Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 5/8 kr. 3-4
  • Asikreyare—“Owudifo a Wonhu No”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asikreyare—“Owudifo a Wonhu No”
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asikreyare​—Wobɛtumi Abɔ Wo Ho Ban Kakra
    Nyan!—2014
  • Sɛnea Ne Sa Yɛ Den
    Nyan!—2003
  • Sɛnea Bible no Betumi Aboa Wɔn a Wɔyare Asikreyare
    Nyan!—2003
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 5/8 kr. 3-4

Asikreyare—“Owudifo a Wonhu No”

BERE a Ken dii mfe 21 no, na sukɔm taa de no ntoatoaso ma ɔnom nsu pii ma no yɛ no nwonwa. Ná odwensɔ mpɛn pii nso—awiei koraa no, na odwensɔ bɛyɛ simma 20 biara. Ankyɛ na Ken nan ase fii ase taataee. Ɔyɛɛ mmerɛw wɔ nipadua mu, na n’ani so yɛɛ no wusii.

Nsakrae titiriw bi bae bere a Ken nyaa ɔyare mmoawa bi no. Bere a okohuu oduruyɛfo no, ɛbɛdaa adi sɛ ɛnyɛ influensa nko na na ayɛ Ken na mmom—diabetes mellitus—sɛ yebetwa no tiawa a, mmofraberem asikreyare a wɔfrɛ no Type 1 no nso bi. Saa ɔhaw a ɛba nipadua mu nnuru mu yi sɛe ahoɔden a nipadua no de nnuannuru bi, titiriw no mogya mu asikre bi a wɔfrɛ no glucose no, yɛ adwuma wɔ nipadua no mu no. Ken daa ayaresabea hɔ adapɛn asia ansa na asikre dodow a ɛwɔ ne mogya mu no so retew ayɛ nea ɛsɛ.

Ɛno sii bɛboro mfe 50 a atwam ni, na efi saa bere no reba no ne ho atɔ no kakra. Nanso, Ken da so ara yare asikreyare, na ɛnyɛ ɔno nkutoo na wanya ɔyare yi bi. Wobu akontaa sɛ wɔ wiase nyinaa no, nnipa bɛboro ɔpepem 140 na wɔwɔ saa ɔhaw yi, na sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde kyerɛ no, ennu afe 2025 no na nnipa a wɔyare asikreyare no dodow ayɛ mmɔho. Ntease wom sɛ animdefo ama sɛnea asikreyare retrɛw no ho asɛm ahia wɔn. Oduruyɛfo Robin S. Goland a ɔno nso yɛ ayaresabea panyin wɔ beae titiriw a wɔsa wɔn a wɔwɔ asikreyare yare wɔ United States no ka sɛ: “Sɛ yɛhwɛ sɛnea nnipa a wonya ɔyare yi dodow rekɔ anim no a, yetumi hu sɛ ebetumi ayɛ ɔyaredɔm bi mfiase.”

Susuw amanneɛbɔ ntiantiaa a efi wiase nyinaa yi ho hwɛ.

AUSTRALIA: Sɛnea Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Amanaman Ntam Asikreyare Ho Nsɛm So Wɔ Australia kyerɛ no, “asikreyare yɛ nyarewa a ne sa yɛ den paa wɔ afeha a ɛto so 21 yi mu no biako.”

INDIA: Anyɛ yiye koraa no nnipa bɛyɛ ɔpepem 30 na wɔwɔ asikreyare. Oduruyɛfo bi ka sɛ: “Bɛyɛ mfe 15 a atwam no, na ɛyɛ den sɛ yebehu obi a onnii mfe 40 a wanya asikreyare. Ɛnnɛ de nnipa baanu biara a wɔanya ɔyare yi mu biako nnii saa.”

SINGAPORE: Ɛkame ayɛ sɛ ɔman no mu nnipa a wɔadi fi mfe 30 kosi 69 no mu nkyem abiɛsa mu biako anya asikreyare. Mmofra pii—a ebinom nnyinii koraa a wɔadi mfe du—yare asikreyare.

UNITED STATES: Nnipa bɛyɛ ɔpepem 16 na wɔyare asikreyare, na afe biara no afoforo bɛyɛ 800,000 na wonya ɔyare yi bi. Nnipa ɔpepem pii wɔ ɔyare yi bi a wonnya nhui.

Asikreyare sa abɛyɛ den paa, na nea enti a ɛte saa ne sɛ ɔyare yi betumi ahyɛ obi ho bere tenten ansa na wɔahu. Asiaweek nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Esiane sɛ ɔyare yi ho sɛnkyerɛnne a edi kan no yɛ nyaa nti, wɔntaa nhu sɛ obi anya asikreyare.” Enti, wɔato asikreyare din sɛ owudifo a wonhu no.

Esiane sɛnea yare no retrɛw ne sɛnea emu yɛ den nti, nsɛm a edidi so no bebua nsɛmmisa yi:

● Dɛn na ɛde asikreyare ba?

● Ɔkwan bɛn na wɔn a wɔanya ɔyare yi bi no bɛfa so agyina ano?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 4]

Nea Edin no Kyerɛ

Asɛm a nnuruyɛfo de gyina hɔ ma asikreyare, diabetes mellitus no fi Hela asɛmfua a nea ɛkyerɛ ne sɛ “wɔtwe biribi mu nsu” ne Latin asɛmfua a nea ɛkyerɛ ne sɛ biribi “dɛ te sɛ ɛwo” mu. Saa nsɛmfua yi ma wuhu sɛnea ɔyare no te ntɛm ara, efisɛ nsu sen fi obi a ɔyare asikreyare mu te sɛ nea wɔde dorobɛn twe nsu fa obi anom ma odwensɔ ntɛmntɛm. Bio nso, dwensɔ no yɛ dɛ sɛ asikre. Nokwarem no, ansa na wɔrebenya nyansakwan a etu mpɔn a wɔfa so hu sɛ obi anya asikreyare no, na ɔkwan biako a wɔfa so de hu ne sɛ wohwie ɔyarefo no dwensɔ gu ntɛtea siw ho. Sɛ ntɛtea no ba ho a, na ɛkyerɛ sɛ asikre wɔ dwensɔ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena