KRISTOFO ABRABƆ
Yehowa Akyerɛ Yɛn Sɛnea Yɛbɛtete Yɛn Mma
Dɛn na awofo betumi asua afi wɔn soro Agya, Yehowa hɔ a ebetumi aboa wɔn ama wɔatete wɔn mma yiye? Hwɛ video a yɛato din Yehowa Akyerɛ Yɛn Sɛnea Yɛbɛtete Yɛn Mma no. Afei bua nsɛmmisa a ɛfa Abilio ne Ulla Amorim ho yi:
Ɔkwan bɛn so na ntetee a wonyaa wɔ wɔn mmofraberem no boaa wɔn ma wotumi tetee wɔn mma?
Mmofraberem suahu a ɛyɛ anigye bɛn na wɔn mma no kaa ho asɛm?
Sɛn na Abilio ne Ulla bɔɔ mmɔden de Deuteronomium 6:6, 7 yɛɛ adwuma?
Adɛn nti na wɔanhyehyɛ mmara amma wɔn mma no kɛkɛ?
Ɔkwan bɛn so na wɔboaa wɔn mma no ma wosisii gyinae pa ma esii wɔn yiye?
Ná awofo yi nim sɛ wobetumi ahwere biribi, nanso wɔkɔɔ so hyɛɛ wɔn mma no nkuran sɛ wɔnyɛ bere nyinaa som adwuma. Dɛn na na wobetumi ahwere? (bt 178 ¶19)