ Yɛn Sɛnea Yɛbɛtete Yɛn Mma
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 5/8 kr. 13-14

Bere a Wɔhwere Mmofraberem Anigye

“Mmofraberem anigye yɛ hokwan titiriw a ɛkyɛn biara a mmofra wɔ.”—“The Hurried Child.”

AKYINNYE biara nni ho sɛ, wubegye atom sɛ ɛsɛ sɛ mmofra nyinaa tumi nya mmofraberem hokwan a ɛyɛ anigye na ɔhaw biara nnim. Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow ankasa wɔ asetra ho ne sɛ mmarimaa ne mmeawa pii nsa nka mmofraberem hokwan a ɛte saa wɔ asetram. Wo de susuw mmofra mpempem, anaa ɔpepem pii a wɔhwere wɔn mmofraberem anidaso bere a akodi ma wohu amane no ho hwɛ. Afei nso, twa mmofra a nkoayɛ anaa ayayade ama wɔn asetra agyigya ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ.

Wɔ yɛn mu pii fam no, ɛbɛyɛ den sɛ yɛde yɛn adwene bebu sɛnea abofra a tebea bi ahyɛ no ma wakɔtra mmɔnten so esiane sɛ osusuw sɛ ahobammɔ wɔ hɔ sen fie no te nka. Wɔ bere a mmofra hia ɔdɔ ne ahobammɔ a wɔn nsa betumi aka nyinaa mu no, na ɛsɛ sɛ saa mmofra yi sua sɛnea wɔtra mmɔnten so de bɔ wɔn ho ban fi nnipa amumɔyɛfo a wɔn ani gye ho sɛ wobesisi wɔn no ho. Mpɛn pii no, mmofraberem ankasa bɛyɛ ɔhaw a ɛrekɔ so wɔ yɛn amanehunu bere yi mu no biako.

“Me Yam a Anka Masan Ayɛ Abofra Bio”

Carmen, a wadi mfe 22 no, faa asetra a emu yɛ den mu wɔ mmofraberem.a Wɔn agya ayayade ne asaworam a wɔn maame too wɔn no hyɛɛ ɔne ne nuabea ma wɔkɔtraa mmɔnten so de kwatii tebea no. Ɛmfa ho asiane a ɛwɔ saa asetra kwan yi mu no, mmeawa baanu yi nyinaa bɔɔ mmɔden kwatii mfiri a ebunkam mmofra pii a woguan fi fie so no.

Nanso, Carmen da so ara di ne mmofraase ho awerɛhow, efisɛ ɔnkae sɛ onyaa bi mpo. Ɔbɔ abubuw sɛ ɔyɛɛ n’ade sɛ ɔpanyin wɔ ne mmofraase na ɔka sɛ: “Mifii mmofraase kɔɔ mfe 22 a mfe biara nni ntam. Seesei maware na mewɔ ba biako, nanso me kɔn dɔ sɛ mɛyɛ nea mmeawa nketewa yɛ, te sɛ agoru a wɔde abaduaba di. Mepɛ sɛ wɔdɔ me na m’awofo bam me. Me yam a anka masan ayɛ abofra bio.”

Mmofra pii wɔ hɔ a wohu amane te sɛ Carmen ne ne nuabea no. Wɔtra mmɔnten so, a nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔhwere wɔn mmofraberem anigye biara. Wɔn mu pii de wɔn ho hyɛ nsɛmmɔnedi mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya wɔn asetrade. Amanneɛbɔ ne akontaabu da no adi sɛ mmofra de wɔn ho rehyɛ nsɛmmɔnedi mu wɔ wɔn mmofraase pɛɛ wɔ kwan a ɛyɛ ahodwiriw so. Nea ɛma saa ɔhaw no yɛ kɛse koraa ne ade foforo biako yi: Mmeawa pii bɛyɛ awofo bere a wonnii mfe aduonu—a wɔda so yɛ mmofra no.

Asetra Mu Nsɛnnennen a Ahintaw

Ɛnyɛ nwonwa sɛ, mmofra a wɔn dodow rekɔ anim no kowie awofo a wogye wɔn abayɛn nsam. Weekend Australian atesɛm krataa samufo nsɛm bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nsɛnnennen a ɛfa mmofra a wogye wɔn abayɛn ho akɔ so nkakrankakra a yɛanhyɛ no nsow. Wɔabu ani agu mmofra pii a wofi mmusua a emu apaapae mu so.” Atesɛm krataa no kae nso sɛ: “Mmofra a wogye wɔn abayɛn no mu bi tumi di asram, ne mfe mpo a wɔne wɔn a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn yiyedi so no nnya nkitahodi biara, na wɔde afoforo nso fi ɔbayɛnfo biako so kɔ foforo so, a wonnya fie a wɔbɛtra mu daa.”

Amanneɛ biako a wɔbɔe fa abeawa bi a na wadi mfe 13 a wɔde no akɔ abayɛnfo afie 97 mu wɔ mfe abiɛsa mu ho—ɛtɔ mmere bi a, na odi anadwo biako pɛ wɔ afie no bi mpo mu. Seesei ɔkae po a wɔpoo no ne ahobammɔ a na onni ho nka a na ano yɛ den a ɛtoo no no. Wɔ mmofra a wogye wɔn abayɛn no pii fam no, wɔnkae sɛ wɔayɛ mmofra pɛn.

Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnɛ animdefo ka mmofraberem anigye a wɔhwere ho awerɛhosɛm a ɛreyɛ kɛse ho asɛm. Sɛ woyɛ ɔwofo a, nokwasɛm a ɛyɛ hu yi a wubesusuw ho no bɛma woabu wo ho sɛ wo ti ayɛ yiye sɛ woatumi ama wo mma fie ne nneɛma a wohia wɔ asetra mu no. Nanso asiane foforo wɔ hɔ. Wɔ nnɛ wiase no, ɛnyɛ mmere nyinaa na wɔhwere mmofraberem anigye koraa. Ɛtɔ mmere bi a wɔde mmofrabere no tu mmirika kɛkɛ. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa, na nkɛntɛnso bɛn na ɛde ba?

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa edin no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena