Susono Gye Nkwa!
SUSONO a ne mu duru tumi du tɔn anan no ne asase kesee so aboa a ɔto so abien a ɔsõ sen biara. N’apantan a ɛyɛ den no betumi ama wawae ɔkorow mu abien prɛko pɛ. Enti mmarima kuw bi a wɔwɔ Hwange National Park, Zimbabwe, ho dwiriw wɔn ara yiye bere a wohui sɛ susono bi yɛɛ ade wɔ ɔkwan bi so a ɛnyɛ saa na ɔyɛ n’ade no—sɛ yɛnka mma ɛntra so a.
Bere a na mmarima no wɔ ɔtare bi ho no, wohui sɛ adompo akron retaa adowa abien bi denneennen. Bere a adowa no nnya baabi a wobeguan afa no, wɔtɔɔ nsu no mu. Adompo no tuu mmirika faa nsu no ano hwɛɛ baabi a adowa no bepue afi nsu no mu afa.
Awiei koraa no, adowa no biako a wabrɛ fii ase guare kɔɔ nsu no ano nohɔ a na onnim sɛ adompo no retwɛn no. Nanso, bere a adowa no bɛnee asukɔn so no, mmarima no hui sɛ susono bi a ɔbɛn hɔ reguare bɛn adowa no. Nsɛmma nhoma African Wildlife, bɔ amanneɛ sɛ, bere a susono no duu ne nkyɛn no, “ɔdanee adowa no ani kyerɛɛ ɔfã foforo na opiaa no brɛoo sɛ onguare nkɔ baabi a ofi bae no.” Adowa no yɛɛ saa. Susono no dii n’akyi, na sɛ ohu sɛ adowa no ntumi nkɔ yiye a na wapia no.
Mmarima no hui sɛ bere a adowa no duu nsu no ano no, susono no soo no mu brɛoo piaa no too asukɔn so. Adowa no tutuu anammɔn kakra a na ne nan rekeka bom, afei ogyinaa hɔ a na ne ho rewosow. Ankyɛ, adowa no fii ase nantew fii nsu no mu kɔe. Susono no dii n’akyi araa kosii sɛ wɔanhu wɔn abien no bio.
Dɛn na ɛtoo adowa biako a waka no? Mmarima no bɔ amanneɛ sɛ adompo no “hwɛɛ sɛnea wogyee adowa no ma egyee wɔn adwene araa ma biako no guanee a wɔanhu ho hwee.”