Hwɛ Susono Hoɔdenfo Bi!
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ
OWIA a ɛrekɔtɔ anwummere no hann da ɔtare kɛse a ɛda Masai Mara Mmoa Yɛmmea kɛse a ɛwɔ Kenya no so. Bere a owia no rekɔtɔ na eduru asase ano wɔ akyirikyiri no, nsu no ani dan yɛ sɛ sika kɔkɔɔ. Sare so mfurum ne atorɔm akuwakuw a wɔrebɛn nsu no nantew brɛoo ba ɔtare no ho. Prɛko pɛ, ehu ka mmoa no ma wɔte gyina, na wogyen wɔn ani hwɛ ade kɛse bi a ɛte sɛ ɔbo a ɛtɛn ɔtare no ani wɔ nsu no ano no. Bere a ade a ɛte sɛ “ɔbo” no boro nsu no ma ɛhono akyi no, ɔdɔ asukɔ a wonhu no bio. Ɛyɛ asuboa a ne ho yɛ hu—susono—na sare so mfurum ne atorɔm no ahu no.
Wɔ Afrika apuei fam no, ɔsono nkutoo ne aboa a ɔso sen susono a ɔwɔ nsubura, atare ne nsubɔnten mu no. Susono a wanyin paa no ntwemu bɛboro mita 4 na ne tenten bɛyɛ sɛ mita 1.5. Ne mu duru bɛyɛ sɛ tɔn anan. Asɛmfua “Behemot” a wɔbɔɔ din wɔ Bible nhoma a ɛne Hiob mu no taa twe adwene si susono so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no ka aboa kɛse yi ho asɛm sɛ ɔwɔ nnompe a ɛte sɛ “kɔbere dorobɛn,” na wɔde toto “adaban” ho no.—Hiob 40:15-18.
Susono were mu pi, nhwi biara nni ne ho, ne ho nyɛ fɛ, na akyinnye biara nni ho sɛ sɛ susono a ɔte sɛ ankora no kosi ahoɔfɛ ho akan a, obedi nkogu. Susono anan yɛ ntiantiaa, na ɛma ɛyɛ binom nwonwa sɛ aboa kɛse yi anan yɛ ntiantiaa saa. Nanso mmu anan ntiatia pipiripi yi abomfiaa. Sɛ susono fi nsu mu ba asase so a, obetumi atu mmirika asen nnipa. Sɛ ɔwɔ nsu mu a, otumi tu mmirika sen ahyɛmma a onipa hare anaa ahyɛmma a afiri bɔ ho mpo.
Nsu mu Asetra
Susono taa bemmɛn wɔn ho, na wɔtaa nam akuwakuw a bɛyɛ sɛ 10 kosi 15 na ɛwɔ kuw biara mu a onini biako di wɔn anim, nanso wɔahu akuw akɛse a emufo bɛyɛ sɛ 150 pɛn. Wɔyɛ mmoa a wotumi tra nsu mu ne asase so nso, na wofi nsu mu—titiriw anadwo—bɛwe nwura frɔmfrɔm a ɛwɔ nsu no ano no. Wɔntaa mfi nsu no ho nkɔ akyi. Nanso, wɔ ɔpɛ bere mu no, susono binom nantew bɛyɛ kilomita 10 kɔpɛ aduan.
Sɛnea susono tumi hu wɔn asasesin no mu nnya naa hɔ yiye. Susono su biako a ɛyɛ ahodwiriw ne sɛ, onini no tumi de ne bodua bɔ ne bin pete, ma enti ebinom susuw sɛ ɔyɛ saa de twetwe ɔbere no anaasɛ ɔde yi ne tamfo hu. Sɛ wɔn ho kyere wɔn a, wosu te sɛ pɔnkɔ, na wɔbobom bere a wɔreko no. Mpo sɛ mmoa no dɔ sukɔ a, wote sɛ wɔhome denneennen fi nsu no mu. Onini a odi wɔn anim no da ne ho adi denam su a osu MUU-Muu-muu no so.
Susono de ne fã bi anaa ne ho nyinaa hyɛ nsu mu bere ne bere mu da mũ nyinaa, na sɛnea osi sõ no ma ɛfata yiye. Ɛwom sɛ onnim asuguare yiye te sɛ ne mfɛfo mmoa a wotumi tra nsu mu ne asase so no de, nanso susono betumi adɔ sukɔ bɛyɛ simma 15! Esiane sɛ ne hwene, n’ani ne n’aso nyinaa sã so nti, aboa no tumi de ne honam a aka no nyinaa hyɛ nsu mu. Nsu no ase ha na nneɛma pii a susono yɛ—di a anini no di abere akyi na wɔforo wɔn—no nyinaa kɔ so.
Sɛ ɔbere no nyinsɛn bɛyɛ asram awotwe akyi a, ɔwo ɔbakoro wɔ nsu no fã bi a emu nnɔ. Ɔma ne ba no nufu wɔ asase so anaa wɔ nsu a emu nnɔ pii mu. Ɛwom sɛ susono ho yɛ den de, nanso ɔmfa abayɛn nni agoru, na ɔhwɛ ne ba no yiye ma no yɛ nwonwa. Nokwarem no, sɛ wuhu sɛ susono tɛn nsu ani na ne ba hyɛ n’akyi a, ɛyɛ fɛ yiye. Nokwarem no, susono a wohwɛ a asɛ odwo no ne obiara a ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obeyi ne ba no afi n’akyi no bedi ako denneennen!
Susono were fata yiye ma nsu mu asetra. Sɛ aboa no nya fi nsu mu ba asase so pɛ a, na ne were no asakra koraa. Nsu torotoro bi a ani yɛ nnodowee na nkyene wom ba ne honam ani. Sɛ wugyina akyirikyiri a, wobɛka sɛ mogya na ɛrepram aboa no sɛ fifiri no. Nanso, nsu no bɔ aboa no were ho ban bere a ɔda nsu mu ne bere a wafi aba asase so nyinaa no. Wɔ tete Afrika aman bi mu no, na wotumi twitwa susono were no nteaanteaa de gu ngo mu ma ɛdonnɔn. Afei wokyinkyim were a wɔatwitwa no nteaanteaa no na wɔhata ma no wo, na wɔde yɛ mpire, a wɔde kõ bɔ wɔn nsase ho ban.a Grzimek’s Animal Life Encyclopedia ka sɛ sɛ wɔhyɛ aboa nhoma no aduru—adeyɛ a anyɛ yiye koraa no egye mfe asia—wie a, susono were no “yɛ den sɛ ɔbo, na ne sin anim bɛyɛ sɛ sɛntimita anan ne fã.”
Ɔyeram a Ɛyɛ Anika Nanso Ɛyɛ Hu
Susono ano ne ade titiriw a ɛma ɔda nsow paa. Sɛ aboa no wɔ asase so a, ɔde n’ano a ɛtrɛw bɛyɛ sɛ mita fã no didi wɔ baabi a ɛbɛn nsu no. Nanso, n’ano no nyɛ ade a ɔde didi ara kɛkɛ. Sɛ susono bue n’anom ma n’apantan du digrii 150 a, na ɛnyɛ yeram ara kwa, na mmom ɛkyerɛ sɛnea n’ani abere. Ɔne n’atamfo di ako denneennen de bɔ n’asasesin a ɛso retew no ho ban. Sɛ obue n’anom a, ɛma wuhu ne sẽ akɛse a ɛwɔ fam no. Ɛse akɛse a ɔde bɔ ne ho ban yi tenten betumi adu sɛntimita 30 fi ne sẽ akyi nam no akyi.
Susono ano no yɛ hu ma susono afoforo ne nnipa nyinaa. Mmɔden biara a nnipa abɔ sɛ wɔne susono bɛtra no ayɛ ɔkwa. Aboa yi betumi atow ahyɛ wɔn a wɔnyɛɛ no biribiara a wɔbɛn faako a ɔda no so. Bio nso, sɛ susono pira a, ɛma n’ani bere paa ma enti otumi pira obiara a ɔbɛn no. Susono a ne bo afuw tumi de n’apantan akɛse no ka nhyɛmma mpo butuw.
Sɛ susono wɔ asase so a, ɔyɛ keka te sɛ nea ɔwɔ nsu mu no ara. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ hu paa sɛ wubegyina susono a ɔredidi wɔ asase so ne nsu ntam. Nokwarem no, wɔ Afrika mmeae bi no, susono atow ahyɛ nkuraasefo a na wonnim sɛ wɔasiw aboa no kwan a ɔfa so kɔ nsu mu no so. Aboa no ho yɛ hu ma nnipa ne mmoa nyinaa, ma enti ɛsɛ sɛ wɔde ahwɛyiye ne no di wɔ ɔkwan pa so.
So Susono Benya Ne Ti Adidi Mu?
Sɛ susono biako tew ne ho didi wɔ asase so a, ɛyɛ mmerɛw sɛ agyata bɛtow ahyɛ no so. Nanso, ɛte sɛ nea susono tamfo kɛse paa ne onipa. World Book Encyclopedia ka sɛ: “Nnipa atew susono dodow ne beae a wɔte no kɛse so. Abɔmmɔfo akum emu dodow no ara, na akuafo nso adan mmeae a na anka susono te no mfuw.”
Yiw, gye a nnipa agye mmeae a susono te afa no ama aka aboa yi ahyɛ beae ketewaa bi ma enti, ontumi nkɔ beae a ɔpɛ, na ama n’awo nhyehyɛe asakra. Anigyesɛm ne sɛ, wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no, Ɔbɔadeɛ no hyɛ bɔ sɛ ɔbɛma biakoyɛ abɛda nnipa ne mmoa ntam, ma enti obi ‘renyɛ bɔne na ɔrensɛe ade’ wɔ Paradise a wɔasan de aba asase so no mu.—Yesaia 11:9.
[Ase hɔ asɛm]
a Swahilifo frɛ susono—kiboko—a ɛkyerɛ “mpire.”
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]
Elizabeth DeLaney/Index Stock Photography